Categories
Yesaia

Yesaia 1

Israel waeɛ ne asotwe

1 Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.

2 O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso,

na AWURADE akasa:

Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so,

na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.

3 Nantwie nim ne wura,

na afunumu nim ne wura adididaka,

na Israel deɛ, ɔnnim,

me man nni nteaseɛ.

4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ,

ɔman a wɔn asodie yɛ duro,

amumuyɛfoɔ asefoɔ,

mma a wɔaporɔ!

Wɔagya AWURADE,

wɔabu Israel Kronkronni no animtia,

wɔasane wɔn akyi.

5 Adɛn nti na wɔmmɔ mo ara,

sɛ morekɔ so ara te atua yi?

Etire mu no nyinaa yare,

na akoma mu no nyinaa ahodwo.

6 Ɛfiri nan ase kɔsi atifi,

amudie biara nni ho,

apirakuro ne nsoasoaeɛ

ne akuro a ɛretu mogya;

wɔmmiae na wɔnkyekyeree,

ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.

7 Mo man mu ada mpan;

mo nkuro, wɔde ogya ahye;

mo anim pɛɛ

na ananafoɔ redi mo mfuo;

na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.

8 Na wɔagya Sion babaa hɔ

sɛ bobeturom sese,

te sɛ ɛferɛ turom homebea,

sɛ kuro a wɔatua no.

9 Sɛ asafo AWURADE

annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

Onyamesom pa ne onyamesom bɔne

10 Montie AWURADE asɛm,

Sodom atitire!

Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ,

mo Gomora man!

11 Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn?

AWURADE na ɔseɛ.

Adwennini hyeɛ afɔdeɛ

ne nyɛmmoa sradeɛ afono me;

na anantwie anaa nnwammaa

anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.

12 Sɛ moreba abɛpue m’anim a,

hwan na ɔse ɔrehwehwɛ

sɛ mobɛtiatia m’abannwa soɔ?

13 Monnkɔ so mfa ayɛyɛdeɛ hunu mmma;

aduhwam yɛ me akyiwadeɛ.

Ɔsrane foforɔ ne homeda ne edwa a mobɔ no,

mentumi nhwɛ amumuyɛ ne nhyiam kronkron.

14 Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no,

me kra kyi;

abɛyɛ adesoa ama me,

mabrɛ wɔ ne soa ho.

15 Na sɛ motrɛ mo nsam a,

mɛyi m’ani mahunta mo;

nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a,

me deɛ, merentie;

mogya ayɛ mo nsa mama.

16 Monnware, monnwira mo ho.

Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne

mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.

17 Monsua papayɛ,

monhwehwɛ atɛntenenee,

montenetene omimfoɔ,

monni mma awisiaa,

na mompere nnye okunafoɔ.

Bɔhyɛ ne atenetene

18 Mommra mma yɛmfa adwene ɛ,

AWURADE na ɔseɛ;

sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a,

ɛbɛhoa sɛ nwera,

sɛ ɛbere sɛ mogya a,

ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.

19 Sɛ mopɛ na motie a,

mobɛdi asase no so nnepa;

20 na sɛ moampene na mote atua a,

afena bɛsɛe mo;

na AWURADE ano na aka.

21 Sɛdeɛ kuro nokwafoɔ

adane odwamamfoɔ yi,

na anka atemmuo ayɛ no ma!

Na tenenee nso te mu,

na afei deɛ, awudifoɔ nko ara!

22 Wo dwetɛ adane fi,

wo nsa pa, wɔde nsuo afra mu.

23 Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ

ne awifoɔ nnamfo.

Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ

na wɔdi akyɛdeɛ akyi.

Wɔnni mma nwisiaa,

na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.

24 Enti AWURADE,

asafo AWURADE,

Israel Tumfoɔ no, asɛm nie:

Ao, mɛyi m’abufuhyeɛ makyerɛ m’ahohiahiafoɔ,

na mɛtɔ were wɔ m’atamfoɔ so.

25 Na mɛdane me nsa aba wo so,

na mede dɔw mɛnane wo na mayi wo mu fi,

na mayi wo sumpii mfrafraeɛ nyinaa akɔ.

26 Na mɛdane w’atemmufoɔ mama wo sɛ kane no, ne

w’afotufoɔ sɛ mfitiaseɛ no.

Ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo tenenee kuro,

nokorɛ kuro no.

27 Wɔde atemmuo bɛgye Sion,

na wɔde tenenee agye ne mma a wɔanu wɔn ho.

28 Na wɔbɛdwɛre mmaratofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ abom,

na wɔn a wɔgya AWURADE no bɛhye.

29 Na mo ani bɛwu adum

a mo ani gyee ho no ho,

na moafɛre nturo

a moyiiɛ no ho.

30 Na mobɛdane sɛ adum

a n’ahahan apoɔ,

na moayɛ sɛ turo a nsuo nni mu.

31 Na ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ asaawa futuro,

na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturituriiɛ,

na ne mmienu nyinaa abom ahye

a obiara biara rennum.

Categories
Yesaia

Yesaia 2

Daakye asomdwoeɛ ahennie

1 Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie:

2 Na nna a ɛdi akyire no mu no,

AWURADE fie bepɔ no

bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi,

na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,

na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.

3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so

nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnante n’atempɔn so:

Na Sion na mmara bɛfire,

na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn,

na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm,

na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ,

ne wɔn mpea ayɛ aderɛ.

Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ,

na wɔrensua akodie bio.

5 O, Yakob fie,

mommra mma yɛnkɔ,

na yɛnkɔnante AWURADE hann mu.

6 Na woagya wo man,

Yakob fie,

ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama,

ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ,

na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ.

7 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma,

na wɔn akoradeɛ nni ano.

Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma,

na wɔn nteaseɛnam nni ano.

8 Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma,

wɔn nsa ano adwuma na wɔsom,

adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ.

9 Enti wɔbrɛ onipa ase,

na wɔde mmarima hwe fam:

Mfa nkyɛ wɔn.

10 AWURADE ho hu

ne ne kɛseyɛ animuonyam nti,

hyɛne ɔbotan mu,

na fa wo ho kora mfuturo mu.

11 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase,

na mmarima ahomasoɔ ahwe fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ

a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa

ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase;

13 na ɛbɛba Lebanon ntweneduro

a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa

ne Basan nnupɔn nyinaa so

14 ne mmepɔ atentene nyinaa

ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so

15 ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa

ne afasuo a ɛyɛ den nyinaa so

16 ne Tarsis ahyɛn nyinaa

ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.

17 Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase,

na mmarima ahokyerɛ aba fam,

na wɔama AWURADE nko so ɛda no.

18 Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa.

19 Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro

ne fam amena mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

20 Ɛda no, nnipa bɛto

wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo

a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene

ama nkusie ne mpan,

21 na wahyɛne abotan ntokuro

ne aboɔ mpaepaeɛ mu,

afiri AWURADE ho hu anim

ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho,

da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no.

22 Montwe mo ho mfiri onipa

a ahome wɔ ne hwene mu no ho,

na onipa yɛ deɛn koraa?

Categories
Yesaia

Yesaia 3

Ɔman no nnebɔne so

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,

bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa

afiri Yerusalem ne Yuda,

aduane dua nyinaa

ne nsuo dua nyinaa,

2 ɔdɔmmarima ne ɔkofoni,

ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ,

nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin,

3 aduonum so asafohene

ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni

ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ

ne deɛ ɔnim ntafowayie.

4 Na mede mmerantewaa mayɛ wɔn asafohene,

na mmotafowa adi wɔn so.

5 Na nkurɔfoɔ no bɛha wɔn ho,

oyi ne oyi,

onipa ne ne yɔnko;

aberantewaa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so,

na apapahwekwaa nso, onimuonyamfoɔ so.

6 Sɛ obi sɔ ne nua mu,

ne nua a ɔfiri n’agya fie mu sɛ:

Wowɔ atadeɛ,

bɛyɛ yɛn panin,

na di yɛn so

ahokyere berɛ yi mu,

7 ɔbɛma ne nne so da no sɛ:

Merenyɛ ɔyaresafoɔ,

na me fie nso, aduane nni hɔ na atadeɛ nni hɔ,

monnsi me

ɔman panin.

8 Na Yerusalem asunti,

na Yuda ahwe ase,

ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie,

sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.

9 Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ,

na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ,

wɔnkata so.

Wɔn kra nnue!

Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho.

10 Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie,

na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.

11 Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo,

na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.

12 Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ,

na mmaa di wɔn so.

Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ,

na wɔsɛe w’akwan tempɔn no.

13 AWURADE asɔre redi asɛm,

na wabɛgyina hɔ rebu aman atɛn;

14 AWURADE reba abɛbu

ne man mpanimfoɔ ne n’asafohene atɛn,

ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no,

mmɔborɔni asadeɛ wɔ mo afie mu;

15 mohunuu deɛn nti na mopɛkyɛ me man

na modwɛre mmɔborɔfoɔ anim?

AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn, asɛm nie.

Mmaa ahantanfoɔ atemmuo

16 Na AWURADE kaa sɛ:

Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan

na wɔtoto abamkɔn

deda wɔn ani akyi nante,

wɔde anammɔn ntiantia nenam

ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,

17 AWURADE bɛma tirimkuro

agu Sion mmammaa mpampam,

na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.

18 Ɛda no AWURADE bɛyi afɛfɛdeɛ no, nan ase nkaa, ntomaban, asranefa,

19 aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan,

20 abotire, nan ntam ntweaban, abɔsoɔ, ohwam ntoaa, mmansere,

21 mpɛtea, hwene nnwinneɛ,

22 ntadeɛ nsakyeraho, ntadeɛ yuu, ngusoɔ, sika nkotokuo,

23 nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu.

24 Na ɛbɛba sɛ, ohwam ananmu na kankan bɛsie,

na ntampehoma asi abɔsoɔ ananmu,

na atipa asi mmɛsa ananmu,

na ayitoma asi atadeɛ ananmu,

na nhyehyeeɛ twa asi ahoɔfɛ ananmu.

25 Wo mmarima bɛtotɔ nkrantɛ ano,

ne wo nnɔmmarima wɔ ɔsa mu;

26 na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo,

na ɔbɛda mpan na watena fam.

Categories
Yesaia

Yesaia 4

1 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.

Awieeɛ berɛ mu nkwagyeɛ

2 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.

3 Na deɛ wɔagya no Sion ne deɛ waka Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din afra ateasefoɔ mu, Yerusalem nyinaa,

4 da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.

5 Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;

6 na ɛbɛyɛ ntomadan a aseɛ wɔ nwunu awia, ahuhuro mu, ɛne dwanekɔbea ne huntabea, aprannaa ne nsutorɔ mu.

Categories
Yesaia

Yesaia 5

Bobeturo ho bɛ

1 Ma mento me dɔfo ho dwom,

me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho:

Me dɔfo wɔ bobeturo bi,

asasebereɛ kokoɔ bi so;

2 na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ,

na ɔtetɛɛ mu bobe pa,

na ɔtoo abantenten sii mu,

na ɔtuu mu nsakyi-amena nso;

na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba:

Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.

3 Na afei, mo a motete Yerusalem

ne Yuda mmarima,

mesrɛ mo, mommu me ne me

bobeturo ntam atɛn.

4 Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio

a menyɛeɛ?

Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba,

na aso abuntwerɛ yi?

5 Na afei merema moahunu

deɛ merebɛyɛ me bobeturo no:

Mɛyi ɛho ban,

na mmoa adi,

mɛbubu ne fasuo,

na wɔatiatia so;

6 mɛma no atɔ mpan,

wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu,

na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko,

na mɛhyɛ osuo

sɛ ɛnntɔ nngu so.

7 Na asafo AWURADE bobeturo

ne Israel fie,

na Yuda mmarima ne

n’afuo a n’ani gye ho;

na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee,

nanso hwɛ, mogyahwieguo;

ɔhwehwɛɛ tenenee,

nanso hwɛ, osu!

Due ahodoɔ nsia

8 Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ,

wɔn a wɔde afuo ka afuo ho

kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio,

na mo nko ara motena

asase no soɔ.

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ:

Ampa ara, adan pii bɛdane fituo,

adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;

10 na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ,

na homer baako a wɔadua bɛma batbaako pɛ.

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu

di mmorosa akyire,

wɔn a wɔsiri pɛ

ma nsa bo wɔn!

12 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta,

ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ,

na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu,

na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

13 Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti;

na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ,

na sukɔm ade wɔn dɔm;

14 enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu,

na ahaa n’anomu bayaa,

na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ.

15 Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam,

na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase;

16 na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu,

na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.

17 Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea,

na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ,

na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,

19 wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare

nyɛ n’adwuma ntɛm

na yɛnhunu!

Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn

na ɛmmra ma yɛnhunu!

20 Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa

ne papa sɛ bɔne,

wɔn na wɔde sum yɛ hann,

na wɔde hann yɛ sum,

wɔde nwononwono yɛ fremfrem,

na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!

21 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ

na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.

22 Wɔnnue, nsanom mu akatakyie

ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!

23 Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ,

na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.

Ɔsɛeɛ atemmuo

24 Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma

na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no,

saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ,

na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo,

ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara,

na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.

25 Yei nti AWURADE bo fuu ne man,

na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn,

na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ,

na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ.

Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee,

na ne nsa mu atene ara.

26 Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie,

na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano,

na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.

27 Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu,

wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum,

wɔn asene mu abɔsoɔ rensane,

na wɔn mpaboa homa rente.

28 Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm,

na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu;

wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ,

na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.

29 Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ,

na wɔbobom sɛ agyataburuwa,

wɔpɔ so kyere wɔn hanam,

wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

30 Na wɔbɛworo atia wɔn da no

sɛdeɛ ɛpo worɔ,

na wɔhwɛ asase a,

na hwɛ, ahohiahia ne sum nie,

na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.

Categories
Yesaia

Yesaia 6

Odiyifoɔ no frɛ ne ne hyɛ

1 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.

2 Serafim gyinagyina ne nkyɛn. Wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔn mu biara de ntaban mmienu kata wɔn anim. Na wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu.

3 Na oyi team kyerɛ oyi sɛ:

Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE!

N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.

4 Na apono ase wosoe, deɛ na ɔreteam no nne nti, na wisie yɛɛ ɛdan no ma.

5 Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!

6 Ɛnna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura nsramma a ɔde daban kɔfaa no afɔrebukyia no soɔ;

7 na ɔde kaa m’ano kaa sɛ: Hwɛ, yei aka w’ano, na wɔayi w’amumuyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.

8 Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!

9 Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ:

Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ,

na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.

10 Ma ɔman yi akoma mpirim,

na wɔn aso mu nyɛ duru,

na ka wɔn ani femfam so,

na wɔamfa wɔn ani anhunu,

na wɔamfa wɔn aso ante,

na wɔn akoma anhunu mu,

na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.

11 Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse:

Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo

a obi nte mu,

na afie atɔ mpan a onipa nni mu,

na asase no asɛe ayɛ fo koraa,

12 na AWURADE aka nnipa akɔ akyirikyiri,

na amamfo adɔɔso wɔ asase no soɔ.

13 Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a,

wɔbɛsane ahye wɔn,

sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam,

nanso ne sini da so ara si hɔ

berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.

Categories
Yesaia

Yesaia 7

Yerusalem amanehunu

1 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no.

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub,wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano,

4 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.

5 Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:

6 Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔha no, na yɛnni so mfa, na yɛnsi Tabeel ba no hene wɔ mu, nti:

7 Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛrennyina na ɛremma mu,

8 na Siria tiri ne Damasko,

na Damasko tiri ne Resin.

(Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)

9 Efraim tiri ne Samaria,

na Samaria tiri ne Remalia ba no:

Sɛ morennye nni a,

nokorɛ morennyina.

Imanuel nsɛnkyerɛnneɛ

10 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ:

11 Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro!

12 Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ.

13 Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?

14 Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.

15 Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no.

16 Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo.

Asotwe a ɛnam Asiriafoɔ so ba

17 AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.

18 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,

19 na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so.

20 Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi,na ayi bɔgyesɛ nso.

21 Na ɛda no, obi bɛyɛne nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi,

22 na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie.

23 Na ɛbɛba sɛ ɛda no, baabiara a bobe apem a kane ɛdi nnwetɛbena apem wɔ no bɛdane nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko.

24 Agyan ne tadua na wɔde bɛba hɔ, ɛfiri sɛ asase no nyinaa ayɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko;

25 na mmepɔ a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyinaa no, nwerɛ ne nkasɛɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wɔbɛgyaa anantwie akɔ so, na nnwan atiatia so.

Categories
Yesaia

Yesaia 8

Wɔde Asiriahene bɛtwe ɔman no aso

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.

2 Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ, Ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanseɛ.

3 Na mekɔɔ odiyifoɔbaano ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.

4 Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.

5 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ:

6 Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,

7 hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;

8 na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.

9 Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara,

asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso,

mommia na monnwerɛ,

mommia na monnwerɛ.

10 Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa,

monka asɛm na ɛrennyina,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Nyankopɔn mu gyidie ho kɔkɔbɔ

11 Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ:

12 Mommfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no etiresopam no nyinaa sɛ etiresopam, na deɛ wɔsuro nso monnsuro, na mo akoma nntu.

13 Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo.

14 Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.

15 Na wɔn mu bebree bɛwatiri, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ mfidie mu na wɔayiyi wɔn.

16 Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu.

17 Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.

18 Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.

19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?

20 Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.

21 Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na ayɛ den ama wɔn na ɛkɔm ade wɔn; na ɛberɛ a ɛkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadanedane wɔn ani akyerɛ soro,

22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.

Categories
Yesaia

Yesaia 9

Deɛ wɔasra no no awoɔ, ne ne din ahodoɔ ne n’ahennie

1 Nanso kusuuyɛ no rentena hɔ mma deɛ na ɔwɔ ahodwan mu no; akane berɛ no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyire yi no, ɔbɛhyɛ amanaman Galilea a ɛwɔ ɛpo kwan, Yordan agya no animuonyam.

2 Ɔman a na wɔnam sum mu no,

ahunu hann kɛseɛ,

wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no,

hann ahyerɛn wɔn so.

3 Woama ɔman no adɔre,

woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ,

wɔn ani gye w’anim

sɛ twaberɛ mu anigyeɛ,

sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.

4 Na wɔn adesoa dua

ne wɔn akyiri abaa

ne wɔn kafoɔpoma no,

woabubu mu sɛ Midian da no.

5 Na ɔko kitikitiyɛ mu amiafoɔ amiadeɛ nyinaa

ne ntoma a wɔde afɔrefɔre mogya no,

wɔbɛhye no sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya.

6 Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin;

na n’ahennie bɛda ne mmatiri so,

na wɔafrɛ ne din sɛ:

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.

7 Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ

a ɛnni awieeɛ aba,

Dawid ahennwa so ne n’ahennie so,

na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa.

Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.

Israel ho atemmuo

8 AWURADE de asɛm bi akra Yakob,

na ɛbɛtɔ Israel so,

9 na ɔman mu no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne Samariafoɔ

a wɔde ahantan ne ahomasoɔ akoma ka sɛ:

10 Ntayaa adan abubu,

nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto;

wɔabubu akyee,

na yɛde ntweneduro bɛsi ananmu.

11 Na AWURADE bɛma Resin ahohiahiafoɔ so atia no,

na wahwanyan n’atamfo:

12 Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ,

na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel.

Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

13 Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn,

na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.

14 Enti AWURADE bɛtwa Israel mu etire ne dua,

papa ne mmɛwa da koro.

15 Ɔpanin ne animuonyamfoɔ no ne etire no,

na odiyifoɔ atorɔkyerɛkyerɛni ne dua no.

16 Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom

na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.

17 Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ,

na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho;

na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu,

na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

18 Na abɔnefosɛm dɛre sɛ ogya,

ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,

na ɛsɔ kwaeɛ mu adɔtɔ mu

ma no firi wisie kumoo foro kɔ soro.

19 Asafo AWURADE abufuhyeɛ nti

na asase no ahye tumm,

na ɔman no ayɛ sɛ adeɛ a wɔde sɔ gya;

obi nkora ne nua.

20 Na wɔhwim di, nifa so, nanso ɛkɔm de wɔn ara,

na wɔdidi benkum so, nanso wɔmmee,

wɔwewe wɔn ara wɔn nsa ho nam.

21 Manase we Efraim, na Efraim we Manase,

na wɔn baanu nyinaa sɔre tia Yuda.

Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

Categories
Yesaia

Yesaia 10

Atemmuo bɔne asotwe

1 Wɔnnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛdeɛ huhuo

ne atwerɛfoɔ a wɔtwerɛ nhyɛsoɔ ahyɛdeɛ,

2 sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho,

na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo,

na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ,

na wɔafom nwisiaa afa!

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no

ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu?

Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa,

na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?

4 Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafoɔ mu

anaa wɔne atɔfoɔ atotɔ afra.

Yei nyinaa mu no n’abufuo nnyaee,

na ne nsa atene ara.

5 A, Asiria, m’abufuo abaa

a wo nsam poma yɛ m’abufuhyeɛ!

6 Ɔman a nyamesuro nni wɔn mu mu na masoma no akorɔ,

na m’abufuo man no so na mɛhyɛ no sɛ

ɔnkɔ nkɔfa asadeɛ na ɔnkɔfom mfa,

na ɔntiatia wɔn so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

7 Nso ɔno deɛ, ɛnyɛ saa na ɔdwene,

na n’akoma nsusu no saa,

na ɛwɔ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɛe

na watutu amanaman pii.

8 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ:

M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?

9 Kalno nte sɛ Karkemis?

Na Hamat nte sɛ Arpad anaa?

Na Samaria nte sɛ Damasko?

10 Sɛdeɛ me nsa kaa ahennie a wɔn abosonhuhuo no

ahoni sene Yerusalem ne Samaria deɛ no,

11 ɛnyɛ sɛdeɛ meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuo no

na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?

12 Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.

13 Ɛfiri sɛ ɔse:

Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ,

ɛfiri sɛ mewɔ nyansa ne nteaseɛ;

na matwe aman no ahyeɛ mu,

na mafom wɔn akoradeɛ,

na masunsum wɔn a wɔtete adwa soɔ agu, sɛ ɔbrane.

14 Na me nsa aka aman no ahonyadeɛ sɛ pirebuo;

na sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no,

sɛdeɛ me nso mɛtase asase nyinaa ne no,

na obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban

anaasɛ ɔtrɛɛ n’anomu anaasɛ ɔsuu twee twee.

15 Akuma hoahoa ne ho wɔ deɛ ɔde no twa adeɛ no so,

anaasɛ ɛwan ma ne ho so wɔ deɛ ɔtwe no no so?

Sɛ dabrɛ dua tumi him deɛ ɔma soɔ no,

anaasɛ poma tumi ma deɛ ɔnyɛ dua no so!

16 Enti AWURADE, asafo AWURADE no,

bɛma ɛfɔn aba n’abrane mu,

na wasɔ n’animuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛreɛ,

17 Na Israel hann no bɛdane ogya,

na ne Kronkronni no adane gyaframa,

na wadɛre ahye

ne nwerɛ ne ne nkasɛɛ da koro.

18 Na ne kwaeɛ ne ne mfuo animuonyam no,

ɔbɛfiri ɔkra so akɔsi honam so asɛe no,

na ayɛ sɛ ɔyarefoɔ a yadeɛ rewie no kum.

19 Na ne kwaeɛ mu nnua nkaeɛ no bɛsua

a abɔfra mpo bɛtumi atwerɛ ne dodoɔ.

Nkaeɛ no saneba

20 Na da no, Israel nkaeɛ ne Yakob fie adwanefoɔ no rentwere deɛ ɔhwee wɔn no bio, na wɔbɛtwere AWURADE, Israel Kronkronni no, nokorɛ mu.

21 Nkaeɛ no bɛsane aba, Yakob nkaeɛ bɛba Onyankopɔn tumfoɔ no nkyɛn.

22 Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba.

23 Na ɔsɛeɛ pasaa a wahyɛ no pintinn no na asafo AWURADE Nyankopɔn de reba asase mu no nyinaa soɔ.

24 Ne saa nti, sɛdeɛ asafo AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me man a wɔte Sion, monnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe woɔ, na ne poma na ɔbɛma so wo soɔ, sɛ Misraim deɛ no;

25 nanso aka kakra bi na abufuhyeɛ no to atwa, na m’abufuo adane akɔdwerɛ wɔn.

26 Na asafo AWURADE bɛhim mpire atia no, sɛdeɛ ɔkum Midian, Oreb botan soɔ no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim deɛ no.

27 Na da no, n’adesoa bɛyi afiri wo mmatiri so, na ne kɔnnua afiri wo kɔn so.

Na sradeɛ nti kɔnnua no bɛpae.

28 Waba Ayat afa Migron

de ne nnesoa agya Mikmas;

29 wɔakɔfa mpɔtamu hɔ,

wɔakɔsoɛ Geba anadwo no.

Rama ho repopo,

Gibea-saulo adwane.

30 Ma wo nne so team, Galim babaa!

O Laisa, tie ɛ!

O Anatot, bua no!

31 Madmena redwane,

Gebimfoɔ redwane akɔ deɛ ɛhɔ yɛ.

32 Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob,

ɔbɛwoso ne nsa

agu Sion babaa bepɔ,

Yerusalem kokoɔ no, so.

33 Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,

de tumi a ɛyɛ hu resua dua mman kusuu so,

na nnutan a ɛwowareɛ no, wɔbɛtwa agu,

na deɛ ɛkorɔn no abrɛ ase;

34 na ɔde akuma bɛbu kwaeɛ mu adɔtɔ,

na Lebanon ne ne nnua akɛseɛ no ahwe ase.