Categories
Yesaia

Yesaia 41

Onyankopɔn di wiase so

1 Mpoano aman, mommua mo ano ntie me,

na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ.

Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa,

momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ.

2 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no

a tenenee hyia no baabiara a ɔnam?

Ɔde amanaman gu n’anim,

na ɔde ahemfo hyɛ n’ase.

N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo,

ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo;

3 ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn,

ɔkwan a ne nan nsii so da so.

4 Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ,

na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ?

Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ,

na awieeɛ nso, mene ɔno ara.

5 Nsuano aman hunui, na wɔsuroe,

asase awieeɛ ho popoe;

wɔpinkyɛe na wɔbae.

6 Oyi boa ne yɔnko,

na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den!

7 Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ den,

deɛ ɔde saeɛ tonomtonom ho yɛ deɛ ɔbɔ tommoɔ soɔ saa ara,

ɔka wɔ ɛsɔ no ho sɛ: Ayɛ yie,

na ɔde nnadewa bobɔ mu na antu.

Onyankopɔn bɔ Israel ho ban

8 Na wo, m’akoa Israel,

Yakob a mayi no,

me dɔfo Abraham asefoɔ!

9 Wo a masɔ wo mu afiri asase ano

na mafrɛ wo afiri n’ahyeɛ so aba,

na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo,

mayi wo, na merento wo mentwene!

10 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ,

mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn.

Mehyɛ wo den, nso meboa wo,

nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.

11 Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa

ani bɛwu na wɔasopa,

na nnipa a wɔne wo anya no

bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.

12 Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn,

nanso worenhu wɔn;

na wɔn a wɔne wo di ako no

bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.

13 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn,

mekura wo nifa mu;

me na mese wo sɛ: Nsuro,

me ara mɛboa wo!

14 Nsuro, aboawa Yakob,

ne mo Israel mma!

Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ,

na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.

15 Hwɛ, mede wo bɛyɛ ɔporeɛ afidie

nnamnnam, foforɔ, anofanu,

na woapore mmepɔ ayam wɔn dukuduku,

na woayɛ nkokoɔ sɛ ntɛtɛ.

16 Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ,

na ahum abɔ apete.

Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie

de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho.

17 Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo

a ebi nni hɔ na

sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no,

me, AWURADE mɛgye wɔn so,

me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.

18 Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa

ne mmonhwa mu nsuo aniwa;

mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ,

na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire;

19 mɛma ntweneduro,

okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so;

mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ

abom asisi anwea pradada so,

20 na nnipa ahunu, ate aseɛ,

de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ:

AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei,

na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ.

AWURADE ne nkɔmhyɛ Nyankopɔn

21 Momfa mo asɛm mmra, AWURADE na ɔseɛ,

mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ɔseɛ.

22 Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba.

Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ,

anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte.

23 Monka deɛ ɛbɛba daakye no nkyerɛ yɛn

na yɛnhunu sɛ anyame ne mo;

aane, monyɛ papa anaa bɔne,

na yɛn ho nnwiri yɛn na yɛnsuro.

24 Hwɛ, monyɛ hwee,

na mo nneyɛɛ yɛ adehuhuo; akyiwadeɛ ne deɛ ɔfa mo.

25 Mahwanyan obi afiri atifi fam ama no aba,

awiapuebea na ɔbɛfiri abɔ me din;

na ɔbɛba amradofoɔ so sɛ anwommoɔ so,

na ɔte sɛ ɔnwomfoɔ a ɔwɔ dɔteɛ.

26 Hwan na ɔfiri mfitiaseɛ kaeɛ, na anka yɛnhunu,

anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafoɔ?

Ampa, deɛ ɔkaeɛ nni hɔ, deɛ ɔmaa wɔteeɛ nni hɔ,

deɛ ɔtee mo nsɛm nni hɔ.

27 Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie:

Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ.

28 Na mehwɛeɛ, na obiara nni hɔ,

na wɔn mu nso, ɔfotufoɔ nni hɔ

a mebisa a, anka ɔbɛbua me.

29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa,

wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee;

wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ.

Categories
Yesaia

Yesaia 42

AWURADE akoa no

1 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie,

deɛ mayi no a me kra ani sɔ no;

mede me honhom magu ne so;

ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.

2 Ɔrenteam na ɔremma ne nne so,

na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so;

3 demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu,

na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum;

nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie.

4 N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba

de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ,

na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie,

deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,

na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa,

na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ,

na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:

6 Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu,

na masɔ wo nsa, na makora wo,

na mede wo mayɛ ɔman apam

ne amanaman hann

7 sɛ: Bue ani a afira,

yi apokyerɛfoɔ firi afiase

ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu.

8 Mene AWURADE, me din ne no,

na meremfa m’animuonyam mma obi,

na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.

9 Akane deɛ no, hwɛ, aba mu,

na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ,

ɛnnya mfifiriiɛ yi

merema moate.

Nkwagyeɛ a ɛdi mu no

10 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom;

mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ,

nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.

11 Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so,

nkurowa a Kedar te soɔ no;

ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom,

wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.

12 Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam,

na wɔnka n’ayeyie nsuo ano aman mu.

13 AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima,

ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni;

ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose;

ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.

14 Mefiri muaa m’ano akyɛ,

mayɛ komm, masianka me ho;

afei mɛbom sɛ ɔwofoɔ a ɔrekyem;

mɛhome foofoo, na magu ahome prɛko.

15 Mɛma mmepɔ ne nkokoɔ atwintwam,

na mama ɛso nhahan nyinaa adwinnwan;

na madane nsubɔntene nsupɔ,

na mawe ntadeɛ nyinaa.

16 Na mɛgya anifirafoɔ

wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so,

mɛma wɔanante

atempɔn a wɔnnim soɔ so.

Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim,

na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa.

Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn,

na merennya wɔn.

17 Na wɔn a wɔde wɔn ho ato abosom soɔ no,

wɔbɛsane wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu;

wɔn a wɔka kyerɛ eguo ahoni sɛ:

Mone yɛn anyame no.

Israel nte aseɛ

18 Asotifoɔ, montie!

na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu!

19 Hwan ani na afira sɛ m’akoa,

hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no?

Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu,

hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no?

20 Wahunu nnoɔma pii, nso ɔnhwɛ,

wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.

21 AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti,

sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.

22 Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa.

Wɔama wɔakɔka ntokuro mu,

wɔde wɔn ahunta nneduadan mu.

Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ,

wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ.

23 Mo mu hwan na ɔbɛyɛ yei ho aso,

na wawɛn n’aso atie akyire yi?

24 Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa,

na ɔde Israel maa afomfafoɔ?

Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no,

na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu,

na wɔantie ne mmara no?

25 Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ

ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ,

na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu,

na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.

Categories
Yesaia

Yesaia 43

Onyankopɔn gye ne man na ɔma ne so

1 Na afei, sɛdeɛ AWURADE a

ɔbɔɔ woɔ, Yakob,

na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie:

Nsuro, na magye wo,

mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.

2 Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ,

na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ.

Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo,

na ogyaframa renhye wo.

3 Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn,

Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no.

Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo,

mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.

4 Sɛ wosom boɔ m’ani so,

w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti,

mede nnipa bɛma asi wo ananmu,

na mede aman bi asi wo kra ananmu.

5 Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ.

Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba,

na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;

6 mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma!

Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora!

Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra,

ne me mmammaa firi asase ano,

7 obiara a wɔbɔ me din frɛ no,

na mebɔɔ no memaa m’animuonyam,

menwonoo no na meyɛɛ no no.

AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn

8 Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra,

ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no.

9 Amanaman nyinaa, monhyia faako,

na aman ahodoɔ mmoa ano.

Mo mu hwan na ɔbɛka yei,

na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn?

Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem;

anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!

10 Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ,

ne m’akoa a mayi no no,

sɛ monhunu na monnye me nni,

na monhunu mu sɛ me ara mene no.

Wɔnnwonoo onyame bi m’anim,

na m’akyiri nso obiara remma.

11 Me, mene AWURADE,

na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!

12 Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate,

ɛberɛ a na onyame foforɔ bi nni mo mu;

na mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

13 Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No,

na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam;

mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?

Onyankopɔn yɛ odimafoɔ

14 Sɛ AWURADE,

mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Mo nti mɛsoma akɔ Babel,

na mabubu adaban nyinaa,

na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.

15 Me, AWURADE, mene mo Kronkronni,

Israel bɔfoɔ, mo hene no.

16 Saa na AWURADE seɛ,

deɛ ɔma ɛpo mu da ɔkwan

na ɛsa da asuo a ɛyɛ den mu no,

17 deɛ ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ,

ɛdɔm ne nnɔmmarima firii adie no;

wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio,

wɔsae, wɔdunnumii sɛ asaawa.

18 Monnkae akane nsɛm,

na monnnwene atetedeɛ ho.

19 Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi,

afei na ɛrefifire, monhunu?

Mɛbɔ ɛserɛ so kwan,

mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.

20 Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam,

ɛserɛ so nkraman ne nsohori,

sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na

nsubɔntene aba anwea pradada soɔ,

na mede mama me man a mayi wɔn no anom,

21 ɔman a manwono wɔn mafa no,

na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.

Nyankopɔn adom

22 Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob,

na me ho ayɛ wo mfone, O Israel!

23 Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan,

na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam;

mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me,

na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho;

24 woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me,

na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me,

na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa,

na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.

25 Me, me ara, mene

deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti,

na wo bɔne nso, merenkaeɛ.

26 Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn;

ka wo deɛ, na woadi bem.

27 W’agya a ɔdi kan no ayɛ bɔne,

na wo kasamafoɔ afomfom me,

28 enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho,

na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.

Categories
Yesaia

Yesaia 44

Nyankopɔn honhom hwiegu

1 Na afei tie, O m’akoa Yakob

ne Israel a mayi woɔ.

2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ,

na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie:

Nsuro, m’akoa Yakob,

ne Yesurun a mayi woɔ.

3 Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so,

na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so;

mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so,

na me nhyira agu wo mma so.

4 Na wɔbɛfifi sɛ asuo ho serɛ,

sɛ nsunoa nnuaa, nsutene so.

5 Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea,

na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho;

na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea,

na ɔde Israel din ato ne ho.

Abosonsom yɛ nkwaseasɛm

6 Sɛ AWURADE, Israel hene,

ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie:

Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ,

na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.

7 Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka

mfa nsi m’anim.

Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no?

Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no.

8 Mommma mo akoma nntu, na monnsuro!

Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ?

Na mone m’adansefoɔ.

Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko?

Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.

9 Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.

10 Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ?

11 Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.

12 Ɔtomfoɔ se n’adwinnadeɛ yɛ ogya mu adwuma na ɔde asaeɛ bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wɔ mu yɛ ɛho adwuma; ɛkɔm de no na ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsuo a ɔtɔ piti.

13 Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.

14 Obi kɔbu tweneduro, anaa ɔyi duaboɔ anaa odum wɔ kwaeɛ mu nnua mu ma no nyini ma no; ɔtɛ sennuro, na osuo ma no nyini;

15 na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to paanoo; ebi mpo ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sene ohoni koto no.

16 Ɔde gya hye fa, na ɛfa nso so na ɔtoto nam weɛ, ɔkye so nam di mee; ɔto gya no nso, na ɔse: Wiɛ, me ho ayɛ me hye, mahunu ogya!

17 Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo!

18 Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;

19 na obiara nnwene ho, na nimdeɛ biara nni hɔ, na nhunumu biara nni hɔ na wɔaka sɛ: Mahye ɛfa ogya mu, na mato ne nsramma so paanoo, na makye so nam adi; na nkaeɛ no, memfa menyɛ akyiwadeɛ? Dua sini na menkoto no anaa?

20 Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?

Israel, mma wo werɛ mmfiri me!

21 Kae yeinom, Yakob

ne Israel, na m’akoa ne wo;

me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel.

Me werɛ remfiri wo.

22 Mapepa wo mmarato sɛ mununkum,

ne wo bɔne sɛ suwisie.

Sane bra me nkyɛn, na magye wo.

23 Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ;

asase ase nohoa, mommɔ ose,

mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ,

O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa.

Na AWURADE agye Yakob,

na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.

Nyankopɔn nhyehyɛɛ no

24 Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ

ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie:

Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa,

deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no,

deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;

25 deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa,

na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;

deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire,

na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;

26 deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina,

na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu;

deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu!

ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere,

na mɛma n’akurofo so agyinagyina.

27 Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ:

We na mɛma wo nsutene awewe.

28 Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie,

na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu,

na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere!

ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!

Categories
Yesaia

Yesaia 45

Kores yɛ Otumfoɔ no adwinnadeɛ

1 Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores,

deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim,

na masanesane ahemfo abɔsoɔ,

sɛ mɛbue apono n’anim,

ne nkuro apono,

na wɔantoto mu no:

2 Mɛdi w’anim,

na mabrɛ mmepɔ ase;

mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu,

na matwitwa dadeɛ adaban mu.

3 Na mede sum mu akoradeɛ ne

aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo;

na woahunu sɛ me, AWURADE,

mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no,

Israel Nyankopɔn no.

4 M’akoa Yakob

ne Israel a mayi no nti

na mede wo din mefrɛɛ woɔ,

na mebɔɔ wo abodin no,

nso wonnya nhunuu me.

5 Mene AWURADE,

na obiara nni hɔ bio;

Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko.

Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me,

6 na wɔahunu afiri awiapueeɛ,

ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me.

Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.

7 Me na mebɔ hann, na mebɔ sum,

mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba.

Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.

8 Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ,

na ɛmfiri mununkum mu ntɔ;

asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra,

na ɛmma tenenee nso mfifi mmra:

Me, AWURADE, na mebɔeɛ.

AWURADE nko ne Onyankopɔn

9 Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham,

fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue!

Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn?

Anaa w’adwuma no nni nsa?

10 Ɔnnue deɛ ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdeɛn na wowoeɛ?

Anaa ɔbaa sɛ: Ɛdeɛn na wokyem woeɛ?

11 Sɛ AWURADE,

Israel Kronkronni ne ne Yɛfoɔ no seɛ nie:

Mobɛbisa me wɔ nnoɔma a menyɛ

wɔ me mma ho, anaasɛ, mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?

12 Me na meyɛɛ asase,

na mebɔɔ ɛso nnipa;

me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu,

na mehyɛɛ mu asafo nyinaa.

13 Me na mama ne so tenenee mu,

na mɛtenetene n’akwan nyinaa;

ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,

na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan

a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara,

asafo AWURADE na ɔka.

14 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ,

ne Sebafoɔ, mmarima atentene no,

bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena,

wɔbɛdi w’akyi;

nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ,

na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ:

Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.

15 Ampa ara, wone Onyankopɔn a woahunta,

Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no.

16 Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase,

ahonidwumfoɔ nyinaa bɛbom ayɛ ahohora.

17 AWURADE de daa daa nkwagyeɛ

gye Israel;

mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio

da biara da.

Amanaman no frɛ

18 Na sɛ AWURADE

a ɔbɔɔ ɔsoro

na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie,

(ɔne Nyankopɔn),

(ɔno na ɔde sii hɔ);

wammɔ no hunu

na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so:

Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.

19 Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ,

ɛnyɛ sum asase so baabi;

manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ:

Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu!

Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu,

meka deɛ ɛtenee.

20 Monhyia mmra,

mommom mpinkyɛ,

mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu.

Wɔnnim de,

wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua,

na wɔkɔ so ara bɔ onyame

a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.

21 Monkasa, monka mo asɛm;

momma wɔmmom ntu agyina.

Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete

na ɔka firi tete nteredee?

Ɛnyɛ me, AWURADE a?

Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara,

Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa;

obi nni baabiara gye me nko.

22 Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa,

mo asase ano nyinaa.

Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.

23 Maka me ho ntam,

tenenee anomu na asɛm afire,

na ɔrensane, sɛ:

Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,

na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam.

24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara

na tenenee ne ahoɔden wɔ;

ne nkyɛn na wɔbɛba,

na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.

25 AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa

bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.

Categories
Yesaia

Yesaia 46

Babel abosom ahweaseɛ

1 Belbutu, Nebokoto;

akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni;

wɔakyekyere mo nnesoa

asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.

2 Wɔbom koto butu;

wɔntumi nnsi amanehunu ano;

na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu.

3 Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa,

mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu

na masoa mo afiri awotwaa mu no,

monyɛ aso mma me.

4 Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara,

na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn;

me na mayɛ, na me na mɛsoa,

me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo.

5 Hwan na mode me bɛto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ,

na mode no bɛsusu me, na yɛasɛ?

6 Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu,

na wɔde nsania kari dwetɛ;

wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔyɛ no onyame;

wɔkoto, na wɔsɔre no.

7 Wɔma no so si akɔnkɔn

kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ;

ɛntwe ne ho mfiri n’afa;

wɔteam frɛ no a, ɔmmua,

na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.

Nkwagyeɛ no abɛn

8 Monkae yei, na monnwene ho,

mo mmaratofoɔ, mokae ɛ.

9 Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no,

sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio;

mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa.

10 Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm,

na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no,

meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina,

na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.

11 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ

ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so.

Makasa, na mɛma no aba mu;

madwene, na mɛyɛ.

12 Montie me, asobrakyefoɔ

a mo ne tenenee ntam twe.

13 Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri,

na me nkwagyeɛ renka akyi.

Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion,

na mede m’animuonyam mama Israel.

Categories
Yesaia

Yesaia 47

Babel ho atemmusɛm

1 Siane, na tena mfuturo mu,

O ababaa, Babel babaa,

tena fam, a ahennwa bi nni hɔ

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.

2 Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo,

yi wo nkatanimu,

ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho,

twitwa asuo.

3 W’adagya bɛda adi,

na wɔahunu w’ahohora.

Mɛtɔ were,

na merenhunu onipa mmɔbɔ.

4 Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din,

ne Israel Kronkronni no.

5 Tena ase dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ahennie ahodoɔ no awuraa bio.

6 Me bo fuu me man,

meguu m’agyapadeɛ ho fi,

na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa,

woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn,

nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ

duru dodo;

7 na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa;

na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam,

woankae wɔn awieeɛ.

8 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni

a wote hɔ asomdwoeɛ mu,

wo a wose no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio,

merentena ase sɛ kunafoɔ,

na merenni mmasugya.

9 Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so

amonom, da koro,

abawuo ne kunayɛ.

Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ,

wo ntafowayie dodoɔ

ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.

10 Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu

kaa sɛ: Obi nhu me;

wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko,

maa wokaa no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.

11 Na mmusuo bɛto wo

a worenhunu yi;

na abuo bɛbu wo a

worentumi mpata;

na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ,

worenni no hunkan.

12 Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ

ne wo ntafowayie dodoɔ

a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no,

ebia wobɛtumi de ayɛ biribi,

ebia wode bɛyi hu.

13 Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu;

ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa,

ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no,

nsorommahwɛfoɔ

a ɔsrane foforɔ daa

wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no.

14 Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ,

ogya ahye wɔn,

wɔrentumi nnye wɔn kra

mfiri gyaframa no nsam;

ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho,

anaasɛ ogya a wɔtena ho.

15 Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ;

wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no,

wɔbɛyera akɔ wɔn fam;

obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.

Categories
Yesaia

Yesaia 48

Ɔman akomapirimfoɔ ateatea

1 Montie yei, O Yakob fie,

mo a wɔde Israel din ato mo

na mofiri Yuda asene mu no,

mo a mode AWURADE din ka ntam

na mobɔ Israel Nyankopɔn din,

na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.

2 Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho,

na wɔtwere Israel Nyankopɔn

a asafo AWURADE ne ne din no.

3 Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ,

na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate;

mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.

4 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden,

na wo kɔn yɛ daban,

na wo moma yɛ yaawa;

5 enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ;

ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee,

na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ,

me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.

6 Woate; hwɛ yei nyinaa;

na wo nso worenka nkyerɛ?

Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ,

ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no;

7 afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete,

na wontee da gye nnɛ,

na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada.

8 Wontee pɛn, nso wonhunui,

ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ;

na menim sɛ nkontompo ara na wotwa,

na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ,

na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo,

na manku wo.

10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ;

masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.

11 Me nti, me nti na meyɛ;

ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn?

Meremfa m’animuonyam memma obi.

Adom foforɔ ne nkwagyeɛ foforɔ

12 Tie me, O Yakob,

ne Israel a mafrɛ woɔ,

mene ɔno ara, mene odikanfoɔ,

na me ara nso ne okyidifoɔ.

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ,

na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ;

sɛ mefrɛ wɔn a,

wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.

14 Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie:

Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom?

Deɛ AWURADE dɔ no no

bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho,

na ne basa atia Kaldeafoɔ.

15 Me, me na maka, nso mafrɛ no.

Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.

16 Montwe mpini me, montie yei.

Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ;

ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ,

na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.

17 Sɛ AWURADE,

wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Mene AWURADE, wo Nyankopɔn,

mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ,

na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ.

18 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ,

anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,

na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ,

19 na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea,

na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa.

Wɔrentwa wɔn din ntwene,

na wɔrensɛe no mfiri m’anim.

20 Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu.

Monka, momma wɔnte yei,

momma no mfiri nkɔduru asase ano.

Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn;

ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn,

ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.

22 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

Categories
Yesaia

Yesaia 49

Nyankopɔn akoa adwuma kɛseɛ no

1 Montie me, mpoano aman,

na monyɛ aso, akyirikyiri aman.

AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu,

ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam,

ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ,

na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam,

ɔde me siee ne kotokuo mu.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo,

Israel a mɛnya wo mu animuonyam.

4 Na me deɛ, mekaa sɛ:

Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ,

nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn,

na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.

5 Na afei AWURADE se,

deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa,

na mensane Yakob memmra ne nkyɛn,

na memmoa Israel ano memmrɛ no no,

ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim,

na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,

6 ɔse:

Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa

na woama Yakob mmusuakuo soɔ,

na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba;

na mede wo bɛyɛ amanaman hann,

na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.

7 Saa na AWURADE,

Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka

kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no,

deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ:

Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre,

asafohene nso, na wɔakoto asɔre,

ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ,

Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.

8 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Anisɔ berɛ mu na matie woɔ,

na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ,

na mɛkora wo, na mede wo

mayɛ ɔman apam, sɛ:

Ma asase no so si hɔ,

na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;

9 na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi!

ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue!

Akwan so na wɔbɛdidie,

na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;

10 ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn,

na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn,

na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn,

na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.

11 Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,

na m’atempɔn akorɔn.

12 Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba,

na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam,

na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.

13 Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie!

mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom!

Na AWURADE akyekyere ne man werɛ,

na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!

14 Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me,

na AWURADE werɛ afiri me.

15 Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa,

na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa?

Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a,

me deɛ, me werɛ remfiri wo.

16 Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam;

w’afasuo sisi m’anim daa.

17 Wo nkuro kyekyerefoɔ ho bɛyɛ hare asene w’adwirifoɔ,

na w’asɛefoɔ bɛfiri wo mu akɔ.

18 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia,

yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn.

Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ,

wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ,

na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ.

19 Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ

ne w’afasusini asase no,

afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene,

na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri.

20 Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no

bɛka no w’aso mu sɛ:

Afa ha yɛ hihiaa ma me,

pini do, na mennya tenabea.

21 Na wobɛka no w’akoma mu sɛ:

Hwan na ɔwoo yeinom maa me?

Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini,

wɔtuu me kɔe,

na wɔsunsum me; na yeinom deɛ,

hwan na ɔyɛnee wɔn?

Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko,

ɛno mu no na yeinom wɔ he?

22 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman,

na masi me frankaa mama aman,

na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom,

na wo mmammaa nso, wɔasi wɔn akɔnkɔn aba.

23 Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ,

na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ;

wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo,

na wɔatafere wo nan ase mfuturo,

na woahunu sɛ me, mene AWURADE

a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.

24 Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa,

anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?

25 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye,

deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi,

na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham,

na me ara mɛgye wo mma nkwa.

26 Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam,

na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono,

na honam nyinaa ahunu

sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ,

ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.

Categories
Yesaia

Yesaia 50

Onyankopɔn bɛtumi agye ne man

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma

a mede megyaee no no wɔ?

Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan

na metɔn mo memaa no?

Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo,

na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.

2 Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ,

mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ?

Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ,

anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu?

Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we,

mema nsubɔntene danedane anwea pradada so

nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ,

na sukɔm kuku wɔn.

3 Mede tumm mekata ɔsoro,

na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.

Nyankopɔn akoa no nokorɛdie

4 AWURADE Nyankopɔn ama me

asuafoɔ tɛkyerɛma,

sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm

bɛwowa deɛ wabrɛ;

ɔnyane me daa anɔpa,

ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.

5 AWURADE Nyankopɔn abue m’aso,

na me nso mante atua

mansane m’akyi.

6 Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ,

ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ.

Manyi m’ani

mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.

7 Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me,

enti na ahohora amfa me soɔ;

enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ,

na menim sɛ m’ani renwu.

8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn,

hwan na ɔne me bɛdi asie?

Ɔmma yɛnnyina nhyiam.

Hwan na ɔne me anya?

Ma no mpinkyɛ me.

9 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn bɛboa me,

hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ?

Hwɛ, wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

nweweboaa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE,

na ɔtie n’akoa asɛm?

Deɛ ɔnam sum mu

na hann bi nhyerɛn mma no no,

ma no mfa ne ho nto AWURADE din so,

na ɔntwere ne Nyankopɔn.

11 Hwɛ, mo a mososɔ ogya

na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa,

monkɔ mo gya no dɛre

ne nnyentia a moasosɔ no mu.

Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo,

ɛyea mu na mobɛdeda fam.