Categories
Hesekiel

Hesekiel 3

1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie.

2 Ɛnna mebuee m’anomu, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no,

3 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fie nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.

5 Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro nkyɛn na wɔasoma woɔ, na mmom Israel fie nkyɛn;

6 ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo.

7 Na Israel fie mpɛ sɛ wɔtie woɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Na Israel fie nyinaa moma so ayɛ den, na wɔn akoma apirim.

8 Hwɛ, mayɛ w’anim denden wɔ wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den atia wɔn moma so.

9 Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,

11 na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.

12 Ɛnna honhom no maa me soɔ, na metee ɔwosoɔ kɛseɛ nne wɔ m’akyiri sɛ: Nhyira ne AWURADE animuonyam firi deɛ ɔteɛ hɔ.

13 Na metee ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi mu no nne, ne nkyimiiɛ a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosoɔ kɛseɛ nne.

14 Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.

15 Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.

Wɔsi Hesekiel ɔwɛmfoɔ

16 Na nnanson twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, mede wo masi Israel fie wɛmfoɔ; enti tie m’anomu asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.

18 Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.

19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ, na wansane amfiri ne bɔne no mu ne n’akwammɔne no so a, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo deɛ, woagye wo kra.

20 Bio, sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee mu na ɔyɛ abusudeɛ a, mede suntidua bɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, ɔbɛwu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetenenee a ɔyɛeɛ no; na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra.

Nyankopɔn animuonyam adiyie foforɔ

22 Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre firi adi kɔ bonhwa no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.

23 Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

24 Na honhom no bɛhyɛnee me mu maa megyinaa me nan so, na ɔne me kasae, ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fie.

25 Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhoma bɛgu wo so de akyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn mu.

26 Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.

27 Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 4

Wɔtua Yerusalem

1 Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem,

2 na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia.

3 Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie.

4 Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ.

5 Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no.

6 Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro.

7 Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so.

8 Na hwɛ, mede nhoma bɛgu wo so, na woantwa adafa amfiri wo mfe so ankɔ wo mfe so, de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie wo nkahyɛmu nna no ansa.

9 Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron;

10 na w’aduane a wobɛdie no, kari nnwetɛbena aduonu da koro, fa firi berɛ mu kɔsi berɛ mu di.

11 Na nsuo nso susu na nom, susutoa nkyɛmu nsia mu baako, na nom firi berɛ mu kɔsi berɛ mu.

12 Na di no atokoɔ ɔfam a wode sɛbeɛ a ɛfiri onipa mu atoto, wɔn anim.

13 Na AWURADE kaa sɛ: Saa ara na Israelfoɔ bɛdi wɔn aduane a ɛho akum, amanaman a mɛsum wɔn akɔ hɔ no mu.

14 Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so.

16 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hwɛ, paanootoɔ bɛtwam wɔ Yerusalem, na wɔadi paanoo nkariiɛ so ne nhwɛyie mu, na nsuo nso wɔanom no nsusuiɛ ne ahodwirie so,

17 na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 5

Ɔman no sɛeɛ

1 Na wo onipa ba, fa nkrantɛ nnamnnam na fa yɛ oyifoɔ yiwan na fa yi w’atifi ne wo bɔgyesɛ, na fa nsania kari nwi no, na kyɛ mu.

2 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.

3 Na fa emu kakraa bi a ne dodoɔ sua kyekyere w’atadeɛ ano.

4 Na fa emu bi bio, na to gu ogya mu, fa ogya hye: Ɛno mu na ogya bɛfiri aba Israel fie nyinaa so.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.

6 Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:

7 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ modii asɛmmɔne sene amanaman a wɔatwa mo ho ahyia, na moannante m’ahyɛdeɛ mu, na moayɛ m’atemmudeɛ, na moanyɛ sɛ amanaman a wɔtwa mo ho hyia no atemmudeɛ mpo no,

8 ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛbu wo atɛn, amanaman no anim.

9 Na ɛsiane w’akyiwadeɛ nyinaa nti, mɛyɛ wo deɛ menyɛɛ bi da, na merenyɛ ne nsɛsoɔ bio.

10 Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano.

11 Enti sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ nyinaa, ne w’akyiwadeɛ nyinaa agu me kronkronbea ho fi nti, me nso mɛpra wo, na m’ani renni wo ho adɔna, na me nso merenhunu mmɔbɔ.

12 Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.

13 Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.

14 Na mɛyɛ wo amamfo ne ahohora, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia mu, wɔn a wɔtwam nyinaa anim.

15 Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka.

16 Ɛberɛ nso a mede ɛkɔm agyan bɔne bɛtoto wɔn ama ɔsɛeɛ aba no, deɛ mɛtoto sɛ mede meresɛe mo, na mɛma ɛkɔm adɔɔso mo so, na mabu mo paanoo dua no.

17 Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 6

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,

3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

4 na mo afɔrebukyia adane afo, na wɔabubu mo aduhwam adum no, na mama mo atɔfoɔ agugu mo abosom ahoni anim,

5 na mede Israelfoɔ afunu magu wɔn abosom anim, na mabɔ mo nnompe apete mo afɔrebukyia ho ahyia.

6 Mo tenabea nkuro nyinaa bɛdane amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdane ahodwirideɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo afɔrebukyia adane afo ne ahodwirideɛ, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo aduhwam adum, na wɔagu mo nneyɛɛ no.

7 Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

8 Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no.

9 Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.

10 Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.

11 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano.

12 Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.

13 Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.

14 Na mɛtene me nsa atia wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ asene Ribla serɛ so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 7

Onyankopɔn bu asase ne aman no atɛn

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie:

Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba

asase no ntwea nnan soɔ.

3 Afei awieeɛ reba wo so,

na mɛsoma m’abufuo aba wo so,

na mabu wo w’akwan ho ntɛn,

na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.

4 Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ,

na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ mene AWURADE.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Adebɔne, adebɔne baako bi, hwɛ, ɛreba!

6 Awieeɛ aba, awieeɛ no aba,

asɔre atia wo, hwɛ ɛreba!

7 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no

reba wo so;

ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn,

hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

8 Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so,

na mawie m’abufuo wo mu,

na mabu wo w’akwan ho atɛn,

na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.

9 Na m’ani rennodo wo ho, na merenhunu wo mmɔbɔ;

w’akwan ho ntea na mede bɛma woɔ,

na w’akyiwadeɛ atena wo mu,

na moahunu sɛ me, AWURADE na mebobɔ.

10 Hwɛ, ɛda no nie, hwɛ, ɛreba;

deɛ wɔahyɛ no refifi,

aban no refefɛ, ahantan no ahanehane.

11 Atiritirasɛm asɔre ayɛ abɔnefosɛm abaa;

wɔn ne wɔn asafo yuu

ne wɔn hooyɛ no mu hwee nka,

na yie biara nni wɔn mu.

12 Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn;

mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo,

na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;

13 na ɔdetɔnni, sɛ ɔda so te ase nso a, ɔrensane mma deɛ watɔn no ho, na adehunu a ɛfa n’asafo yuu nyinaa ho no rensane, na obiara remfa n’amumuyɛ nhyɛ ne nkwa mu den.

14 Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ,

nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ;

na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.

15 Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie.

Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano,

na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.

16 Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a,

wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so,

na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini,

obiara n’amumuyɛ ho.

17 Nsa nyinaa mu bɛgogo,

na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;

18 na wɔafirafira ayitoma,

na awɔse agu wɔn so;

na aniwuo akata anim nyinaa, na wɔn nyinaa atifi bɛpa.

19 Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so,

na wɔn sika adane sɛ sumina;

wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.

20 Na wɔn ahokekadeɛ fɛfɛ no, wɔde dii ahantansɛm, na wɔde yɛɛ wɔn akyiwadeɛ mfonini, wɔn atantanneɛ no, ɛno nti na mɛma no adane efi ama wɔn.

21 Na mede bɛhyɛ ananafoɔ nsa, na wɔafom,

ne asase so abɔnefoɔ nsa, na ayɛ wɔn asadeɛ,

na wɔagu ho fi.

22 Na mɛdane m’ani afiri wɔn so,

na wɔagu m’akoradeɛ ho fi,

na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu

agu ho fi.

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn!

Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma,

na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

24 enti mede amanaman nnipa bɔne bɛba,

na wɔbɛfa wɔn afiafi afa,

na mɛtwa ahoɔdenfoɔ ahantan to

ma wɔagu wɔn akronkronneɛ ho fi.

25 Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,

nso ebi nni hɔ.

26 Mmusuo pae mmusuo so,

akwansosɛm pae akwansosɛm so.

Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu,

na mmara bɔ ɔsɔfoɔ,

na afotuo bɔ mpanimfoɔ.

27 Ɔhene di abooboo,

na ɔberempɔn fira ahodwirie,

na asase no so aman aba mu abu.

Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn,

na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 8

Asɔrefie akyiwadeɛ ho anisoadehunu

1 Na afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia, da a ɛtɔ so nnum a mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.

2 Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.

3 Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.

4 Na hwɛ, na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ sɛ adeɛ a mehunuu no bonhwa no mu no.

5 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so kɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔrebukyia ponkɛseɛ no atifi fam na ninkuntwe honi no sie wɔ aboboano.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi? Akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, sɛ memfiri me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ bio.

7 Na ɔde me baa abannwa so pono ano, na mehwɛe, na hwɛ, na tokuro baako wɔ ɔfasuo no mu.

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, bɔne fasuo no mu tokuro ɛ! Na mebɔnee ɔfasuo no mu tokuro, na hwɛ, ɛpono bi nie.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛne mu kɔhwɛ akyiwadeɛ bɔne a wɔreyɛ no wɔ ha.

10 Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.

11 Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.

12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a wɔreyɛ bio.

14 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na na mmaa teteɛ resu Tamus.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu? Wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛsene yeinom bio.

16 Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie.

17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.

18 Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 9

Yerusalem di nkoguo

1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

3 Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no,

4 na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.

5 Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.

6 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu.

8 Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.

10 Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.

11 Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 10

Awurade Animuonyam firi Asɔrefie hɔ

1 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so.

Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

3 Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɛdan no nifa so, na mununkum no ayɛ emu fam abannwa no so ma.

4 Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.

5 Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.

6 Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.

7 Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi.

8 Na Kerubim no wɔ biribi a ɛte sɛ nipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.

9 Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.

10 Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu.

11 Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.

12 Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.

13 Nkyimiiɛ no, m’aso mu na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia nkyimiiɛ.

14 Na wɔwowɔ anim nnan nnan; deɛ ɔdi kan no anim yɛ Kerub no deɛ, na deɛ ɔtɔ so mmienu no anim yɛ onipa anim, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ gyata, na deɛ ɔtɔ so nnan no deɛ yɛ ɔkɔdeɛ anim.

15 Na Kerubim no memaa wɔn ho so. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Asuo Kebar ho no.

16 Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu.

17 Sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na sɛ wɔmema wɔn ho so a, yeinom nso mema ne ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ mu.

18 Ɛnna AWURADE animuonyam firii ɛdan no pono ano kɔgyinaa Kerubim no soɔ.

19 Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.

20 Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.

21 Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase.

22 Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 11

Wɔtwe ɔman no gyegyefoɔ no aso

1 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.

2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne, kuro yi mu.

3 Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no.

4 Ɛno nti, hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!

5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim.

6 Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma.

7 Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo atɔfoɔ a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kuro no ne ɛsɛn no, na mo deɛ, wɔbɛyi mo afiri mu.

8 Nkrantɛ na mosuro, nso nkrantɛ ara na mede bɛba mo soɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

9 Na mɛyi mo afiri mu, na mede mo mahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn.

10 Nkrantɛ ano na mobɛtotɔ, Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, na moahunu sɛ mene AWURADE.

11 Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn,

12 na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.

13 Na ɛbaa sɛ merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ suu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wie na worewie Israel nkaeɛ koraa?

Nyankopɔn man no foforɔyɛ

14 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

15 Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom mpo ne w’abusuafoɔ, ne Israel fie mu nyinaa, ne Yerusalemfoɔ na ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yɛnni soɔ.

16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so.

17 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛboa mo ano afiri aman mu, na matase mo afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so, na mede Israel asase no mama mo,

18 na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ.

19 Na mɛma wɔn akoma korɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ wɔn mu, na mayi ɔboɔ akoma no afiri wɔn honam mu, na mama wɔn honam akoma,

20 na wɔanante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔadi m’atemmudeɛ so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

21 Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

22 Ɛnna Kerubim no memaa wɔn ntaban soɔ, na nkyimiiɛ no di wɔn nkyɛnmu, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro.

23 Na AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii kuro no mu, na ɛkɔgyinaa bepɔ a ɛda kuro no anim no so.

24 Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.

25 Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔmaa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 12

Ɔberempɔn ne ɔman no tukorɔ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;

3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.

4 Na yi wo nnoɔma firi adi sɛ ɔtukorɔ adeɛ awia, wɔn anim, na wo ara deɛ, firi adi anwummerɛ, sɛ atukɔfoɔ kɔ no no.

5 Tu ɔfasuo no mu tokuro, wɔn anim, na fa mu firi adi.

6 Wɔn anim ara na fa nnoɔma no to wo kɔn ho, na anim biri a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, na mede wo mayɛ nsɛnkyerɛnneɛ mama Israel fie.

7 Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firii adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ:

9 Onipa ba, Israel fie, atuatefoɔ fie no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

10 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Adesoa yi fa ɔberempɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fie a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.

11 Ka sɛ: Mene mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa na wɔbɛyɛ wɔn, otukorɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkorɔ.

12 Na ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim rebirie no, ɔde n’adesoa bɛto ne kɔn ho, na wafiri adi; ɔfasuo mu na wɔbɛtu tokuro sɛ wɔrefa mu afiri adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’ani anhunu asase no.

13 Na mede m’asau bɛgu ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, Kaldeafoɔ asase so. Na ɛno mpo ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwuo.

14 Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa ano, na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.

15 Na sɛ mesunsum wɔn kɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn pete nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Wɔntuu atemmuo nhyɛɛ da

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahopopoɔ ne awerɛhoɔ nom wo nsuo.

19 Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti.

20 Na nkuro a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adane afo, na moahunu sɛ mene AWURADE.

21 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

22 Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera?

23 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.

24 Na adehunu hunu biara ne atorɔ nkɔmhyɛ biara rentena Israel fie bio.

25 Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no, na ɛbɛyɛ hɔ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio: O atuatefoɔ fie, mo berɛ aso ara, na mɛka asɛm na mɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

26 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

27 Onipa ba, hwɛ, Israel fie ka sɛ: Adehunu a ɔhunu no bɛba nna bebree akyi, na ɛberɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.

28 Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.