Categories
Yesaia

Yesaia 21

Babel, Edom ne Arabia ho atemmusɛm

1 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie:

Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no,

saa ara na ɛfiri serɛ soɔ,

ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.

2 Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me:

Ɔfomfafoɔ refom fa,

ɔsɛefoɔ resɛesɛe.

O Elam, foro bra!

O Media, bɛka no hyɛ mu!

Mɛma n’apinisie nyinaa

to atwa.

3 Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ,

ɛkyem aka me

sɛ ɔwofoɔ kyem;

yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm,

me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,

4 m’akoma ka paripari, ehu ama mayɛ titiritii,

ama anwummerɛ hann a mehwehwɛeɛ no

adane me ahopopoɔ.

5 Wɔto pono no,

wɔsesɛ kuntu akɛtɛ,

wɔdidi na wɔnom.

O Asafohene, monsɔre!

Monsra akyɛm ho ngo.

6 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie:

Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ

kɔgyina hɔ, deɛ ɔbɛhunu no, ma ɔnka.

7 Sɛ ɔhunu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu,

mfunumu-so-tenafoɔ ne nyoma-so-tenafoɔ;

na ɔwɛn n’aso

wɛn pa ara.

8 Na ɔteaa mu sɛ gyata sɛ:

O AWURADE, megyina awɛneeɛ ha ara

adekyeeɛ daa,

na megyina m’ahwɛeɛ ara

anadwo nyinaa,

9 na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa,

apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi.

Na ɔgyee so sɛ:

Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase!

Na n’anyame ahoni nyinaa,

wɔabubu agu fam.

10 M’adeɛ a wɔaporeɛ ne m’ayuporeeɛ ase ba!

Deɛ mate no asafo AWURADE,

Israel Nyankopɔn, anomu no, na maka makyerɛ woɔ yi.

Duma a ɛne Edom ho atemmusɛm

11 Duma ho atemmusɛm nie:

Obi bɔn me firi Seir sɛ:

Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?

Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?

12 Ɔwɛmfoɔ no se:

Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba;

sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.

Arabia ho atemmusɛm

13 Arabia ho atemmusɛm nie:

Dedanim akwantemfoɔ asafo,

Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ.

14 Momfa nsuo mmɛhyia wɔn a sukɔm de wɔn,

Tema asase sofoɔ,

momfa paanoo mmɛhyia adwanefoɔ;

15 ɛfiri sɛ mfena ano na wɔredwane,

afena a wɔatwe

ne tadua a wɔapono

ne ɔko denden ano.

16 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛteɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,

17 na Kedar mma mu nnɔmmarima tadua dodoɔ nkaeɛ no bɛsua, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn na aka.

Categories
Yesaia

Yesaia 22

Deɛ ɛbɛba Yerusalem so

1 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm.

Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ

na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

2 Wo a huuyɛ ayɛ wo ma,

hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro,

w’atɔfoɔ antotɔ afena ano,

na wɔanwuwu ɔko mu.

3 Wo mmapɔmma nyinaa abom adwanedwane kɔ;

ɛnyɛ tadua na wɔde kyeree wɔn.

Wo nnipa a wɔhunuu wɔn no nyinaa, wɔdwane kɔɔ akyirikyiri,

nso wɔkyeree wɔn nyinaa:

4 Enti na mese:

Monyi mo ani mfiri me so

na mensu su yaya.

Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ,

me man babaa no sɛeɛ ho.

5 Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn,

anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da,

adehunu bonhwa no mu,

wɔdwiri ɔfasuo no,

wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.

6 Na Elam asɔ agyan kotokuo mu

de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba,

na Kir nso ayi kyɛm adi;

7 na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo mmonhwa a ɛyɛ fɛ no mu amaama,

na apɔnkɔsotefoɔ nso agyinagyina kuro pono ano.

8 Na wayi Yuda so nkataho no.

Na ɛda no, mode mo ani too kwaeɛ fie no mu akodeɛ so,

9 na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano;

10 na mokan Yerusalem adan, na modwirii adan no, sɛ mode rewowa ɔfasuo no;

11 na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.

12 Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn

frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa

ne tikwabɔ ne ayitomafira mu.

13 Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ,

anantwie menetwa ne nnwan kum,

ɛnamdie ne nsanom nie:

“Momma yɛnnidi na yɛnnom

na ɔkyena na yɛawu.”

14 Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ:

Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo

kɔsi berɛ a mobɛwuwuo!

Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.

Sebna ahweaseɛ

15 Sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, seɛ nie: Kɔ efie panin Sebna yi a ɔdi efie no soɔ no nkyɛn sɛ:

16 Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

17 Hwɛ, AWURADE bɛto wo ɔbrane toɔ atwene, na ɔbɛsɔ wo mu denden,

18 na wahwim wo ato wo sɛ bɔɔl atwene asase a ɛtrɛ so, ɛhɔ na wobɛkɔ akɔwuo, na ɛhɔ na w’animuonyam nteaseɛnam bɛkorɔ, wo a woyɛ wo wura fie ahohora.

19 Na mɛsum wo afiri wo sibea, na wɔadwiri wo afiri wo gyinabea.

Wɔma Eliakim so

20 Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim aba,

21 na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ no so, na mede wo mpaninnie mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfoɔ ne Yuda fie.

22 Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini.

23 Na mɛyɛ no sɛ pɛɛwa abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den, na wayɛ animuonyam adwa ama n’agya fie;

24 na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so.

25 Ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, pɛɛwa a wɔde abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛne soɔ no asɛe, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

Categories
Yesaia

Yesaia 23

Tiro ho atemmusɛm

1 Tiro ho atemmusɛm.

O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo,

ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio,

obi nkɔ hɔ bio!

Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.

2 Mo mpoanofoɔ, monyɛ komm!

Sidon adwadifoɔ

a wɔtwa po no yɛɛ wo ma;

3 na wɔfaa nsuo bebree so

de Sihor nnɔbaeɛ,

ne Nil ano ayuo bae,

na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

4 Sidon, ma w’ani nwu:

Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ:

Menkyemm na menwoo mma da,

na menyɛnee mmeranteɛ

na mentetee mmabaa.

5 Misraim te asɛm no ara pɛ,

ɛbɛdi Tiro asɛm no ho yea kɛse.

6 Montwa nkɔ Tarsis,

mo mpoanofoɔ, montwa adwo.

7 Yei ne mo ahurisidie kuro

a ɛfiri tete nteredee no,

a ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri

kɔtenaa hɔ no anaa?

8 Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi

tiaa Tiro, abotiremafoɔ no

a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko,

na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?

9 Asafo AWURADE abɔ ne tirim,

sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi,

na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.

10 O Tarsis babaa,

yiri w’asase so sɛ Nil;

nkyekyeremu biara nni hɔ bio.

11 Watene ne nsa akyerɛ po so,

wawoso ahennie ahodoɔ,

AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ

wɔnsɛe n’abankɛseɛ.

12 Na waka sɛ:

Worenkɔ so nni ahurisie bio,

O Sidon babaa

a wɔabɔ wo adapaa.

Kipro na sɔre twam korɔ,

ɛhɔ nso worennya ɔhome.

13 Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.

14 Mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo,

na wɔasɛe mo aban.

15 Na da no ɛbɛba sɛ werɛ bɛfiri Tiro mfeɛ aduɔson a ɛte sɛ ɔhene baako berɛ, mfirinhyia aduɔson no akyiri no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ odwamamfoɔ no dwom no:

16 Fa sankuo,

kyini kuro mu,

odwamamfoɔ a werɛ afiri woɔ,

bɔ sankuo yie,

na to nnwom pii,

deɛ ɛbɛyɛ na wɔakae woɔ.

17 Na ɛbɛba sɛ, mfeɛ aduɔson no akyiri no, AWURADE bɛba abɛsra Tiro bio, na wasane anya n’apaadeɛ, na ɔne asase so ahennie nyinaa akɔbɔ adwaman bio.

18 Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.

Categories
Yesaia

Yesaia 24

Asase ho atemmusɛm

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan,

na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,

2 na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ,

akoa sɛ ne wura,

afenaa sɛ n’awuraa,

ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ,

ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni,

ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.

3 Wɔbɛsɛe asase pasapasa,

na wɔafom no pasaa afa,

ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi.

4 Asase aboto na akusa,

wiase anyam na akusa,

ɔsoro ne asase bom boto.

5 Asase ho akum

wɔ ɛsotefoɔ ase,

ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so,

wɔasakyera ahyɛdeɛ no

na wɔato daa apam no.

6 Enti na nnome amene asase,

na ɛsotefoɔ di fɔ;

enti na asase sofoɔ ahyeɛ,

na aka so adasamma ketewaa bie.

7 Nsamono twa adwo,

bobe ayɛ mmerɛ;

wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;

8 mpintin ho ahurisidie agyae,

ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa,

sankuo ho ahurisidie agyae;

9 wɔmfa dwontoɔ nnom nsa bio,

nsa denden yɛ ne nomfoɔ nwono.

10 Wɔaburi sakasaka kuro no,

wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu.

11 Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so,

anigyeɛ nyinaa agu,

asase so ahurisidie atu kɔ.

12 Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ,

wɔabubu kuro apono pasaa.

13 Na saa na ɛbɛba asase no soɔ,

aman no mu,

sɛ ngodua poreɛ,

sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.

14 Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom.

AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.

15 Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ,

po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.

16 Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ:

Animuonyam nka Ɔteneneeni no.

Na mese: Meresa,

meresa, mennue!

Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.

17 Ehu ne eku ne kantankoraa

da wo a wote asase soɔ no so;

18 na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no

bɛtɔ eku mu,

na deɛ ɔforo firi eku no mu no,

wɔde fidie bɛyi no.

Na wɔhinihini soro mpomma,

na asase nnyinasoɔ wosowoso.

19 Dwirie na asase dwirie,

paeɛ na asase paeɛ,

popoɔ na asase popoɔ.

20 Asase tɔ ntintan sɛ nsaboni,

na ɛhinhim sɛ asesewa bi,

na ne mmarato ayɛ ne so duru,

na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe

soro dɔm aso wɔ ɔsoro,

ne fam ahemfo wɔ ɛfam.

22 Wɔbɛboaboa wɔn ano

sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano hyɛ amena mu,

na wɔato wɔn mu, nneduadan mu,

na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.

23 Na ɔsrane ani bɛwu,

na owia anim bɛgu ase,

ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene

wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,

na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.

Categories
Yesaia

Yesaia 25

AWURADE mmoa ho nkamfoɔ

1 AWURADE, me Nyankopɔn ne wo,

mɛma wo so na makamfo wo din

sɛ woayɛ anwanwadeɛ;

tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.

2 Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo,

woama abandenden ayɛ abansini;

ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio,

na wɔrento bio da biara da.

3 Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam,

amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.

4 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni,

aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu,

ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu,

na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,

5 Wobrɛɛ ananafoɔ hooyɛ ase

sɛ nkyɛkyerɛ so ahuhuro.

Nhyɛsofoɔ dwaeɛ dwom brɛɛ ase

sɛ mununkum nwunu ase ahuhuro.

Amanaman apontoɔ wɔ Sion bepɔ so

6 Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.

7 Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.

8 Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

9 Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.

10 Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;

11 na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.

12 Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.

Categories
Yesaia

Yesaia 26

Nyankopɔn man no anidasoɔ

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ:

Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn,

ɔde nkwagyeɛ ayɛ

afasuo ne epie.

2 Monhini apono no

na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ

na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu,

ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa,

ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn

ne daa botan.

5 Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam,

kuro a ɛkorɔn no,

wabrɛ no ase;

wabrɛ no ase ama no aduru fam,

wama no aka fam mfuturo;

6 wɔde nan tiatia so,

mmɔborɔfoɔ nan,

ahiafoɔ anammɔn no.

7 Ɔteneneeni kwan yɛ tee,

wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.

8 Nso w’atemmuo kwan so

na yɛhwɛ wo AWURADE kwan,

yɛn kra ani gyina

wo din ne wo nkaeɛ.

9 Me kra ani gyina wo anadwo,

aane, me mu honhom nso, mede mefe wo,

na sɛ w’atemmuo ka asase a,

wiasefoɔ sua tenenee.

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a,

ɔnsua tenenee;

nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm,

na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

11 O AWURADE, womaa wo nsa so,

nanso wɔnhunu;

ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu;

ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn,

na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

13 O AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so,

nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din.

14 Wɔawuwu na wɔrentena ase;

nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio;

ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn

na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ.

15 O AWURADE, woama ɔman no adɔre,

woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam,

woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.

16 O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo,

wɔbɔɔ mpaeɛ

berɛ a woreka wɔn anim no.

17 Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ

a ɔbɛn awoɔ

kyem na ɔtea mu ne yea mu no,

sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;

18 yɛnyinsɛnee, yɛkyemee;

ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa.

Yɛntumi nnyee asase nkwa,

na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase.

19 W’awufoɔ bɛnya nkwa,

wɔn afunu bɛsɔre;

monnyane nto ahurisie dwom,

mo a mote mfuturo mu!

Na wo bosuo yɛ hann bosuo,

na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

20 Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu,

na toto w’akyiri apono mu;

fa wo ho hunta kakraa bi

kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.

21 Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa

akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti.

Na asase bɛyi ne mogya adi,

na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.

Categories
Yesaia

Yesaia 27

Aman akɛseɛ no asebrɛ

1 Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.

2 Ɛda no,

monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom:

3 Me, AWURADE, na mehwɛ so,

megu so nsuo berɛ nyinaa mu;

mehwɛ no awia ne anadwo,

na hwee ammɛyɛ no.

4 Abohuro biara nni me mu;

sɛ mehunu nkasɛɛ ne nwerɛ ɛ,

anka mede ɔko bɛwura mu makɔhye ne nyinaa.

5 Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me,

na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini,

na Israel afefɛ agu nhyerɛne,

na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

7 Wahwe wɔn sɛdeɛ ɔhwee wɔn ahwefoɔ no,

anaasɛ wɔaku wɔn sɛdeɛ wɔkumm wɔn akumfoɔ no?

8 Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ,

sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no.

9 Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ,

na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie:

Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa

ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro,

na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.

10 Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ

tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ;

ɛhɔ na anantwie mma didie,

na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.

11 Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu,

mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya;

na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu,

enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn,

na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.

12 Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.

13 Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.

Categories
Yesaia

Yesaia 28

Efraim ne Yuda ho atemmusɛm

1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire,

ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue,

kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no.

2 Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi,

sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ;

ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree

a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.

3 Na wɔbɛtiatia

Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so,

4 na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam

a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no

ayɛ sɛ borɔdɔmakan a

teɛberɛ nnya nnurui

a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi.

5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire

ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,

6 ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no,

ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no.

7 Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu

na wɔhinhim wɔ nsaden mu,

ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu.

Nsa amene wɔn,

nsaden nti wɔhinhim,

wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu,

wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.

8 Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ

apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ.

9 Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ,

na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ?

Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ,

wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano?

10 Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara;

ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra.

11 Na apɔtɔfoɔ ano

ne tɛkyerɛma foforɔ

na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi;

12 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ɔhome nie!

momma deɛ wabrɛ nhome!

na ahodwoɔ nie!

nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no.

13 Enti AWURADE asɛm bɛdane

wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara,

ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ,

ɛha kakra, ɛhɔ kakra,

na wɔahwe ase,

na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn.

Tweaso tiboɔ a ɛyɛ fɛ

14 Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ

a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ.

15 Na moka sɛ: Yɛne owuo apam,

na yɛne Asamando adi nkasasie;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛrenka yɛn;

ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea,

na yɛde nnaadaa akata yɛn so.

16 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion,

ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ,

tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa,

deɛ ɔgye die no rennwane.

17 Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma,

na mede tenenee mayɛ nsania,

na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no,

na huntabea no nso, nsuo bɛsram so;

18 na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam,

na mo ne Asamando nkasasie no rennyina;

mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a,

ɛbɛtiatia mo so;

19 mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo,

ɛfiri sɛ daa anɔpa,

awia ne anadwo na ɛbɛtwam;

na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko.

20 Na mpa no nware sɛdeɛ obi bɛtene ne mu wɔ soɔ,

ne dabua no nso sɛdeɛ ɔde bɛbua ne soɔ.

21 Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no,

na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no,

na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ,

na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.

22 Na afei monnni fɛw bio,

na mo nkyehoma no mu anyɛ den.

Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ,

firi asafo AWURADE Nyankopɔn no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.

AWURADE agyinatuo a ɛyɛ nwanwa

23 Monyɛ aso na montie me nne,

monwɛn mo aso ntie m’asɛm.

24 Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba?

Ɔtutu siesie n’asase ani daa anaa?

25 Sɛ ɔma ani tae wie a,

ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ,

na ɔdua ayuo kyerɛpɛn,

ne atokoɔ nso wɔ n’afa.

Ɛyɛ yei ne afuo no ano?

26 Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ,

ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no.

27 Na ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ na wɔde pore ɛme,

na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so;

na poma na wɔde boro ɛme,

na wɔde abaa boro tɛtɛ.

28 Wɔyam paanoo aburoo,

na wɔnna ho mpore no daapem;

na sɛ obi teaseɛnam nan

ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.

29 Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire;

n’agyinatuo yɛ nwanwa

na ne nyansa nni ano.

Categories
Yesaia

Yesaia 29

Yerusalem huyie ne ne nkwagyeɛ

1 Due, Ariel,Ariel,

kuro a Dawid bɛtenaa mu no!

Momfa afe nka afe ho,

momma afahyɛ ntwa nhyia.

2 Na mɛma Ariel ho akyere no,

na abooboodie ne abubuo bɔ aba,

na adane me sɛ Ariel

3 Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia,

na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko,

na mahɔre wo ho pie atia wo.

4 Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa,

mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu;

wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam,

na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka.

5 Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,

na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛsene korɔ,

na ɛbɛba mpofirim, amonom.

6 Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo,

ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ,

kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba.

7 Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa,

wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa,

bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu.

8 Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie,

na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no,

anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo,

na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no,

saa ara na amanaman bebrebe a

wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ.

Ɔman no anifira

9 Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo,

monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira.

Mommoboro, nanso mommfa nsa;

montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden!

10 AWURADE de

nnahɔɔ honhom agu mo so,

na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no,

na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.

11 Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano!

12 anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma!

13 Na AWURADE se:

Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,

na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,

na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,

14 hwɛ, mɛkɔ so ara na

me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu.

Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.

15 Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee,

na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu,

na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?

16 Mosisi nnoɔma tiri ase!

Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ,

na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ:

Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me,

anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ:

Ɔnnim de?

Nsakyeraeɛ a ɛyɛ nwanwa

17 Ɛnyɛ kakraa bi na aka

na Lebanon adane nnuaba turo,

na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwaeɛ?

18 Ɛda no, asotifoɔ bɛte

nwoma mu nsɛm no,

na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu

ahunu adeɛ;

19 na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ,

na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu;

20 na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa,

na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,

21 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano,

na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie,

na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.

22 Enti sɛdeɛ AWURADE a ɔgyee Abraham no ka kyerɛɛ Yakob fie nie:

Afei Yakob ani renwu bio,

na afei n’anim rento fitaa bio.

23 Na sɛ ɔhunu ne mma,

a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a,

wɔbɛdwira me din ho.

Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron,

na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim.

24 Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ,

na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.

Categories
Yesaia

Yesaia 30

Mommfa mo ho nnto Misraim so

1 Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ,

wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me,

na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ,

sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.

2 Wɔsim kɔ Misraim

a wɔmmisa m’anomu asɛm,

sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden,

na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.

3 Na Farao ahoɔden bɛdane mo aniwuo,

na Misraim nwunu mu dwanekɔhyɛ ayɛ mo ahohora.

4 Na Yuda asafohene wɔ Soan,

na wɔn abɔfoɔ aduru Hanes;

5 wɔn nyinaa ani bɛwu

ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ no ho.

Wɔrenyɛ wɔn mmoa na wɔrenya wɔn ho mfasoɔ biara,

na mmom aniwuo ne ahohora.

6 Negeb mmoa ho atemmusɛm.

Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so,

deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no,

deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no,

wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri,

na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so,

wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.

7 Ɛfiri sɛ Misraim mmoa yɛ adehuhuo ne adehunu,

enti na mafrɛ no Rahab.

Adansedie nwoma no

8 Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn,

na kurukyire hyɛ nwoma mu,

na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ

nkɔsi daa daa.

9 Na wɔyɛ atuateɛ man,

mma atorofoɔ,

mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie

AWURADE mmara.

10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ!

Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!

11 Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so,

momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.

12 Enti, sɛ Israel Kronkronni no ka nie:

Ɛsiane sɛ asɛm yi afono mo

na mo ani da ɔhyɛ ne nkontompo soɔ

na mode mo ho to soɔ nti,

13 amumuyɛ yi bɛdane mo sɛ

mpaepaeɛ a ɛwɔ ɔfasuo a ɛkorɔn na akurum na ɛreyɛ ahwe ase mu,

na ne buo ba mpofirim, amonom.

14 Na me bobɔ te sɛ ɔnwomfoɔ ahina

a wɔdwerɛ no dwerɛbee a ebi nka

na wɔnnya n’asinasini mu kyɛmferɛ

a wɔde bɛtu bukyia mu gya

anaasɛ wɔde bɛsa abura mu nsuo.

15 Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie:

Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa,

kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena,

nanso moampene;

16 na mokaa sɛ:

Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane.

Enti dwane na mobɛdwane!

Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ.

Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!

17 Nnipa apem prɛko bɛdwane ɔbaakofoɔ huyie ano;

nnipa baanum huyie ano na mobɛdwane

akɔsi sɛ wɔbɛgya mo

sɛ frankaadua a ɛsi bepɔ atifi,

nsɛnkyerɛnneɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.

Yerusalem daakye ahotɔ

18 Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo,

na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ,

na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE,

nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.

19 Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.

20 Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.

21 Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.

22 Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!

23 Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;

24 na anantwie ne mfunumu mma a wɔyɛ mfuo mu adwuma no bɛdi afrafraduane pa a wɔde apampaa ne apaawa ahu soɔ.

25 Na mmepɔ asorɔnsorɔn ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa soɔ no, asuasu ne nsubɔntene bɛsene hɔ, okunkɛseɛ da a aban atentene bɛhwehwe aseɛ no.

26 Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.

Atamfoɔ no sɛeɛ

27 Hwɛ, AWURADE din firi akyirikyiri reba,

n’abufuo redɛre, sɛ wisie kɛseɛ a ama ne ho so,

abohuro ayɛ n’anomu ma,

na ne tɛkyerɛma te sɛ ogya a ɛhye adeɛ.

28 Na ne home te sɛ asuo a ayiri

abɛduru kɔnmu,

na ɔde ɔsɛeɛ sɔneeɛ asɔne amanaman so,

na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman ano mu.

29 Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam atɛntɛbɛn ano rekɔ AWURADE bepɔ soɔ, Israel botan no nkyɛn.

30 Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.

31 Na AWURADE nne nti, Asiria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no,

32 na hyɛberɛ abaa a AWURADE bɛma no asi ne soɔ no bɛka no, mpintin ne asankuo ano, na ɔde nsa ɛrepopoɔ na ɛne no bɛko.

33 Wɔfiri teteete na asiesie akyiwadeɛ hyeɛbea no, ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛ, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE home bɛsɔ ano sɛ sɔfe asubɔnten.