Categories
Yona

Yona 1

Yona frɛ ne n’asoɔden

1 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:

2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.

3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.

4 Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.

Yona frɛ ne n’asoɔden

5 Na ɛhyɛn no mufoɔ no suroe, na wɔteateaa mu frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotoo ɛhyɛn no mu adwadeɛ guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso Yona deɛ, na wasiane kɔ ɛhyɛn no yam akɔda hatee.

6 Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.

7 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.

8 Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi? W’adwuma ne sɛn, na ɛhe na wofiri baeɛ? Wofiri ɔman bɛn mu, wo nkyi ne he?

9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase pɛsɛɛ no.

10 Ɛnna nnipa no suroo pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔredwane afire, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn.

11 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ woɔ, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Ɛfiri sɛ, na ɛpo no gu so ara rehuru.

12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me na monto me ntwene ɛpo no mu, na ɛpo no bɛdwo ama mo; na menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ yi.

Yona asotwe

13 Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresane aba asase pɛsɛɛ so, na wɔantumi, ɛfiri sɛ na ɛpo no gu so rehuru hyia wɔn ara.

14 Ɛnna wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yɛdi ho bem ngu yɛn so, na wo, AWURADE, na woyɛ sɛdeɛ wopɛ.

15 Ɛnna wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo no gyaee ne bagyabagyayɛ no.

16 Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.

17 Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.

Categories
Yona

Yona 2

Yona mpaebɔ ne ne nkwagyeɛ

1 Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:

2 Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

na ɔtiee me;

mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu,

na woate me nne.

3 Na wotoo me twenee ebunu mu,

ɛpo akoma mu,

na ɔhweamo twaa me ho hyiae;

w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa

bu faa me so.

4 Na me nso mese: Wɔatu me

afiri w’anim,

nanso mɛkɔ so mahwɛ

w’asɔrefie kronkron no kwan so.

5 Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho,

ebunu twaa me ho buka sii,

ɛpo mu wira kyekyeree me ti.

6 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho,

mekɔɔ Asamando,

na wɔtoo me twenee koransan,

nanso wo AWURADE me Nyankopɔn

woyii me firii Amena mu.

7 Me kra tɔɔ me mu piti no,

mekaee AWURADE,

na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn,

aane w’asɔrefie kronkron hɔ.

8 Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no,

wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.

9 Na me deɛ, mede aseda nne

bɛbɔ wo afɔdeɛ,

deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua;

ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!

10 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.

Categories
Yona

Yona 3

Ahonu asɛnka wɔ Ninewe

1 Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ:

2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn.

3 Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na wɔde twa ho hyia.

4 Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.

5 Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.

6 Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,

7 na ɔmaa wɔpaee mu kaa no Ninewe, ɔhene ne n’atitire asɛm so, kaa sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwie ne nnwan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wɔnnkɔdidi, na wɔnnnom nsuo nso.

8 Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

9 Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn.

10 Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.

Categories
Yona

Yona 4

Yona abufuo ne n’atenetene

1 Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui.

2 Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.

3 Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa?

5 Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

6 Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

7 Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.

8 Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.

9 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu.

10 Na AWURADE kaa sɛ: Wo deɛ, adedenkruma no asɛm no yɛ wo ya, nso wonyɛɛ ɛho adwuma biara, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ, na ɛbaa anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.

11 Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?