Categories
Yohane

Yohane 1

Asɛm no bɛyɛɛ honam

1 Mfitiaseɛ no, na Asɛmno wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no ara ne Nyankopɔn.

2 Ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ.

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

4 Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;

5 na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so.

6 Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane.

7 Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.

8 Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.

9 Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.

10 Ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

11 Ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no.

12 Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma

13 a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.

15 (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

16 Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ.

17 Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.

18 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

19 Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no.

20 Na ɔpaee mu kae, na wansane; na ɔpaee mu kaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no.

21 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.

22 Ɛnna wɔsee no sɛ: Hwan ne wo? Na yɛnnya bi nkɔbua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn?

23 Ɔse:

Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ:

Montene Awurade kwan!

sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.

24 Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no firi Farisifoɔ mu.

25 Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi?

26 Yohane buaa wɔn sɛ: Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini.

27 Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.

28 Yeinom sii wɔ Betania, Yordan agya nohoa, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.

Nyankopɔn adwammaa no

29 Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.

30 Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan.

31 Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu.

32 Na Yohane dii adanseɛ sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so.

33 Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.

34 Na mahunu na madi adanseɛ sɛ, oyi ne Nyankopɔn ba no.

Yohane asuafoɔ baanu dane Yesu asuafoɔ

35 Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n’asuafoɔ mu baanu gyina hɔ.

36 Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!

37 Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi.

38 Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ:Morehwehwɛ deɛn?Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?

39 Ɔsee wɔn sɛ:Mommra mmɛhwɛ!Enti wɔkɔe, na wɔkɔhunuu faako a ɔteɛ; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ anwummerɛ nnɔnnan.

40 Andrea, Simon Petro nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wɔdii n’akyire no mu baako.

41 Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ:Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).

Filipo ne Natanael

43 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ:Di m’akyi!

44 Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu.

45 Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.

46 Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!

47 Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ:Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie!

48 Natanael see no sɛ: Ɛdeɛn na wode hunuu me? Yesu bua see no sɛ:Filipo nnya mfrɛɛ woɔ, a na wowɔ borɔdɔma no aseɛ no na mehunuu woɔ.

49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!

50 Yesu bua see no sɛ:Ɛsiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma no aseɛ no nti na ɛma wogye die yi anaa? Wobɛhunu nnoɔma akɛseɛ a ɛsene yeinom.

51 Na Yesu see no sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.

Categories
Yohane

Yohane 2

Kana ayeforɔhyia

1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.

2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.

3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa.

4 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!

5 Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!

6 Nso na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ, sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira teɛ, baako bɛtumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.

7 Yesu see wɔn sɛ:Momfa nsuo nhyehyɛ nhina yi mama!Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn.

8 Na ɔsee wɔn sɛ:Afei monsesa mfa nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no!

9 Na wɔde kɔeɛ. Na adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsa no hwɛeɛ no, na ɔnnim deɛ ɛfire, (na asomfoɔ a wɔsesaa nsuo no deɛ, wɔnim) na adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no,

10 na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

12 Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.

Yesu pamo adwadifoɔ firi Asɔredan no mu

13 Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

14 Na ɔkɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie.

15 Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui;

16 na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ:Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie!

17 Na n’asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛhyɛ me ma.

18 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?

19 Yesu bua see wɔn sɛ:Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.

20 Ɛnna Yudafoɔ no se: Mfirinhyia aduanan nsia na wɔde sii asɔredan yi, na wo deɛ, nnansa na wode bɛma soɔ?

21 Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan.

22 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.

24 Na Yesu no ara deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ ɔnim wɔn nyinaa,

25 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Categories
Yohane

Yohane 3

Nikodemo kɔsra Yesu

1 Na onipa bi firi Farisifoɔ mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi;

2 ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.

3 Yesu bua see no sɛ:Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.

4 Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? Ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?

5 Yesu buaa sɛ:Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.

6 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.

7 Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ.

8 Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.

9 Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yeinom ayɛ hɔ?

10 Yesu bua see no sɛ:Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?

11 Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.

12 Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm a, mobɛgye adie?

13 Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.

14 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ,

15 na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.

16 Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.

17 Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.

18 Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie.

19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

20 Obiara a ɔyɛ bɔne no tane hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔammu no ne nnwuma ho atɛn.

21 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu.

Yohane adansedie foforɔ

22 Yeinom akyiri no, Yesu ne n’asuafoɔ no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu.

23 Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.

24 Na wɔnnya mfaa Yohane ntoo afiase.

25 Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam.

26 Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.

27 Yohane bua kaa sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa.

28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim.

29 Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.

30 Ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔkɔ kan sene me, na me deɛ, medi akyire.

31 Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa,

32 na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no.

33 Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.

34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.

35 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.

36 Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.

Categories
Yohane

Yohane 4

Yesu ne Samariani baa no

1 Afei Yesuhunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane.

2 Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no.

3 Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio.

4 Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria.

5 Na afei ɔduruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.

6 Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.

7 Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ:Ma me bi mennom!

8 Na n’asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane.

9 Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom? (Ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka.)

10 Yesu bua see no sɛ:Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.

11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?

12 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa?

13 Yesu see no sɛ:Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio.

14 Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.

15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo.

16 Yesu see no sɛ:Kɔfrɛ wo kunu bra ha!

17 Ɔbaa no bua kaa sɛ: Menni kunu. Yesu see no sɛ:Woaka no yie sɛ wose: Menni kunu;

18 na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.

19 Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.

20 Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.

21 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

22 Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.

23 Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ.

24 Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu.

25 Ɔbaa no see no sɛ: Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa.

26 Yesu see no sɛ:Me a me ne wo rekasa yi, mene no.

27 Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi?

28 Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ:

29 Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?

30 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii kuro no mu baa Yesu nkyɛn.

Honhom fam twa adwuma

31 Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!

32 Na ɔsee wɔn sɛ:Mewɔ aduane medi a monnim.

33 Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?

34 Yesu see wɔn sɛ:M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.

35 Ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa.

36 Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko.

37 Na yei mu na asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Obi gu, na obi twa.

38 Me deɛ, mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ moanyɛ ho adwuma; ebinom abrɛ wɔn ho ayɛ, na mo deɛ, moabɛdi wɔn adwuma no so aba.

Samariafoɔ pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ

39 Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.

40 Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.

41 Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti,

42 na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.

Galileafoɔ gye Yesu

43 Na nnanu akyiri no, Yesu firii hɔ kɔɔ Galilea.

44 Na Yesu no ara dii adanseɛ sɛ, odiyifoɔ nni anidie ɔno ara ne kuro mu.

45 Na ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no a wɔhunuu deɛ ɔyɛeɛ Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no; ɛfiri sɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.

Ahenkwaa bi ba ayaresa

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

47 Na ɔtee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea no, ɔsii mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yadeɛ; na ɔreyɛ awu.

48 Ɛnna Yesu see no sɛ:Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.

49 Ahenkwaa panin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.

50 Yesu see no sɛ:Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den!Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ.

51 Na ɔrekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no, na wɔkaa sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den!

52 Ɛnna ɔbisaa wɔn dɔn korɔ a ne ho tɔɔ no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnora bɛyɛ awia dɔnko no na ɔfoɛ no gyaa no.

53 Ɛnna agya no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ:Wo ba no ho ayɛ no denno mu; na ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ.

54 Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.

Categories
Yohane

Yohane 5

Betesda obubuani no ayaresa

1 Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

3 Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ.

4 Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]

5 Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n’ahoɔmmerɛ mu.

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ:Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m’anim kan kɔ mu.

8 Yesu see no sɛ:Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante!

9 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na ɔyii ne kɛtɛ, na ɔnanteeɛ. Nso na da no yɛ homeda.

Yudafoɔ akyinnyegyeɛ

10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

11 Ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ:Yi wo kɛtɛ, na nante!

12 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Hwan ne onipa a ɔsee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ na nante no?

13 Nso deɛ ne ho asane no no nnim onipa ko; ɛfiri sɛ na nkurɔfokuo no wɔ hɔ nti, na Yesu nso atwe ne ho afiri hɔ.

14 Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ:Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo.

15 Onipa no sii mu kɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den.

16 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.

17 Na ɔbuaa wɔn sɛ:M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.

18 Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.

Yesu mmuaeɛ

19 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.

20 Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.

21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

23 sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.

Owusɔreɛ ne atemmuo

24 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.

25 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.

26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu;

27 na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba.

28 Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne,

29 na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu.

30 Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m’atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.

31 Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.

32 Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ.

Osuboni Yohane adanseɛ

33 Mo deɛ, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokorɛ adanseɛ;

34 na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa.

35 Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Nyankopɔn no ara adanseɛ

36 Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.

37 Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban;

38 na monni n’asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni!

Apam dada adanseɛ

39 Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,

40 na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.

Anidie ahodoɔ mmienu

41 Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn,

42 na mahu mo sɛ monni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu.

43 Me deɛ, mebaa m’Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no.

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?

Mose ho akyinnyegyeɛ

45 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no.

46 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ.

47 Na sɛ monnye n’atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?

Categories
Yohane

Yohane 6

Nnipa mpemnum aduanema

1 Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya.

2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.

3 Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ.

4 Nso na Twam da a ɛyɛ Yudafoɔ afahyɛ no abɛn.

5 Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ:Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie?

6 Na yei deɛ, ɔka de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ.

7 Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra.

8 Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ:

9 Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?

10 Yesu kaa sɛ:Momma nnipa no ntenatena ase!Nso na ɛserɛ pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ mpemnum no tenatenaa aseɛ.

11 Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia.

12 Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.

13 Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atokoɔ paanoo nnum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wɔdiiɛ no hyehyɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.

14 Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!

15 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio.

Yesu nante po so

16 Na ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ mpoano,

17 na wɔkɔɔ kodoɔ mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dada, na Yesu nnya mmaa wɔn nkyɛn,

18 na mframa kɛseɛ bɔeɛ nti, ɛpo no huruii.

19 Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.

20 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛyɛ me, monnsuro!

21 Ɛnna wɔde anigyeɛ maa no baa kodoɔ no mu, na ntɛm ara na kodoɔ no duruu asase a wɔrekɔ hɔ no so.

Paano a ɛfiri soro

22 Adeɛ kyeeɛ no, na nkurɔfokuo a wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ sɛ baako a n’asuafoɔ no kɔɔ mu, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ kodoɔ no mu no, n’asuafoɔ no nko na wɔkɔeɛ.

23 Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;

24 enti nkurɔfokuo no hunuu sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafoɔ no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akodoɔ no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.

25 Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?

26 Yesu bua see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.

27 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.

28 Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Nyankopɔn nnwuma?

29 Yesu bua see wɔn sɛ:Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie.

30 Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?

31 Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii.

32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.

33 Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.

34 Ɛnna wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn paanoo yi daa!

35 Na Yesu see wɔn sɛ:Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.

36 Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni.

37 Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,

38 ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.

39 Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no.

40 Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

41 Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ:Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,

42 na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba?

43 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ:Monnnwiinwii mo mu!

44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

45 Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.

46 Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no.

47 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.

48 Mene nkwa paanoo no.

49 Mo agyanom dii mana ɛserɛ so, na wɔwuwuiɛ;

50 yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.

51 Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.

52 Ɛnna Yudafoɔ no yɛɛ akasakasa wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi bɛtumi de ne honam ama yɛn na yɛadie?

53 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.

54 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

55 Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa.

56 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena ne mu.

57 Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ.

58 Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.

59 Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom.

Asuafoɔ bi akyirisan

60 Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie?

61 Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ:Yei to mo suntidua anaa?

62 Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ?

63 Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.

64 Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie.Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no.

65 Na ɔkaa sɛ:Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa.

66 Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.

Petro paemuka

67 Ɛnna Yesu see dummienu no sɛ:Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?

68 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;

69 na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no.

70 Yesu buaa wɔn sɛ:Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!

71 Ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.

Categories
Yohane

Yohane 7

Yesu nuanom

1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.

2 Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn.

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no badwa mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

5 Na ne nuanom mpo annye no anni.

6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.

7 Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.

8 Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui.

9 Na ɔsee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea.

10 Na ne nuanom kɔeɛ no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no aseɛ; wanyi ne ho adi, na mmom ɔhuntae.

Adwene ahodoɔ

11 Ɛnna Yudafoɔ no hwehwɛɛ no afahyɛ no aseɛ, na wɔse: Ɔwɔ he?

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.

13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Yesu firi soro

14 Na afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie kɔkyerɛkyerɛeɛ.

15 Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?

16 Yesu buaa wɔn kaa sɛ:Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea.

17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.

19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?

20 Nkurɔfokuo no buaa sɛ: Wowɔ honhommɔne; hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?

21 Yesu bua see wɔn sɛ:Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ mo nyinaa nwanwa.

22 Mose maa mo twetiatwa (ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na ɛfiri agyanom) nanso homeda motwa onipa twetia.

23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

24 Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene!

Deɛ nkurɔfoɔ susuo

25 Ɛnna Yerusalemfoɔ no mu bi kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne deɛ wɔrehwehwɛ no aku no no?

26 Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sɛsɛɛ mpanimfoɔ ahunu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa?

27 Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire.

28 Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ:Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.

29 Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.

30 Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

31 Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?

Yesu bɛsane akɔ Nyankopɔn nkyɛn

32 Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.

33 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.

34 Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

35 Ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? Ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ?

36 Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ:Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

Nkwa nsuo ho bɔhyɛ

37 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ:Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!

38 Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam.

39 Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.

Nkurɔfoɔ no adwene mu mpaepaemu

40 Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!

41 Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

43 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuo no mu.

Wɔantumi ankye Kristo

44 Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45 Ɛnna asomfoɔ no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma?

46 Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.

47 Ɛnna Farisifoɔ no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso anaa?

48 Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa?

49 Na nkurɔfokuo yi a wɔnnim mmara no, wɔadome wɔn!

50 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi a ɔyɛ wɔn mu baako no see wɔn sɛ:

51 Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?

52 Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.

53 [Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afie mu mmaako mmaako.

Categories
Yohane

Yohane 8

Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi

1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

3 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,

4 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, wɔakyere ɔbaa yi wɔ adwamammɔ mu pɛɛ.

5 Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ, wɔnsi nnipa a ɛte saa aboɔ; na wo nso, wose sɛn?

6 Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.

7 Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ:Mo mu deɛ bɔne nni ne ho no, ma no nto no ɛboɔ kane!

8 Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio, twerɛtwerɛɛ fam.

9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no.

10 Na Yesu maa ne mu soɔ, na wanhunu obiara sɛ ɔbaa no nko no, ɔsee no sɛ:Ɔbaa, ɛhe na w’atoafoɔ no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa?

11 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ:Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]

Yesu ne wiase hann no

12 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.

13 Ɛnna Farisifoɔ no see no sɛ: Wo deɛ, wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.

14 Yesu bua see wɔn sɛ:Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ.

15 Mo deɛ, mobu ɔhonam ani atɛn; na me deɛ, memmu obiara atɛn.

16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no.

17 Na wɔatwerɛ no mo mmara nwoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanseɛ yɛ nokorɛ.

18 Me na medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.

19 Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buaa sɛ:Monnim me, na monnim m’Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m’Agya no nso.

20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Yesu hyɛ ne wuo ho nkɔm

21 Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ:Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

22 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse:Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ?

23 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu.

24 Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu.

25 Ɛnna wɔsee no sɛ: Wone hwan? Na Yesu see wɔn sɛ:Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a.

26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.

27 Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn.

28 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka.

29 Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; ɔnnyaa me nko, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa.

30 Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii.

Nokorɛ asuafoɔ

31 Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ:Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa;

32 na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ.

33 Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ?

34 Yesu buaa wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.

35 Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa.

36 Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa.

37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu.

38 Deɛ mahunu no Agya no nkyɛn na meka, na mo deɛ moyɛ deɛ moate no mo agya no nkyɛn.

Yesu ne Abraham

39 Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

40 na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa.

41 Moyɛ mo agya nnwuma.Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn.

42 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.

43 Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.

44 Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.

45 Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni.

46 Mo mu hwan na ɔbu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie?

47 Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu.

48 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ, woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?

49 Yesu buaa sɛ:Me deɛ, menni honhommɔne; na medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora.

50 Me deɛ, menhwehwɛ me ara m’animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn.

51 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.

52 Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.

53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni?

54 Yesu buaa sɛ:Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam.

55 Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.

56 Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee.

57 Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Wonnya nnii mfirinhyia aduonum mpo, na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham?

58 Yesu see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.

59 Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.

Categories
Yohane

Yohane 9

Onifirani bi adehunu

1 Na ɔretwam no, ɔhunuu onipa bi a n’ani afira firi n’awoɔ mu.

2 Na n’asuafoɔ bisaa no sɛ: Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’awofoɔ, sɛ wɔwoo no onifirani yi?

3 Yesu buaa sɛ:Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

6 Ɔkaa saa no, ɔtoo ntasuo guu fam, na ɔde ntasuo no fraa dɔteɛ, na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no aniwa so,

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu(ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.

N’afipamfoɔ asɛmmisa

8 Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?

9 Ebinom se: Ɔno ni! Na ebinom nso se: Ɔsɛ no. Na ɔno ara se: Mene no.

10 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?

11 Ɔbua kaa sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m’ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ Ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ.

12 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɔwɔ he? Ɔse: Mennim.

Farisifoɔ asɛmmisa

13 Wɔde deɛ anka ɔyɛ onifirani no kɔɔ Farisifoɔ nkyɛn.

14 Nso da a Yesu pɔtɔɔ dɔteɛ na ɔbuee n’ani no yɛ homeda.

15 Ɛnna Farisifoɔ no nso bisaa no bio sɛdeɛ ɛyɛeɛ na ɔhunuu adeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Dɔteɛ na ɔde sraa m’ani soɔ, na mekɔhohoroo soɔ, na mehunu adeɛ yi.

16 Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

17 Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.

N’awofoɔ hɔ asɛmmisa

18 Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ,

19 na wɔbisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifirani no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ɔhunu adeɛ yi?

20 N’awofoɔ buaa wɔn kaa sɛ: Yɛnim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifirani;

21 na sɛ ɛyɛeɛ na afei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim. Na bio nso onipa korɔ a ɔbuee n’ani no, yɛn deɛ, yɛnnim; mommisa no, wanyini, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho.

22 N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.

23 Yei nti na n’awofoɔ kaa sɛ: Wanyini, mommisa no.

Farisifoɔ pam no

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni.

25 Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ.

26 Na wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? Ɔbuee w’ani no sɛn?

27 Ɔbuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dada, na moante? Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n’asuafoɔ anaa?

28 Wɔyaa no, na wɔkaa sɛ: Wo na woyɛ ne suani; na yɛn deɛ, Mose asuafoɔ ne yɛn.

29 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire.

30 Onipa no bua see wɔn sɛ: Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m’ani.

31 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.

32 Ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn.

33 Sɛ oyi mfiri Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.

34 Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.

Onifirani no gye Yesu di

35 Yesu tee sɛ wɔapam no afiri adie; na ɔhunuu no no, ɔbisaa sɛ:Wogye Onipa Ba no di anaa?

36 Ɔbuaa sɛ: Hwan ne no, Owura, na mennye no menni?

37 Na Yesu see no sɛ:Woahu no, na deɛ ɔne wo rekasa yi, ɔne no.

38 Na ɔse: Megye medi, Awurade! Na ɔkoto sɔree no.

Farisifoɔ anifira

39 Na Yesu kaa sɛ:Atemmuo nti na mebaa wiase, na wɔn a wɔnhunu adeɛ no ahunu, na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ.

40 Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?

41 Yesu bua see wɔn sɛ:Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka.

Categories
Yohane

Yohane 10

Yesu ne Odwanhwɛfoɔ pa no

1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;

2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.

3 Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

5 Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.

6 Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

Nnwammuo ano pono

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

9 Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.

10 Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.

Odwanhwɛfoɔ pa no

11 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;

12 na ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, na nnwan no nyɛ ne dea no hunu pataku sɛ ɔreba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane; na pataku no bɛkye wɔn bɔ wɔn hwete.

13 Na ɔpaani dwane, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani, na ɔnnwene nnwan no ho.

14 Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,

15 sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.

16 Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako.

17 Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.

18 Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m’Agya nkyɛn.

19 Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafoɔ no mu bio.

20 Na wɔn mu bebree kaa sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no?

21 Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ deɛ ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani anaa?

Yesu nsɛnkyerɛnneɛ

22 Na Asɔrefiedwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔ berɛ aba.

23 Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so.

24 Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?

25 Yesu buaa wɔn sɛ:Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.

26 Na mo deɛ, monnye nni; ɛfiri sɛ momfiri me nnwan no mu.

27 Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;

28 na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.

29 M’Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m’Agya nsam.

30 Me ne Agya no yɛ baako.

Yudafoɔ no pɛ sɛ wɔkum Yesu

31 Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.

32 Yesu buaa wɔn sɛ:Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?

33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

34 Yesu buaa wɔn sɛ:Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?

35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,

36 adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?

37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;

38 na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.

39 Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.

Yesu twa kɔ Yordan agya

40 Na ɔsii mu kɔɔ Yordan agya nohoa bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kane no, na ɔkɔtenaa hɔ.

41 Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.

42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.