Categories
Yesaia

Yesaia 31

Onyankopɔn bɛbɔ Yerusalem ho ban

1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,

na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ,

na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti,

ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti,

na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ,

na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.

2 Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde mmusuo bɛba;

ne nsɛm nso, ɔrensane,

na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie

ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no.

3 Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn,

na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.

Na AWURADE bɛtene ne nsa,

na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase,

na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.

4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie:

Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ,

na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a,

wɔn nne mma no mmɔ binim,

na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no,

saa ara na asafo AWURADE bɛduru

sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ.

5 Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE

bɛbɔ Yerusalem ho ban,

ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa,

ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ.

6 Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ.

7 Ɛda no, wɔn nyinaa bɛtoto wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuo a mo nsa ayɛ ama mode ayɛ bɔne no agu.

8 Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano,

na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no;

na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim,

na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9 Na ne botan de ehu bɛsene akɔ,

na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho.

AWURADE a ne gya wɔ Sion,

na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ.

Categories
Yesaia

Yesaia 32

Ɔman no ahotɔ

1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene,

na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

2 na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea

ne osuo ano dwanekɔbea,

sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa,

sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.

3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani,

na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

4 na wɔn a wɔn akoma pere wɔn no bɛyɛ nhunumufoɔ

na dodoworofoɔ tɛkyerɛma akasa turodoo a emu teɛ.

5 Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio,

na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

6 Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm

na ɔdwene amumuyɛsɛm,

sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm

na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ,

sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan,

na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.

7 Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne,

ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne,

sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni

ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.

8 Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ,

na ayamyɛ ara na ɔde gyina.

Mmaa no adwotwa

9 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me!

Mmammaa a mo ho dwo mo ho no, monyɛ aso mma m’asɛm.

10 Afe ne akyire nna bi mu no,

mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo,

na bobe abateɛ to bɛtwa,

nnuaba anoboa remma bio.

11 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso,

mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo!

Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa,

momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

12 Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti,

bobe nnua a ɛso pii no ntira.

13 Nkasɛɛ ne nwerɛ fu

me man asase no so,

aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ

adan nyinaa so mpo.

14 Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan,

wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no,

ne kokoɔ ne ɔwɛn aban

bɛdane atu de akɔsi daa,

ɛserɛ so mfunumu anika

ne mmoakuo adidibea.

15 Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ,

na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ,

na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;

16 na atemmuo bɛtena ɛserɛ so,

na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu;

17 na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ,

na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;

18 na me man bɛtena asomdwoeɛ fie,

ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.

19 Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no,

na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.

20 Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho,

na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.

Categories
Yesaia

Yesaia 33

Ɔsɛefoɔ ho duema

1 Due, ɔsɛefoɔ

a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ,

ɔfatwafoɔ

a wɔmfaa wo ntwaeɛ!

Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a,

wɔbɛsɛe wo,

na sɛ wonya wie ɔfatwa a,

wɔde wo bɛtwa.

2 O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ.

Yɛ yɛn basa anɔpa biara,

aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu.

3 Hooyɛ no ano na aman dwanedwane,

woma wo ho so a, amanaman hwete.

4 Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ,

sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ.

5 Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn;

ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.

6 Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ,

nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba;

AWURADE suro ne n’ademudeɛ.

7 Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so,

asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya;

8 akwantempɔn afu,

akwantemfoɔ to atwa;

wɔabu apam no so,

wɔabu nkuro animtia,

wɔammu ɔdasani biara.

9 Asase redi abooboo na akusa;

Lebanon ani awu, adwan koraa;

Saron adane sɛ anwea pradada so,

Basan ne Karmel so nhahan apo.

10 AWURADE se: Afei mɛsɔre,

afei mɛma me ho so,

afei wɔbɛma me so.

11 Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma;

mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo.

12 Na aman bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ,

nkasɛɛnkasɛɛ a wɔatwa a wɔde agu ogya mu.

Asomdwoeɛ a ɛbɛba no

13 Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ,

na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ.

14 Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo,

na ehu aka ahuhufoɔ:

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho?

Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?

15 Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene,

deɛ ɔkyiri apempensika,

deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu,

deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm,

na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,

16 ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea,

abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea,

wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.

17 W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu,

ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ.

18 W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho:

Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he?

Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he?

19 Worenhunu aniɛdenfoɔ,

ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnteɛ,

na wɔpɔtɔ a wɔnte aseɛ.

20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no!

W’ani bɛhunu Yerusalem,

efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ

a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da

na ne ntampehoma biara renteteɛ no.

21 Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu;

kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa,

ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu,

na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ.

22 Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ,

AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

23 Wo ntampehoma mu ago,

ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu,

na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu.

Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu,

mpakye mpo bɛfom adeɛ afa.

24 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo!

Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn.

Categories
Yesaia

Yesaia 34

Atamfoɔ nyinaa ho atemmusɛm

1 Amanaman, montwe mpini mmɛtie,

na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso.

Asase ne ne mayɛ ntie,

wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.

2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so,

na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so,

wadome wɔn de wɔn ama okum.

3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu,

na wɔn afunu ayi hwa kankan,

na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.

4 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ,

na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma,

na n’asafo nyinaa apo,

sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ

anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.

5 Na m’afena anom amee wɔ soro;

hwɛ, ɛsiane ba Edom so,

ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn.

6 Mogya ara nko adue AWURADE afena,

sradeɛ afɔre ho,

nnwammaa ne mpapo mogya,

adwennini sawa ho sradeɛ,

na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so.

7 Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam,

ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ,

na wɔn asase bɛboro mogya,

na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.

8 Na AWURADE wɔ aweretɔ da

ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.

9 Na Edom nsuwansuwa bɛdane aman,

na ne dɔteɛ nso adane sɔfe,

na n’asase no ayɛ aman a ɛdɛreɛ;

10 ɛrennum anadwo ne awia,

ne wisie bɛpunu akɔsi daa,

na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

na obiara remfa hɔ bio koraa;

11 na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa,

na patuo ne anene atena hɔ.

Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa,

na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.

12 Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ, Ahennie Biara Nni Hɔ,

na n’asafohene nyinaa bɛyera.

13 Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu,

na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu,

na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea

ne nsohori adidibea.

14 Na ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛhyia hɔ,

na sasabonsam asu afrɛ ne mfɛfoɔ;

ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena,

na wanya ɔhome.

15 Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne buo,

na wato abutu so ahwane, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu mu,

na asansa nso aboaboa wɔn ano wɔ hɔ,

obiara ne n’atipɛnsoɔ.

16 Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan:

Yeinom mu baako mpo renyera,

ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE

ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

17 Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn,

na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn,

sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Categories
Yesaia

Yesaia 35

Ɔman no saneba

1 Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika,

na anwea pradada adi ahurisie, na ahane

sɛ nhyerɛne;

2 nhyerɛne ara na ɛbɛguo,

ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie;

wɔde Lebanon animuonyam bɛma no,

Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi,

wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam,

yɛn Nyankopɔn tumi no.

3 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den,

mommia nkotodwe a agoɔ mu;

4 monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ:

Monhyɛ mo ho den, monnsuro,

hwɛ, mo Nyankopɔn nie!

ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba.

Ɔno na ɔreba

abɛgye mo nkwa!

5 Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue,

na asotifoɔ aso abue;

6 ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ,

na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom,

na nsuo bɛtue ɛserɛ so,

na nsuwansuwa asene anwea pradada so;

7 na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ,

na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa;

na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no,

ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.

8 Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ,

na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron;

deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn;

nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.

9 Gyata biara remma hɔ,

na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so;

wɔrenhunu bi wɔ hɔ,

wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.

10 Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba,

na wɔde nnwontoɔ aba Sion;

na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi,

ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa,

na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.

Categories
Yesaia

Yesaia 36

Sanaherib tua Yerusalem

1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.

2 Na Asiriahene somaa Rabsake no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ ntomasifoɔ asasewa tempɔn no soɔ no suka ho.

3 Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn.

4 Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi?

5 Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi?

6 Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

7 Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no?

8 Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa?

9 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako?

10 Na afei, mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ merebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

11 Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa mu, na yɛn deɛ, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn, mma nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no nnte.

12 Na Rabsake no se: Me wura asoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nkyerɛ wo wura ne wo, ne mpo mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi a, wɔadome wɔn sɛ wɔbɛdi wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔbɛnom wɔn dwonsɔ sɛ mo.

13 Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no asɛm!

14 Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo;

15 nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ ara na AWURADE bɛgye yɛn, wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa.

16 Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo

17 akɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase.

18 Na mommma Hesekia nnto mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn: Amanaman anyame mu biara agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn anaa?

19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, wɔagye Samaria afiri me nsam?

20 Nsase yi anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn asase afiri me nsam, na AWURADE rebɛgye Yerusalem afiri me nsam?

21 Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no!

22 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ no, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasusuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.

Categories
Yesaia

Yesaia 37

Sanaherib nkoguo

1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔfiraa ayitoma, na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.

2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

4 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.

5 Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn,

6 na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no.

7 Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so.

8 Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis.

9 Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ:

10 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa.

11 Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa asɛe wɔn pasapasa no, na wo na wɔbɛyi woɔ anaa?

12 Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Talasar no?

13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene ne Sefarwaim kuro ne Hena ne Iwahene no wɔ?

14 Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie; na Hesekia trɛɛ mu AWURADE anim.

15 Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

16 Asafo AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko ne Onyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.

17 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! na tie Sanaherib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nyinaa.

18 Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsase,

19 na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.

20 Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE.

21 Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ wɔ Asiriahene Sanaherib ho no,

22 yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho:

Ɔbaabunu Sion babaa no

bu w’animtia si wo atwetweɛ;

w’akyiri na Yerusalem babaa

rewoso ne tire.

23 Hwan na woasopa no na woaya no?

Na hwan so na woama wo nne soɔ

na wɔama w’ani atra wo ntɔn?

Wode atia Israel Kronkronni no.

24 Wonam wo nkoa so asopa AWURADE

aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ

maforo makɔ mmepɔ atifi,

Lebanon mu nohoa tɔnn;

na matwitwa ne ntweneduro atentene

ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu,

na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so,

ne ne kwaeɛbirentuo mu.

25 Me na matutu mmura

manom emu nsuo,

na mede me nammuromu wee

Misraim nsubɔntene nyinaa.

26 Wonteeɛ

sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ,

tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa?

Afei na mama no aba mu,

sɛ ma afasuo mu nkuro no

nnanedane akurofo akuakuo,

27 na emufoɔ a wɔahodwo

no ho adwiri wɔn, na wɔn ani awu

na wɔadanedane sɛ mfofowa so nhahan

ne wira mono,

adan atifi wira ne ayuo

a ɛnnya mmaa ne ho soɔ na adwan.

28 Na menim w’asetena

ne korɔ ne ne ba

ne dam a wobɔ no me soɔ no.

29 Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam

na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti,

mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem

na mede me manniamfrɛ ato w’anomu,

na masane wo afa kwan a

wonam so baeɛ no so akɔ.

30 Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu, monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu moadi deɛ ɛbɛfifiri akyire aba no, na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.

31 Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba;

32 na Yerusalem na nkaeɛ bi bɛfire, na wɔn a wɔafiri mu afire no afiri Sion bepɔ so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.

33 Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no.

34 Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔrenhyɛne mu, AWURADE na ɔseɛ.

35 Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.

36 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.

37 Na Asiriahene Sanaherib tu sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Ninewe.

38 Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfirii mu dwane kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-Hadon sii n’ananmu dii hene.

Categories
Yesaia

Yesaia 38

Hesekia yadeɛ ne n’aseda dwom

1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.

2 Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

3 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.

4 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,

6 na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban.

7 Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no:

8 Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du.Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.

9 Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie:

10 Me deɛ, mekaa sɛ:

Me nna mu kommyɛ mu

na merekɔ Asamando aboboano,

wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ.

11 Mese: Merenhunu AWURADE bio,

wɔ ateasefoɔ asase so;

merenhunu nnipa bio,

wɔn a wɔte wiase no mu.

12 Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ

sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan,

mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ;

anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu:

Worewie me da koro adesaeɛ.

13 Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa,

ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata:

Worewie me da koro adesaeɛ.

14 Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn,

medii abooboo sɛ aburuburo;

m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ:

O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!

15 Menka sɛn? Waka akyerɛ me

na ɔno ara ayɛ.

Me nna nyinaa afiri m’ani so,

me kra awerɛhoɔ no nti.

16 O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ,

na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ,

ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa.

17 Hwɛ, me yiedie nti,

mehunuu amaneɛ pii;

na woayi me kra

afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho,

ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa

guu w’akyi.

18 Na Asamando rentumi nna wo ase,

na owuo rentumi nkamfo wo.

Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no

ntwɛn wo nokorɛ;

19 ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ,

sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi;

agya ma ne mma nhunu

wo nokorɛ.

20 AWURADE bɛgye me nkwa,

na yɛbɛbɔ nsankuo

yɛn nkwa nna nyinaa,

wɔ AWURADE fie.

21 Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden.

22 Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?

Categories
Yesaia

Yesaia 39

Hesekia ahokyerɛ

1 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den.

2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel.

4 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm:

6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

7 Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.

8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so.

Categories
Yesaia

Yesaia 40

AWURADE gye ne man nkwa

1 Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ!

mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

2 Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mommɔ no kaseɛ

sɛ n’akodie asa,

sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ,

sɛ ne bɔne nyinaa ho

wanya AWURADE nsam mmɔho.

3 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so,

montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

4 Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so,

na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase.

Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta,

na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

5 Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi,

na honam nyinaa abom ahunu,

ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

6 Ɛnne bi se: Team!

Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn?

Honam nyinaa yɛ wira,

na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren.

7 Nwira dwan, na nhwiren twam,

na AWURADE home hu fa so.

Ampa, ɔman no yɛ wira.

8 Nwira dwan, na nhwiren twam,

na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.

9 Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ,

O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion.

Ma wo nne so ahoɔden so,

O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem.

Ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ:

Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!

10 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba,

na ne basa bɛdi nim ama no.

Hwɛ, n’akatua ka ne ho,

na n’ananmuhyɛ di n’anim.

11 Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ,

ɔbɛturu nnwammaa ne basa so,

na wasoa wɔn ne kokom;

nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.

Obiara ne AWURADE nsɛ

12 Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo,

na ɔto ɔsoro saama,

na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo,

na ɔkari mmepɔ nsania mu

ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?

13 Hwan na ɔtenetene AWURADE honhom,

na ɔfotufoɔ bɛn na ɔmaa no hunuu adeɛ?

14 Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi,

na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan,

na wakyerɛ no nimdeɛ,

na wama no ahunu nhunumu kwan?

15 Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ,

na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi.

Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.

16 Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ,

na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.

17 Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim;

ɔbu wɔn sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee ne adehunu.

18 Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ,

na suban bɛn na mode bɛsusu no?

19 Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo,

na sikadwumfoɔ de sika adura ho,

na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;

20 deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no

yi dua a ɛmporɔ;

ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa,

na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho.

21 Monhunui anaa? Montee anaa?

Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo anaa?

Ɛfiri asase nnyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ anaa?

22 Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ,

na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ;

ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam,

na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;

23 ɔno na ɔma aberempɔn yɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee,

ɔdane asase so atemmufoɔ sɛ ahuhudeɛ.

24 Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ,

wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ,

na wahu afa wɔn so ama wɔakusa

na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.

25 Na hwan ho na mode me bɛtoɔ

na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

26 Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ

deɛ ɔbɔɔ yeinom!

Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie,

na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn;

ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ

nti, obiara nyera.

27 Adɛn nti na, Yakob, woka,

na Israel, wokasa sɛ:

Me kwan ahunta AWURADE,

na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so?

28 Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ?

AWURADE yɛ daa Nyankopɔn,

ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no.

Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba;

ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.

29 Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi,

na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso.

30 Mmabunu mpo brɛ, na wɔpa aba,

na mmeranteɛ hwehwe ase;

31 na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ,

wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ,

wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ,

wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.