Categories
Numeri

Numeri 6

Ahotuafoɔ ho mmara

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a,

3 ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni;

4 n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni.

5 N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum.

6 Nna a watua ne ho adeɛ ama AWURADE no, ɔnnkɔ efunu ho.

7 N’agya ne ne na ne ne nuabarima ne ne nuabaa wuo mu mpo, ɔnnkɔgu ne ho fi, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n’atifi.

8 N’ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE.

9 Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.

10 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano.

11 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara.

12 Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi.

13 Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano,

14 na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;

15 ne apiti paanoo, esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo kɛntɛn, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa.

16 Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ne ne hyeɛ afɔdeɛ.

17 Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ.

18 Na ɔhotuafoɔ no nyi n’ahotua ti ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa n’ahotua tirinwi no ngu asomdwoeɛ afɔdeɛ no ase gya mu.

19 Na ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti taterɛ baako ne apiti ɔfam baako ngu ɔhotuafoɔ a wanya ayi n’ahotua no nsam;

20 na ɔsɔfoɔ no nhim no ohim afɔdeɛ AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛne ohim yan ne mmasoɔ srɛ no; ɛno akyiri no ɔhotuafoɔ no nnom bobesa.

21 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafoɔ a, n’ahotua nti, wahyɛ n’ayɛyɛdeɛ ho bɔ ama AWURADE, de ka deɛ ne nsa bɛso soɔ ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ no, saa na ɔmfa n’ahotua mmara so nyɛ.

Nhyira a wɔmfa nhyira ɔman no

22 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

23 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛdeɛ monhyira Israelfoɔ no nka nkyerɛ wɔn nie:

24 AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;

25 AWURADE nte n’anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo;

26 AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.

27 Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so, na me deɛ, mɛhyira wɔn.

Categories
Numeri

Numeri 7

Mmapɔmma no afɔrebɔ

1 Na Mose wiee tenabea no sie, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no,

2 Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae.

3 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa AWURADE anim. Nteaseɛnam a ɛso wɔ nkatasoɔ nsia ne anantwie dummienu; mmapɔmma baanu de nteaseɛnam baako, na obiara de nantwie baako; na wɔde baa tenabea no anim.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

5 Gye no wɔn nsam, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na fa ma Lewifoɔ no, obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.

6 Na Mose de nteaseɛnam ne anantwie no maa Lewifoɔ no.

7 Ɔde nteaseɛnam mmienu ne anantwie nnan maa Gerson mma sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ,

8 na ɔde nteaseɛnam nnan ne anantwie nwɔtwe maa Merari mma, sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam;

9 na Kohat mma deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea ho nnoɔma no wɔn mmatiri soɔ.

10 Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔrebukyia dwira ho ayɛyɛdeɛ mmra mmaako mmaako, obiara ne ne da.

12 Na deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ baa da a ɛdi kan ne Aminadab ba Nahason a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.

13 Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

14 sika ayowa baako a ano si nnwetɛbena du a aduhwam ayɛ no ma;

15 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

16 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

17 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Aminadab ba Nahason ayɛyɛdeɛ.

18 Da a ɛtɔ so mmienu no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae.

19 N’ayɛyɛdeɛ a ɔde baeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

20 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

21 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

22 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

23 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Suar ba Netanel ayɛyɛdeɛ.

24 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n’ayɛyɛdeɛ bae.

25 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa, dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

26 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

27 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

28 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

29 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Helon ba Eliab ayɛyɛdeɛ.

30 Da a ɛtɔ so nnan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae.

31 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

32 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

33 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

34 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

35 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛdeɛ.

36 Da a ɛtɔ so nnum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel,

37 n’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

38 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

39 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

40 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

41 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛdeɛ.

42 Da a ɛtɔ so nsia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf.

43 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

44 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

45 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

46 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

47 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛdeɛ.

48 Da a ɛtɔ so nson no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama bae.

49 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

50 sika nnwetɛbena du ayowa baako aduhwam ayɛ no ma;

51 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

52 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

53 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amihud ba Elisama ayɛyɛdeɛ.

54 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel bae.

55 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

56 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

57 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

58 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

59 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛdeɛ.

60 Da a ɛtɔ so nkron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan bae.

61 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

62 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

63 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

64 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

65 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛdeɛ.

66 Da a ɛtɔ so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser bae.

67 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

68 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

69 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

70 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

71 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛdeɛ.

72 Da a ɛtɔ so dubaako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel.

73 N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

74 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

75 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

76 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

77 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Okran ba Pagiel ayɛyɛdeɛ.

78 Da a ɛtɔ so dummienu no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira.

79 N’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;

80 sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma;

81 nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

82 ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ;

83 ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Enan ba Ahira ayɛyɛdeɛ.

84 Yei ne adwiradeɛ a ɛda a wɔsraa afɔrebukyia ho ngo no Israel mmapɔmma no de baeɛ: Dwetɛ nyowa dummienu, dwetɛ nkoraa dummienu, sika nyowaa dummienu.

85 Ayowa no baako yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na koraa baako yɛ aduɔson, na nnoɔma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbena mpennu ahanan, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ;

86 sika nyowaa a aduhwam ayeyɛ mu amaama dummienu. Ayowa no baako ano si nnwetɛbena du, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ, na nyowaa no sika nyinaa yɛ nnwetɛbena ɔha aduonu.

87 Ɔhyeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini dummienu, adwennini dummienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dummienu ne wɔn nnuane ne ayɛyɛdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu;

88 na asomdwoeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Yei ne afɔrebukyia no sra akyiri adwiradeɛ.

89 Na Mose hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛrekasa kyerɛ no firi mpata adwa a ɛwɔ adanseɛ adaka no soɔ no so wɔ kerubim mmienu no ntam; na AWURADE kasa kyerɛɛ no.

Categories
Numeri

Numeri 8

Nkanea no sɔbea

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim.

3 Na Aaron yɛɛ saa: Ɔde nkanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

4 Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.

Dwira a wɔdwira Lewifoɔ

5 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6 Yi Lewifoɔ firi Israelfoɔ mu, na dwira wɔn.

7 Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho.

8 Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre; na fa nantwinini foforɔ nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.

9 Na fa Lewifoɔ no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ma Israelfoɔ asafo mu no nyinaa mmɛbɔ dwa;

10 na fa Lewifoɔ no bra AWURADE anim, na Israelfoɔ no mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so;

11 na Aaron nhim Lewifoɔ no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma.

12 Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no.

13 Na fa Lewifoɔ no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ ma AWURADE.

14 Na te Lewifoɔ no firi Israelfoɔ mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea.

15 Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ,

16 ɛfiri sɛ wɔn na mayi wɔn afiri Israelfoɔ mu; mede wɔn masi adeɛ a ɛbue yafunu ano nyinaa, Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, ananmu mafa.

17 Na Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: Da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefaeɛ.

18 Na mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu.

19 Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so.

20 Na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifoɔ ho no, saa na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn.

21 Na Lewifoɔ no yii wɔn ho bɔne, na wɔsii wɔn ntadeɛ, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho.

22 Ɛno akyiri na Lewifoɔ no ba bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifoɔ no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn.

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

24 Yei nkɔ mma Lewifoɔ no: Wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu nnum ne akyire no mmra mmɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som mu adwuma no.

25 Na wɔn a wɔadi mfeɛ aduonum no mfiri adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio.

26 Nanso wɔnni mmoa wɔn nuanom no, ahyiaeɛ ntomadan no mu, nkura ɛso hwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnnyɛ. Saa na hyehyɛ ma Lewifoɔ no dwumadie ma wɔn.

Categories
Numeri

Numeri 9

Twam afahyɛdie ho asɛm

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai serɛ so, wɔn Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no mu sɛ:

2 Ma Israelfoɔ no nni twam no ne berɛ mu.

3 Bosome yi da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, monni no ne berɛ mu; sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ ne n’akwan nyinaa so na monnie.

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnni twam no.

5 Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ.

6 Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum wɔ efunu bi ho, na wɔantumi anni twam no ɛda no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara;

7 na mmarima no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛn ho akum wɔ efunu bi ho; adɛn na wɔbɛkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛdeɛ mmmrɛ AWURADE ne berɛ mu wɔ Israelfoɔ mu?

8 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyina hɔ na menkɔtie deɛ AWURADE bɛhyɛ ama mo.

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ mo anaa mo asefoɔ mu bi ho kum wɔ efunu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantuo mu akyirikyiri a, ɔnni twam mma AWURADE ara.

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie:

12 Wɔnnnya bi nnkɔsi anɔpa na wɔmmmu ne dompe; wɔnni twam no ho ahyɛdeɛ no nyinaa so.

13 Na deɛ ne ho teɛ na ɔntuu kwan na ɔpo twam no die no, wɔbɛtwa ɔkra no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ wamfa AWURADE ayɛyɛdeɛ no amma ne berɛ mu; saa onipa no nsoa ne bɔne.

14 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo mu a, ɔnni twam mma AWURADE: Twam ahyɛdeɛ ne ne yɛbea no so na ɔnnie, ɔhɔhoɔ oo, asase no soni oo, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo.

Ogya ne mununkum fadum no

15 Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, mununkum no bɛkataa adanseɛ ntomadan no tenabea no so, na anwummerɛ, wɔhwɛ a, na ɛredɛre sɛ ogya wɔ tenabea no so de kɔsi anɔpa.

16 Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

17 Na sɛ mununkum no ma ne ho so firi ntomadan no so a, na Israelfoɔ no tuo; na deɛ mununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no kyere nsraban.

18 AWURADE anomu asɛm so na Israelfoɔ no nam tuo, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban; nna a mununkum no tena tenabea no soɔ nyinaa no, wɔtena nsram.

19 Na sɛ mununkum no di tenabea no so nna pii mpo a, Israelfoɔ no yɛ AWURADE ahyɛdeɛ, na wɔntu.

20 Na sɛ ebia mununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo.

21 Na sɛ ebia mununkum no gyina firi anwummerɛ kɔsi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wɔtu; na sɛ awia ne anadwo na mununkum no ma ne ho so a, wɔtu;

22 na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo.

23 AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.

Categories
Numeri

Numeri 10

Dwetɛ ntotorobɛnto no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.

3 Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.

4 Na sɛ wɔhyɛne baako a, mmapɔmma a wɔdi Israel apem apem so atitire no mmɛhyia wo nkyɛn.

5 Na sɛ mohyɛne osebɔ nnyegyeeɛ a, nsraban a ɛdeda anim fam no ntu;

6 na sɛ mohyɛne osebɔ tɔ so mmienu a, nsraban a ɛdeda anafoɔ fam no ntu: Wɔrebɛtuo no, osebɔ na wɔnhyɛne.

7 Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ dwa a, monhyɛne, na nnyɛ osebɔ nnyegyeeɛ.

8 Na Aaron mma asɔfoɔ no na wɔnhyɛne ntotorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

9 Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiahiafoɔ a wɔhiahia mo ho akɔko a, ɛnneɛ momfa ntotorobɛnto nhyɛne osebɔ nnyegyeeɛ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wɔnnye mo nkwa mo atamfoɔ no nsam.

10 Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Israelfoɔ firi Sinai kɔ Paran

11 Na afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu no, mununkum no maa ne ho so firii adanseɛ tenabea no so.

12 Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.

13 Na yei ne deɛ ɛdi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose soɔ no so tuiɛ.

14 Na Yuda mma nsraban frankaa no tuu kane, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahason die;

15 na Isakar mma abusuakuo dɔm no so na Suar ba Natanel die;

16 na Sebulon mma abusuakuo dɔm no so na Helon ba Eliab die.

17 Ɛnna wɔhwinhwan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui.

18 Na Ruben mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur die;

19 na Simeon mma abusuakuo dɔm no so na Surisadai ba Selumiel die;

20 na Gad mma abusuakuo dɔm no so na Deuel ba Eliasaf die.

21 Ɛnna Kohatfoɔ no soasoaa akronkronneɛ no tuiɛ; na wɔsii tenabea no de kɔsii sɛ wɔbaeɛ.

22 Na Efraim mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama die;

23 na Manase mma abusuakuo dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel die;

24 na Benyamin mma abusuakuo dɔm no so na Gideoni ba Abidan die.

25 Ɛnna Dan mma nsraban frankaa no tu bɔɔ nsraban no nyinaa kyidɔm sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser die;

26 na Aser mma abusuakuo dɔm no so na Okran ba Pagiel die;

27 na Naftali mma abusuakuo dɔm no so na Enan ba Ahira die.

28 Yei ne Israelfoɔ tuo a wɔtuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ no.

29 Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.

30 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ.

31 Na ɔse: Yei deɛ, nnya yɛn hɔ, na wo na wonim deɛ yɛbɛkyere nsraban ɛserɛ no soɔ nti, yɛ yɛn aniwa;

32 na sɛ wo ne yɛn nante a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bi bɛyɛ wo.

33 Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;

34 na wɔtu firi nsraban no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia.

35 Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.

36 Na sɛ ɛsoɛ a, ɔka sɛ: AWURADE, sane bra Israel mpempem no nkyɛn.

Categories
Numeri

Numeri 11

Mana fono ɔman no

1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano.

2 Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii.

3 Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera,ɛfiri sɛ AWURADE gya dɛree wɔ wɔn mu.

4 Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie?

5 Yɛakae nsunam a yɛdii no Misraim kwa ne ɛferɛ, anamuna, fan, gyeene ne aanwo no.

6 Afei yɛn kra akusa, na biribiara nni hɔ sɛ mana a ɛtua yɛn aniwa mu yi nko.

7 Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho.

8 Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam no ayuyammoɔ so anaasɛ wɔsi no nwaduro mu na wɔnoa no ɛsɛn mu, na wɔyɛ no taterɛ, na ne dɛ te sɛ ngo taterɛ dɛ.

9 Na sɛ bosuo tɔ nsraban no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so.

10 Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete.

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi?

12 Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so?

13 Ɛhe na mɛnya nam mama ɔman yi nyinaa sɛ wɔsu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yɛnni yi?

14 Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me.

15 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no.

16 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.

17 Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.

18 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi:

19 Ɛnyɛ da koro nko na mobɛdie, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko,

20 na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi?

21 Na Mose kaa sɛ: Ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufoɔ mpem ahansia, na wo deɛ, wose: Mɛma wɔn nam adi bosome?

22 Wɔbɛkunkum nnwan ne anantwie ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn?

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu.

24 Na Mose firii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano, na ɔde wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho hyiae.

25 Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.

26 Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu.

27 Na aberanteɛ bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsraban no mu.

28 Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn!

29 Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.

30 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane baa nsraban no mu.

31 Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako.

32 Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne adekyeeɛ nyinaa, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; deɛ ɔnyaa deɛ ɛsua koraa no mpo boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsraban no ho hyia fae.

33 Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa ara bobɔɔ ɔman no.

34 Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa,ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no.

35 Na ɔman no tu firii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.

Categories
Numeri

Numeri 12

Miriam ne Aaron kasa tia Mose

1 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.

2 Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.

3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

4 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho.

5 Na wɔn baasa no firii adi. Na AWURADE sianee mununkum dum mu bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu firii adi.

6 Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:

7 Na ɛnte sɛ m’akoa Mose; ɔno na mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.

8 Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?

9 Na AWURADE bo fuu wɔn, na ɔsii mu kɔe.

10 Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.

11 Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.

12 Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada.

13 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.

15 Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.

16 Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.

Categories
Numeri

Numeri 13

Akwansrafoɔ no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.

4 Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua;

5 Simeon abusuakuo deɛ, Hori ba Safat;

6 Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb;

7 Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal;

8 Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea;

9 Benyamin abusuakuo deɛ, Rafu ba Palti;

10 Sebulon abusuakuo deɛ, Sodi ba Gadiel;

11 Yosef abusuakuo, mekyerɛ Manase abusuakuo, Susi ba Gadi;

12 Dan abusuakuo deɛ, Gemali ba Amiel;

13 Aser abusuakuo deɛ, Mikael ba Setur;

14 Naftali abusuakuo deɛ, Wofsi ba Nahibi;

15 Gad abusuakuo deɛ, Maki ba Geuel;

16 yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.

17 Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa Negeb ha yi na monkɔforo mmepɔ no.

18 Na monkɔhwɛ asase no sɛdeɛ ɛteɛ ne aman a wɔtete soɔ no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔgo, wɔsua anaasɛ wɔdɔɔso,

19 ne sɛdeɛ asase a wɔtete soɔ no teɛ, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne ne sɛdeɛ nkuro a wɔtete mu no teteɛ, sɛ nsraban mu anaa aban mu,

20 ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ.

21 Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no.

22 Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)

23 Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma.

24 Ɛsiane sɛ Israelfoɔ no twaa bobe aba esia wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol.

25 Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae.

26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.

27 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.

28 Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.

29 Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.

30 Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn.

31 Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn.

32 Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko;

33 na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.

Categories
Numeri

Numeri 14

Ɔman no nwiinwii

1 Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no.

2 Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.

3 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?

4 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsi otitire na yɛnsane nkɔ Misraim.

5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim.

6 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu,

7 na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara.

8 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

9 AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.

10 Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ.

Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi?

12 Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.

13 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu;

14 na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo;

15 na sɛ wokum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ:

16 Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ.

17 Enti, mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛseɛ, sɛdeɛ wokaa sɛ:

18 AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

19 Fa ɔman yi amumuyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛdeɛ w’adom kɛseɛ no teɛ ne sɛdeɛ wode akyɛ ɔman yi firi Misraim abɛduru ha yi no.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no,

21 nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,

22 mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,

23 ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu.

24 Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.

25 Na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ no te bonhwa no mu, ɔkyena monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so.

Anwiinwiifoɔ no asotwe

26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

27 Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate.

28 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo:

29 Ɛserɛ yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛdeɛ mo nyinaa ano sie firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ, mo a monwiinwii tiaa me no,

30 morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

31 Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no.

32 Na mo deɛ, mo afunu bɛdeda ɛserɛ yi so,

33 na mo mma ayɛ mmoahwɛfoɔ, ɛserɛ so, mfirinhyia aduanan, na wɔasoa mo adwamammɔ akɔsi sɛ mo afunu bɛwie sa ɛserɛ soɔ.

34 Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.

35 Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, yei na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔayɛ dɔm atia me yi nyinaa. Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ.

36 Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no,

37 mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no wuwuu atɔfoɔ wuo AWURADE anim,

38 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko.

Wɔn a wɔantie Nyankopɔn asɛm no asotwe

39 Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii.

40 Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.

41 Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie.

42 Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim;

43 na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.

44 Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu.

45 Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.

Categories
Numeri

Numeri 15

Aduane afɔdeɛ ho mmara

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so,

3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,

4 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.

6 Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako,

7 na fa ahwiesa susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nso bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

8 Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,

9 ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;

10 na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

11 Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.

12 Sɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no dodoɔ no teɛ no, saa na monyɛ wɔn mu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

13 Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

14 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.

15 Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim.

16 Mmara korɔ ne atemmudeɛ korɔ na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu nyinaa.

17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Ka kyerɛ Israelfoɔ no: Sɛ moduru asase a mede mo merekɔ soɔ no so,

19 na ɛba sɛ modi asase no so aduane no bi a, momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE,

20 momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;

21 momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ mmasoɔ adeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22 Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,

23 deɛ AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, firi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekɔduru mo awoɔ ntoatoasoɔ so no,

24 na sɛ wɔfom anifasoɔ mu a ɔman no nnim a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, ne ɔpapo baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

25 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim;

26 na wɔde bɛkyɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no, ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn ɛfom no mu.

27 Na sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,

28 na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.

29 Mmara korɔ na ɛnna hɔ mma mo mma deɛ ɔyɛ biribi anifasoɔ mu; deɛ ɔyɛ Israelfoɔ mu kuromani, ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu.

30 Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,

31 ɛfiri sɛ wabu AWURADE asɛm animtia na wabu ne mmara asɛm so: Twa na wɔbɛtwa saa onipa no atwene, n’amumuyɛ da ne so.

Wɔsi homedasɛefoɔ aboɔ

32 Na Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ soɔ no, wɔkɔhunuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda;

33 na nnipa a wɔhunuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa;

34 na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.

35 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.

36 Ɛnna asafo no nyinaa de no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ maa no wuiɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Ntoma ano nnwo ho mmara

37 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

38 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntoma ano nnwo wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na wɔmfa bibire homa nsosɔ ntoma ano nnwo no mu;

39 na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.

40 Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.

41 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.