Categories
Yosua

Yosua 11

Israel nkonimdie

1 Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn

2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam

3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

4 Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

5 Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.

7 Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn.

8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.

9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

10 Na Yosua sanee berɛ no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrantɛ kumm ne hene. Na akane no na Hasor ne saa ahennie yi nyinaa ti.

11 Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor.

12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

13 Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.

14 Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.

15 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

16 Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;

17 ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.

18 Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ.

19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ dii asomdwoeɛsɛm, gye Hewifoɔ a wɔte Gibeon no; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa.

20 Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

21 Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.

22 Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.

23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.

Categories
Yosua

Yosua 12

Nsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm

1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so,

2 Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano,

3 ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no;

4 ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no.

5 Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho.

6 AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so.

Ahemfo a Yosua kumm wɔn

7 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ,

8 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no):

9 Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene,

10 Yerusalemhene, Hebronhene,

11 Yarmuthene, Lakishene,

12 Eglonhene, Geserhene,

13 Debirhene, Gederhene,

14 Hormahene, Aradhene,

15 Libnahene, Adulamhene,

16 Makedahene, Betelhene,

17 Tapuahene, Heferhene,

18 Afekhene, Lasaronhene,

19 Madonhene, Hasorhene,

20 Simron-meronhene, Aksafhene,

21 Taanakhene, Megidohene,

22 Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene,

23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene,

24 Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.

Categories
Yosua

Yosua 13

Onyankopɔn hyɛ Yosua sɛ ɔnkyekyɛ asase no mu

1 Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.

2 Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa.

3 (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

4 Kanaanfoɔ asase no nyinaa ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no de kɔsi Afek kɔduru Amorifoɔ hyeɛ so;

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

6 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

7 Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.

8 Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,

9 ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

10 ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no nkuro no de kɔsi Amonfoɔ hyeɛ so,

11 ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;

12 Og a ɔdii hene wɔ Astarot ne Edrei ahennie a ɛwɔ Basan no nyinaa, (ɔno na ɔkaa abrane akɛseɛ no nkaeɛ no mu); na Mose kumm wɔn na ɔtuu wɔn,

13 nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.

14 Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

Yordan apueeɛ fam asase yɛ mmusuakuo mmienu ne fa no dea

15 Na Mose de maa Ruben mma abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

16 Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

17 Hesbon ne ne nkuro a ɛdeda asaseta soɔ no nyinaa. Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon

18 ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat

19 ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so

20 ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot,

21 asaseta no nkuro no nyinaa; ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no ahennie nyinaa; ɔno na Mose kumm no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no soɔ no.

22 Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfoɔ no nso, Israelfoɔ de nkrantɛ kumm no fraa atɔfoɔ no mu.

23 Na Ruben mma no hyeɛ ne Yordan ne ɛho hyeɛ. Yei ne Ruben mma no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

24 Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

26 na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so;

27 ne bonhwa no mu, Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ.

28 Yei ne Gadfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

29 Na Mose maa Manase abusuakuo fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuo fa no deɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

30 Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia;

31 ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

32 Yei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab mpaperɛ soɔ, Yeriko, Yordan agya apueeɛ.

33 Na Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ biara: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no.

Categories
Yosua

Yosua 14

Wɔnam ntontotwe so ma mmusuakuo nkron ne fa no agyapadeɛ

1 Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn,

2 wɔn agyapadeɛ a ɛnam ntontotwe soɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma mmusuakuo nkron ne fa no.

3 Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no agyapadeɛ wɔ Yordan agya, na Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara wɔ wɔn mu.

4 Na Yosef mma yɛ mmusuakuo mmienu, Manase ne Efraim, na wɔamma Lewifoɔ no kyɛfa biara asase no so, gye nkuro a wɔbɛtena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase ma wɔn mmoa ne wɔn nnoɔma.

5 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ, na wɔkyɛɛ asase no mu.

Wɔde Hebron ma Kaleb

6 Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea.

7 Medii mfirinhyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me firi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesane mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu.

8 Na me nuanom a wɔne me foro kɔeɛ no maa ɔman no akoma tui, na me deɛ, medii AWURADE me Nyankopɔn akyi mewiee.

9 Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa soɔ no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ woadi AWURADE me Nyankopɔn akyi awie.

10 Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum.

11 Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ yi ara, sɛ deɛ na meteɛ da a Mose somaa me no; sɛdeɛ m’ahoɔden teɛ da no, saa ara na ɛteɛ nnɛ ma ɔko ne adifire ne emuba.

12 Na afei, fa bepɔ yi a AWURADE kaa ho asɛm da no no ma me, ɛfiri sɛ da no ara wotee sɛ Anakfoɔ ne nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo wɔ hɔ. Ebia AWURADE bɛdi m’akyi na matu wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

13 Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.

14 Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenesini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɔdii AWURADE Israel Nyankopɔn no akyi yie.

15 Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.

Categories
Yosua

Yosua 15

Yuda asase no ahyeɛ

1 Na Yuda mma abusuakuo ntonto no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so.

2 Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano.

3 Na ɛnam Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam sene kɔ Sin, na ɛforo kɔ anafoɔ fam wɔ Kades-barnea, na ɛtwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka.

4 Na ɛtwam kɔ Asmon, na ɛkɔpue Misraim subonhwa no ano, na ɛkɔpem mpoano. Yei nyɛ mo anafoɔ fam hyeɛ.

5 Na apueeɛ hyeɛ ne Nkyene Po no de bɛsi Yordan awieeɛ. Na atifi fam hyeɛ no firi Nkyene Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awieeɛ no ho.

6 Na ɛhyeɛ no foro Bet-hogla, na ɛsene fa Bet-araba atifi fam, na ɛhyeɛ no foro kɔsi Ruben ba Bohan boɔ no ho.

7 Na ɛhyeɛ no firi Akor bonhwa no mu foro kɔ Debir, na ɛdane kɔ atifi fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoeɛ a ɛwɔ subonhwa no anafoɔ fam ntentensoɔ no. Na ɛhyeɛ no twam fa En-semes nsuo no ano, na ɛkɔpem En-rogel.

8 Na ɛhyeɛ no foro fa Hinom ba bonhwa no mu, Yebusifoɔ nkyɛn mu anafoɔ fam, (ɛne Yerusalem); na ɛhyeɛ no foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bonhwa no ntentensoɔ wɔ atɔeɛ wɔ Refaim bonhwa no atifi fam awieeɛ no atifi.

9 Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim).

10 Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna;

11 na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano.

12 Na atɔeɛ hyeɛ no ne ɛpo kɛseɛ no ne ɛho hyeɛ. Yeinom ne Yudafoɔ no hyeɛ a atwa ahyia sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

Kaleb kyɛfa

13 Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron.

14 Na Kaleb tuu Anak mma baasa no firii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefoɔ.

15 Na ɔfiri hɔ foro kɔɔ Debirfoɔ ho; nso akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.

16 Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.

17 Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.

18 Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi; na ɔbaa no firi n’afunumu so sii fam; na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na anafoɔ asase na wode ama me nti, ma me mmasuo nso. Na ɔmaa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.

20 Yei ne Yuda mma abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

Yuda nkuro

21 Na Yudafoɔ abusuakuo no nkuro a ɛdeda anafoɔ fam pɛɛ de rekɔ Edom hyeɛ soɔ ne: Kabseel ne Eder ne Yagur,

22 ne Kina ne Dimona ne Adada

23 ne Kedes ne Hasor ne Itnan,

24 Sif ne Telem ne Bealot,

25 ne Hasor-hadata ne Keriot-hesron, (ɛne Hasor),

26 Amam ne Sema ne Molada

27 ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet,

28 ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa,

29 Baala ne Iyim ne Esem,

30 ne Eltolad ne Kesil ne Horma,

31 ne Siklag ne Madmana ne Sansana,

32 ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa yɛ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa.

33 Ɛpo ho mpaperɛ so deɛ ne: Estaol ne Sora ne Asna,

34 ne Sanoa ne En-ganim, Tapua ne Enam,

35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka,

36 ne Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa.

37 Senan ne Hadasa ne Migdal-gad

38 ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,

39 Lakis ne Boskat ne Eglon,

40 ne Kabon ne Lahmam ne Kitlis,

41 ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.

42 Libna ne Eter ne Asan,

43 ne Yifta ne Asna ne Nesib

44 ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.

45 Ekron ne ɛho nkuro ne nkuraa,

46 ɛfiri Ekron de kɔsi ɛpo fam deɛ ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa.

47 Asdod, ɛho nkuro ne nkuraa, Gasa, ɛho nkuro ne nkuraa de kɔsi Misraim subonhwa no ano, ne Ɛpo Kɛseɛ ne ɛho hyeɛ.

48 Na mmepɔ so deɛ ne: Samir ne Yatir ne Soko,

49 ne Dana ne Kiriat-sana (a ɛne Debir),

50 ne Anab ne Estemo ne Anim,

51 ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkuro dubaako ne ɛho nkuraa.

52 Arab ne Duma ne Esan,

53 ne Yanum ne Bet-tapua ne Afeka

54 ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.

55 Maon, Karmel ne Sif ne Yuta,

56 ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,

57 Kain, Gibea ne Timna: Nkuro du ne ɛho nkuraa.

58 Halhul, Bet-sur ne Gedor,

59 ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.

60 Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa.

61 Ɛserɛ so deɛ ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka

62 ne Nibsan ne Nkyene Kuro no ne En-gedi: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.

63 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.

Categories
Yosua

Yosua 16

Yosef ne Efraim asase no ahyeɛ

1 Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no;

2 na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot,

3 na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho de kɔsi anafoɔ Bet-horon hyeɛ so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.

4 Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapadeɛ.

5 Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon;

6 na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ wɔ Mikmetat, atifi fam, na ɛkonton kɔ apueeɛ wɔ Taanat-silo, na ɛsiane ho kɔ Yanoa apueeɛ,

7 na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

8 Ɛhyeɛ no firi Tapua kɔ atɔeɛ kɔsi Kana subonhwa mu, na ɛkɔpem mpoano. Yei ne Efraimfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ;

9 ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa.

10 Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.

Categories
Yosua

Yosua 17

Manase kyɛfa

1 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima.

2 Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

3 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

4 Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu.

5 Na Manase nkyekyɛmu a ɔnyaeɛ no yɛ du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no.

6 Na Manase mmammaa no nyaa agyapadeɛ wɔ ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkaeɛ no deɛ.

7 Na Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apueeɛ no, na ɛhyeɛ no kɔ anafoɔ fam, En-tapuafoɔ no ho.

8 Tapua asase yɛɛ Manase deɛ, na Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ soɔ no yɛ Efraimfoɔ no deɛ.

9 Na ɛhyeɛ no siane kɔ Kana subonhwa no ho, subonhwa no anafoɔ fam. Ɛhɔ nkuro a ɛyɛ Manase nkuro no yɛɛ Efraim deɛ. Na Manase hyeɛ no wɔ subonhwa no atifi fam, na ano kɔka mpoano.

10 Anafoɔ fam no yɛɛ Efraim deɛ, na atifi fam deɛ yɛɛ Manase deɛ, na ɛpo no ne ɛhyeɛ. Na wɔne Aser bɔɔ hyeɛ atifi fam, na wɔne Isakar bɔɔ no apueeɛ.

11 Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no.

12 Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena.

13 Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.

Yosef mma nya kyɛfa foforɔ

14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ.

15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so.

16 Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa.

17 Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya,

18 na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.

Categories
Yosua

Yosua 18

Wɔkyekyɛ asase a aka no mu

1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.

2 Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson.

3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

4 Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.

5 Na monkyekyɛ mu nkyekyɛmu nson. Yuda nnyina ne hyeɛ so anafoɔ fam, na Yosef fie nnyina wɔn hyeɛ so atifi fam.

6 Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

7 Na Lewifoɔ rennya mo mu kyɛfa, ɛfiri sɛ AWURADE asɔfodie no ne wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn agyapadeɛ, Yordan agya apueeɛ a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.

8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

9 Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu.

10 Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.

11 Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam.

12 Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so.

13 Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so.

14 Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no.

15 Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho.

16 Na ɛhyeɛ no siane kɔ bepɔ a ɛda Hinom ba bonhwa anim a ɛwɔ Refaim bonhwa mu atifi fam no ano nohoa, na ɛsiane Hinom bonhwa no kɔ Yebusifoɔ anafoɔ fam nkyɛn mu, na ɛsiane kɔ En-rogel ho.

17 Na ɛhima kɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ En-semes, na ɛfiri hɔ kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoeɛ no ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ no ho.

18 Na ɛtwam fa atifi fam nkyɛn mu Araba ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Araba.

19 Na ɛhyeɛ no twam kɔ Bet-hogla atifi fam nkyɛn mu, na ano kɔduru Nkyene Po atifi fam dɔnnɔn no ho, Yordan anafoɔ fam awieeɛ. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ.

20 Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

21 Na Benyaminfoɔ abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nkuro nie: Yeriko ne Bet-hogla ne Emek-kesis,

22 ne Bet-araba ne Semaraim ne Betel,

23 ne Awim ne Para ne Ofra,

24 ne Kefar-amonai ne Ofni ne Geba: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa.

25 Gibeon ne Rama ne Beerot,

26 ne Mispe ne Kefira ne Mosa,

27 ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala,

28 ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

Categories
Yosua

Yosua 19

Asase no kyekyɛ

1 Na ntonto a ɛtɔ so mmienu no ba maa Simeon, Simeonfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn agyapadeɛ da Yuda mma agyapadeɛ ntam.

2 Na deɛ wɔnyaa no wɔn agyapadeɛ mu ne Beer-seba, Seba, Molada,

3 Hasar-sual, Bala, Asem,

4 Eltolad, Betul, Horma,

5 Siklag, Bet-markabot, Hasar-susa,

6 Bet-lebaot ne Saruhen: Nkuro dummiɛnsa ne ɛho nkuraa.

7 Ain, Rimon, Eter ne Asan: Nkuro nnan ne ɛho nkuraa;

8 ne nkuraa a ɛdeda nkuro yi ho hyia de kɔsi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda Negeb. Yei ne Simeon mma abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

9 Yudafoɔ kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfoɔ agyapadeɛ, ɛfiri sɛ Yudafoɔ kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfoɔ nyaa agyapadeɛ wɔn agyapadeɛ no mu.

10 Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid.

11 Na wɔn hyeɛ no foro kɔ atɔeɛ wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subonhwa a ɛwɔ Yokneam apueeɛ fam no ano.

12 Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.

13 Na ɛfiri hɔ twam kɔ apueeɛ de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na ɛfiri Rimon a ɛhima de kɔ Nea.

14 Na ɛhyeɛ no konton kɔ atifi fam de kɔ Hanaton, na ano kɔduru Yifta-el bonhwa no mu;

15 ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa.

16 Yei ne Sebulon mma agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

17 Ntonto a ɛtɔ so nnan no ba maa Isakar, Isakarfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

18 Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem,

19 Hafraim, Sihon, Anaharat,

20 Rabit, Kision, Abes,

21 Remet, En-ganim, En-hada ne Bet-pases.

22 Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.

23 Yei ne Isakarfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

24 Na ntonto a ɛtɔ so nnum no ba maa Aserfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Na wɔn hyeɛ ne Helkat, Hali, Beten, Aksaf,

26 Alamelek, Amad, ne Misal na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔeɛ, ne Sihor-libnat.

27 Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam,

28 Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ.

29 Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam,

30 ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkuro aduonu mmienu ne ɛho nkuraa.

31 Ɛno ne Aserfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

32 Naftalifoɔ na ntonto a ɛtɔ so nsia no ba maa wɔn, Naftalifoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

33 Na wɔn hyeɛ firi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan.

34 Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano.

35 Na nkuro a wɔatoto ho afasuo nie: Sidim, Ser, Hamat, Rakat, Kineret,

36 Adama, Rama, Hasor,

37 Kedes, Edrei, En-hasor,

38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet-semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa.

39 Yei ne Naftalifoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

40 Dan mma abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ na ntonto a ɛtɔ so nson no ba maa wɔn.

41 Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne: Sora, Estaol, Ir-semes,

42 Saalabin, Ayalon, Yitla,

43 Elon, Timna, Ekron,

44 Elteke, Gibeton, Baalat,

45 Yehud, Bene-berak, Gat-rimon,

46 Me-yarkon, Rakon, ɛne Yafo anim hyeɛ no.

47 Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ.

48 Ɛno ne Danfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.

49 Na wɔwiee asase no mu kyɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ no teɛ no, Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mu,

50 AWURADE anomu asɛm so na wɔmaa no kuro a ɔbisaeɛ no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔ soɔ, na ɔkyekyeree kuro no tenaa mu.

51 Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.

Categories
Yosua

Yosua 20

Dwanekɔbea nkuro nsia no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Monyi dwanekɔbea nkuro a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no,

3 na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam.

4 Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.

5 Na sɛ mogya ho werefoɔ no ti no ba a, wɔmmfa onipakumfoɔ no nnhyɛ ne nsa, ɛfiri sɛ na ɔnnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso berɛ a atwam no na ɔntane no.

6 Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu.

7 Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so.

8 Na Yordan agya, Yeriko apueeɛ nso wɔyii Beser, ɛserɛ so asaseta so de firii Ruben abusuakuo mu, na Ramot wɔ Gilead de firii Gad abusuakuo mu, ne Golan wɔ Basan de firii Manase abusuakuo mu mae.

9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim.