Categories
Yeremia

Yeremia 41

Ismael di Gedalia awu

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ɔhene asefoɔ ne ɔhene atitire mu no, ne mmarima du a wɔka ne ho baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na wɔbɔɔ mu didii Mispa hɔ.

2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔre de nkrantɛ bobɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi asase no so panin no kumm no.

3 Na Yudafoɔ a wɔne ɔno Gedalia te Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ a wɔyɛ akofoɔ no nso, Ismael kunkumm wɔn.

4 Na Gedalia kum akyiri nnanu a obiara nteeɛ no,

5 mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔgyesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie.

6 Na Netania ba Ismael firi Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɔrekorɔ no, na ɔresu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.

7 Na wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkumm wɔn guu abura bi mu.

8 Nanso wɔn mu mmarima du wɔ hɔ a wɔka kyerɛɛ Ismael sɛ: Nkum yɛn, na yɛwɔ akoradeɛ wɔ wiram, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ. Ɛnna ɔgyaeeɛ, na wankum wɔn ampae wɔn nuanom no so.

9 Nso abura a Ismael totoo mmarima a ɔkunkumm wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne deɛ Israelhene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfoɔ no hyɛɛ no ma.

10 Ɛnna Ismael faa ɔman no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa no nyinaa nnommum, ɔhene mmammaa ne nkurɔfoɔ a wɔkaa Mispa a Ankɔbeahene Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no nyinaa, Netania ba Ismael faa wɔn nnommum kɔe, sɛ ɔrekɔtwam akɔ Amonfoɔ nkyɛn.

Yudafoɔ pɛ sɛ anka wɔkɔ Misraim

11 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee bɔne a Netania ba Ismael ayɛ no,

12 wɔfaa mmarima no nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko; na wɔkɔtoo no asukɛseɛ a ɛwɔ Gibeon no ho.

13 Na nkurɔfoɔ a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔn ani gyee,

14 na ɔman a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa no danedanee wɔn ho sanee wɔn akyiri baa Karea ba Yohanan nkyɛn.

15 Na Netania ba Ismael ne mmarima baawɔtwe firii mu firii Yohanan anim, na wɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.

16 Ɛnna Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa faa ɔman no nkaeɛ a ɔde wɔn sane firii Netania ba Ismael a ɔkumm Ahikam ba Gedalia no nkyɛn Mispa, na wɔfaa mmarima akofoɔ ne mmaa ne mmɔfra ne mpiafoɔ a ɔde wɔn sane firii Gibeon no,

17 na wɔsii mu kɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛwɔ Betlehem nkyɛn mu, sɛ wɔrefa so akɔ Misraim

18 afiri Kaldeafoɔ no anim, ɛfiri sɛ na wɔsuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no si asase no so panin no.

Categories
Yeremia

Yeremia 42

Yeremia bɔ wɔn Misraim ho kɔkɔ kwa

1 Na dɔm asafohene no nyinaa ne Karea ba Yohanan ne Hosaia ba Yesania ne ɔmanfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, twe pinii

2 bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,

3 na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnante soɔ ne adekodeɛ a yɛnyɛ nso.

4 Na Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mate. Hwɛ, merebɛbɔ AWURADE mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mokaeɛ no, na asɛm biara a AWURADE bɛbua mo no, mɛka makyerɛ mo. Meremfa asɛm biara mensie mo.

5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokorɛ danseni pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!

6 Sɛ papa oo, bɔne oo, AWURADE yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no nne na yɛbɛtie, na asi yɛn yie, sɛ yɛtie AWURADE yɛn Nyankopɔn nti.

7 Na dadu akyiri no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn.

8 Na ɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔka ne ho no nyinaa ne ɔman no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so bae,

9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a mosomaa me ne nkyɛn sɛ memma mo nkotosrɛ nnuru n’anim no seɛ nie:

10 Sɛ mobɛtena asase yi so a, ɛnneɛ mɛpagya mo asi hɔ, na merennwiri, na mɛdua mo, na merentutu mo, ɛfiri sɛ manu me ho, mmusuo a mede aba mo soɔ no nti.

11 Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam;

12 na mɛdom mo, na mama wahu mo mmɔbɔ, na wama moasane aba mo asase so.

13 Na sɛ moka sɛ: Yɛrentena asase yi so, na moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne,

14 ka sɛ: Dabi, na yɛbɛkɔ Misraim asase so a yɛrenhunu dɔm na yɛrente totorobɛnto hyɛne na aduanekɔm renne yɛn, na yɛakɔtena hɔ, a,

15 ɛnneɛ afei montie AWURADE asɛm, mo Yuda nkaeɛ a aka yi: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mode mo ani to so sɛ mobɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ a,

16 ɛnneɛ ɛbɛba sɛ, afena a mosuro no ara bɛto mo wɔ hɔ, Misraim asase no so, na ɛkɔm a mo akoma tu ho no, bɛdi mo akyi Misraim hɔ, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo.

17 Na mmarima a wɔde wɔn ani to so sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛwuwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na wɔn mu biara renka, anaasɛ ɔremfiri mmusuo a mede bɛba wɔn soɔ no mu.

18 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.

19 AWURADE aka akyerɛ mo, Yuda nkaeɛ, sɛ monnkɔ Misraim! Na monhunu pefee sɛ madi mo adanseɛ nnɛ.

20 Na moatwa mo ara mo kra nkontompo, ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa no, saa ara na ka kyerɛ yɛn na yɛnyɛ.

21 Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.

22 Na afei, monhunu pefee sɛ afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano na mobɛwuwuo, deɛ mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no.

Categories
Yeremia

Yeremia 43

1 Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no,

2 Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ!

3 Na Neria ba Baruk na ɔpiapia wo tia yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel.

4 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE, antena Yuda asase so.

5 Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔsane firii amanaman nyinaa a wɔpansamm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yudafoɔ asase soɔ,

6 mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mmammaa ne nnipa a Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne Odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk,

7 na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes.

Yeremia hyɛ nkɔm sɛ Nebukadnessar bɛhyɛne Misraim

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tapanes sɛ:

9 Tase aboɔ akɛseɛ, na fa hyehyɛ dɔteɛ mu, ntaayaa fononoo a ɛwɔ Farao fie pono ano no mu, Tapanes Yudafoɔ mmarima no anim,

10 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede n’adwa mabɛsi aboɔ yi a mede makora yi so, na watrɛ n’akatamansoɔ mu wɔ hɔ.

11 Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, deɛ ɔsɛ wuo no bɛwu, na deɛ ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na deɛ ɔsɛ afena no, afena bɛka no.

12 Na mɛto Misraim anyame afie mu gya, na wahye wɔn asoa wɔn nnommum, na wafira Misraim asase, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma, na wafiri hɔ asomdwoeɛ mu akɔ.

13 Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.

Categories
Yeremia

Yeremia 44

Yudafoɔ akyirisanfoɔ ho atemmusɛm

1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie:

2 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ara moahunu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkuro nyinaa soɔ no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte soɔ.

3 Ɛfiri wɔn bɔne a wɔyɛ de huruu me boɔ no; sɛ wɔkɔ kɔhyee aduhwam de som anyame foforɔ a wɔne mo, ne mo agyanom nnim wɔn no nti.

4 Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.

5 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsane afiri wɔn bɔne ho, na wɔrenhye aduhwam mma anyame foforɔ.

6 Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

7 Na afei, sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Adɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛseɛ tia mo ara mo kra yi, sɛ wɔntwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne akɔkoaa mfiri Yuda, na wɔannya mo nkaeɛ biara,

8 sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me boɔ, na moahye aduhwam ama anyame foforɔ, Misraim asase a moaba soɔ abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mo ase bɛhyeɛ, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?

9 Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?

10 Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ.

11 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.

12 Na mafa Yuda nkaeɛ a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔhoɔ no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afena ne ɛkɔm nti, wɔbɛwie sa, afiri akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so; afena ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo, na wɔadanedane ntankadeɛ na ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa.

13 Na mɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase soɔ no aso, sɛdeɛ mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛtwee Yerusalem aso no,

14 na Yuda nkaeɛ a wɔakɔ Misraim, akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no mu biara remfiri mu, anaasɛ ɔrenka na wɔasane aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsane kɔ hɔ no so, kɔtena hɔ no, ɛfiri sɛ obiara biara rensane mma, gye adwanefoɔ.

15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom hyehyee aduhwam maa anyame foforɔ no nyinaa, ne mmaa a wɔgyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛseɛ, na ɔman a wɔte Patros, Misraim asase soɔ no nyinaa buaa Yeremia sɛ:

16 Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,

17 na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no.

18 Na ɛfiri berɛ a yɛgyaee ɔsoro hemmaa no aduhwamhyeɛ ne ahwiesa hwie no, nnoɔma nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afena ne ɛkɔm awie yɛn yɛ yi.

19 Na mmaa no kaa sɛ, yɛhye aduhwam ma ɔsoro hemmaa na yɛhwie ahwiesa ma no a, mosusu sɛ yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ taterɛ de sisi hɔ ma no na yɛhwie ahwiesa no a wɔnnim anaa?

20 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmaa ne nkurɔfoɔ a wɔbuaa no no nyinaa sɛ:

21 Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu.

22 Ɛfiri sɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nneyɛɛ bɔne ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio, na mo asase adane amamfo ne ahodwirideɛ ne nnome a obiara ntena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

23 Ɛsiane sɛ mohyehyee aduhwam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ ne n’adansesɛm no soɔ nti, na asiane bɔne yi abɛsiane mo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

24 Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: Yudafoɔ a mowɔ Misraim asase soɔ nyinaa, montie AWURADE asɛm:

25 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma no ba mu sɛ: Ma ara na yɛbɛma yɛn aboadeɛ a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Tim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ma nso na mobɛma mo aboadeɛ no.

26 Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!

27 Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, bɔne ho, na ɛnyɛ papa ho, na Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim asase soɔ no nyinaa bɛdwerɛ afena ne ɛkɔm ano akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.

28 Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo!

29 Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahunu sɛ mo ho na me nsɛm no bɛba mu ayɛ mo bɔne:

30 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Misraimhene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no aku no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia mehyɛɛ Babelhene Nebukadnessar a ɔtanee no, pɛɛ no kumm no no nsa no.

Categories
Yeremia

Yeremia 45

Ɔbɔ Baruk kɔkɔ na ɔkyekyere ne werɛ nso

1 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ:

2 Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka no wo, Baruk, ho nie:

3 Woka sɛ: Mennue, sɛ AWURADE de awerɛhoɔ ka me yea ho. Mabrɛ ne apinisie, na mennya ahome biara.

4 Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.

5 Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.

Categories
Yeremia

Yeremia 46

Wɔdi Misraimfoɔ so nkonim

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, amanaman ho nie:

2 Misraim deɛ: Misraimhene Farao Neko dɔm a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babelhene Nebukadnessar kumm wɔn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no ho.

3 Monsiesie nkataboɔ ne ɛkyɛm,

na montu sa.

4 Momfa apɔnkɔ nsesa nteaseɛnam ho,

montenatena so, O apɔnkɔsotefoɔ,

monhyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ,

mompɔ mpea ho,

na monhyehyɛ dadeɛ nkataboɔ.

5 Ɛnam deɛn so na mehu wɔn

sɛdeɛ wɔn akoma atuo

na wɔadane wɔn akyire,

na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo,

na dwane ara na wɔredwane

na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi?

Ehu wɔ afa nyinaa,

AWURADE asɛm nie;

6 ɔhoɔharefoɔ nnya adwaneyɛ,

na dɔmmarima mfiri mu mfi;

atifi fam, Asuo Eufrate no ho

na wɔasuntisunti na wɔahwehwe aseɛ.

7 Hwan na ɔreba sɛ Nil,

na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi?

8 Misraim atu reba sɛ Nil,

n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ,

na ɛse: Mɛyiri makata asase so

masɛe nkuro ne emufoɔ no.

9 Montenatena apɔnkɔ so,

na nteaseɛnam ntu yirididi

na nnɔmmarima no mfiri adi,

Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no

ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.

10 Ɛda no yɛ asafo AWURADE Nyankopɔn deɛ,

aweretɔ da

a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.

Na afena bɛdidi amee,

na wɔn mogya ama no abo,

na AWURADE, asafo AWURADE wɔ okum afɔdeɛ,

atifi fam asase so, Asuo Eufrate ho.

11 O ɔbaabunu, Misraim babaa,

foro kɔ Gilead kɔgye aduro;

kwa ara kwa na woma nnuro dɔɔso,

ayaresa biara nni hɔ mma wo.

12 Amanaman ate wo ahohora,

na wo nteamu ayɛ asase ma tɔ,

na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so

ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.

Misraim amaneɛ

13 Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia, sɛ Babelhene Nebukadnessar bɛba abɛseɛ Misraim asase no.

14 Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol,

na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ.

Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn,

ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia.

15 Ɛnam deɛn so na wɔapra w’akunini korɔ yi?

Adɛn na wo nantwinini annyina,

na AWURADE apam no?

16 Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo;

ɛnna wɔse:

Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn

ne yɛn awoɔ asase so

mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.

17 Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe;

wama berɛ a ɛsɛ no atwam.

18 Sɛ mete aseɛ yi, ɔhene a

asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie,

sɛdeɛ Tabor si mmepɔ no ntam

na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.

19 Yɛ atukorɔ ho adeɛ fa,

O Misraim babaa a wote hɔ no,

na Memfi bɛdane amamfo,

na ahye a obiara rentena mu bio.

20 Misraim yɛ nantwie bedeɛ a ne ho yɛ fɛ,

nanso ɔsɛeɛ firi atifi fam aba ne so.

21 N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no

te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ,

aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane;

wɔnnyina,

ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu,

wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.

22 Ne nne gyegye kɔ sɛ ɔwɔ a ɔtene,

na wɔde dɔm nam reba ne so,

na wɔde mmonnua reba ne so

sɛ nnuabufoɔ.

23 Wɔbɛtwa ne kwaeɛ

AWURADE asɛm nie,

kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ,

ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ,

na wɔn dodoɔ nni ano.

24 Wɔama Misraim babaa ani awu,

wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.

25 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahemfo ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ no,

26 na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi no, wɔbɛsane abɛtena ha sɛ tete nna no, AWURADE asɛm nie.

Wɔkyekyere Israel werɛ

27 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,

na mma w’akoma nntu, O Israel.

Na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri

ne w’asefoɔ nso afiri wɔn nnommumfa asase no so,

na Yakob asane aba abɛhome atena ase dwoodwoo,

na obiara nni hɔ a ɔbɛyi no hu.

28 Wo, m’akoa Yakob, nsuro,

AWURADE asɛm nie,

na medi w’akyi,

na mɛma amanaman

a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa,

na wo deɛ, merenwie wo.

Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata,

na bem deɛ, meremma wonni.

Categories
Yeremia

Yeremia 47

Filistifoɔ asase ho atemmusɛm

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:

2 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam

na ayɛ asuo a ɛreyiri

asram asase ne ne mayɛ,

kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ.

Na nnipa bɛteateam,

na asase no sofoɔ abɔ abubuo,

3 wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ

ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti,

agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma,

wɔn nsa mu goɔ no nti,

4 ɛda a ɛreba abɛsɛe

Filistifoɔ nyinaa

atwitwa Tiro ne Sidon

aboafoɔ a aka no nyinaa nti,

na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ,

Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.

5 Atipa aba Gasa so,

Askelon ne wɔn

bonhwa mu nkaeɛ asɛe pasaa.

Wobɛbɔ wo ho akam akɔsi da bɛn?

6 Ao, AWURADE afena,

ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm?

Sane kɔhyɛ wo boha mu,

home na yɛ dinn ɛ!

7 Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ komm,

berɛ a AWURADE ahyɛ no yi?

Askelon ne mpoano hɔ

na wahyɛ sɛ ɛmmra.

Categories
Yeremia

Yeremia 48

Moab ho atemmusɛm

1 Moab deɛ:

Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie:

Nebo nnue! ɛfiri sɛ asɛe.

Kiriataim ani awu, wɔagye.

Aban denden no ani awu na wɔadwiri agu.

2 Moab din a wagyeɛ no nni hɔ bio,

wɔatu ne ho agyina bɔne, wɔ Hesbon sɛ:

Mommra mma yɛntwa no, na anyɛ ɔman bio.

Wo nso kuro a wɔfrɛ wo Madmen, wɔbɛka w’ano atomu,

ɛfiri sɛ afena di w’akyi.

3 Tie! Esu nne a ɛfiri Horonaim,

ɔsɛeɛ ne amamfo kɛseɛ.

4 Wɔabubu Moab,

emu nnipa nkumaa ma wɔte nteamu.

5 Na Luhit aforoeɛ hɔ

wɔde esu ara nko foro kɔ soro;

na Horonaim asianeeɛ hɔ

ahohiahiafoɔ tee agyaadwo gyegyeegyeyɛ.

6 Monnwanedwane mma mo kra mfiri mu mfi,

na monyɛ sɛ anwea pradada so afunumu.

7 Na ɛsiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akoradeɛ soɔ nti,

wo nso, wɔbɛfa wo,

na Kemos, n’asɔfoɔ ne n’asafohene abɔ mu

afiri adi akɔ tukorɔ mu.

8 Na ɔsɛefoɔ bɛba nkuro nyinaa so,

na kuro biara remfiri mu mfi;

na mmonhwa ayera,

na asaseta nso asɛe,

sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

9 Momma Moab nkaeɛdum,

na sɛe ara na wɔbɛsɛe no.

Na ne nkuro bɛyɛ amamfo

a obiara nte mu.

10 Nnome nka deɛ ɔyɛ AWURADE adwuma biara biara, na nnome nka deɛ ɔsianka n’afena firi mogyahwieguo mu.

11 Moab atena ase dwoodwoo firi ne mmɔfraase,

na wada ne puo so,

na wɔnhwiee no mfirii adeɛ mu nguu adeɛ mu,

na ɔnkɔɔ tukorɔ mu da;

enti na ne dɛ aka ne mu,

na ne ho hwam nsakyeraeɛ.

12 Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛsoma atuefoɔ aba ne so a wɔbɛtue wɔn, na wɔahwiehwie deɛ ɛwɔ n’adeɛ mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso.

13 Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no.

14 Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima

ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ?

15 Wɔasɛe Moab, na wɔaforo kɔ ne nkuro mu,

na ne mmeranteɛ a wɔayi wɔn no asiane kɔ okum mu,

ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm nie.

16 Moab sɛeɛ repempɛn so ba,

na ne mmusuo reyɛ ntɛm ba.

17 Monnyam no, mo a motete ne ho nyinaa

ne mo a monim ne din nyinaa.

Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den,

poma fɛfɛ no abuo yi?

18 Siane firi w’animuonyam mu,

na tena sukɔm asase so,

O wo a wote Dibon!

Na Moab sɛefoɔ atu reba wo so,

ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.

19 Kɔgyina kwan ho sra,

Aroerfoɔ,

bisa odwanefoɔ ne deɛ wafiri mu afire

sɛ: Ɛdeɛn na asie?

20 Moab ani awu, ɛfiri sɛ wɔadwiri agu.

Montwa agyaadwo na monteam,

monka no Arnon

sɛ wɔasɛe Moab.

21 Na atemmuo aba asaseta no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat,

22 ne Dibon ne Nebo ne Bet-diblataim,

23 ne Kiriataim ne Bet-gamul ne Bet-meon,

24 ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkuro a ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa so.

25 Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie.

26 Momma no mmoro, ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab ayantam ne feɛ mu, na ɔno nso nnane asereseredeɛ.

27 Israel anyɛ wo aseredeɛ, sɛ wohunuu no akorɔmfoɔ mu? Na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowoso wo ti.

28 O Moabfoɔ,

monnya mo nkuro hɔ nkɔtena abotan mu,

na monyɛ sɛ abuburo a ɔyɛ ne buo

wɔ abodan ano nkyɛn mu.

29 Yɛate Moab ahantan,

ɔyɛ ahantan dodoɔ no,

n’ahantan ne dwɛɛ ne n’ahokyerɛ

ne n’akoma mmasoɔ.

30 Me ara, AWURADE asɛm nie, menim n’aniɛden;

n’ahohoahoa ne ne nneyɛɛ

yɛ atorɔ.

31 Enti metwa Moab ho adwo,

na metwa Moab nyinaa ho agyaadwo

na madi Kir-Heres mmarima ho abooboo.

32 Mede Yaser su no bi mesu wo,

O Sibma obobe.

Wo mman atra ɛpo,

akɔduru Yaser po ano.

Wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so

na ɔsɛefoɔ no aba,

33 na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie

afiri mfu pa wɔ Moab asase so,

na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu.

Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so.

Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ.

34 Wɔma wɔn nne so firi Hesbon nteam no mu kɔsi Eleale ne Yahas, ɛfiri Soar kɔsi Horonaim, sɛ mfeɛ mmiɛnsa nantwibereɛ; na Nimrim nsuo mpo adane nkyɛkyerɛ.

35 Na mɛtwa Moab mu, AWURADE asɛm nie, deɛ ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sorɔnsorɔnbea, ne deɛ ɔhye aduhwam ma n’anyame no.

36 Ɛno nti m’akoma gyegye ma Moab sɛ atɛntɛbɛn, na m’akoma gyegye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-Heres mmarima, ɛfiri sɛ adeɛ a wɔanya, a wɔde asie no, ayera.

37 Na etire nyinaa so apepa, na bɔgyesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene.

38 Esutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi, ne ne mmorɔno soɔ, na mabɔ Moab sɛ kukuo bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm nie.

39 Sɛdeɛ wɔasi adwiri no! Sɛdeɛ wɔsi twa agyaadwoɔ! Sɛdeɛ Moab si de aniwuo dane n’atikɔ! Saa ara na Moab adane aseredeɛ ne ahodwirideɛ ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa.

40 Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, obi retu sɛ ɔkɔdeɛ,

na ɔtrɛ ne ntaban mu ba Moab so.

41 Wɔbɛfa nkuro akɛseɛ no,

na wɔagye nkuro a ɛyɛ den no,

na ɛda no Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ

sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.

42 Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,

ɛfiri sɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm.

43 Ehu ne eku ne fidie

da wo da, wo a wote Moab no,

AWURADE asɛm nie.

44 Deɛ ɔdwane firi ehu ano no kɔ eku mu,

na deɛ waforo afiri eku mu no,

wɔde fidie yi no,

na mede Moab asotwe afe bɛba wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

45 Hesbon nwunu mu

na adwanefoɔ a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyina,

na ogya afiri Hesbon,

na ogyaframa afiri Sihon mu,

na abɛsɛe Moab moma

ne hooyɛ mma no mpampam.

46 Moab, due!

Kemos man ayera,

na wɔafa wo mmabanin nnommum,

na wo mmammaa kɔ nnommumfa mu.

47 Nso mede Moab nnommum bɛsane aba,

nna a ɛdi akyire no mu, AWURADE asɛm nie.

Deɛ Moab atemmuo no aso ne ha.

Categories
Yeremia

Yeremia 49

Amon mma ho atemmusɛm

1 Amon mma deɛ nie:

Sɛ AWURADE seɛ nie:

Israel nni mmabanin,

anaasɛ ɔnni ɔdedini?

Ɛnam deɛn so na Malkam di adeɛ Gad,

na ne manfoɔ tete ne nkuro mu?

2 Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba,

AWURADE asɛm nie,

sɛ mɛma Amon mma kuro Raba no

ate ɔko mu osebɔ,

na adane nkunkumaboɔkuo,

na wɔde ogya ahye ɛho nkurowa,

na Israel adi n’adedifoɔ adeɛ,

AWURADE na ɔseɛ.

3 Hesbon, twa agyaadwoɔ,

na wɔasɛe Ai. Raba mmammaa, monteam,

momfira ayitoma ntwa adwo,

na monkyinkyini afasuo no ntam,

na Malkam rekɔ tukorɔ mu,

n’asɔfoɔ ne ne mmapɔmma bɔ mu kɔ.

4 Adɛn na wohyehyɛ wo ho, mmonhwa no ho?

Wo bonhwa no sene kɔ,

ɔbabaa okyirisanni a wode wo ho too w’akoradeɛ so kaa sɛ:

Hwan na ɔbɛba me soɔ?

5 Hwɛ, mede ehu

bɛfiri wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nkyɛn aba wo so,

asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

na wɔasunsum mo mmaako mmaako atwene

a obiara biara remmoa adwanefoɔ ano.

6 Na ɛno akyiri no, mede Amon mma nnommum bɛsane aba bio, AWURADE asɛm nie.

Edomfoɔ ho atemmusɛm

7 Edom deɛ nie:

Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:

Nyansa biara nni Teman bio?

Afotuo abɔ nhunumufoɔ?

Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?

8 Monnwane, monnane mo akyi, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ,

O Dedanfoɔ!

Na mede Esau sɛeɛ bɛba ne so,

berɛ a mɛba mabɛtwe n’aso no.

9 Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,

wɔrennya wo mpɛpɛ anaa?

Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a,

wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa?

10 Na me deɛ, mama Esau ada adagya,

mayi n’ahuntadeɛ adi,

na ɔrentumi nkata ne ho,

wɔasɛe n’asefoɔ ne ne nuanom

ne n’afipamfoɔ, na ɔnni hɔ bio.

11 Gya wo nwisiaa hɔ, me na mɛgye wɔn nkwa,

na w’akunafoɔ nso, ma wɔmfa wɔn ho nto me so.

12 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔn a ɛmfata wɔn sɛ wɔbɛnom kuruwa no, nom ara na wɔnom, na wo deɛ, wobɛfa wo ho sɔnn adi? Woremfa wo ho sɔnn nni, na mmom nom ara na wobɛnom.

13 Na maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ Bosra bɛdane ahodwirideɛ, nsopa, amamfo ne nnome, na ne nkuro nyinaa ayeyɛ daa amamfo.

14 Mate AWURADE anomu nsɛm,

na wɔasoma ɔbɔfoɔ ma wakɔ amanaman mu sɛ:

Mommoaboa mo ano mmra ne so,

na monsɔre mmɛko.

15 Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa

ma wɔabu wo animtia nnipa mu.

16 W’ahodwire ne w’akoma ahantan

adaadaa wo,

wo a wote ɔbotan ntokuro mu,

wo a wote nkokoɔ a ɛkorɔn soɔ;

sɛ woyɛ wo buo sorosoro sɛ ɔkɔdeɛ mpo a,

ɛhɔ ara na mɛyi wo afiri asi fam, AWURADE asɛm nie.

17 Na Edom bɛdane amamfo, obiara a ɔbɛtwam ho no, ne bɔ no nyinaa nti, ne ho bɛdwiri no, na wabɔ hwerɛma hwee hwee.

18 Sɛdeɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔ hɔhoɔ.

19 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?

20 Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.

21 Wɔn ahweaseɛ gyegyeegye nti, asase woso, agyaadwo a wɔtwa no, wɔte nka Mmɛwa Po ano tɔnn.

22 Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.

Damasko ho atemmusɛm

23 Damasko deɛ nie:

Wɔakum Hamat ne Arpad aniwuo,

ɛfiri sɛ wɔate asɛmmɔne bi;

wɔn akoma atu; sɛ ɛpo a ahuru,

ɛntumi nyɛ komm.

24 Damasko ahodwo, adane ne ho rebɛdwane;

nketenkete akye no,

ahohiahia ne yea akuta no

sɛ ɔbaa wofoɔ.

25 Ayeyie kuro, m’ahosɛpɛ kuro no,

hwɛ sɛdeɛ wɔasi agya no afa!

26 Enti emu mmeranteɛ bɛtotɔ mmorɔno so,

na ɛda no ara wɔatwitwa n’akofoɔ nyinaa agu,

asafo AWURADE asɛm nie.

27 Na mɛsɔ Damasko fasuo mu gya,

na ahye Ben-hadad ahemfie no.

Arabia mmusuakuo ho atemmusɛm

28 Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie:

Sɛ AWURADE seɛ nie:

Monsɔre ntu Kedar so sa,

na monsɛe apueeɛfoɔ.

29 Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa;

wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa

ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ,

na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.

30 Monnwane, montu mmirikaden, monkɔtena deɛ emu dɔ hɔ,

mo a mote Hasor!

AWURADE asɛm nie.

Na Babelhene Nebukadnessar

atu mo tiri so agyina,

na wapam mo so apam.

31 Monsɔre ntu ɔman a wɔn ho dwoɔ

a wɔte hɔ dwoodwoo no so sa,

AWURADE asɛm nie.

Wɔnni apono ne akyire adaban,

wɔn nko ara na wɔte hɔ.

32 Na wɔn yoma bɛyɛ fomfa adeɛ,

na wɔn mmoakuo dodoɔ ayɛ asadeɛ.

Na mɛbɔ wɔn a wɔayi wɔn bɔgyesɛ putuo

apete mframa nyinaa ano,

na mede wɔn sɛeɛ

afiri afa nyinaa aba wɔn so,

AWURADE asɛm nie.

33 Na Hasor bɛdane ɛserɛ so kraman tenabea

ne daa amamfo,

obiara biara rentena hɔ,

na onipa ba biara renyɛ hɔhoɔ wɔ hɔ.

Elam ho atemmusɛm

34 AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn, Elam ho, Yudahene Sedekia ahennie mfitiaseɛ sɛ:

35 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebubu Elam tadua, wɔn mmaninyɛ ade titire mu;

36 na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ;

37 na mɛma Elam akoma atu, wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrepɛ wɔn akum wɔn no anim, na mede mmusuo a ɛyɛ m’abufuo mu gya bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie, na mama afena ati wɔn akɔsi sɛ mɛwie wɔn yɛ.

38 Na mede m’adwa bɛsi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm nie.

39 Nanso nna a ɛdi akyire no mu no, mede Elam nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.

Categories
Yeremia

Yeremia 50

Babel ahweaseɛ

1 Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie:

2 Monka no amanaman mu, momma wɔnte

na monsi frankaa, momma wɔnte,

na mommfa nsuma, monka sɛ:

Wɔafa Babel,

wɔakum Bel aniwuo,

wɔayɛ Merodak pasaa,

wɔahyɛ n’ahoni aniwuo,

wɔayɛ n’abosom pasaa.

3 Na ɔman bi firi atifi fam retu ne so sa; wɔn na wɔbɛyɛ n’asase no amamfo a obiara rentena soɔ, nnipa ne mmoa nyinaa bɛtu akɔ.

4 Nna no mu, ne berɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5 Wɔbɛbisa Sion akyiri kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ, aka sɛ: Mommra mma yɛnkɔfam AWURADE ho, wɔ daa apam a yɛn werɛ remfire mu.

6 Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.

7 Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne.

8 Monnwane mfiri Babel, na momfiri Kaldeafoɔ asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwan anim.

9 Na hwɛ, me na mɛnyane amanaman akɛseɛ asafo ama wɔafiri atifi fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wɔbɛfiri afa no; wɔn agyan te sɛ dɔmmarima a waben, ɔnsane n’akyiri kwa.

10 Na Kaldeafoɔ bɛdane asadeɛ, wɔn a wɔbɛfom no afa nyinaa bɛmeemee, AWURADE asɛm nie.

11 Ɛfiri sɛ mo ani gyee, na modii ahurisie,

mo a mofomm m’agyapadeɛ no,

na moduabo sɛ nantwiburuwa, ɛserɛ mono mu,

na mosuu sɛ apɔnkɔ akunini.

12 Mo na ani awu pa ara,

mo wofoɔ anim agu ase:

Hwɛ, ɔbɛyɛ amanaman mu kyirikafoɔ,

ɛserɛ, nkyɛkyerɛ ne anwea pradada so.

13 AWURADE abufuhyeɛ nti obiara rentena hɔ,

na ne nyinaa bɛdane amamfo koraa;

obiara a ɔtwam Babel ho no ho bɛdwiri no,

na wabɔ n’amanehunu no nyinaa ho hwerɛma hwee hwee.

14 Mommae mu ntwa nhyia Babel ho,

mo a mokuntunu tadua mu nyinaa;

montoto no, monnodo agyan ho,

ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE bɔne.

15 Mommɔ ne so ose nhyia.

Ɔde ne ho ama,

ne nnyinasoɔ ahwehwe ase,

n’afasuo adwiri,

na AWURADE aweretɔ ne no.

Montɔ mo were ne so,

monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.

16 Montwa ogufoɔ mfiri Babel,

ne deɛ ɔsɔ kantankrankyi mu twaberɛ mu no.

Atirimuɔden afena no anim

na wɔbɛdanedane akɔ wɔn manfoɔ mu,

na wɔadwanedwane akɔ wɔn asase so.

17 Israel yɛ odwanten a wayera a agyata apam no korɔ; akane no, Asiriahene na ɔtetee ne mu, na akyire yi, ne nnompe mpo, Babelhene Nebukadnessar abubu mu.

18 Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, mereba mabɛtwe Babel hene ne n’asase aso, sɛdeɛ meba bɛtwee Asiriahene no aso no,

19 na mede Israel asane aba n’asase so, na wabɛdidi Karmel ne Basan, na ne kra amee, Efraim bɛpɔ so ne Gilead.

20 Nna no mu, ne berɛ no mu, AWURADE asɛm nie, na wɔbɛhwehwɛ Israel amumuyɛ, nso na ɛnni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhunu, na mede bɛfiri wɔn a memaa wɔkaeɛ no.

Merataim ho atemmusɛm

21 Tu Merataim

asase no ne Pekodnkurɔfoɔ no so sa.

Kum wɔn, na sɛe wɔn pasaa,

AWURADE asɛm nie,

na yɛ sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no nyinaa.

22 Akodie gyegyeegye ne ɔsɛeɛ kɛseɛ

wɔ asase no so.

23 Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na

wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no,

sɛdeɛ Babel asi adane

amamfo amanaman mu ne no!

24 Masum wo fidie na ayi wo nso, Babel,

na wo deɛ, woanhunu;

wɔahu wo akyere wo nso,

ɛfiri sɛ wo ne AWURADE na adi aperepereɛ.

25 AWURADE ahini n’akoradeɛ dan,

na wayi n’abufuhyeɛ akodeɛ,

ɛfiri sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn wɔ adwuma bi yɛ

wɔ Kaldeafoɔ asase so.

26 Momfiri ano nohoa mmra ne so,

monhini n’asan,

monsesa ngu hɔ sɛ ayuo akuakuo, na monsɛe no pasapasa,

mommma biribiara nnka mmma no.

27 Monkunkum n’anantwinini nyinaa;

momma wɔnsiane nkɔ okum mu.

Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da,

wɔn asotwe berɛ adu.

28 Wɔte adwanefoɔ ne wɔn a wɔafiri mu afiri Babel asase soɔ nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefie ho aweretɔ wɔ Sion hɔ.

29 Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babel, wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa, monkyere ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara mmfiri mu mmfi. Monsusu ne nneyɛɛ so nsi no ananmu, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, monyɛ no saa ara, ɛfiri sɛ wayɛ AWURADE, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.

30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmorɔno so, na n’akofoɔ nyinaa bɛdwerɛ ɛda no, AWURADE asɛm nie.

31 Ɔhantanni, hwɛ, me ne wo na anya,

asafo AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

ɛfiri sɛ wo da,

w’asotweberɛ adu.

32 Na ahantanni no bɛsunti ahwe ase,

na obiara nni hɔ a ɔbɛma no soɔ;

na masɔ ne nkuro mu gya,

na ahye atwa ne ho nyinaa ahyia.

33 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔhom Israel mma ne Yuda mma nyinaa so, na wɔsosɔɔ wɔn a wɔafa wɔn nnommum nyinaa mu, wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn.

34 Wɔn pɔnfoɔ no nso ho yɛ den, asafo AWURADE ne ne din; die na ɔne wɔn ho asɛmpɛfoɔ no bɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wama asase no ahome, na wahyɛ Babelfoɔ ahometeɛ.

Afena ho atemmusɛm

35 Afena wɔ Kaldeafoɔ so, AWURADE asɛm nie,

ne Babelfoɔ so, ne wɔn mmapɔmma

ne wɔn anyansafoɔ so.

36 Afena wɔ akɔmfoɔ atorofoɔ no so,

na wɔadanedane nkwasea.

Afena wɔ wɔn nnɔmmarima so,

na wɔn akoma atu na wɔakunkum wɔn.

37 Afena wɔ wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam

ne asraafoɔ afrafrafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa so,

na wɔadanedane mmaa;

afena wɔ n’akoradeɛ so

na wɔafom afa.

38 Ɛweɛ wɔ ne nsuo so

na awewe,

ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase,

na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam.

39 Ɛno nti ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛtena hɔ, na nsohori bɛtena mu; na nnipa rentena mu da biara da, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu biara renkyekyere bio.

40 Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ.

41 Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam reba

na ɔman kɛseɛ bi ne ahemfo bebree

bɛkanyan wɔn ho firi asase ano tɔnn.

42 Wɔkurakura tadua ne pɛmɛ;

wɔn ho yɛ den, na wɔnhunu mmɔbɔ;

wɔn nne yɛ huu sɛ ɛpo,

na wɔtete apɔnkɔ so

asiesie wɔn ho sɛ akofoɔ,

atu wo, Babel babaa, so sa.

43 Babel hene te wɔn nka,

na ne nsam ago;

ahohiahia akye no,

ne yea sɛ ɔbaa wofoɔ.

44 Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?

45 Enti montie AWURADE agyina a watu no Babel ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Kaldeafoɔ asase ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa no akɔ; ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.

46 Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.