Categories
Yesaia

Yesaia 8

Wɔde Asiriahene bɛtwe ɔman no aso

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.

2 Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ, Ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanseɛ.

3 Na mekɔɔ odiyifoɔbaano ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.

4 Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.

5 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ:

6 Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,

7 hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;

8 na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.

9 Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara,

asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso,

mommia na monnwerɛ,

mommia na monnwerɛ.

10 Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa,

monka asɛm na ɛrennyina,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Nyankopɔn mu gyidie ho kɔkɔbɔ

11 Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ:

12 Mommfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no etiresopam no nyinaa sɛ etiresopam, na deɛ wɔsuro nso monnsuro, na mo akoma nntu.

13 Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo.

14 Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.

15 Na wɔn mu bebree bɛwatiri, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ mfidie mu na wɔayiyi wɔn.

16 Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu.

17 Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.

18 Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.

19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?

20 Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.

21 Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na ayɛ den ama wɔn na ɛkɔm ade wɔn; na ɛberɛ a ɛkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadanedane wɔn ani akyerɛ soro,

22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.

Categories
Yesaia

Yesaia 9

Deɛ wɔasra no no awoɔ, ne ne din ahodoɔ ne n’ahennie

1 Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam.

2 Ɔman a na wɔnam sum mu no,

ahunu hann kɛseɛ,

wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no,

hann ahyerɛn wɔn so.

3 Woama ɔman no adɔre,

woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ,

wɔn ani gye w’anim

sɛ twaberɛ mu anigyeɛ,

sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.

4 Na wɔn adesoa dua

ne wɔn akyiri abaa

ne wɔn kafoɔpoma no,

woabubu mu sɛ Midian da no.

5 Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa

ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no,

wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.

6 Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin;

na n’ahennie bɛda ne mmatiri so,

na wɔafrɛ ne din sɛ:

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.

7 Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ

a ɛnni awieeɛ aba,

Dawid ahennwa so ne n’ahennie so,

na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa.

Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.

Israel ho atemmuo

8 AWURADE de asɛm bi akra Yakob,

na ɛbɛtɔ Israel so,

9 na ɔman mu no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne Samariafoɔ

a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:

10 Ntayaa adan abubu,

nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto;

wɔabubu akyee,

na yɛde ntweneduro bɛsi ananmu.

11 Na AWURADE bɛma Resin ahohiahiafoɔ so atia no,

na wahwanyan n’atamfo:

12 Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ,

na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel.

Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

13 Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn,

na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.

14 Enti AWURADE bɛtwa Israel mu etire ne dua,

papa ne mmɛwa da koro.

15 Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no,

na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.

16 Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom

na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

17 Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ,

na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho;

na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu,

na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

18 Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya,

ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,

na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu

ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro.

19 Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti

na asase no ahye tumm,

na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya;

obi nkora ne nua.

20 Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara,

na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee,

wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.

21 Manase we Efraim, na Efraim we Manase,

na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

Categories
Yesaia

Yesaia 10

Atemmuo bɔne asotwe

1 Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo

ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ,

2 sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho,

na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo,

na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ,

na wɔafom nwisiaa afa!

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no

ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu?

Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa,

na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?

4 Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu

anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra.

Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

5 A, Asiria, m’abufuo abaa

a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!

6 Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ,

na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ

ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa,

na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

7 Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene,

na n’akoma nsusu no saa,

na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe

na watutu amanaman pii.

8 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ:

M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?

9 Kalno nte sɛ Karkemis?

Na Hamat nte sɛ Arpad anaa?

Na Samaria nte sɛ Damasko?

10 Sɛdeɛ me nsa kaa ahennie a wɔn abosonhuhuo no

ahoni sene Yerusalem ne Samaria deɛ no,

11 ɛnyɛ sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuo no

na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?

12 Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.

13 Ɛfiri sɛ ɔse:

Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ,

ɛfiri sɛ mewɔ nyansa ne nteaseɛ;

na matwe aman no ahyeɛ mu,

na mafom wɔn akoradeɛ,

na masunsum wɔn a wɔtete adwa soɔ agu, sɛ ɔbrane.

14 Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo;

na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no,

sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no,

na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban

anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.

15 Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so,

anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so?

Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no,

anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!

16 Enti AWURADE, asafo AWURADE no,

bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu,

na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,

17 Na Israel hann no bɛdane ogya,

na ne Kronkronni no adane gyaframa,

na wadɛre ahye

ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro.

18 Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no,

ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no,

na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum.

19 Na ne kwaeɛ mu nnua nkaeɛ no bɛsua

a abɔfra mpo bɛtumi atwerɛ ne dodoɔ.

Nkaeɛ no saneba

20 Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu.

21 Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.

22 Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba.

23 Na ɔsɛeɛ pasaa a wahyɛ no pintinn no na asafo AWURADE Nyankopɔn de reba asase mu no nyinaa soɔ.

24 Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;

25 nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn.

26 Na asafo AWURADE bɛhim mpire atia no, sɛdeɛ ɔkum Midian, Oreb botan soɔ no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim deɛ no.

27 Na da no, n’adesoa bɛyi afiri wo mmatiri so, na ne kɔnnua afiri wo kɔn so.

Na sradeɛ nti kɔnnua no bɛpae.

28 Waba Ayat afa Migron

de ne nnesoa agya Mikmas;

29 wɔakɔfa mpɔtamu hɔ,

wɔakɔsoɛ Geba anadwo no.

Rama ho repopo,

Gibea-saulo adwane.

30 Ma wo nne so team, Galim babaa!

O Laisa, tie ɛ!

O Anatot, bua no!

31 Madmena redwane,

Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ.

32 Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob,

ɔbɛwoso ne nsa

agu Sion babaa bepɔ,

Yerusalem kokoɔ no, so.

33 Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,

de tumi a ɛyɛ hu resua dua mman kusuu so,

na nnutan a ɛwowareɛ no, wɔbɛtwa agu,

na deɛ ɛkorɔn no abrɛ ase;

34 na ɔde akuma bɛbu kwaeɛ mu adɔtɔ,

na Lebanon ne ne nnua akɛseɛ no ahwe ase.

Categories
Yesaia

Yesaia 11

Deɛ wɔasra no no ne n’asomdwoeɛ ahennie

1 Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu,

na duban afiri ne nhini mu aso aba.

2 Na AWURADE honhom bɛsi ne so,

nyansa ne nhunumu honhom,

afotuo ne mmaninyɛ honhom,

nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam.

Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn,

na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

4 na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni,

na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ;

na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase,

na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;

5 na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ,

na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.

6 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena,

na ɔsebɔ ne apapowa ada,

na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako,

na abɔfra ketewa aka wɔn.

7 Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi

na wɔn mma ada faako,

na gyata awe wira sɛ nantwie.

8 Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano,

na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn.

9 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio,

me bepɔ kronkron no nyinaa so,

na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma,

sɛ nsuo kata po soɔ no.

Atukɔfoɔ no bɛsan aba

10 Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.

11 Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.

12 Na wama frankaa so ama amanaman,

na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano,

na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no

afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.

13 Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ,

na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye.

Efraim ani remmere Yuda bio,

na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.

14 Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam,

na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa;

Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so,

na Amon mma atie wɔn.

15 Na AWURADE bɛwe

Misraim po mu nsuo korakora,

na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ

bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so,

na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson

a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.

16 Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria

ama ne man nkaeɛ a wɔaka no,

sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel,

ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.

Categories
Yesaia

Yesaia 12

Nkwagyeɛ so aseda dwom

1 Ɛda no na wobɛka sɛ:

Meda wo ase, Ao AWURADE,

sɛ wo bo fuu me mpo a,

w’abufuo no asane,

na woakyekyere me werɛ.

2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ.

Mɛtwere no, na mensuro,

na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom,

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

4 Na da no mobɛka sɛ:

Monna AWURADE ase;

mommɔ ne din.

Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.

Monka sɛ wɔama ne din so!

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ;

momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,

na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

Categories
Yesaia

Yesaia 13

Babel ho atemmusɛm

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:

2 Monsi frankaa bepɔ petee so,

momma mo nne so mma wɔn;

monhinhim mo nsa,

na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.

3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ,

mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo,

wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.

4 Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so

sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no:

Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano,

ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye,

asafo AWURADE reboaboa dɔm ano

ama ɔsa.

5 Wɔfiri akyirikyiri asase so ne

ɔsoro ano reba,

AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no,

sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

6 Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn;

ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

7 Enti nsa nyinaa mu bɛgo,

na ɔdasani biara akoma bɛnane;

8 na wɔn ho bɛdwiri wɔn,

nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn,

wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ.

Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa,

wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.

9 Hwɛ, AWURADE da no reba,

atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so,

sɛ ɔrebɛdane asase afo,

na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

10 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini

renhyerɛn,

owia bɛduru sum n’adifire mu,

na ɔsrane nso renharan.

11 Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho,

ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho,

na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa,

na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;

12 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa,

na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.

13 Enti mɛma ɔsoro awoso,

na asase ahinhim afiri ne sibea,

asafo AWURADE abufuferɛ no ano

ne n’abufuhyeɛ da no nti.

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn

na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so

sɛ ɔwansane a wɔatutu no,

ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.

15 Obiara a wɔbɛhu no no, wɔbɛhwire ne mu,

na obiara a wɔbɛkye no no, bɛtɔ nkrantɛ ano;

16 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa,

wɔ wɔn anim,

wɔbɛfomfom wɔn afie afa,

na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.

17 Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn,

nnipa a wɔmmu dwetɛ,

na sika nso, wɔnhwehwɛ;

18 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ,

wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho,

na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.

19 Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini,

ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no,

ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo

a Onyankopɔn butuu wɔn no.

20 Obi rentena mu da biara da,

na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu,

na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ,

na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;

21 na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ,

na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama,

na nsohori nso bɛtena hɔ,

na nsasabonsam asa hɔnom;

22 na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu,

na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu.

Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba,

na ne nna renkyɛre bio.

Categories
Yesaia

Yesaia 14

Babel hene asehweɛ

1 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.

2 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fie afa wɔn adi wɔn so AWURADE asase no so, ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn a na wɔyɛ nnommumfafoɔ nnommum, na wɔahom wɔn ahodwanfoɔ so.

3 Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afiri wo yea ne w’ahoyera ne w’anyadie denden a wɔdii woɔ no mu no,

4 wode ɛbɛ yi bɛbu Babel hene aka sɛ:

Ɛyɛɛ dɛn na ɔhafoɔ no agyaeɛ,

na ahodwan no to atwa yi?

5 AWURADE abubu abɔnefoɔ abaa

ne ɔman sodifoɔ poma no mu;

6 ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman

ɔbɔ a ɛnnyaeɛ,

ɔde abufuo hom amanaman so

hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.

7 Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm;

wɔma dwom so;

8 pepeaa nso nya wo ho anigyeɛ,

ɛne Lebanon ntweneduro no, na ɛka sɛ:

Sɛ woabrɛ wo ase nti,

obiara remforo mma yɛn so mmɛbubu yɛn.

9 Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho

bɛhyia wo ba;

ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo,

wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa;

ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa

sɔresɔre firi wɔn ahennwa so.

10 Wɔn nyinaa gye so

ka kyerɛ wo sɛ:

Wo nso woahodwo sɛ yɛn ara!

Woayɛ sɛ yɛn ara pɛ!

11 Wo kɛseyɛ asiane aba Asamando,

wo mmɛnta nne no nso;

w’ase kɛtɛ a wɔasɛ ne mmoaa birikabirika,

na wo so nkatasoɔ ne nsonsono!

12 Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ?

Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba!

Wɔatwa wo ahwe fam,

wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.

13 Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ:

Ɔsoro na mɛforo makorɔ,

Nyankopɔn nsoromma no atifi

na mɛma m’ahennwa so asie,

na matena ahyiaeɛ bepɔ no so,

atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;

14 mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea,

mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.

15 Mmom Asamando na woresiane akɔ

akɔduru Amena no ase tɔnn.

16 Wɔn a wɔhu woɔ no hwɛ wo haa

de wɔn ani kari wo komm ka sɛ:

Ɔbarima a ɔmaa asase wosoeɛ

na ɔmaa ahennie hinhimiiɛ no nie anaa?

17 Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ,

na ɔdwiridwirii emu nkuro,

na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie?

18 Amanaman ahemfo nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu,

obiara da ne damena mu;

19 na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu

atwene sɛ duban a wɔapoɔ;

sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na

wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ,

sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.

20 Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu,

ɛfiri sɛ woasɛe w’asase

na woakunkum wo man.

Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din

da biara da bio.

21 Wɔn agyanom amumuyɛ nti

monsiesie akumiiɛ mma ne mma;

na wɔansɔre amfa asase anni so,

na wɔamfa nkuro anyɛ asase ani ma.

22 Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ.

23 Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.

Asiriafoɔ ne Filistifoɔ ho atemmusɛm

24 Asafo AWURADE aka ntam sɛ:

Ampa ara, sɛdeɛ mesusuiɛ no,

saa na ɛbɛba mu,

na sɛdeɛ mabɔ me tirim no,

saa ara na ɛbɛgyina,

25 sɛ mɛbubu Asiriafoɔ m’asase so,

na matiatia ne so, me mmepɔ so,

na ne kɔnnua no bɛfiri wɔn so akɔ,

na n’adesoa no afiri wɔn mmatiri so.

26 Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ

no asase nyinaa ho,

ɛno ne nsa a wɔatene

no amanaman nyinaa soɔ.

27 Na asafo AWURADE abɔ ne tirim,

hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa?

Na ne nsa atene,

hwan na ɔbɛsianka no?

28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no mu na nkɔmhyɛ yi baeɛ:

29 Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa,

sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu,

na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba,

na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo.

30 Na ahiafoɔ mmakan bɛdidi,

na ahiafoɔ nso adeda hɔ dwoodwoo,

na mede ɛkɔm bɛkum wo nhini,

na w’akyikafoɔ nso, mɛma wɔatotɔ.

31 O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ;

O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu;

ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba,

na n’asafo mu biara nka akyire.

32 Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ?

Sɛ AWURADE de Sion atim,

na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.

Categories
Yesaia

Yesaia 15

Moab ho atemmusɛm

1 Moab ho atemmusɛm.

Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti,

Moab abɔ no,

ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir

Moab abɔ no nti,

2 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon

sorɔnsorɔmmea akɔsu,

Moab retwa adwo,

Nebo ne Medeba;

wɔn nyinaa abobɔ tikwa,

wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ;

3 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so,

na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so,

wɔn nyinaa retwa adwo su pii.

4 Na Hesbon ne Eleale team

ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas,

yei nti na Moab akofoɔ team denden;

ne kra ho popo.

5 M’akoma su ma Moab,

na n’adwanefoɔ kɔduru Soar,

kɔduru Eglat-selisiya.

Na Luhit aforoeɛ no,

wɔde nisuo foro,

na Horonaim kwan mu

wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.

6 Na Nimrim asuo no

asɛe pɔtɔɔ,

na ɛserɛ adwan, na wira asa,

wira mono nni hɔ bio.

7 Enti adeɛ a wɔanya asie

ne wɔn akoradeɛ no,

wɔsoa kɔtwa

mpampuro subonhwa.

8 Na adwotwa no atwa

Moab asase so ahyia,

ne su aduru Eglaim,

ne su nso aduru Beer-elim.

9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma,

na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho;

gyata bɛba Moab adwanefoɔ

ne asase no so nkaeɛ no so.

Categories
Yesaia

Yesaia 16

Moab ho atemmusɛm

1 Momfa nnwammaa

mfiri Sela mfa anwea pradada so fam

nkɔ Sion babaa bepɔ no so

nkɔma asase no sodifoɔ no.

2 Na Moab mmammaa

bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini,

pirebuo a wɔayi no

Arnon asutwareeɛ.

3 Tu fo,

bu atɛn;

ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo,

awia ketee;

fa wɔn a wɔapam wɔn hunta,

nyi adwanefoɔ mma;

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no

nsoɛ wo nkyɛn,

yɛ wɔn huntabea,

ɔsɛefoɔ no anim!

na ɔpoobɔfoɔ agyae,

ɔsɛeɛ to atwa,

nhyɛsofoɔ asa asase no so.

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so,

na obi atena so, nokorɛ mu,

wɔ Dawid ntomadan no mu,

deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee,

na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ,

n’ahantan ne

n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne

ahoahoasɛm huhuo no.

7 Enti ma Moab ntwa adwo,

ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo,

Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na

mobɛtwa adwo koraa.

8 Na Hesbon mfuo ahye;

Sibma bobe no,

amanaman wuranom

abubu ne mman koraa;

ɛkɔduruu Yaser,

na ɛkyinii serɛ so.

Ne mman trɛtrɛe,

ma ɛkɔtwaa po.

9 Enti mede Yaser su mesu

Sibma bobe no,

mede nisuo gu wo so,

O Hesbon ne Eleale;

na wo nnuabateɛ ne wo bobe

abateɛ so na ɔko nteateam aba;

10 na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ

afiri mfuo papa mu,

na wɔnte ahurisie dwom

anaa nteateam wɔ bobe nturo mu,

nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa,

atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.

11 Enti me kra si apini wɔ Moab ho,

me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.

12 Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee.

13 Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no;

14 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.

Categories
Yesaia

Yesaia 17

Damasko ho atemmusɛm

1 Damasko ho atemmusɛm.

Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio,

na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

2 Wɔbɛgya Aroer nkuro,

mmoakuo bɛfa

na wɔbɛbutubutu hɔ,

na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.

3 Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden

ne Damasko ahennie,

na Siria nkaeɛ bɛyɛ

sɛ Israelfoɔ animuonyam no,

asafo AWURADE na ɔseɛ.

Israel ho atemmusɛm

4 Ɛda no,

Yakob animuonyam no bɛsua,

na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ,

na ɔde ne nsa twa mmɛtem no;

na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa

wɔ Refaim bonhwa no mu.

6 Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi,

sɛ ngodua poreɛ mu

a aba mmienu anaa mmiɛnsa

wɔ ntɛntɛnoa,

nnan anaa nnum

wɔ ne ban a aso yie no soɔ no:

AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.

7 Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;

8 na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.

9 Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

10 Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na w’ahoɔden Botan no, wonkae no;

enti wodua nnua fɛfɛ

na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;

11 woma no fifiri da a woduaeɛ no,

na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne,

nanso ɛso aba bɛtu akɔ,

amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.

Amanaman po no huuyɛ

12 Aa, aman bebree huuyɛ,

wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ!

Aa, ne aman hooyɛ,

wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!

13 Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ,

nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri,

na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim,

ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.

14 Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba;

adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio:

Yei ne yɛn dwotwafoɔ,

kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.