Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 23

Atɛntenenee ne pɛrepɛreyɛ

1 Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ.

2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani.

3 Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu.

4 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wafom kwan a, fa no sane brɛ no.

5 Sɛ wohunu deɛ ɔkyiri woɔ afunumu sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, hwɛ yie na woannya no amma no, sane na wo ne no nsane no.

6 Nnane wo mmɔborɔni asɛm ani wɔ atemmuo mu.

7 Twe wo ho firi atorosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum deɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremmu ɔbɔnefoɔ bem.

8 Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.

9 Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.

Mfeɛ a ɛtɔ so Nson ne Ɛda a ɛtɔ so Nson no

10 Mfeɛ nsia na dua w’asase so aduane, na boaboa nnɔbaeɛ no ano sie;

11 na deɛ ɛtɔ so nson no so deɛ, ma asase no nhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafoɔ nni, na deɛ wɔbɛgya no, wiram mmoadoma mmɛdi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.

12 Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.

13 Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu.

Afahyɛ akɛseɛ ahodoɔ mmiɛnsa no

14 Mprɛnsa na hyɛ fa ma me afirinhyia mu.

15 Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim.

16 Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no.

17 Wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn anim mprɛnsa afirinhyia.

18 Mfa m’afɔdeɛ mogya mmɔ afɔdeɛ ngu mmɔreka so, na mma adeɛ nnkye m’afahyɛ mu sradeɛ so.

19 W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.

Bɔhyɛ ne Nhyehyɛɛ ahodoɔ

20 Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no.

21 Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu.

22 Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho.

23 Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu.

24 Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum.

25 Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu.

26 Worenhunu deɛ ɔpɔn anaa obonini wɔ w’asase so; wo nna dodoɔ no mɛma no adu.

27 Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo.

28 Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim.

29 Merempamo wɔn w’anim afe koro, na asase no annane amamfo, na wiram mmoadoma ammɛdɔɔso antia wo;

30 nkakrankakra na mɛpamo wɔn w’anim akɔsi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no.

31 Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.

32 Ɛne wɔn ne wɔn anyame mmpam.

33 Mma wɔnntena w’asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo fidie.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 24

Wɔsɔ Apam no ano

1 Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.

2 Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma.

3 Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ.

4 Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ.

5 Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

6 Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so.

7 Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie.

8 Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ɔse: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa soɔ no mogya nie.

9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.

10 Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.

11 Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn.

13 Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so.

14 Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mo deɛ, montena ha ntwɛn yɛn nkɔsi sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma no mmra wɔn nkyɛn.

15 Na Mose foro kɔɔ bepɔ no so, na mununkum bɛkataa bepɔ no so.

16 Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose.

17 Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim.

18 Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 25

Ntomadan ho afɔrebɔdeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmɛma me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a n’akoma pɛ no nkyɛn na monnye me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.

3 Na yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a monnye no wɔn nkyɛn no: Sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ,

4 bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa fufuo, mmirekyie nwi,

5 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma ne okuo nnua;

6 kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhwam a wɔhyeɛ ho aduro,

7 apopobibire aboɔ ne aboɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu no.

8 Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.

9 Sɛdeɛ me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nnoɔma nyinaa tebea no, saa ara na monyɛ no.

Apam adaka no yɛbea

10 Na wɔmfa okuo nyɛ adaka a ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

11 Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankra twa ho hyia.

12 Na gu sika nkaa nnan, na fa tuatua ne nan nnan no ho; nkaa mmienu nni fa ha, na nkaa mmienu nni fa ha.

13 Na fa okuo sene mpoma, na fa sika dura ho.

14 Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no.

15 Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wɔnnyiyi mmfiri mu.

16 Na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ adaka no mu.

17 Na fa sika amapa yɛ mpata adwa, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

18 Na sika a waboro na fa yɛ Kerubim mmienu no, na fa sisi mpata adwa no tiri mmienu no so.

19 Na yɛ kerub baako wɔ etire ha ne kerub baako wɔ etire ha. Mpata adwa no mu na momma kerubim no nyi adie wɔ ne tiri mmienu so soɔ.

20 Na kerubim no ntrɛtrɛ wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata adwa no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata adwa no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ.

21 Na fa mpata adwa no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ.

22 Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa.

Ɛpono no ho nhyehyɛɛ

23 Na fa okuo yɛ ɛpono, ne tentene basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn baako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

24 Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankra twa ho hyia.

25 Na yɛ ɛho mfemfamho a ne trɛ te sɛ nsam hyia, na fa sika hankra twa mfemfamho no ho hyia.

26 Na yɛ sika nkaa nnan, na fa nkaa no sisi ntweaso nnan a ɛwowɔ ne nan ho no so.

27 Mfemfamho no ase pa ara na nkaa no nnie, na ɛnyɛ deɛ wɔde mpoma bɛwurawura mu de asoa ɛpono no.

28 Na fa okuo sene mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɛpono no.

29 Na yɛ ɛso nyowa ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde bɛhwie; sika amapa na fa yɛ.

30 Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa.

Kaneadua no

31 Na fa sika amapa a waboro yɛ kaneadua; ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfiri ɛno ara mu.

32 Na nsa nsia ntuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa ntuatua fa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa nso ntuatua fa ha.

33 Nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.

34 Na kaneadua no ho nhwiren nkuramu a ɛte sɛ sorɔno deɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren.

35 Na kukuduuduu nsisi nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no mu no ase.

36 Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfiri mu ara; ne nyinaa na wɔmfa sika amapa a waboro nyɛ no baako.

37 Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.

38 Na ɛho daawa ne ɛho nso nkuruwa nyɛ sika amapa.

39 Sika amapa dwetikɛseɛ baako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nnoɔma yi nyinaa.

40 Na hwɛ na yɛ no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔde akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 26

Ntomadan no ho nhyehyɛɛ

1 Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini.

2 Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako.

3 Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso ntoatoa so, baako ntoa baako so.

4 Na fa bibire bobɔ ntoma baako mmuano so kantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no so. Saa ara na yɛ wɔ ntoma a ɛdi akyire no mmuano so ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ.

5 Nkantankoraa aduonum na bobɔ wɔ ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na bobɔ wɔ ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no nni mmɔanim.

6 Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntoma no baako ntoa baako so, na tenabea no nyɛ baako.

7 Na fa mmirekyie nwi yɛ ntoma, na fa yɛ tenabea no so ntomadan. Yɛ no ntoma dubaako.

8 Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunum, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛ nyɛ baako.

9 Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim.

10 Na bobɔ nkantankoraa aduonum wɔ ntoma baako a ɛdi akyire no mmuano so wɔ ntoaeɛ no so, ne nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so.

11 Na yɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no sosɔ nkantankoraa no mu, na ma ntomadan no ntoa nyɛ baako.

12 Na ntomadan no ntoma nkaeɛ a ɛboro soɔ no, ntoma fa no a aka no, nsensɛne tenabea no akyi.

13 Na ntomadan no ntoma no tentene no mu anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛne tenabea no nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so.

14 Na fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntomadan no nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma yɛ ɛno so nkatasoɔ.

15 Na fa okuo yɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ.

16 Taaboɔ baako tentene nyɛ basafa nnum, na taaboɔ biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

17 Nan mmienu ntuatua taaboɔ baako ase, na biribi nsosɔ nan baako ne baako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboɔ no nyinaa ho.

18 Sei na yɛ tenabea no ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu nni anafoɔ fam nkyerɛ nifa.

19 Na yɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, nnyinasoɔ mmienu mmienu nhyehyɛ ntaaboɔ no mmaako mmaako ase mma ne nan mmienu mmienu no.

20 Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ntaaboɔ aduonu na ɛnni hɔ,

21 ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, ntaaboɔ no mmaako mmaako ase nnyinasoɔ mmienu mmienu.

22 Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, fa ntaaboɔ nsia yɛ hɔ.

23 Na yɛ tenabea no akyiri ntweaso mmienu no so ntaaboɔ mmienu.

24 Na ɛmpam ho mfiri fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkɔduru ne hini so wɔ deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ. Saa ara na ne mmienu nyinaa nyɛ, na ɛnni ntweaso mmienu no soɔ.

25 Na ɛnyɛ ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia, taaboɔ baako ase nnyinasoɔ mmienu, ne taaboɔ baako no ase nnyinasoɔ mmienu.

26 Na fa okuo yɛ mmeamu; enum nyɛ tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ,

27 na mmeamu nnum no nso nyɛ tenabea no nkyɛn baako no ntaaboɔ no deɛ, na mmeamu nnum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ.

28 Na mfimfini mmeamu a ɛfa ntaaboɔ no mfimfini no ntwam mfiri tire nkɔduru tire.

29 Na ntaaboɔ no, fa sika duradura ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma no nyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso.

30 Na si tenabea no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔayi akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.

31 Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no.

32 Na fa sɛne okuo adum nnan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ɛnsisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so.

33 Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.

34 Na fa mpata adwa no si Adanseɛ adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ.

35 Na fa ɛpono no si ntwamutam no anim, na kaneadua no nni ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu anafoɔ fam, na fa ɛpono no si nkyɛn mu atifi fam.

36 Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano.

37 Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 27

Afɔrebukyia no ho nhyehyɛɛ

1 Na fa okuo yɛ afɔrebukyia no: Ne tentene basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu ne fa; afɔrebukyia no nyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ nso nyɛ basafa baako ne fa.

2 Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho.

3 Na yɛ ɛho nsenawa a wɔde ne nso bɛgu mu ne ne sofi ne ne nkoraa ne ne wɔeɛ ne ne nsramma kukuwa, ɛho nnoɔma nyinaa, kɔbere mfrafraeɛ na fa yɛ.

4 Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so.

5 Na fa si afɔrebukyia no bamma ho wɔ aseɛ, na atena no nnuru afɔrebukyia no mfimfini.

6 Na sensene afɔrebukyia no ho mpoma, okuo mpoma, na fa kɔbere mfrafraeɛ duradura ho.

7 Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa.

8 Fa ntaaboɔ yɛ, na emu nna kwan. Sɛdeɛ wɔakyerɛ wo bepɔ no soɔ no, saa ara na wɔnyɛ no.

Tenabea no adihɔ

9 Na yɛ tenabea no adihɔ: Na adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono a ne tentene yɛ basafa aduonum nni hɔ wɔ fa baako wɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa,

10 ne n’adum aduonu ne ne nnyinasoɔ aduonu a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ; na adum no mprɛngo ne ne mmeamu nyɛ dwetɛ.

11 Saa ara nso na atifi fam tentene mu no, ntwamutam a ne tentene basafa aduonum ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu nnie; na adum no mprɛngo ne mmeamu no nyɛ dwetɛ.

12 Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no, ntwamutam basafa aduonu nnum nni hɔ; n’adum du ne ne nnyinasoɔ du.

13 Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛdi anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ nyɛ basafa aduonu nnum.

14 Nkyɛn ha ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa.

15 Na nkyɛn ha nso ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa.

16 Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.

17 Adum no a ɛtwa adihɔ no ho hyia nyinaa mmeabeaeɛ a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, na ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinasoɔ ayɛ kɔbere mfrafraeɛ.

18 Adihɔ no tentene nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonu nnum, na ne korɔn nso basafa mmienu ne fa; ntwamutam no nyɛ nwera a wɔafira n’asaawa, na ne nnyinasoɔ nyɛ kɔbere mfrafraeɛ.

19 Tenabea no ho som nyinaa mu adwinneɛ, ne ne mpɛɛwa nyinaa ne adihɔ no ho mpɛɛwa nyinaa nyɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Kanea no ngo

20 Na wo nso, hyɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie anya mu ngo korɔgyenn, na wɔmfa nsɔ kanea no, na nkanea no nsisi so daa.

21 Na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam a ɛkata Adanseɛ no anim no akyi, mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ a Israelfoɔ nni so wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 28

Asɔfoɔ Ntadeɛ

1 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

2 Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so.

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ.

4 Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ.

5 Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɛ.

6 Na wɔmfa ntomanwono mu anyansadwuma so mfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no.

7 Ɛnnya mmatire mmienu a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa.

8 Na asɔfotadeɛ fɛfɛ no nkyekyeremu mfiri mu ara, sɛdeɛ ne yɛbea no teɛ, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira.

9 Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so.

10 Wɔn din no nsia nkɔ ɔboɔ baako so, na wɔn din nsia a aka no nso nkɔ ɔboɔ baako so, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ.

11 Abodwumfoɔ adwuma, nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ na fa kurukyire aboɔ mmienu no soɔ, sɛdeɛ Israel mma no din teɛ; na fa sika mfefaano twa ho hyia.

12 Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ.

13 Na yɛ sika mfefaano

14 ne sika ntweaban mmienu; wɔ no mmɛsa yɛ no sɛ nhoma, na fa ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa no hyehyɛ mfefaano no so.

Atemmuo Adaaboɔ no

15 Na yɛ atemmuo adaaboɔ, ntomanwono mu anyansadwuma, yɛ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no yɛbea teɛ: Sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ.

16 Ɛnyɛ ahinanan, na wɔmmuka nto so; ne tentene nyɛ saama, na ne trɛ nyɛ saama.

17 Na fa aboɔ sisi mu, aboɔ kyerɛpɛn nnan. Kyerɛpɛn a ɛdi kan nyɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ;

18 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ;

19 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa no nyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ;

20 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia.

21 Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.

22 Na fa sika amapa yɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma.

23 Na yɛ adaaboɔ no so sika nkaa mmienu, na fa nkaa mmienu no hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so.

24 Na fa sika mmɛsa mmienu no toatoa adaaboɔ no ntwea so nkaa no mu.

25 Na mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no, fa toatoa mfefaano mmienu no mu, na fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no mmatiri mmienu no so anim fam.

26 Na yɛ sika nkaa mmienu fa hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no.

27 Na yɛ sika nkaa mmienu bio fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ no, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so.

28 Na wɔmfa bibire nhoma nkyekyere adaaboɔ no nkaa no nsosɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no ansane amfiri asɔfotadeɛ no so.

29 Na Aaron nsoa Israel mma din atemmuo adaaboɔ no mu n’akoma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkaeɛ daa.

30 Na fa Urim ne Tumimno hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.

Asɔfoɔ ntadeɛ afoforɔ

31 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotadeɛ no ase batakari.

32 Na tokuro nna mfimfini wɔ n’atifi, na wɔmfa ntomaban a wɔanwono mmare tokuro no ano nhyia te sɛ adaaboɔ mu tokuro, na ansuane.

33 Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia.

34 Sika adɔmma ne atoaa aba, ntwa batakari no mmuano ho nhyia.

35 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛne kronkronbea hɔ AWURADE anim na ɔfiri adi a, wɔate ne nnyegyeeɛ, na wanwu.

36 Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.

37 Na fa fam bibire homa so, na ntena abotire no so; abotire no anim na ɛmfam.

38 Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusuo biara a aba akronkronneɛ a Israelfoɔ yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛdeɛ kronkron nyinaa mu no; na ntena ne moma so daa, na AWURADE ani asɔ wɔn.

39 Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ.

40 Na Aaron mma no nso, yɛ ntadeɛ ne aboomu ma wɔn, na yɛ abotire bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ.

41 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.

42 Na yɛ nwera twakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagya so mfiri asene nkɔsi nsrɛkyire.

43 Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 29

Aaron ne ne Mma asɔfohyɛ ho nhyehyɛɛ

1 Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm,

2 ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ.

3 Na fa gu kɛntɛn baako mu, na ɛngu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini mmienu no.

4 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn.

5 Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu,

6 na fa abotitene no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim,

7 na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no.

8 Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ yuu.

9 Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.

10 Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no atifi.

11 Na kum nantwie no AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

12 Na fa nantwie no mogya no bi, na fa wo nsateaa bɔ mu sra afɔrebukyia no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔrebukyia no ase.

13 Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.

14 Nantwie no nam ne ne nwoma ne n’agyanan deɛ, fa ogya hye no nsraban no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

15 Na fa odwennini baako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.

16 Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia.

17 Na twitwa odwennini no asinasini, na hohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho, na fa gu n’asinasini no ne ne tiri so.

18 Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.

19 Na fa odwennini baako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.

20 Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia.

21 Na fa afɔrebukyia no so mogya no bi ne sra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntadeɛ so, ne ne mma no ne ne mma ntadeɛ nso so, na ɛnnwira no ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no nso.

22 Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini,

23 ne paanoo mua baako ne paanoo taterɛ a wɔde ngo afɔre baako ne ɔfam baako firi apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu,

24 na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ehim afɔdeɛ.

25 Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.

26 Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ehim afɔdeɛ ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa.

27 Na ma Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne mmasoɔ srɛ a wɔahim na wɔama soɔ no nyɛ kronkron,

28 na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.

29 Na Aaron ntadeɛ kronkron no nyɛ ne mma deɛ wɔ n’akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ.

30 Ne mma mu deɛ ɔbɛsi n’ananmu adi sɔfoɔ no nhyɛ no nnanson ansa na waba ahyiaeɛ ntomadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ.

31 Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron.

32 Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

33 Na wɔnni nnoɔma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na wɔde dwiraa wɔn no, nanso asɔfoɔ nko ara na wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.

34 Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.

35 Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ.

36 Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔrebukyia no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron.

37 Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron.

Daa hyeɛ afɔdeɛ

38 Na yei ne afɔdeɛ a bɔ wɔ afɔrebukyia no soɔ: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔdeɛ daa.

39 Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ;

40 na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho.

41 Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.

42 Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu a mommɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, deɛ me ne mo bɛhyia na me ne wo akasa hɔ.

43 Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron.

44 Na mɛma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔayɛ me asɔfoɔ.

45 Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn,

46 na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 30

Aduhwamhyeɛ bukyia

1 Na yɛ aduhwamhyeɛ bukyia, okuo na fa yɛ.

2 Ne tentene nyɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn baako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara.

3 Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankra twa ho hyia.

4 Na yɛ ɛho sika nkaa mmienu wɔ ne hankra no ase, wɔ n’afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa.

5 Na fa okuo sene mpoma no, na duradura ho sika.

6 Na fa si ntwamutam a ɛwɔ Adanseɛ adaka no ho no anim wɔ mpata adwa a ɛsi Adanseɛ no soɔ no anim, deɛ me ne wo bɛhyia hɔ no.

7 Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.

8 Na sɛ Aaron de nkanea no sisi so anwummerɛ a, ɔnhye aduhwam no: Ɛyɛ daa aduhwam a wɔnhye no AWURADE anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

9 Monnhye so aduhwam foforɔ biara, ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ; na monnhwie ahwiesa nso nngu so.

10 Na daa afirinhyia mu prɛko na Aaron mfa bɔne ho mpata afɔdeɛ mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no soɔ; daa afe ɔmpata wɔ so prɛko, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.

Akra mpata

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu.

13 Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.

14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu ne akyire a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma AWURADE.

15 Sɛ wɔde mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefoɔ nnto so, na ohiani nso nnte dwetɛbena fa no so.

16 Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.

Kuduo

17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo.

19 Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.

20 Sɛ wɔrekɔhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu a, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no abɛsom abɛbɔ ogya afɔdeɛ ama AWURADE a,

21 wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma wɔn, ɔno ne n’asefoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Sra ngo

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

23 Wo nso fa nnuhwam mu atitire, kurobo a anene nnwetɛbena ahanum ne dupapo hwanhwam saa fa, ahanu aduonum ne mmetire hwanhwam ahanu aduonum

24 ne bɛwewonua hwanhwam ahanum, kronkronbea dwetɛbena so, ne ngodua ngo susutoa baako,

25 na fa yɛ sra ngo kronkron, adufra a wɔafra no adufrafoɔ nyansa mu, na ɛnyɛ sra ngo kronkron.

26 Na fa sra ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no,

27 ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nnoɔma no ne aduhwamhyeɛ bukyia no,

28 ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ne ntaaseɛ no ho;

29 na dwira ho ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

30 Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wɔnni me asɔfoɔ.

31 Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yei nyɛ sra ngo kronkron mma me, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

32 wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo.

33 Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Aduhwam

34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhwam, aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwanhwam ne ohwamfufuo korɔgyenn, (wɔnsusu ne nyinaa pɛ),

35 na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ, adufrafoɔ nyansa so adufra a wɔaposa a ɛyɛ korɔgyenn ne kronkron.

36 Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron.

37 Na aduhwam a worebɛyɛ yi, monnsusu so nnyɛ bi mmfa nyɛ wo kronkron mma AWURADE.

38 Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 31

Wɔyi Besalel ne Oholiab sɛ wɔnsi ntomadan

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu din mafrɛ no,

3 na mede Nyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhunumu ne nimdeɛ ne adwinnie ahodoɔ nyinaa mu,

4 sɛ ɔmfa nnwene ho ne tirim na ɔnni sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

5 ne aboɔ a wɔsene sisi adeɛ mu ne nnuasene mu adwini, na ɔnni adwinhodoɔ nyinaa.

6 Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn akoma mu na wɔayɛ deɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa;

7 ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no ne mpata adwa no a ɛsi soɔ no ne ntomadan no ho ade nyinaa;

8 ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma ne kaneadua a ɛho teɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne aduhwamhyeɛ bukyia no;

9 ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo ne ne ntaaseɛ no

10 ne mmasoɔ ntadeɛ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no;

11 ne sra ngo no ne kronkronbea aduhwam a wɔhyeɛ no. Wɔnyɛ no sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa.

Homedadie

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

13 Na wo nso ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Me home da no ara na monnie; na ɛyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na moahunu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.

14 Enti monni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a ɔbɛgu ho fi no, kum na wɔbɛku no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wɔbɛtwa saa kra no afiri ne man mu atwene.

15 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, kum na wɔbɛku no.

16 Enti Israelfoɔ no nhwɛ homeda no na wɔnni, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛ daa apam.

17 Me ne Israel ntam nsɛnkyerɛnneɛ ne no de kɔsi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛtɔ so nson no ɔhomee na ɔdwodwoo ne ho.

18 Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔ soɔ no, ɔmaa no adanseɛ apono mmienu, aboɔpono a wɔde Nyankopɔn nsateaa atwerɛ soɔ.

Categories
Eksodɔs

Eksodɔs 32

Wɔma Aaron yɛ sika nantwie ba

1 Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.

2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmammaa aso mu mfa mmrɛ me.

3 Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn aso mu no de brɛɛ Aaron.

4 Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

5 Na Aaron hunuu sɛ wɔn ani gye ho no, ɔsii afɔrebukyia wɔ n’anim; na ɔpaee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ.

6 Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne;

8 wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;

10 na afei ma me kwan na me bo nhuru ntia wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛseɛ.

11 Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?

12 Adɛn nti na Misraimfoɔ nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na ɔbɛyii wɔn kɔeɛ sɛ ɔrekɔkum wɔn mmepɔ soɔ na wapra wɔn afiri asase ani? Sane firi w’abufuhyeɛ no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo ya.

13 Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.

14 Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.

15 Na Mose danee ne ho siane firii bepɔ no so, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam, aboɔpono a wɔatwerɛ n’afanu, wɔatwerɛ so ɛha ne ha.

16 Na apono no yɛ Nyankopɔn adwuma, na atwerɛ no yɛ Nyankopɔn atwerɛ a wɔakurukyire no apono no soɔ.

17 Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsraban no mu.

18 Na ɔse: Ɛnyɛ nkonimdie ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkoguo ho nteamu gyegyeegye, na mmom ɛdwontoɔ gyegyeegye na meteɛ yi.

19 Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.

20 Na ɔfaa nantwie ba a wɔyɛeɛ no de gya hyee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomee.

21 Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi?

22 Ɛnna Aaron buaa sɛ: Mma me wura bo mmfu, wo ara wonim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.

23 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no.

24 Na mesee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bie no, wɔnyi. Na wɔde maa me, na meto guu gya mu, na nantwie ba yi firi mu bae.

25 Na Mose hunuu sɛ ɔman no agye nsam no (Aaron na ama ɔman no nneyɛɛ agye nsam ama wɔabɔ wɔn ho adapaa, w’atamfo anim no),

26 ɔgyinaa nsraban no tia kaa sɛ: Deɛ ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn.

27 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo nkrantɛ mmobɔ mo asene, na montwa nkɔ, na monsane mmra, mfiri nsraban no tia nkɔ tia, na monkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.

28 Na Lewifoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe.

29 Na Mose kaa sɛ: Moayɛ mo ho kronkron ama AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre atia ne ba ne ne nua mpo, na mode nhyira aba mo so nnɛ.

30 Na adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo deɛ, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia mɛtumi mapata ama mo bɔne no.

31 Na Mose sane kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkaa sɛ: Ao, bɔne kɛseɛ na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa.

32 Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ!

33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Deɛ wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpepa no mafiri me nwoma mu.

34 Na afei kɔ, na kɔgya ɔman no kɔ deɛ maka makyerɛ woɔ no; hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim; nanso da a mɛba abɛhwɛ wɔn no, mɛtua wɔn wɔn bɔne so ka.

35 Na sɛ wɔayɛ nantwie ba a Aaron yɛeɛ no nti, AWURADE haa ɔman no.