Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 26

1 Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no

saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.

2 Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3 Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu,

na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.

6 Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.

7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,

yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8 Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so,

te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9 Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no

te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so?

Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.

13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu,

gyata nenam mmɔntene no so!”

14 Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.

15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu,

na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.

16 Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so

sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.

17 Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no

te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.

18 Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo

anaa agyan kɔdiawuo no

19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”

20 Yensin hi a, ogya dum;

nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.

21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,

saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.

22 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

23 Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no

saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.

24 Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ,

nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.

25 Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni,

ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.

26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.

27 Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu;

sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.

28 Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi,

na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/26-7746b590fba5e1b502435909996cdd08.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 27

1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.

2 Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;

ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.

3 Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa,

nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.

4 Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?

5 Animka a ɛda edwa

yɛ sene ɔdɔ a asuma.

6 Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

7 Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.

8 Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

9 Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

11 Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

12 Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

13 Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

14 Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

15 Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ

osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;

16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa

anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.

17 Dadeɛ se dadeɛ,

saa ara na onipa se ɔfoforɔ.

18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

19 Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa akoma da onipa no adi.

20 Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

21 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.

22 Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,

sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,

worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.

23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea,

na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

24 ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa,

na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

25 Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri

na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,

26 ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,

na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.

27 Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree

ama wo ne wʼabusuafoɔ adi

ne aduane ama wo mmaawa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/27-5155c27b118f5ba54d4e2179f217e627.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 28

1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,

nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.

2 Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.

3 Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no

te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.

5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.

6 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm

yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.

7 Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,

nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.

8 Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no

ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.

9 Sɛ obi nni mmara so a,

ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.

10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

11 Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.

12 Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;

nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.

14 Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,

nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.

15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no

te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,

na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.

17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,

ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;

mma obiara mmɔ ne ho ban.

18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,

nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,

nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.

20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,

na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.

21 Animhwɛ nyɛ,

nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.

22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ

na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.

23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire

asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno

na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no,

ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.

25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.

26 Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea,

na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.

27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,

nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28 Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;

na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/28-d42157d07efc3347a40258b3168d6120.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 29

1 Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no

wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.

2 Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie;

sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.

3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,

nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.

4 Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ,

nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.

5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no

sum ne nan afidie.

6 Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,

nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.

7 Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ,

nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.

8 Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu,

nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.

9 Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a,

ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.

10 Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ,

na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.

11 Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

12 Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.

13 Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.

14 Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a,

nʼahennwa bɛtim hɔ daa.

15 Ntenesoɔ abaa ma nyansa,

na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.

16 Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so,

na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

17 Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;

ɔbɛma wo ɔkra ani agye.

18 Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa;

na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

19 Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so,

ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.

20 Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa?

Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.

21 Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a,

awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.

22 Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba,

na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.

23 Onipa ahomasoɔ brɛ no ase,

nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.

24 Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho.

Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.

25 Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo,

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.

26 Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa,

nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.

27 Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ;

na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/29-55906e070a9325df9041782e1787576c.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 30

Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ

1 Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:

Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:

2 “Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,

menni onipa nteaseɛ.

3 Mensuaa nyansa,

na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?

Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?

Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?

Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?

Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?

Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

5 “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

6 Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

7 “Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;

mfa nkame me ansa na mawu:

8 Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;

mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;

nanso ma me deɛ medi daa.

9 Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo

na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’

Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,

na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.

10 “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;

sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom,

na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;

12 Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so

a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;

13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn,

na wɔbu animtiaa;

14 wɔn a wɔn se yɛ akofena

na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan

wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,

na woayi onibie afiri adasamma mu.

15 “Amemem wɔ mmammaa mmienu

a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’

“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.

Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

16 Damena,

obonini awotwaa,

asase a ɛyɛ wesee daa,

ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

17 “Ani a ɛyi agya ahi,

na ɛbu ɛna animtia no,

bɔnhwa ho anene bɛtutu,

na apete abɛdi.

18 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa,

ɛnan na mente aseɛ:

19 Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,

sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,

ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,

ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.

20 “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:

Ɔdidi, ɔpepa nʼano

na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’

21 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso,

ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:

22 akoa a wabɛyɛ ɔhene,

ɔkwasea a wadidi amee,

23 ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ,

afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.

24 “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so,

nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:

25 Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;

26 Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,

27 ntutummɛ nni ɔhene,

nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;

28 wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ,

nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.

29 “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ,

ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:

30 gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;

31 akokɔnini a ɔretutu taataa,

ɔpapo,

ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.

32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,

anaa woadwene bɔne a,

ma wʼani nwu na mua wʼano!

33 Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba

na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,

saa ara na abufuo de akasakasa ba.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/30-c0ee5b5e763021c6de48dc9ac5f79240.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 31

Ɔhene Lemuel Nsɛm

1 Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:

2 Ao me babarima, me yafunu ba,

Ao mebɔhyɛ ba,

3 nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho,

wɔn a wɔgu ahemfo asu no.

4 Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo;

asanom nyɛ mma ahemfo,

ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;

5 sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka,

na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.

6 Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe,

na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

7 Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia

na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.

8 Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho,

kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.

9 Kasa na bu atɛntenenee;

kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.

Awieeɛ: Ɔyere A Ɔsom Bo

10 Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?

Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.

11 Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara

na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.

12 Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,

ne nkwa nna nyinaa mu.

13 Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.

14 Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn,

ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.

15 Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre;

ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

16 Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ;

ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.

17 Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;

nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

18 Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ,

na ne kanea ɛnnum anadwo.

19 Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

20 Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ

na ne nsa so onibie so.

21 Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho;

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.

22 Ɔyɛ ne mpasotam;

na ɔfira nwera ne serekye ntoma.

23 Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano,

baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.

24 Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn,

na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.

25 Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam;

na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

26 Ɔkasa nyansa mu,

na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27 Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so

na ɔnnyegye aniha so.

28 Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;

ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,

29 “Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin,

na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”

30 Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;

nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.

31 Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no,

na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/31-b2504ef01aecf38cc32456d97bf2658a.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster Nnianimu

Nnianimu

Ɛster yɛ Yudani afenaa a Onyankopɔn domm no ahoɔfɛ ma ɔbɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros hemaa. Na Ɛster wɔ akokoɔduru, ɔnim nyansa, ɔwɔ ne man ho dɔ na ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Ne sei enti, Onyankopɔn nam no so gyee ne nkurɔfoɔ. Nwoma yi kyerɛ sɛ Haman atirimpɔ bɔne enti, Onyankopɔn twee nʼaso. Na Mordekai nso, ne nyamesuro ne teneneeyɛ enti, Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam.

Nsɛm a ɛsisiiɛ ne Yudafoɔ nkonimdie enti, wɔhyɛɛ wɔn afahyɛ a wɔfrɛ no Purim ase.

Emu Nsɛm

Ɛster bɛyɛɛ ɔhemmaa (

1.1–2.23

)

Wɔhunahuna Yudafoɔ no (

3.1–4.17

)

Ɛster di ma Yudafoɔ no (

5.1–8.17

)

Wɔgye Yudafoɔ no (

9.1–10.3

)

Categories
Ɛster

Ɛster 1

Ɔhene Apontoɔ

1 Saa asɛm yi sii ɔhene Ahasweros a ɔdii amantam ɔha aduonu nson so, firi India kɔsi Etiopia no ɛberɛ so.

2 Saa ɛberɛ no na ɔte ahennwa so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so.

3 Nʼahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa nʼahenemma ne ne mpanimfoɔ. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa ne atitire ne amantam mu mpanimfoɔ.

4 Afahyɛ no dii abosome nsia, na ɔdaa nʼahemman mu sika pepe ne emu animuonyam adi.

5 Yei nyinaa twaam no, ɔhene no too ɛpono sononko bi maa ahemfie hɔ asomfoɔ ne mpanimfoɔ nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi ɔketewa so. Ɛdii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfie adihɔ turo mu.

6 Wɔde ntoma fɛfɛ nahanaha fitaa ne tuntum a wɔanwono mu sensɛnee adihɔ hɔ. Na wɔde nhoma kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkawa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkonnwa sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobire ne aboɔdemmoɔ ahodoɔ nsesɛeɛ so.

7 Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwini ahodoɔ papa bi someeɛ, na adehyesa buu so hɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no.

8 Nhyehyɛeɛ a na ɛwɔ asanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro deɛ ɔbɛtumi so. Nanso, wɔn a wɔbɛtumi anom no deɛ, wɔnomee sɛdeɛ wɔpɛ, ɛfiri sɛ, na ɔhene no aka akyerɛ ne fiefoɔ no sɛ, obiara bɛtumi anom sɛdeɛ ɔpɛ.

9 Ɔhemmaa Wasti too ɛpono maa ahemfie mmaa no saa ɛberɛ korɔ no ara mu.

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti Adeɛ So

10 Afahyɛ no nnanson so a nsã afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ apiafoɔ baason a wɔhwɛ no no sɛ,

11 wɔmfa ɔhemmaa Wasti a ɔhyɛ ahemmaa kyɛ no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ pa ara.

12 Nanso, wɔde ɔhene ɔfrɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmaa Wasti no, wamma. Yei maa ɔhene ani bereeɛ yie, maa abufuo hyɛɛ no ma.

13 Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo.

14 Na afotufoɔ no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wɔfiri Persia ne Media. Na wɔyɛ ne nnamfo berɛboɔ a wɔkura dibea akɛseɛ wɔ ahemman no mu.

15 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”

16 Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no sɛ, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmaa Wasti afom, na wafom ɔpanin biara ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ wʼahemman no mu nyinaa.

17 Sɛ mmaa a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wɔbɛfiri aseɛ atwiri wɔn kununom.

18 Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha.

19 “Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no.

20 Sɛ wɔde saa mmara yi to dwa, ma obiara te wɔ wʼahemman kɛseɛ yi mu a, mmaa awarefoɔ de obuo a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.”

21 Ɔhene no ne nʼahenemma no faa no sɛ ɛyɛ adwene pa enti, wɔfaa Memukan afotuo no.

22 Ɔtwerɛɛ nkrataa kɔɔ nʼahemman no mu afanan nyinaa. Ɔtwerɛɛ ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/1-3ab2761b70422a9df0090e006b0dfd66.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 2

Wɔsi Ɛster Ɔhemmaa

1 Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ dwenee deɛ Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho.

2 Na nʼasomfoɔ susuu ho kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmaabunu ahoɔfɛfoɔ mfa wɔn mmrɛ ɔhene.

3 Ɔhene nyi ananmusifoɔ bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmaa ahoɔfɛfoɔ yi mmra ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ opiani no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuro.

4 Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.

5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.

6 Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia.

7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa.

8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa.

9 Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ.

10 Ɛster anka ne ɔman a ɔfiri mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ.

11 Ɛda biara Mordekai kɔnante fa ahemfie no adihɔ hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te sɛn.

12 Ansa na wɔde ababaawa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuro yɛ ne ho afe. Wɔde kurobo ngo yɛ ne ho abosome nsia na ɛno akyi, wɔde aduhwam ne nku sononko bi ayɛ ne ho abosome nsia.

13 Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.

14 Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

15 Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster).

16 Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no,

17 ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu.

18 Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so.

19 Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no,

20 Ɛster ankyerɛ baabi a ɔfiri ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotuo no so sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔne no teɛ no.

Mordekai Di Ɔhene Nokorɛ

21 Ɛda koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfie no, ɔhene no apiafoɔ baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kɔkoamfie no ɛpono ano awɛmfoɔ no bo fuu ɔhene Ahasweros, na wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no.

22 Mordekai tee atirisopam no, ɔbɔɔ ɔhemmaa Ɛster amaneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai amo sɛ ɔbɛkaa asɛm no.

23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, hunuu sɛ asɛm a Mordekai bɛkaeɛ no yɛ nokorɛ no, wɔsɛnee mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔtwerɛɛ yei nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedie abakɔsɛm nwoma mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/2-acdf1f6c97d7d302052e55535750709d.mp3?version_id=2094—

Categories
Ɛster

Ɛster 3

Haman Pam Yudafoɔ Tiri So

1 Mmerɛ bi akyi, ɔhene Ahasweros pagyaa Agagni Hamedata babarima Haman diberɛ, yɛɛ no ɔsoafoɔ panin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abadiakyire.

2 Sɛ Haman retwam a, ɔhene mpanimfoɔ bɔ wɔn mu ase, de kyerɛ obuo ne anidie a wɔwɔ ma no, ɛfiri sɛ, saa na ɔhene ahyɛ. Nanso, Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obuo ne anidie nso da.

3 Ahemfie mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔhene ɛpono ano no bisaa Mordekai sɛ, “Adɛn enti na worebu ɔhene ɔhyɛ nsɛm so?”

4 Adeɛ akye a ade asa yi, wɔkasa kyerɛɛ no nanso ɔkɔɔ so buu ɔhyɛ nsɛm no so. Enti, wɔbɔɔ Haman amaneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so anaa, ɛfiri sɛ, na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

5 Ɛberɛ a Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto no, anaa ɔnnkyerɛ no obuo ne anidie no, ne bo fuiɛ.

6 Enti, Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremfa ne nsa nka Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtɔre Yudafoɔ a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase.

7 Na ɔbosome Nisan (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedie mfeɛ dumienu so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ ɛda pa ne bosome a ɛfata sɛ wɔdi dwuma no. Na da a wɔyiiɛ no yɛ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu.

8 Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahemman yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforɔ biara deɛ bɔ abira, na mpo, wɔbu ɔhene mmara so. Ɛno enti, ɛnyɛ mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase.

9 Sɛ ɛbɛtumi a, Ɔhene kɛseɛ, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammufoɔ dwetɛ tɔno 375, na wɔde agu adehyeɛ fotoɔ no mu.”

10 Ɔhene no penee so, worɔɔ ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no de sii asɛm no so dua.

11 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛdeɛ wopɛ no biara.”

12 Nisan bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ ma ɔkaa deɛ ɔpɛ sɛ ɔtwerɛ de kɔma mmapɔmma, amantam amradofoɔ a wɔwɔ mmea nyinaa, adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam no mu, ma wɔtwerɛɛ no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kawa no sosɔɔ ano,

13 na wɔde somaa abɔfoɔ maa wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkunkum Yudafoɔ nyinaa, mmɔfra ne mpanin, a mmaa ne mmɔfra ka ho, tɔre wɔn ase ɛda koro. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. Yudafoɔ agyapadeɛ no, wɔde bɛma wɔn akumfoɔ.

14 Wɔde mmara no sɛso bi bɛkokɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfoɔ nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛdeɛ wɔbɛtumi adi dwuma no wɔ ɛda a wɔahyɛ no so.

15 Ɔhene no hyɛ maa wɔde mmara no somaa abɔfoɔ a wɔn ho yɛ herɛ na wɔbɔɔ no dawuro wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nomm nsã; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EST/3-103371c2acb9d5421318b6e4ec6c2890.mp3?version_id=2094—