Categories
Yeremia

Yeremia 51

Babel tumi ne ahweaseɛ

1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom

atia Babel

ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu,

2 na masoma nhusofoɔ akɔ Babel,

na wɔahu no so,

na wɔama n’asase ada mpan,

ɛfiri sɛ wɔbɛtwa ne ho ahyia,

ɛda bɔne no so.

3 Deɛ ɔkuntunu ne tadua mu no,

ma taduakuntunfoɔ nkuntunu ne tadua mu ntia no, ne deɛ ɔma ne ho soɔ, ne dadeɛ nkataboɔ mu no.

Na monnnodo ne mmeranteɛ ho,

monsɛe ne dɔm nyinaa pasapasa.

4 Na atɔfoɔ abɛgugu Kaldeafoɔ asase so,

na wɔn a wɔahwire wɔn mu agugu ne mmorɔno so.

5 Na Israel ne Yuda

Nyankopɔn, asafo AWURADE no, nnyae wɔn.

Na wɔn deɛ, wɔn asase no, Israel Kronkronni no ho asodie ahyɛ so ma.

6 Monnwane mfiri Babel mu,

na mommema mo kra mfiri mu mfi,

na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu,

na AWURADE aweretɔ berɛ nie,

ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.

7 Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa

a ɛma asase nyinaa borɔ;

amanaman anom ne nsa no bi,

enti na amanaman abobɔ dam.

8 Mpofirim na Babel ahwe aseɛ na wɔabubu no.

Montwa ne ho agyaadwo,

momfa ne yea ano aduro mmra,

ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.

9 Anka yɛresa Babel yadeɛ,

nanso ansa.

Monnya no mma yɛnkɔ

yɛn nsase so,

na n’atemmuo akɔduru ɔsoro,

na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.

10 AWURADE ayi yɛn tenenee adi;

mommra mma yɛmmɛka

AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion.

11 Monse agyan, monsɔ akyɛm mu!

AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.

12 Monsi frankaa ntia Babel afasuo,

momma ɔwɛn mu nyɛ den,

momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ,

monsiesie atɛfoɔ,

na AWURADE dwene ne tirim,

nso ɔreyɛ deɛ waka no Babelfoɔ ho no.

13 O, wo a wote nsuo bebree soɔ

a w’akoradeɛ dɔɔso no,

w’awieeɛ aba,

deɛ wɔasusuo a wɔbɛtwa no wo soɔ no aduru so.

14 Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ:

Ampa ara, mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,

na wɔabɔ wo so se.

15 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase

de ne nyansa maa wiase timm hɔ,

na ɔde ne nhunumu

de ɔsoro trɛɛ hɔ.

16 Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro,

na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa;

ɔyɛ anyinam ka osuo ho,

ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.

17 Nnipa nyinaa yɛ nkwaseafoɔ a wɔnni nimdeɛ,

sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu ahoni ho,

ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ yɛ atorɔ,

na ahome nni wɔn mu;

18 wɔyɛ ahuhudeɛ nko, nnadaa adwuma,

wɔn asotwe berɛ mu no, wɔbɛyera.

19 Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom,

ɛfiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no,

na Israel ne n’agyapadeɛ abusuakuo,

asafo AWURADE ne ne din.

20 Woyɛ me asaeɛ ne akodeɛ,

na mede wo mebobɔ amanaman,

na mede wo mesɛesɛe ahennie;

21 na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ;

na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutenafoɔ;

22 na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbaa,

na mede wo mebobɔ akɔkoraa ne abɔfra,

na mede wo mebobɔ aberanteɛ ne ababaa;

23 na mede wo mebobɔ odwanhwɛfoɔ ne ne nnwankuo,

na mede wo mebobɔ okuafoɔ ne n’anantwie mpamho,

na mede wo mebobɔ amradofoɔ ne ɔman mpanimfoɔ.

24 Na mɛtua Babel ne Kaldeafoɔ nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, mo ani so, AWURADE asɛm nie.

25 Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ,

AWURADE asɛm nie,

wo a wosɛe asase nyinaa,

wo so na matene me nsa,

na mamunimuni wo afiri ɔbotan so,

na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.

26 Na wɔremfa wo mu ɔboɔ a wɔde bɛto ntweasoɔ

ne ɔboɔ a wɔde bɛto fapem,

na mmom wobɛdane daa amamfo,

AWURADE asɛm nie.

Babel asodie ne asotwe

27 Monsi asase no so frankaa,

monhyɛne ntotorobɛnto amanaman mu;

monsiesie amanaman nkyere ne so sa,

monhyia Ararat, Mini ne Askenas

ahennie ntia no.

Monsi sahene ntia no,

momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛ kuro a wɔretu.

28 Monsiesie amanaman nkyere ne so sa,

Media ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn amanpanin

ne wɔn ahennie nsase nyinaa.

29 Na asase no woso na ɛpopo,

ɛfiri sɛ AWURADE tirimbɔ no ba mu, Babel ho,

sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte soɔ.

30 Babel nnɔmmarima agyae ko

tete wɔn aban mu,

wɔn mmaninyɛ to atwa,

wɔadanedane mmaa;

wɔato wɔn afie mu gya,

wɔabubu akyire adaban.

31 Mmirikatuni tu mmirika hyia mmirikatuni,

ɔbɔfoɔ nam hyia ɔbɔfoɔ

sɛ ɔrekɔbɔ Babel hene amanneɛ,

sɛ wɔafa ne kuro, tia ne tia,

32 na wɔagye asuo atwaeɛ,

na wɔde ogya ahye mmɛwa tadeɛ no,

na akofoɔ no ani atane.

33 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie:

Babel babaa te sɛ ayuporebea,

berɛ a wɔtiatia soɔ no.

Aka kakraa bi

na twaberɛ aduru ama no.

34 Babelhene Nebukadnessar atete me,

wayam me,

ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu.

Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi,

wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma,

wapu me agu sɛ nsuo.

35 Atirimuɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel,

deɛ ɔte Sion no na ɔka saa;

na me mogya ngu Kaldeafoɔ so,

Yerusalem na ɔka saa.

36 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ no were mama wo;

na mama ne po no mu awo,

na n’asubura awe;

37 na Babel ayɛ akuakuo

ne ɛserɛ so kraman tenabea,

ahodwirideɛ ne fɛdie,

na obiara rentena hɔ.

38 Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata,

wɔpopɔ so sɛ agyata mma.

39 Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono,

na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn,

na wɔada daa nna,

na wɔannyane, AWURADE asɛm nie.

40 Mɛtwe wɔn asiane sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,

sɛ adwennini ne mpapo nyinaa.

41 Sɛdeɛ wɔasi afa Sesak a ɛne Babel agye

asase nyinaa ayeyie no!

Sɛdeɛ Babel asi adane

amanaman mu ahodwirideɛ!

42 Ɛpo abɛsram Babel so,

n’asorɔkyeɛ huuyɛ akata so.

43 Ne nkuro adanedane amamfo,

asase pɛsɛɛ ne anwea pradada

asase a obiara nte soɔ

na onipa ba biara mfa soɔ.

44 Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ,

na mayi deɛ wɔamene no afiri n’anomu,

na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio;

Babel afasuo nso ahwe ase.

45 Me man, momfiri adi mfiri ne mu,

na monnyegye mo kra

mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano.

46 Nso mommma mo akoma nntu, na monnsuro

akwansosɛm a wɔbɛte no asase soɔ no ho,

na akwansosɛm bɛba afe bi so,

na ɛno akyi afe no, akwansosɛm foforɔ bɛba:

Sɛ nhyɛsoɔ wɔ asase no so,

na deɛ ɔdi tumi sɔre tia deɛ ɔdi tumi.

47 Ɛno nti hwɛ, nna bi reba

a mɛba mabɛbu Babel ahoni no atɛn,

na n’asase nyinaa ani awu,

na n’atɔfoɔ nyinaa ahwehwe ase wɔ so.

48 Na ɔsoro ne asase

ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babel no ahurisie dwom,

na asɛefoɔ bɛfiri atifi fam aba ne so,

AWURADE asɛm nie.

49 Babel nso, sɛdeɛ wɔmaa Israel atɔfoɔ hwehwee aseɛ no,

saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfoɔ bɛhwehwe aseɛ.

50 Mo a moafiri mu afiri afena ano no,

monnante nkɔ, monnnyina!

Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE,

Yerusalem nso mmra mo akoma mu.

51 Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa,

ahohora akata yɛn anim,

ɛfiri sɛ ananafoɔ aba

AWURADE fie akronkronneɛ no.

52 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie,

sɛ mɛba mabɛbu n’ahoni no atɛn,

na atɔfoɔ bɛpenepene

n’asase nyinaa so.

53 Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo,

na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a,

me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ,

AWURADE asɛm nie.

54 Wɔte nteamu firi Babel

ne agyaadwo kɛseɛ firi Kaldeafoɔ asase so.

55 Na AWURADE resɛe Babel,

na wama gyegyeegye kɛseɛ no ayera wɔ mu.

Na wɔn asorɔkyeɛ yɛ huu sɛ nsuo bebree,

wɔn nne hooyɛ gyegye.

56 Na ɔsɛefoɔ ba ɔno

Babel so,

na wɔkyekyere ne nnɔmmarima,

wɔbubu wɔn tadua mu,

ɛfiri sɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE,

tua nso na ɔtua ka.

57 Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ

ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo,

na wɔadeda daa nna a wɔrennyane,

ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.

58 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no,

wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee,

na kuro ano apono a ɛkorɔn no,

wɔde ogya bɛhye,

na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu,

na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no.

Babel so nnuabɔ

59 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia de hyɛɛ Mahseia ba Neria ba Seraia ano, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babel, afe a ɛtɔ so nnan no mu; nso na Seraia di apiafohene.

60 Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa.

61 Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ woduru Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,

62 na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wobɛtutu, a obiara rentena mu, ɛfiri nnipa so kɔsi afieboa so, na adane daa amamfo ara nko!

63 Na sɛ wowie nwoma yi kenkan a, wode ɔboɔ akyekyere ho, na woato atwene Eufrate mu

64 aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa.

Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.

Categories
Yeremia

Yeremia 52

Wɔfa Yerusalem

1 Sedekia dii mfeɛ aduonu baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem, na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia ba a ɔfiri Libna.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.

3 Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ.

Na Sedekia tee Babel hene anim atua.

4 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae.

5 Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu.

6 Bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ ma asase no so nkurɔfoɔ no.

7 Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu hyɛnee mu, na mmarima akofoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.

8 Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho petee.

9 Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no, na ɔbuu no atɛn.

10 Na Babel hene kumm Sedekia mmammarima n’anim, na ɔkunkumm Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla.

11 Na ɔbɔɔ Sedekia ani, na ɔmaa wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfoɔ dan mu kɔsii ne wuda.

12 Na bosome a ɛtɔ so nnum, da a ɛtɔ so du a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron no mu, na Ankɔbeahene Nebusaradan a ɔgyina Babel hene anim no baa Yerusalem,

13 na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, afie akɛseɛ nyinaa, ɔde ogya hyee.

14 Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔne ankɔbeahene baeɛ no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo no nyinaa hyiae.

15 Na ɔman no mu ahiafoɔ no mu bi ne nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.

16 Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa asase no so ahiafoɔ no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.

17 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwowɔ AWURADE fie ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babel.

18 Na nsenaa ne sesa adeɛ ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae,

19 na nyaawa ne nsramma kukuwa, ne nkoraa ne nsenaa ne kanea nnua ne nyowaa ne nkuruwa no, deɛ ɛyɛ sika no sika ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.

20 Adum mmienu no, ɛpo baako no, kɔbere mfrafraeɛ anantwie dummienu a ɛwɔ aseɛ no, nsugyeɛ nnaka a Ɔhene Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔantumi ankari.

21 Adum no, baako korɔn yɛ basafa nkron, na basafa nsia homa twa ho hyia, na emu pipiripie yɛ nsateaa nnan, na ɔkwan da mu.

22 Na ɛso duntire nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na oduntire no korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na ntentan ne atoaa aba wowɔ oduntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na odum a ɛtɔ so mmienu no ho wɔ ɛno ara bi ne atoaa aba.

23 Na atoaa aba a ɛsensɛne mframa ano no yɛ aduɔkron nsia, na atoaa aba a ɛwowɔ ntentan no ho hyia no nyinaa yɛ ɔha.

24 Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfoɔ titire Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ Sefania ne apono ano ahwɛfoɔ baasa,

25 na kuro no mu nso, ɔfaa opiani baako a wɔde no asi akofoɔ no soɔ, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baason a ɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no twerɛfoɔ, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a ɔhunuu wɔn kuro no mu no,

26 na Ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla.

27 Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ.

28 Yei ne ɔman no mu nnipa dodoɔ a Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so nson no mu no, Yudafoɔ mpensa aduonu mmiɛnsa;

29 Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa mmienu;

30 Nebukadnessar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no mu no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafoɔ ahanson aduanan nnum kɔe, nnipa no nyinaa yɛ mpemnan ahansia.

Wɔdom Ɔhene Yehoiakyin

31 Na Yudahene Yehoiakyin tukorɔ so afe a ɛtɔ so aduasa nson mu, bosome a ɛtɔ so dummienu, da a ɛtɔ so aduonu nnum no, Babelhene Ewil-merodak, afe a ɔbɛdii mu hene no, ɔmaa Yudahene Yehoiakyin tiri so, na ɔyii no firii nneduafoɔ dan mu,

32 na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa nyinaa.

33 Na ɔmaa no yii ne duamda ntadeɛ no, na ɔdidii wɔ n’anim daa daa, ne nkwa nna nyinaa.

34 Na deɛ wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, a ɛfiri ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, ɛda biara ne ne deɛ, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa de kɔsii ne wuda.