Categories
Yoɛl

Yoɛl 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

Ɛda A Ntutummɛ No Bɛba

2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;

montie, mo a mote asase no so nyinaa.

Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so

anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

3 Monka nkyerɛ mo mma,

na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma

na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no

ntutummɛ akɛseɛ no awe

deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no

ntutummɛ nkumaa no awe

deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no

ntutummɛ afoforɔ awe.

5 Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!

Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;

montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no

wɔayi afiri mo ano.

6 Ɔman bi atu mʼasase so sa

ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;

wɔn se te sɛ gyata se

na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.

7 Wɔasɛe me bobe

ne me borɔdɔma nnua.

Wawaawae nnua no ho bona,

ato agu

agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.

8 Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma

na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.

9 Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,

wɔayi afiri Awurade efie.

Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,

wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

10 Mfuo asɛe,

asase no so awo wesee

aduane no asɛe

nsã foforɔ no awe

ngo nyinaa asa.

11 Mo ani nwu, mo akuafoɔ,

mo ntwa adwo, mo a modua bobe;

Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,

ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.

12 Bobe no akusa

na borɔdɔma nnua no awuwu.

Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne

nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.

Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no

atu ayera.

13 Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;

mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.

Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ

mo a mosom Onyankopɔn anim;

ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no

ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.

14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;

momfrɛ nhyiamu kronkron.

Monfrɛ mpanimfoɔ

ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa

mmra Awurade mo Onyankopɔn efie

na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

15 Ɛda no aba!

Awurade ɛda no abɛn;

Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.

16 Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,

sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa

wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?

17 Aba no wu wɔ asase wesee mu,

adekoradan abubu,

aburopata nso ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ nnuane no ahye.

18 Sɛdeɛ anantwie su!

Na anantwikuo kyinkyini kwa.

Nnwankuo mpo rebrɛ

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.

19 Awurade, wo na mesu frɛ wo,

ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea

na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.

20 Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.

Nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/JOL/1-4d5e9e182d9371e43651fb532b881d39.mp3?version_id=2094—

0 replies on “Yoɛl 1”

Leave a Reply to 15666666666 Cancel reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *