Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 16

1 Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea,

na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.

2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn

nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

3 Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ,

mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

5 Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.

Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.

6 Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;

onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.

7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,

ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

8 Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ

sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.

9 Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,

nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.

10 Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,

enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.

11 Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;

nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.

12 Ahemfo kyiri bɔneyɛ,

ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.

13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ;

na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.

14 Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ,

nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.

15 Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,

nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.

16 Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ,

sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!

17 Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;

deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.

18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,

na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

19 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu

sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.

20 Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;

nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

21 Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,

na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

22 Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,

nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

23 Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,

na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.

25 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

26 Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den;

ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.

27 Ohuhuni bɔ pɔ bɔne,

ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,

na osekuni tete nnamfonom ntam.

29 Basabasayɛni daadaa ne yɔnko

na ɔde no fa ɛkwammɔne so.

30 Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;

na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.

31 Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;

tenenee mu asetena na ɛde ba.

32 Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ,

na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

33 Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ,

nanso ne gyinasie biara firi Awurade.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/16-ee96836d99f6f59f51a54ac763fe3712.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 17

1 Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho

yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.

2 Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,

na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ

nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

4 Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;

ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.

5 Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;

na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

6 Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,

na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.

7 Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,

saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.

8 Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;

ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.

9 Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,

na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.

10 Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani

sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

11 Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so

na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12 Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma

sene ɔkwasea a ɔregyimie.

13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,

bɔne rempa ne fie da.

14 Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka;

enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

15 Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no,

Awurade kyiri ne mmienu.

16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.

17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,

wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

18 Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

nam so de si awowa ma ne yɔnko.

19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne;

deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

20 Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;

deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.

21 Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;

ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

22 Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,

nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

23 Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase

de kyea atɛntenenee.

24 Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so,

na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.

25 Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,

na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

26 Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,

anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.

27 Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.

28 Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,

na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/17-72adc7c10f757af575b48e8617809c6e.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 18

1 Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya;

na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.

2 Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ

na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.

3 Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,

na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.

4 Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ,

na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.

5 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ

anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.

6 Ɔkwasea ano de akasakasa ba

na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.

7 Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ

na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.

8 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

9 Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no

nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

10 Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;

ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.

11 Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban

wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,

na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

13 Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,

ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.

14 Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu

na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?

15 Nhunumu akoma nya nimdeɛ;

na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.

16 Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma

na ɛde no ba atitire anim.

17 Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,

kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.

18 Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,

na ɛpata atamfoɔ.

19 Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,

akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.

20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

22 Deɛ wanya yere no anya adepa

na ɔnya adom firi Awurade hɔ.

23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ,

nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,

nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/18-a6fae2f1df935cee6a1c5c50bc51db22.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 19

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no

yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.

3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,

nanso nʼakoma huru tia Awurade.

4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;

nanso ohiani adamfo gya no hɔ.

5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua,

na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.

6 Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn,

na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.

7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no,

na saa ara na ne nnamfonom po no!

Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,

nanso ɔnhunu wɔn baabiara.

8 Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra;

deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.

9 Adansekurumni bɛnya asotwe,

na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.

10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea,

anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!

11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ;

sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.

12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom,

na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.

13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ,

ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.

14 Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ,

na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.

15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,

na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.

16 Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban,

na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.

17 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade,

na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.

18 Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.

19 Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka;

sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.

20 Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu,

na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.

21 Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu,

nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.

22 Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ;

ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

23 Awurade suro kɔ nkwa mu;

na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.

24 Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu

na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!

25 Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;

ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.

26 Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no

yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.

27 Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a,

wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.

28 Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw;

na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.

29 Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ,

ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/19-12031991777160b195fe0bfd10dd43fe.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 20

1 Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ;

na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.

2 Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom;

na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.

3 Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.

4 Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu;

enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.

5 Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.

6 Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?

7 Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.

8 Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

9 Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu;

meyɛ kronn na menni bɔne”?

10 Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no

Awurade kyiri ne mmienu.

11 Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,

sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.

12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ,

Awurade na wayɛ ne mmienu.

13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;

ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

14 Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”

nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.

15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.

16 Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

17 Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,

nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.

18 Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;

sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19 Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.

20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,

wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.

21 Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no

renyɛ nhyira akyire no.

22 Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!”

Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.

23 Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,

na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.

24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,

ɔsum ne ho afidie.

26 Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;

na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.

27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban;

nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.

29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.

30 Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ

mmaaka te akoma mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/20-e7671edfe63900ab0e3abffb5e391e01.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 21

1 Ɔhene akoma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2 Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari akoma.

3 Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a

ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,

ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!

5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba

sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no

yɛ huhuro ne owuo afidie.

7 Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.

8 Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,

na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

9 Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena

yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

10 Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne;

ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,

sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

12 Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie

na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.

13 Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.

15 Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.

16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no

bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.

17 Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;

deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.

18 Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,

na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

20 Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,

nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no

ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

22 Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so

na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.

23 Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

ɔtwe ne ho firi amanenya ho.

24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ”

ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.

25 Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,

ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26 Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,

nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.

27 Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,

ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

28 Adansekurumdini bɛyera,

na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.

29 Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm

na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.

30 Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a

ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.

31 Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/21-08f7244237413ffee4ef7c89774087c8.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 22

1 Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe;

sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

2 Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako,

Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.

3 Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho,

nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.

4 Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro

ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

5 Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so,

nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

6 Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,

na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.

7 Adefoɔ di ahiafoɔ so,

na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

8 Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw

na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.

9 Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira

ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.

10 Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ;

ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.

11 Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam

bɛnya ɔhene afa no adamfo.

12 Awurade ani wɛn nimdeɛ,

na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.

13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!”

anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”

14 Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku;

deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

15 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,

nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.

16 Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya

anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

Anyansasɛm

17 Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;

fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

18 ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

19 Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

20 Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,

deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

21 a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,

sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

22 Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,

na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,

23 ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

24 Mfa obi a ne bo ha no adamfo,

na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

25 anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan

na woakɔtɔ afidie mu.

26 Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,

anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

27 na sɛ wonni deɛ wɔde tua a

wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

28 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ;

deɛ wo nananom de sisii hɔ no.

29 Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/22-b84e53943dad760e018bf76d58381748.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 23

1 Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,

hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie,

2 Sɛ woyɛ adidibrada a,

hyɛ wo ho so.

3 Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,

ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa.

4 Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;

hunu nyansa na to wo bo ase.

5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,

ampa ara ɛbɛfu ntaban

na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.

6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane

nni nʼakɔnnɔ aduane akyi;

7 ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a

ɛberɛ biara ɔdwene sika ho.

Ɔka sɛ, “Didi na nom,”

nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.

8 Kakra a woadi no wobɛfe

na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ.

9 Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,

ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.

10 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu,

na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,

11 ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den,

na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn.

12 Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so

na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.

13 Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so;

sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu.

14 Fa abaa twe nʼaso

na gye ne kra firi owuo mu.

15 Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a,

ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;

16 sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a

me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye.

17 Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ,

mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara.

18 Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa.

19 Me ba, tie, na hunu nyansa,

ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so.

20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ

anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ,

21 ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ,

na anikum fira wɔn ntomago.

22 Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no,

na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.

23 Tɔ nokorɛ na ntɔn da;

nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu.

24 Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree;

deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.

25 Ma wʼagya ne wo maame ani nnye;

ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ.

26 Me ba, fa wʼakoma ma me

na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,

27 na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku

ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.

28 Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.

29 Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ?

Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii?

Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?

30 Wɔn a wɔkyɛre nsã ho,

na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ.

31 Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa,

ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu,

na ɛkɔ yɔɔ no.

32 Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ

na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa.

33 Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da,

na woadwene nneɛma basabasa ho.

34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,

ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.

35 Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira.

Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara.

Ɛberɛ bɛn na menyane

akɔpɛ nsã anom bio?”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/23-91740e7ed42b5f45b3ca9e3b1e79bfff.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 24

1 Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

2 Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

3 Wɔde nyansa na ɛsi efie,

na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

4 ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na

na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

5 Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,

na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

6 deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,

deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

7 Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;

wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

8 Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

9 Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,

nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

10 Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.

12 Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”

deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?

Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?

Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

13 Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;

ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.

14 Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;

sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

15 Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,

na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

16 Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,

na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

17 Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;

na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

18 ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ

na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

19 Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti

na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

20 ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,

na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

21 Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

22 ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,

na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

Anyansafoɔ Nsɛnka A Ɛkeka Ho

23 Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka:

Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:

24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

25 Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie,

na nhyira bɛba wɔn so.

26 Mmuaeɛ pa

te sɛ mfeano.

27 Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuo;

ɛno akyi, si wo fie.

28 Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

29 Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”

30 Menante faa onihafoɔ afuo ho

twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

31 nkasɛɛ afu wɔ baabiara,

wira afu akata asase no so,

na aboɔ afasuo no nso abubu.

32 Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so

na mesuaa biribi firii mu:

33 nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/24-f0018b0ab7b217d1f9dd6108da08dda4.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 25

Salomo Mmɛbusɛm Nkekaho

1 Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

2 Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;

sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

3 Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

4 Sɛ wɔyi dwetɛ ho a,

dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;

5 Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,

na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

6 Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,

na mpere diberɛ wɔ atitire mu;

7 Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,”

sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim.

Deɛ wode wʼani ahunu no

8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,

na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a

ɛdeɛn na wobɛyɛ?

9 Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforɔ ahintasɛm adi,

10 anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase

na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

11 Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no

te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

12 Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ

te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

13 Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no

saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no

te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15 Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,

na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

16 Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18 Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no

te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

19 Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye

te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

20 Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no

te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu

anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

21 Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

22 Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23 Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,

saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

24 Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

25 Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no

te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

26 Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,

te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

27 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,

na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.

28 Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no

te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/25-68c4abd95ff3953031581bb16d3b5d93.mp3?version_id=2094—