Categories
Hiob

Hiob 41

1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano,

na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa?

2 Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem,

na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu?

3 Ɔbɛkoto asrɛ wo pii,

anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4 Ɔne wo bɛpam apam

sɛ fa no yɛ akoa daa?

5 Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa,

na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa?

6 Apofofoɔ asafo bɛsi no koso,

na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu?

7 Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma,

na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8 Fa wo nsa ka no hwɛ,

na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio!

9 Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu.

Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no,

na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu?

Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

12 Merennyae ne honam adeɛ,

ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13 Hwan na ɔbɛyi ne ho abon?

Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim?

14 N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini?

Ne se ho yɛ hu.

15 N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ,

wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano.

16 Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ

a mframa nnya mu kwan;

17 ɛfemfam ho,

ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ.

18 Ne nwansi ma hann hyerɛn,

na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

19 Agyatɛnee firi n’anomu,

ogya nturituriiɛ fifiri mu.

20 Wisie firi ne hwene mu tokuro mu,

sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu.

21 N’ahome sɔ nsramma,

na ogyaframa firi n’anomu.

22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,

na akomatuo sa wɔ n’anim.

23 Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn,

wɔguu no ne ho, na ɛntwe.

24 N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ,

ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ.

25 Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo,

na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26 Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka,

pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo;

27 ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ,

ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ;

28 agyan nka no ngu,

ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;

29 ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma,

na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ.

30 N’ase yɛ abono hwetahweta,

ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ.

31 Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu,

ɔyɛ po sɛ sradeɛ;

32 Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi,

ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.

33 Ne nsɛsoɔ nni asase so;

wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu;

34 ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa;

ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

Categories
Hiob

Hiob 42

Onyankopɔn ma Hiob so bio

1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:

2 Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ,

na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.

3 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ,

na ɔhono afotuo ani yi?

Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.

4 Tie ɛ, na menkasa.

Mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka,

na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho,

dɔteɛ ne nso mu.

7 Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.

8 Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

11 Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

13 Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.

14 Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk.

15 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu.

16 Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan.

17 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.

Categories
Ester

Ester 1

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti adeɛ so

1 Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —

2 ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ,

3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.

4 Ɛno mu na ɔyii n’ahennie animuonyam dodoɔ, ne ne kɛseyɛ hran, ne ne fɛ no kyerɛeɛ nna pii, nnafua ɔha aduɔwɔtwe.

5 Na nna yi wiee duro no, ɔhene no too nkurɔfoɔ a wɔwɔ Susa abankɛseɛ no mu nyinaa pono firi akɛseɛ so kɔsii nkumaa so nnanson, wɔ ahemfie turom abannwa so,

6 nwera ne bibitoma sensɛne hɔ, wɔde nhoma fufuo ne deɛ ɛberedum asosɔ mu akyekyere dwetɛ nkaa mu, abofufuo adum ho; sika ne dwetɛ mpa wowɔ abohemmaa ne abohyɛn ne abobire ne dame nsesɛeɛ so.

7 Na wɔhyehyɛɛ nsa sika nkuruwa mu, na nkuruwa no nso gu ahodoɔ, na ɔhene nsa no dɔɔso, sɛdeɛ ɛwɔ ɔhene no nsam.

8 Na nsa no nom nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ; wɔanhyɛ obiara; na saa na na ɔhene no ahyɛ ne fie so mpanimfoɔ nyinaa, sɛ onipa biara nyɛ sɛdeɛ ɔpɛ.

9 Ɔhemmaa Wasti nso too mmaa pono wɔ Ɔhene Akas-weros ahemfie.

10 Da a ɛtɔ so nson a nsa ama ɔhene ani agyeɛ no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas, mpiafoɔ baason no a wɔsom Ɔhene Akas-weros anim no,

11 sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

12 Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

14 na wɔn a wɔbɛn no ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, Persia ne Media mmapɔmma baason a wɔhunu ɔhene anim ne ahennie no mu atitire no,)

15 sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no?

16 Na Memukan kaa no ɔhene ne mmapɔmma no anim sɛ: Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti afom no, na wafom mmapɔmma nyinaa ne amanaman a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa nso.

17 Na wɔbɛka ɔhemmaa no asɛm no akyerɛ mmaa nyinaa, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia aka sɛ: Ɔhene Akas-weros kaa sɛ wɔmma Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, na wamma.

18 Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso.

19 Sɛ ɔhene pɛ a, ɔmma asɛm bi mfiri ne hɔ, na wɔntwerɛ no Persia ne Media mmara nsɛm mu, na wɔannane ani, sɛ: Wasti mmma Ɔhene Akas-weros anim bio; na ɔhene mfa ne hemmaadie no mma ne yɔnko a ɔyɛ sene no.

20 Na wɔbɛte ɔhene asɛm a ɔrebɛdie yi n’ahennie nyinaa mu, ɛfiri sɛ na ɛso, na ama ɛyerenom nyinaa ani asɔ wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so.

21 Na asɛm no sɔɔ ɔhene ne mmapɔmma no ani, na ɔhene no yɛɛ sɛdeɛ Memukan kaeɛ no.

22 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔɔ ɔhene no amantam nyinaa so, na wɔde kɔɔ asase biara so sɛdeɛ ne ntwerɛ teɛ, ne ɔman biara so sɛdeɛ ne kasa teɛ, sɛ ɔbarima biara nni ne fie so panin, na ɔmfa ne man kasa nka mma wɔnte.

Categories
Ester

Ester 2

Wɔde Ester si ɔhemmaa

1 Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no.

2 Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene,

3 na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.

4 Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

6 a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako.

7 Na ɔno na ɔtetee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

8 Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wɔhyiahyiaa mmabaa pii baa Susa ahenkuro de wɔn hyɛɛ Hegai nsa, na wɔde Ester nso baa ɔhene fie de no bɛhyɛɛ mmaa no hwɛfoɔ Hegai nsa.

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.

10 Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua, ɛfiri sɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ.

11 Na da biara Mordekai kɔnante mmaa fie no abannwa no anim, na wahunu sɛ Ester te yie, ne deɛ wɔde no bɛyɛ.

12 Na ɛduru mmabaa no biara so a, ɔkɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmaa no ahosiesie mmara teɛ kɔsii sɛ abosome dummienu duruiɛ ansa. Na sɛdeɛ wɔn sra nna dodoɔ teɛ no, wɔde kurobo bɔɔ no abosome nsia, na wɔde nnuhwam ne mmaa nku sraa no abosome nsia nso.

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

15 Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.

16 Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebetno mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.

17 Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.

18 Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.

Mordekai yi atirisopam bi adi

19 Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.

20 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no.

21 Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros.

22 Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.

23 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, wɔsensɛnee wɔn baanu no dua so. Na wɔtwerɛ hyɛɛ Berɛsosɛm Nwoma no mu ɔhene anim.

Categories
Ester

Ester 3

Haman pam Yudafoɔ tiri so

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.

3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛseɛ mu no bisaa Mordekai sɛ: Adɛn nti na wo deɛ, woto ɔhene mmara no?

4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa na ɔntie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no bɛgyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

5 Na Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto nsɔre no no, abufuo hyɛɛ Haman ma.

6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai nkurɔfoɔ no nyinaa.

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisanno mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

8 Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.

9 Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔntwerɛ sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akoradeɛ mu.

10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.

11 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛdeɛ wo pɛ.

12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.

13 Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkɔkoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.

14 Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa soɔ no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wɔnsiesie wɔn ho nsie da no.

15 Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.

Categories
Ester

Ester 4

Yudafoɔ awerɛhoɔ ne mmuadadie

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

2 Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.

4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

6 Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.

7 Na Mordekai kaa no deɛ ato no no nyinaa ne dwetɛ dodoɔ a Haman aka sɛ Yudafoɔ no nti ɔbɛkari agu ɔhene akoradeɛ mu sɛ wɔnsɛe wɔn no.

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.

Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa

9 Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.

10 Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

12 Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.

13 Na Mordekai kaa sɛ wɔnkɔbua Ester sɛ: Nsusu sɛ wobɛfiri mu afi wɔ ahemfie, Yudafoɔ nyinaa mu;

14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?

15 Ɛnna Ester kaa sɛ wɔnkɔbua Mordekai sɛ:

16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.

17 Na Mordekai sane kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Ester hyɛɛ no no nyinaa.

Categories
Ester

Ester 5

Ester kɔ ɔhene anim

1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.

2 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa n’anim animuonyam, na ɔhene no tenee sika ahempoma a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ Ester. Na Ester twe pinii, na ɔbɛkaa ahempoma no ti.

3 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.

4 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mereto ama ɔhene no ase nnɛ.

5 Na ɔhene no kaa sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ deɛ Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɛpono a Ester atoɔ no ase.

6 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Eduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

7 Na Ester buaa sɛ: Deɛ mesrɛ na merehwehwɛ ne sɛ,

8 sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase. Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.

Haman pɛ sɛ ɔkum Mordekai

9 Ɛnna da no Haman de anigyeɛ ne akoma pa firii adie, na Haman hunuu Mordekai ɔhene ponkɛseɛ no mu sɛ wansɔre na wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuu Mordekai sɛ.

10 Nanso Haman sii ne ho so, na ɔsii mu kɔɔ ne fie. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ n’adɔfoɔ ne ne yere Seres bae.

11 Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

12 na Haman kaa sɛ: Nso Ɔhemmaa Ester amma obiara ne ɔhene amma ɛpono a ɔtoeɛ no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.

13 Nso yei nyinaa nnɔɔso mma me berɛ a mehunu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu yi.

14 Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.

Categories
Ester

Ester 6

Wɔhyɛ Haman sɛ ɔnni Mordekai ni

1 Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim.

2 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔpɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros no ho asɛm no.

3 Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Anidie bɛn na wɔadi Mordekai, na dibea bɛn na woama no yei ho? Na ɔhene mmeranteɛ a wɔsom no no kaa sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.

4 Na ɔhene kaa sɛ: Hwan na ɔwɔ abannwa no soɔ? Nso na Haman aba ahemfie akyiri abannwa no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛne Mordekai dua a wasi ama no no so.

5 Ɛnna ɔhene asomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Haman gyina abannwa no so. Na ɔhene no se: Ɔmmra!

6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?

7 Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Onipa a ɔhene pɛ no anidie no,

8 ma wɔmfa ahennie atadeɛ a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena ne soɔ a wɔde ahennie abotire bɔ ne tire no,

9 na wɔmfa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛseɛ no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no, na wɔmma no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kuro no abɔntene so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.

11 Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

13 Na Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa; na n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ rehwe ase n’anim yi firi Yudafoɔ asefoɔ mu deɛ a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.

14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafoɔ no ba bɛfaa Haman ntɛm so de no kɔɔ ɛpono a Ester atoɔ no ase.

Categories
Ester

Ester 7

Wɔsɛne Haman

1 Na ɔhene ne Haman baa sɛ wɔne Ɔhemmaa Ester rebɛnom nsa.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me nkurɔfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ,

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfoɔ no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.

5 Ɛnna Ɔhene Akas-weros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: Hwan ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?

6 Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ no ne saa Haman otirimuɔdenfoɔ yi. Ɛnna nketenkete kutaa Haman ɔhene ne ɔhemmaa no anim.

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

8 Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Categories
Ester

Ester 8

Wɔma Mordekai so

1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.

3 Na Ester kasaa bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na ɔsu koto srɛɛ no sɛ, ɔnyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafoɔ ho no.

4 Na ɔhene tenee sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,

5 na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,

6 na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ me nkurɔfoɔ sɛeɛ?

7 Ɛnna Ɔhene Akas-weros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fie mama Ester, na ɔno nso wɔasɛne no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafoɔ no nti.

8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani.

Ɔhene no gye Yudafoɔ nkwa

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwanno da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

10 Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

11 Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

12 da koro, Ɔhene Akas-weros nsase no nyinaa so, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa so.

13 Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.

14 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

15 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

16 Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.

17 Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.