Categories
Yesaia

Yesaia 11

Deɛ wɔasra no no ne n’asomdwoeɛ ahennie

1 Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu,

na duban afiri ne nhini mu aso aba.

2 Na AWURADE honhom bɛsi ne so,

nyansa ne nhunumu honhom,

afotuo ne mmaninyɛ honhom,

nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam.

Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn,

na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

4 na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni,

na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ;

na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase,

na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;

5 na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ,

na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.

6 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena,

na ɔsebɔ ne apapowa ada,

na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako,

na abɔfra ketewa aka wɔn.

7 Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi

na wɔn mma ada faako,

na gyata awe wira sɛ nantwie.

8 Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano,

na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn.

9 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio,

me bepɔ kronkron no nyinaa so,

na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma,

sɛ nsuo kata po soɔ no.

Atukɔfoɔ no bɛsan aba

10 Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.

11 Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.

12 Na wama frankaa so ama amanaman,

na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano,

na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no

afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.

13 Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ,

na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye.

Efraim ani remmere Yuda bio,

na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.

14 Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam,

na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa;

Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so,

na Amon mma atie wɔn.

15 Na AWURADE bɛwe

Misraim po mu nsuo korakora,

na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ

bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so,

na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson

a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.

16 Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria

ama ne man nkaeɛ a wɔaka no,

sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel,

ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.

Categories
Yesaia

Yesaia 12

Nkwagyeɛ so aseda dwom

1 Ɛda no na wobɛka sɛ:

Meda wo ase, Ao AWURADE,

sɛ wo bo fuu me mpo a,

w’abufuo no asane,

na woakyekyere me werɛ.

2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ.

Mɛtwere no, na mensuro,

na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom,

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

4 Na da no mobɛka sɛ:

Monna AWURADE ase;

mommɔ ne din.

Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.

Monka sɛ wɔama ne din so!

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ;

momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,

na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.

Categories
Yesaia

Yesaia 13

Babel ho atemmusɛm

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:

2 Monsi frankaa bepɔ petee so,

momma mo nne so mma wɔn;

monhinhim mo nsa,

na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.

3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ,

mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo,

wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.

4 Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so

sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no:

Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano,

ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye,

asafo AWURADE reboaboa dɔm ano

ama ɔsa.

5 Wɔfiri akyirikyiri asase so ne

ɔsoro ano reba,

AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no,

sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.

6 Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn;

ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

7 Enti nsa nyinaa mu bɛgo,

na ɔdasani biara akoma bɛnane;

8 na wɔn ho bɛdwiri wɔn,

nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn,

wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ.

Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa,

wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.

9 Hwɛ, AWURADE da no reba,

atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so,

sɛ ɔrebɛdane asase afo,

na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.

10 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini

renhyerɛn,

owia bɛduru sum n’adifire mu,

na ɔsrane nso renharan.

11 Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho,

ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho,

na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa,

na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;

12 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa,

na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.

13 Enti mɛma ɔsoro awoso,

na asase ahinhim afiri ne sibea,

asafo AWURADE abufuferɛ no ano

ne n’abufuhyeɛ da no nti.

14 Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn

na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so

sɛ ɔwansane a wɔatutu no,

ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.

15 Obiara a wɔbɛhu no no, wɔbɛhwire ne mu,

na obiara a wɔbɛkye no no, bɛtɔ nkrantɛ ano;

16 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa,

wɔ wɔn anim,

wɔbɛfomfom wɔn afie afa,

na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.

17 Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn,

nnipa a wɔmmu dwetɛ,

na sika nso, wɔnhwehwɛ;

18 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ,

wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho,

na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.

19 Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini,

ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no,

ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo

a Onyankopɔn butuu wɔn no.

20 Obi rentena mu da biara da,

na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu,

na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ,

na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;

21 na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ,

na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama,

na nsohori nso bɛtena hɔ,

na nsasabonsam asa hɔnom;

22 na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu,

na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu.

Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba,

na ne nna renkyɛre bio.

Categories
Yesaia

Yesaia 14

Babel hene asehweɛ

1 Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wayi Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafoɔ de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fie ho.

2 Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fie afa wɔn adi wɔn so AWURADE asase no so, ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn a na wɔyɛ nnommumfafoɔ nnommum, na wɔahom wɔn ahodwanfoɔ so.

3 Na ɛda a AWURADE bɛma wo ɔhome afiri wo yea ne w’ahoyera ne w’anyadie denden a wɔdii woɔ no mu no,

4 wode ɛbɛ yi bɛbu Babel hene aka sɛ:

Ɛyɛɛ dɛn na ɔhafoɔ no agyaeɛ,

na ahodwan no to atwa yi?

5 AWURADE abubu abɔnefoɔ abaa

ne ɔman sodifoɔ poma no mu;

6 ɔde abufuhyeɛ bobɔɔ aman

ɔbɔ a ɛnnyaeɛ,

ɔde abufuo hom amanaman so

hyɛɛ wɔn ahometeɛ a emu ngoɔ.

7 Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm;

wɔma dwom so;

8 pepeaa nso nya wo ho anigyeɛ,

ɛne Lebanon ntweneduro no, na ɛka sɛ:

Sɛ woabrɛ wo ase nti,

obiara remforo mma yɛn so mmɛbubu yɛn.

9 Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho

bɛhyia wo ba;

ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo,

wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa;

ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa

sɔresɔre firi wɔn ahennwa so.

10 Wɔn nyinaa gye so

ka kyerɛ wo sɛ:

Wo nso woahodwo sɛ yɛn ara!

Woayɛ sɛ yɛn ara pɛ!

11 Wo kɛseyɛ asiane aba Asamando,

wo mmɛnta nne no nso;

w’ase kɛtɛ a wɔasɛ ne mmoaa birikabirika,

na wo so nkatasoɔ ne nsonsono!

12 Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ?

Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba!

Wɔatwa wo ahwe fam,

wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.

13 Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ:

Ɔsoro na mɛforo makorɔ,

Nyankopɔn nsoromma no atifi

na mɛma m’ahennwa so asie,

na matena ahyiaeɛ bepɔ no so,

atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;

14 mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea,

mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.

15 Mmom Asamando na woresiane akɔ

akɔduru Amena no ase tɔnn.

16 Wɔn a wɔhu woɔ no hwɛ wo haa

de wɔn ani kari wo komm ka sɛ:

Ɔbarima a ɔmaa asase wosoeɛ

na ɔmaa ahennie hinhimiiɛ no nie anaa?

17 Deɛ ɔmaa wiase danee anwea pradada soɔ,

na ɔdwiridwirii emu nkuro,

na wannya emu nneduafoɔ kwan ankɔ fie no nie?

18 Amanaman ahemfo nyinaa, wɔn nyinaa deda hɔ animuonyam mu,

obiara da ne damena mu;

19 na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu

atwene sɛ duban a wɔapoɔ;

sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na

wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ,

sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.

20 Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu,

ɛfiri sɛ woasɛe w’asase

na woakunkum wo man.

Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ din

da biara da bio.

21 Wɔn agyanom amumuyɛ nti

monsiesie akumiiɛ mma ne mma;

na wɔansɔre amfa asase anni so,

na wɔamfa nkuro anyɛ asase ani ma.

22 Na mɛsɔre matia wɔn, asafo AWURADE asɛm nie, na matwa din ne wɔn a aka, mma ne mmanana afiri Babel, AWURADE na ɔseɛ.

23 Na mede no bɛyɛ mpɛsɛ agyapadeɛ ne nsuo atareɛ, na mede ɔsɛeɛ praeɛ mapra no, asafo AWURADE asɛm nie.

Asiriafoɔ ne Filistifoɔ ho atemmusɛm

24 Asafo AWURADE aka ntam sɛ:

Ampa ara, sɛdeɛ mesusuiɛ no,

saa na ɛbɛba mu,

na sɛdeɛ mabɔ me tirim no,

saa ara na ɛbɛgyina,

25 sɛ mɛbubu Asiriafoɔ m’asase so,

na matiatia ne so, me mmepɔ so,

na ne kɔnnua no bɛfiri wɔn so akɔ,

na n’adesoa no afiri wɔn mmatiri so.

26 Ɛno ne ɛpɔ a wɔabɔ

no asase nyinaa ho,

ɛno ne nsa a wɔatene

no amanaman nyinaa soɔ.

27 Na asafo AWURADE abɔ ne tirim,

hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa?

Na ne nsa atene,

hwan na ɔbɛsianka no?

28 Afe a Ɔhene Ahas wuiɛ no mu na nkɔmhyɛ yi baeɛ:

29 Nni ahurisie, wo Filistia nyinaa,

sɛ abaa a ɛhwee woɔ no abu,

na ɔwɔ nhini no mu na ɔkyerebene bɛfiri aba,

na ne ba nso ayɛ ogya ɔwɔ a ɔtuo.

30 Na ahiafoɔ mmakan bɛdidi,

na ahiafoɔ nso adeda hɔ dwoodwoo,

na mede ɛkɔm bɛkum wo nhini,

na w’akyikafoɔ nso, mɛma wɔatotɔ.

31 O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ;

O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu;

ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba,

na n’asafo mu biara nka akyire.

32 Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ?

Sɛ AWURADE de Sion atim,

na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.

Categories
Yesaia

Yesaia 15

Moab ho atemmusɛm

1 Moab ho atemmusɛm.

Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti,

Moab abɔ no,

ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir

Moab abɔ no nti,

2 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon

sorɔnsorɔmmea akɔsu,

Moab retwa adwo,

Nebo ne Medeba;

wɔn nyinaa abobɔ tikwa,

wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ;

3 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so,

na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so,

wɔn nyinaa retwa adwo su pii.

4 Na Hesbon ne Eleale team

ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas,

yei nti na Moab akofoɔ team denden;

ne kra ho popo.

5 M’akoma su ma Moab,

na n’adwanefoɔ kɔduru Soar,

kɔduru Eglat-selisiya.

Na Luhit aforoeɛ no,

wɔde nisuo foro,

na Horonaim kwan mu

wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.

6 Na Nimrim asuo no

asɛe pɔtɔɔ,

na ɛserɛ adwan, na wira asa,

wira mono nni hɔ bio.

7 Enti adeɛ a wɔanya asie

ne wɔn akoradeɛ no,

wɔsoa kɔtwa

mpampuro subonhwa.

8 Na adwotwa no atwa

Moab asase so ahyia,

ne su aduru Eglaim,

ne su nso aduru Beer-elim.

9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma,

na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho;

gyata bɛba Moab adwanefoɔ

ne asase no so nkaeɛ no so.

Categories
Yesaia

Yesaia 16

Moab ho atemmusɛm

1 Momfa nnwammaa

mfiri Sela mfa anwea pradada so fam

nkɔ Sion babaa bepɔ no so

nkɔma asase no sodifoɔ no.

2 Na Moab mmammaa

bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini,

pirebuo a wɔayi no

Arnon asutwareeɛ.

3 Tu fo,

bu atɛn;

ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo,

awia ketee;

fa wɔn a wɔapam wɔn hunta,

nyi adwanefoɔ mma;

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no

nsoɛ wo nkyɛn,

yɛ wɔn huntabea,

ɔsɛefoɔ no anim!

na ɔpoobɔfoɔ agyae,

ɔsɛeɛ to atwa,

nhyɛsofoɔ asa asase no so.

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so,

na obi atena so, nokorɛ mu,

wɔ Dawid ntomadan no mu,

deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee,

na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ,

n’ahantan ne

n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne

ahoahoasɛm huhuo no.

7 Enti ma Moab ntwa adwo,

ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo,

Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na

mobɛtwa adwo koraa.

8 Na Hesbon mfuo ahye;

Sibma bobe no,

amanaman wuranom

abubu ne mman koraa;

ɛkɔduruu Yaser,

na ɛkyinii serɛ so.

Ne mman trɛtrɛe,

ma ɛkɔtwaa po.

9 Enti mede Yaser su mesu

Sibma bobe no,

mede nisuo gu wo so,

O Hesbon ne Eleale;

na wo nnuabateɛ ne wo bobe

abateɛ so na ɔko nteateam aba;

10 na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ

afiri mfuo papa mu,

na wɔnte ahurisie dwom

anaa nteateam wɔ bobe nturo mu,

nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa,

atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.

11 Enti me kra si apini wɔ Moab ho,

me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.

12 Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee.

13 Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no;

14 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.

Categories
Yesaia

Yesaia 17

Damasko ho atemmusɛm

1 Damasko ho atemmusɛm.

Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio,

na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

2 Wɔbɛgya Aroer nkuro,

mmoakuo bɛfa

na wɔbɛbutubutu hɔ,

na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.

3 Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden

ne Damasko ahennie,

na Siria nkaeɛ bɛyɛ

sɛ Israelfoɔ animuonyam no,

asafo AWURADE na ɔseɛ.

Israel ho atemmusɛm

4 Ɛda no,

Yakob animuonyam no bɛsua,

na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ,

na ɔde ne nsa twa mmɛtem no;

na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa

wɔ Refaim bonhwa no mu.

6 Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi,

sɛ ngodua poreɛ mu

a aba mmienu anaa mmiɛnsa

wɔ ntɛntɛnoa,

nnan anaa nnum

wɔ ne ban a aso yie no soɔ no:

AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.

7 Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;

8 na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.

9 Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

10 Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na w’ahoɔden Botan no, wonkae no;

enti wodua nnua fɛfɛ

na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;

11 woma no fifiri da a woduaeɛ no,

na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne,

nanso ɛso aba bɛtu akɔ,

amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.

Amanaman po no huuyɛ

12 Aa, aman bebree huuyɛ,

wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ!

Aa, ne aman hooyɛ,

wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!

13 Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ,

nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri,

na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim,

ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.

14 Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba;

adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio:

Yei ne yɛn dwotwafoɔ,

kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.

Categories
Yesaia

Yesaia 18

Etiopia hyɛ Onyankopɔn animuonyam

1 Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ,

a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa.

2 Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu

de nam nsuo ani no fa po soɔ.

Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ,

monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn,

ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri,

ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ

a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no.

3 Mo wiasefoɔ nyinaa

ne mo a mote asase so nyinaa,

sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ,

na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie.

4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie:

Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm,

sɛ awia ketee mu ahuhuro,

sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum.

5 Na ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhwiren no aporeɛ

na nhwiren reyɛ bobe esia a ɛregyegyeɛ no,

ɔde aderɛ bɛtwitwa mman no agu,

na wayi ne mman no abubu mu;

6 wɔbɛgya ne nyinaa hɔ

ama mmepɔ so nnomaa

ne asase so mmoa,

na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so,

na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.

7 Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE

ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa,

Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ,

na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.

Categories
Yesaia

Yesaia 19

Misraim ho atemmusɛm

1 Misraim ho atemmusɛm.

Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so

reba Misraim,

na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim,

na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu.

2 Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim,

na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua,

adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.

3 Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu,

na wɔn agyinatuo nso, mahwete,

na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ

ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ.

4 Na mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfoɔ nsa,

na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so:

AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ.

5 Na Nil no mu nsuo bɛwe,

na asubɔnten no asa na awe,

6 na nsubɔntene no suka mu awo,

na Misraim nsuka no atwe asa,

nnemmire ne nkyɛnkyɛmma bɛtwintwam.

7 Nil ho bɛda mpan,

wɔ Nil nsunoa ho.

Wira a ɛfuo ne adeɛ a wɔadua no Nil ho nyinaa

bɛhye apete asɛe;

8 na apofofoɔ no bɛsu atwa adwo,

na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa nyinaa

bɛdi abooboo,

na nsuo no ani asaugufoɔ ahodwo;

9 na siwabire futuro asrɛnfoɔ ne

nweranwonfoɔ abasam bɛbu.

10 Asase no adum bɛbubu

na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho.

11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko,

Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm.

Adɛn na mose Farao sɛ:

Anyansafoɔ ba ne me,

tete ahemfo no ba?

12 Ɛhe na afei w’anyansafoɔ no wɔ?

Ma wɔnyi nkyerɛ wo, na wɔnhunu

agyina a asafo AWURADE atu no Misraim soɔ.

13 Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ,

wɔasisi Memfis asafohene nso,

na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ

adaadaa Misraim.

14 AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu,

na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu,

sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no.

15 Na biribiara nni hɔ a etire anaa dua, papa anaa mmɛwa,

bɛtumi ayɛ ama Misraim.

Misraim, Asiria ne Israel yɛ baako

16 Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti.

17 Na Yuda asase ho bɛyɛ hu ama Misraim, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu no Misraim ho no nti.

18 Ɛda no, Misraim asase so nkuro nnum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; wɔbɛfrɛ baako sɛ: Owia kuro.

19 Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE,

20 na ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adanseɛ ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wɔsu frɛ AWURADE, ahafoɔ anim a, wasoma ɔgyefoɔ ne ɔsɛnnifoɔ aba wɔn nkyɛn abɛgye wɔn.

21 Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama.

22 Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ.

23 Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom.

24 Ɛda no, Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa ayɛ nhyira, asase mfimfini,

25 ɛsiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapadeɛ Israel.

Categories
Yesaia

Yesaia 20

Asiriafoɔ nkonimdifoɔ no

1 Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no,

2 ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa daa adagya de nammɔnhunu nanteeɛ.

3 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,

4 saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

5 Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho,

6 na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?