Categories
Yoel

Yoel 1

Ntutummɛ no

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie.

2 Montie yei, mo mpanimfoɔ,

na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa.

Saa adeɛ yi aba mo berɛ so

anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

3 Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma,

na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,

na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ aketekyire adi aka no,

ntutummɛ adi.

Na deɛ ntutummɛ adi aka no,

mfuntie adi.

Na deɛ mfuntie adi aka no,

mmɛbɛ adi.

5 Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu,

na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo,

nsamono nti,

ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.

6 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so,

wɔn ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano;

wɔn se te sɛ gyata se,

na wɔwɔ gyatabereɛ nnyepi.

7 Wɔasɛe me bobe pasaa,

na wɔapempane me borɔdɔma mman;

wɔawaewae ho hono agu,

na ne mman ho ahoa fitafitaa.

8 Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma

ma ne mmabaaberɛ mu kunu.

9 Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

afiri AWURADE fie;

asɔfoɔ no,

AWURADE asomfo no, di abooboo.

10 Mfuo asɛe,

asase di abooboo,

na aduane asɛe,

nsamono awe,

ngo so ate.

11 Akuafoɔ, mo ani nwu,

O nturoyɛfoɔ,

ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo,

ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.

12 Obobe akusa,

na borɔdɔma atwam,

atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ.

Petee mu nnua nyinaa akusa,

ampa, anika atu

afiri nnipa mma mu.

13 Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena,

afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo,

me Nyankopɔn asomfoɔ,

mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa!

na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae

mo Nyankopɔn fie ba.

14 Monyɛ abuadadie kronkron,

mompae asɔfoɔ nhyiamu,

mommoa mpanimfoɔ ano,

asase sofoɔ nyinaa mmra

AWURADE mo Nyankopɔn fie,

na monsu mfrɛ AWURADE.

15 Ao, ɛda no!

Na AWURADE da no abɛn,

na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.

16 Wɔantwa aduane

amfiri yɛn anim,

na anigyeɛ ne ahosɛpɛ

amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?

17 Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu,

aduanekora adan ada mpan,

asan abubu,

na ayuo asɛe.

18 Hwɛ sɛ mmoadoma penepene,

anantwikuo rebrɛ,

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea;

nnwankuo nso tiri ato.

19 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono,

na ogyaframa ahye

petee mu nnua nyinaa.

20 Ewiram mmoa nso repere frɛ wo,

na nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye

ɛserɛ so wira mono.

Categories
Yoel

Yoel 2

1 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so.

Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo,

ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,

2 esum ne kusuuyɛ da,

mununkum ne kusukuukuu da.

Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den

a ebi nte sɛ no firi teteete,

na n’akyiri nso ebi renyɛ sɛ ɛno

awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mfeɛ mu reyerɛ

sɛ adekyeeɛ yerɛ mmepɔ soɔ no.

3 Ogya hye di wɔn anim,

na ogyaframa tafere di wɔn akyi;

wɔn anim asase te sɛ Eden turo,

na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada,

na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.

4 Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na

wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔsotefoɔ.

5 Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam

kitikitiyɛ mmepɔ atifi,

sɛ ogyaframa a

ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie,

sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a

wɔasiesie wɔn ama ɔko.

6 Aman ho dwiri wɔn wɔn anim,

nnipa nyinaa anim sinsiam.

7 Wɔtu mmirika sɛ nnɔmmarima,

wɔforo ɔfasuo sɛ akofoɔ;

wɔnenam wɔn akwan so,

na wɔnte wɔn santen mu;

8 nanso obi nsum ne yɔnko,

wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so,

na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a,

wɔmpira;

9 wɔyɛ kuro mu manyamanya,

wɔtutu ɔfasuo so mmirika,

wɔforo ba afie mu,

wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ.

10 Asase woso wɔn anim,

ɔsoro hinhim,

owia ne ɔsrane aduru sum,

na nsoromma kame ne haran.

11 Na AWURADE ma ne nne so,

ne dɔm no anim,

na ne nsraban no so sɛ,

na deɛ ɔdi n’asɛm soɔ no ho yɛ den.

Na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu ho kɔkɔbɔ

12 Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ,

monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa

ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.

13 Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,

na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn,

na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so,

na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.

14 Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene,

na wagya n’akyiri nhyira,

a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

15 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

monyɛ abuadadie kronkron,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16 Mommoa ɔman no ano,

monyɛ ɔman nhyiam kronkron,

monhyia nkɔkoraa,

mommoa mmɔfra

ne nufoɔ ano mma ano.

Ayeforɔkunu mfiri ne pia mu,

na ayeforɔ mfiri ne dabekyire mfiri adi.

17 Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no,

nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam,

nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho,

na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora,

na amanaman nnnidi wɔn atɛm.

Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ:

Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?

Nhyira foforɔ ho bɔhyɛ

18 Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu,

na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.

19 Na AWURADE bua see ne man sɛ:

Hwɛ, merebrɛ mo

aduane, nsamono ne ngo,

na moamee,

na meremfa mo memma

ahohora amanaman mu bio.

20 Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri,

na mapamo wɔn akɔ asase pradada so,

na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu,

na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre,

na wɔn nyaanyane bɛsɔre,

ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.

21 O Asase, nsuro,

di ahurisie na w’ani nnye,

ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ adeɛ kɛseɛ.

22 Ewiram mmoa, monnsuro,

na ɛserɛ so wira mono refefɛ,

na nnua reso n’aba,

borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama.

23 Na mo, Sion mma,

monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho,

na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata,

na ɔma osuo tɔ ma mo,

asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.

24 Na ayuo bɛyɛ porebea amaama,

na nsa ne ngo ayeyɛ kyi-amena amaama abu so.

25 Na mfirinhyia a ntutummɛ,

mfuntie, mmɛbɛ ne nketekyire,

me dɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no,

mɛhyɛ no ananmu.

26 Na moadidi amee,

na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din,

sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm;

na me man ani renwu da biara da.

27 Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu,

na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio,

na me man ani

renwu da biara da.

Honhom no hwieguo

28 Na yei akyiri no,

mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so,

na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,

na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ,

na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,

29 na nkoa ne mfenaa nso so

na nna no mu mɛhwie me honhom maguo.

30 Na mɛma anwanwadeɛ aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne wisie kumoo.

31 Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

32 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.

Categories
Yoel

Yoel 3

Atamfoɔ ho atemmuo

1 Na hwɛ, nna no ne berɛ a mede Yuda ne Yerusalem nnommum bɛsane aba no mu no,

2 mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn bɛsiane aba Yehosafat bonhwa no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapadeɛ Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.

3 Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.

4 Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.

5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie.

6 Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7 Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi,

8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka.

9 Mompae yei amanaman mu,

monnwira ɔsa ho,

monnyane nnɔmmarima,

akofoɔ nyinaa ntwe mpini,

wɔmforo mmra.

10 Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena,

na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea.

Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima.

11 Monyɛ ntɛm mmra ɛ,

mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa,

mommɛhyia!

Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra.

12 Amanaman nsɔre ntu mmra

Yehosafat bonhwa no mu;

na ɛhɔ na mɛtena ase abu

amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn.

13 Momfa kantankrankyi nhyɛ mu,

na deɛ wɔtwa ahoa.

Mommra mmɛtiatia so,

na nsa-kyi-amena no ayɛ ma,

ntɛɛpo no abu so,

na wɔn bɔne adɔɔso.

14 Nnipa yuu, nnipa yuu

wɔ atemmuo bonhwa no mu;

ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn,

atemmuo bonhwa no mu.

15 Owia ne ɔsrane aduru sum,

na nsoromma agyae haran.

Yuda nhyira berɛ

16 Na AWURADE firi Sion bobom

na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so,

na ɔsoro ne asase wosowoso;

nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man,

ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.

17 Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn

a mete Sion, me bepɔ kronkron no so,

na Yerusalem bɛdane kronkronbea,

na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio.

18 Na ɛda no,

mmepɔ bɛsosɔ nsamono,

na nkokoɔ asene nufosuo,

na nsuo asene

Yuda mmonhwa nyinaa mu;

na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie

asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no.

19 Misraim bɛdane amamfo,

na Edom adane nkyɛkyerɛ afo,

ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti,

ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.

20 Na Yuda deɛ, wɔbɛtena hɔ daa,

na Yerusalem atena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔeɛ no,

na AWURADE bɛtena Sion ara.