Categories
Yohane

Yohane 11

Lasaro wuo

1 Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.

2 Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam sraa Awurade na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho no na ne nua Lasaro yareɛ no.

3 Enti ne nuammaanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare.

4 Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ:Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.

Yesu kɔ Betania

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro.

6 Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu.

7 Na ɛno akyiri no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ:Momma yɛnkɔ Yudea bio!

8 Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?

9 Yesu buaa sɛ:Ɛnyɛ nnɔnhwereɛ dummienu na ɛwɔ da baako mu? Sɛ obi nam awia a, ɔnsunti, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann;

10 na sɛ obi nam anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ hann nni ne mu.

11 Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ:Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no.

12 Ɛnna n’asuafoɔ no kaa sɛ: Awurade, sɛ wada deɛ a, ɔbɛsɔre.

13 Na Yesu deɛ, ɔkaa ne wuo ho asɛm; na wɔn deɛ, wɔsusuu sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka.

14 Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ:Lasaro awu;

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

16 Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu!

Lasaro wuo ne ne sie

17 Ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada.

18 Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini mmienu,

19 na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.

20 Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria deɛ, ɔtenaa fie.

21 Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.

22 Na seesei mpo menim sɛ, biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.

23 Yesu see no sɛ:Wo nuabarima no bɛsɔre bio.

24 Marta see no sɛ: Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre.

25 Yesu see no sɛ:Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.

26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?

27 Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

28 Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo.

29 Ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn.

30 Nanso na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na ɔwɔ deɛ Marta bɛhyiaa no hɔ.

31 Ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi kaa sɛ: Ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu.

Lasaro nyane

32 Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.

33 Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no,

34 na ɔkaa sɛ:Ɛhe na mode no toeɛ?Wɔsee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ!

35 Yesu sui.

36 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Hwɛ dɔ a ɔdɔ no!

37 Na wɔn mu binom se: Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛ anka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu.

38 Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.

39 Yesu kaa sɛ:Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.

40 Yesu see no sɛ:Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?

41 Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ:Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

42 Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Lasaro, firi bra!

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ:Monsane no, na momma no nkɔ.

45 Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.

Kaiafa nkɔmhyɛ

46 Na wɔn mu binom sii mu kɔɔ Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn deɛ Yesu yɛeɛ no.

47 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.

48 Sɛ yɛgyaa no saa a, nnipa nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.

49 Na wɔn mu baako bi, Kaiafa a ɔdi sɔfo panin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo deɛ, monnim hwee,

50 nanso monnwene sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no, na ɔman no nyinaa ansɛe.

51 Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.

53 Ɛnna ɛfiri da no ara wɔtutuu agyina wɔn mu sɛ wɔbɛku no.

Yesu twe ne ho kɔ Efraim

54 Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annante Yudafoɔ no mu bio, na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn ɛserɛ soɔ, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ.

55 Na Yudafoɔ Twam no abɛn; na nnipa pii firii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no duruiɛ, sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho.

56 Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wɔgyinaa asɔrefie hɔ sesee wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn na mosusuo? Sɛsɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?

57 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.

Categories
Yohane

Yohane 12

Maria de ngohwan sra Yesu

1 Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ.

2 Ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako.

3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.

4 Ɛnna n’asuafoɔ no mu baako, Yuda Iskariot (a ɔrebɛyi no ama no), kaa sɛ:

5 Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafoɔ?

6 Ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

7 Ɛnna Yesu kaa sɛ:Monnyaa no, na ɔde yei asie ama me sie da.

8 Na ahiafoɔ deɛ, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me deɛ, monni me daa.

Wɔtu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro

9 Ɛnna Yudafoɔ no mu nkurɔfokuo pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko ara ntira, na mmom sɛ wɔbɛhunu Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso ntira.

10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso,

11 ɛfiri sɛ, ne nti na Yudafoɔ mu pii kɔeɛ, kɔgyee Yesu diiɛ.

Yesu hyɛne Yerusalem nkonimdie mu

12 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfokuo pii a wɔbaa afahyɛ no aseɛ tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,

13 wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ:

Hosiana!

Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no,

Israel hene no!

14 Na Yesu hunuu afunumu ba bi no, ɔtenaa ne so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

15 Nsuro, Sion babaa;

hwɛ, wo hene reba,

ɔte afunumu ba so.

16 Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

17 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔne no wɔ hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no dii adanseɛ.

18 Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no.

19 Ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ: Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu di n’akyi.

Helafoɔ bi pɛ sɛ wɔhunu Yesu

20 Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu;

21 ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.

22 Filipo ba bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu.

23 Na Yesu buaa wɔn sɛ:Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.

24 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ayuo baako antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ korɔ no ara; na sɛ ɛwu a, ɛso aba pii.

25 Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.

26 Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.

Yesu ka ne wuo ho asɛm

27 Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.

28 Agya, hyɛ wo din animuonyam!Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.

29 Ɛnna nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ na wɔteeɛ no kaa sɛ: Aprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfoɔ ne no kasae.

30 Yesu bua kaa sɛ:Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi baeɛ, na mo ntira.

31 Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.

32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.

33 Yei deɛ, ɔka de kyerɛɛ owu ko a ɔrebɛwuo.

34 Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose:Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ?Hwan ne Onipa Ba yi?

35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ.

36 Mowɔ hann no yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.

Nkurɔfoɔ no ntumi nnye nni

Yesu kaa yeinom, na ɔfiri wɔn anim hɔ kɔhuntaeɛ.

37 Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ bebree wɔ wɔn anim deɛ, nanso wɔannye no anni,

38 na Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaeɛ no aba mu sɛ:

Awurade, hwan na wagye yɛn kaseɛ adie,

na hwan na wɔyii Awurade basa kyerɛɛ no?

39 Yei nti na wɔantumi annye annie, sɛdeɛ Yesaia kaa bio sɛ:

40 Wafira wɔn ani,

na wapirim wɔn akoma,

na wɔamfa wɔn ani anhunu,

na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho

na mansa wɔn yadeɛ.

41 Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ.

42 Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu;

43 ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam.

Yesu nkyerɛkyerɛ tɔfa bɔ

44 Na Yesu teaa mu sɛ:Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me na ɔgye me die, na ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no;

45 na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no.

46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.

47 Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me deɛ, memmu no atɛn; na mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mebaa sɛ merebɛgye wiase.

48 Deɛ ɔmmu me, na ɔnnye me nsɛm no wɔ deɛ ɔbu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no mu,

49 ɛfiri sɛ, me deɛ ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasaeɛ, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me deɛ menka ne sɛdeɛ menkasa.

50 Na menim sɛ, n’ahyɛdeɛ no yɛ daa nkwa. Enti deɛ meka no, sɛdeɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Categories
Yohane

Yohane 13

Yesu hohoro asuafoɔ no nan ase

1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

3 Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,

4 ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho.

5 Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.

6 Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi?

7 Yesu bua see no sɛ:Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ.

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ:Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.

10 Yesu see no sɛ:Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

11 Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.

12 Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ:Moahunu deɛ mayɛ mo yi?

13 Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.

14 Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.

15 Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.

16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.

17 Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.

18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.

19 Afei mese mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi sɛ mene no.

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.

Yesu ka deɛ ɔbɛyi no ama

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

22 Ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no.

23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;

24 ɛnna Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no.

25 Enti ɔpa tweree Yesu koko mu bisaa no sɛ: Awurade, ɛyɛ hwan a?

26 Yesu buaa sɛ:Ɔno ne deɛ mede paanoo sini bɛbɔ mu mama no no. Na ɔde paanoo sini no bɔɔ mu maa Yuda, Simon Iskariot ba no.

27 Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ:Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm!

28 Na yei deɛ, wɔn a wɔte adidiiɛ no mu biara anhunu deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no.

29 Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.

30 Ɛnna ɔgyee paanoo sini no no, ntɛm ara na ɔfirii adie; na ɛyɛ anadwo.

Ahyɛdeɛ foforɔ a ɛne ɔdɔ

31 Ɛnna ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ:Afei wɔahyɛ Onipa Ba no animuonyam, na Onyankopɔn anya ne mu animuonyam.

32 Sɛ Onyankopɔn anya ne mu animuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no animuonyam ɔno ara ne mu, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm.

33 Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.

34 Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!

35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.

Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ

36 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekorɔ? Yesu buaa no sɛ:Faako a merekorɔ no, wontumi nni m’akyi seesei; na akyire yi na wobɛdi m’akyire.

37 Petro see no sɛ: Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.

38 Yesu buaa no sɛ:Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me anaa? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

Categories
Yohane

Yohane 14

Yesu ne ɔkwan a wɔde kɔ Agya no nkyɛn

1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.

2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?

3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.

4 Na faako a merekorɔ no, monim kwan no.

5 Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?

6 Yesu see no sɛ:Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.

7 Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.

8 Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.

9 Yesu see no sɛ:Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?

10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no.

11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni!

12 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.

13 Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.

14 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ.

Honhom Kronkron ho bɔhyɛ

15 Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!

16 Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa,

17 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

18 Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.

19 Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.

20 Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.

21 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

22 Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?

23 Yesu bua see no sɛ:Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.

24 Deɛ ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.

25 Mewɔ mo nkyɛn yi, na mereka mo yeinom;

26 na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.

27 Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.

28 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.

29 Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi.

30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so.

31 Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!

Categories
Yohane

Yohane 15

Yesu ne nokorɛ bobe no

1 Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.

2 Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.

3 Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi.

4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu.

5 Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.

8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.

9 Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu!

10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.

11 Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

12 Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.

13 Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo.

14 Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.

15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.

16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.

17 Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.

Wiase tane ne ɔtaa

18 Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo.

19 Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo.

20 Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.

21 Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.

22 Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie.

23 Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso.

24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya.

25 Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.

26 Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;

27 na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ.

Categories
Yohane

Yohane 16

1 Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti.

2 Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.

3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.

4 Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo.

Honhom Kronkron no adwuma

Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.

5 Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?

6 Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.

7 Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

8 Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.

9 Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni;

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

11 ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.

12 Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei.

13 Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.

14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ, ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

15 Nnoɔma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; yei nti na mekaa sɛ: Ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

Awerɛhoɔ bɛdane anigyeɛ

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

17 Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ:Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?

18 Ɛnna asuafoɔ no se: Ɛdeɛn ne deɛ ɔka yi sɛ:Aka kakraa bi?Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.

19 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ:Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

21 Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.

22 Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;

23 na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.

24 Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Wiase so nkonimdie

25 Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.

26 Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mɛbisa Agya no mama mo,

27 na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.

28 Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.

29 N’asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara.

30 Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.

31 Yesu bisaa wɔn sɛ:Afei deɛ, mogye di anaa?

32 Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.

33 Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.

Categories
Yohane

Yohane 17

Kristo bɔ mpaeɛ ma ne ho

1 Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ:Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,

2 sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.

3 Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.

4 Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

5 Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!

Ɔbɔ mpaeɛ ma n’asuafoɔ

6 Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.

7 Afei wɔahunu sɛ nnoɔma a wode ama me no nyinaa firi wo nkyɛn;

8 ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

9 Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.

10 Na m’adeɛ nyinaa yɛ wo dea; na wo deɛ nso yɛ me dea; na manya animuonyam wɔn mu.

11 Na afei menni wiase bio, — na yeinom na ɛwɔ wiase, na me deɛ, mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ baako sɛ yɛn.

12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.

13 Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka yeinom wiase, na wɔanya m’anigyeɛ ama awie pɛyɛ wɔ wɔn mu.

14 Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.

15 Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban firi ɔbɔnefoɔ no ho.

16 Wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.

17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.

18 Sɛdeɛ wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.

19 Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu.

Ɔbɔ mpaeɛ ma n’akyidifoɔ a wɔbɛba

20 Na ɛnyɛ yeinom nkutoo nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so bɛgye me adie nso nti,

21 sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.

22 Na mede animuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ baako, sɛdeɛ yɛyɛ baako no.

23 Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.

24 Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.

25 Agya Tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me;

26 na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.

Categories
Yohane

Yohane 18

Yuda de asraafoɔ ba bɛkyere Yesu

1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu.

2 Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ.

3 Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ.

4 Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ:Morehwehwɛ hwan?

5 Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ:Meni!Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ.

6 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Meni!no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase.

7 Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ:Morehwehwɛ hwan?Na wɔse: Yesu, Nasareni no.

8 Yesu buaa sɛ:Maka makyerɛ mo sɛ meni; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ!

9 Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ:Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera,no mmra mu.

10 Ɛnna Simon Petro a ɔkura nkrantɛ no tweeɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa, na ɔtwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko.

11 Ɛnna Yesu see Petro sɛ:Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?

Wɔde Yesu kɔgyina Ɔsɔfo panin anim

12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

13 na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no.

14 Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: Ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.

Petro pa n’Awurade

15 Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ.

16 Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu.

17 Ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa? Petro buaa sɛ: Dabi.

18 Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.

Ɔsɔfo panin no asɛmmisa

19 Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.

20 Yesu buaa no sɛ:Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee.

21 Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ.

22 Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?

23 Yesu buaa no sɛ:Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me?

24 Hana maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa Ɔsɔfopanin Kaiafa.

Petro pa n’Awurade bio

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

26 Ɔsɔfo panin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n’aso no busuani kaa sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?

27 Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.

Wɔde Yesu kɔma amrado

28 Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.

29 Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi?

30 Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.

31 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara.

32 (Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)

33 Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa?

34 Yesu buaa no sɛ:Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?

35 Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?

36 Yesu buaa sɛ:M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha.

37 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ:Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.

38 Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ?

Wɔbua Yesu kumfɔ

Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.

39 Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa?

40 Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.

Categories
Yohane

Yohane 19

1 Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire.

2 Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so,

3 na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ.

4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

5 Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie!

6 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.

7 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.

8 Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii,

9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.

10 Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu anaa?

11 Yesu buaa sɛ:Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.

12 Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.

13 Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.

14 Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie!

15 Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare.

16 Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu asɛnnua mu bɔ

Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ.

17 Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam.

19 Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene.

20 Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.

21 Na Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no see Pilato sɛ: Ntwerɛ sɛ: Yudafoɔ hene, na twerɛ sɛ: Ɔno na ɔkaa sɛ: Mene Yudafoɔ hene.

22 Pilato buaa sɛ: Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.

23 Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n’atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam.

24 Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea. Na twerɛsɛm a ɛse:

Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ,

na m’atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu.

25 Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom.

Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.

26 Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ:Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!

27 Afei ɔsee osuani no sɛ:Hwɛ, wo na nie!Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie.

Yesu wuo

28 Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ:Osukɔm de me.

29 Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano.

30 Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ:Mawie!Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.

31 Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn.

32 Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ.

33 Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa.

34 Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ.

35 Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi.

36 Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu.

37 Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no.

Yesu sie

38 Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no.

39 Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae.

40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no.

41 Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ;

42 na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn.

Categories
Yohane

Yohane 20

Yesu wusɔreɛ

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano.

2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.

3 Ɛnna Petro ne osuani baako no firii adi baa ɛda no ho.

4 Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani baako no yɛɛ ntɛm siane Petro ho, na ɔkɔduruu ɛda no ho kane.

5 Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ ɛgu hɔ deɛ, nanso wankɔ mu.

6 Ɛnna Simon Petro dii n’akyiri baeɛ, na ɔkɔɔ ɛda no mu, na ɔhwɛɛ nwera a ɛgu hɔ no

7 ne duku a wɔde bɔɔ ne tire nanso sɛ ɛngu nwera no ho, na mmom wɔabobɔ ɛno nkutoo da baabi no.

8 Ɛno na afei osuani baako a ɔduruu ɛda no ho kane no nso hyɛnee mu, na ɔhunui, na ɔgye dii.

9 Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.

10 Ɛnna asuafoɔ no sane baa wɔn fie bio.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria

11 Na Maria deɛ, na ɔgyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu,

12 na ɔhunuu abɔfoɔ a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa sɛ wɔtete hɔ, ɔbaako te atifi, na ɔbaako te anafoɔ, faako a Yesu amu daeɛ hɔ.

13 Na wɔbisaa no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔafa me wura kɔ, na mennim faako a wɔde no akɔtoɔ.

14 Na ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho hwɛɛ n’akyi, na ɔhunuu Yesu sɛ ɔgyina hɔ, na na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu.

15 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan?Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no!

16 Yesu see no sɛ:Maria!Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

17 Yesu see no sɛ:Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.

18 Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Mahunu Awurade; ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafoɔ

19 Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ:Asomdwoeɛ nka mo!

20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ.

21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ:Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.

22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ:Monnye Honhom Kronkron!

23 Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ.

Toma akyinnyegyeɛ

24 Na Toma, dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu baeɛ.

25 Ɛnna asuafoɔ no see no sɛ: Yɛahunu Awurade. Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni.

26 Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ:Asomdwoeɛ nka mo!

27 Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ:Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di!

28 Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!

29 Yesu see no sɛ:Toma, sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die.

Nwoma yi botaeɛ

30 Na afei, nsɛnkyerɛnneɛ pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛɛ no asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu.

31 Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.