Categories
Yeremia

Yeremia 11

Nyankopɔn apam

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:

2 Tie apam yi mu nsɛm, na ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ.

3 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Wɔadome deɛ ɔnte apam yi mu nsɛm

4 a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,

5 na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae mu ka nsɛm yi nyinaa mu ka wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno so sɛ: Montie apam yi mu nsɛm, na monni so.

7 Ɛfiri sɛ, mehyɛɛ mo agyanom da a meyii wɔn firii Misraim asase so baeɛ, na ɛde bɛsi nnɛ, metua nhema mehyɛ wɔn daa sɛ: Montie me!

8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn akoma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni soɔ na wɔanni soɔ no nsɛm nyinaa aba wɔn so.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atuateɛ aba Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ mu,

10 wɔasane kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wɔtie me nsɛm no amumuyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn. Israel fie ne Yuda fie ato m’apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ no.

11 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfiri mu reba wɔn so, na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.

12 Ɛnna Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔrehye nnuhwam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu berɛ no mu.

13 Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, sɛdeɛ w’anyame nso dodoɔ teɛ ne no, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa ara na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ, afɔremmukyia a mohye so nnuhwam ma Baal.

14 Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.

15 Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, ɛdeɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fie? Bɔhyɛ ne afɔrebɔ nam bɛyi wo mmusuo no anaa? Sɛ w’amaneɛ no ba a, wobɛdi ahurisie?

16 Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛseɛ huuyɛ asɔ ne ho gya, na abubu ne mman.

17 Na asafo AWURADE a ɔtɛɛ woɔ no akyerɛ mmusuo a ɛreba wo soɔ, bɔne a Israel fie ne Yuda fie ayeyɛ, sɛ wɔhyee aduhwam maa Baal de huruu me boɔ no nti.

Wɔbɔ Yeremia ho pɔ bɔne

18 Na AWURADE yi kyerɛɛ me, na mehunui nso;

ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nneyɛɛ bɔne.

19 Nanso me deɛ, na mete sɛ odwammaa a ɔdwoɔ

a wɔde no rekɔ akumiiɛ;

na mennim sɛ

wɔapam me tiri so sɛ:

Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,

na yɛntwa mfiri ateasefoɔ asase so,

na wɔankae ne din bio.

20 Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni,

a wosɔ akoma ne adwene hwɛ,

ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so,

na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.

21 Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie,

22 ɛno nti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmeranteɛ bɛtotɔ afena ano, na ɛkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa,

23 na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.

Categories
Yeremia

Yeremia 12

Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie

1 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a,

wodi bem ara;

nanso me ne wo bɛkasa ara:

Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie

na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?

2 Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini;

wɔnyinyini na wɔsoso aba nso;

wobɛn wɔn ano,

na wo ne wɔn akoma ntam twe.

3 Nanso wo, AWURADE, wonim me;

wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam.

Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,

na hyira wɔn so sie ma okum da.

4 Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo,

na afuom ahahan ntwintwam?

Ɛsofoɔ bɔne no nti

mmoa ne nnomaa awie sa,

ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.

5 Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a,

ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane?

Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a,

ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu?

6 Na wo nuanom nso ne w’agya fie,

wɔn mpo twa wo nkontompo,

wɔn nso wɔteam denden di w’akyi;

sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a,

nnye wɔn nni.

7 Magya me fie,

mato m’agyapadeɛ agu;

mede me kra dɔfoɔ

mahyɛ n’atamfo nsa.

8 M’agyapadeɛ adane me

sɛ kwaeɛ mu gyata;

wama ne nne so atia me,

enti na makyiri no.

9 M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso?

Akɔdeɛ atwa ho ahyia?

Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano

mmra, na wɔmmɛdidi.

10 Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo

atiatia me kyɛfa so,

wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no

ayɛ no ɛserɛ pataa;

11 wɔasɛe no pasaa,

ayɛ dwerɛbee di me ho abooboo;

wɔasɛe asase no nyinaa,

nso obiara nni hɔ a ɔde sie n’akoma mu.

12 Asɛefoɔ aba

anwea pradada so mpampa nyinaa so,

na AWURADE afena retwitwa

afiri asase ano akɔsi asase ano;

asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.

13 Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ;

wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee.

Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho,

AWURADE abufuhyeɛ no nti.

AWURADE bɛdom wɔn a wɔnu wɔn ho

14 Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.

15 Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.

16 Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.

17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ mɛtu saa ɔman no agu, mɛtutu na masɛe wɔn, AWURADE asɛm nie.

Categories
Yeremia

Yeremia 13

Ɔman no seanteɛ

1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu.

2 Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene.

3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ:

4 Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu.

5 Na mesii mu mede mekɔhintaa Eufrate, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra.

7 Na mesii mu mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔsoɔ no firii deɛ mede mekɔsieɛ no; na hwɛ, na abɔsoɔ no asu, ɛnyɛ mma hwee.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.

10 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi.

11 Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie.

12 Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa ma ma. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Nim na yɛnnim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama anaa?

13 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma asase yi sofoɔ nyinaa, ne ahemfo a wɔtete Dawid adwa soɔ, ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ, ne Yerusalemfoɔ nyinaa aboboro titaa.

14 Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.

Kɔkɔbɔ, abooboodie ne duema

15 Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan,

na AWURADE na akasa.

16 Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo nan asunti

mmepɔ kusuu no,

na morehwɛ hann kwan a,

wadane no sunsum,

na wama sum kabii aduru.

17 Na sɛ moantie a,

me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti,

na m’ani afiri nisuo ara,

na nisuo aporepore me,

sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.

18 Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ:

Mommrɛ mo ho ase ntena ase,

na mo animuonyam abotire

afiri mo atifi atɔ.

19 Wɔatoto Negeb nkuro no mu,

na obiara nni hɔ a ɔbɛhini;

wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu,

wɔatu wɔn kɔ korakora.

20 Ma w’ani so na hwɛ

wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi,

ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ,

w’animuonyam nnwankuo no wɔ?

21 Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn

sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a,

ɛdeɛn na wobɛka?

Awoɔ renka wo

sɛ ɔbaa wofoɔ anaa?

22 Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ:

Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a,

w’amumuyɛ bebree nti

na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie,

wɔahyɛ wo nantin yea.

23 Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ,

anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan?

Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa,

mo a bɔneyɛ akokwa mo.

24 Enti mɛbɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ

a anwea pradada so mframa de no rekorɔ.

25 Yei ne w’adeɛ a wobɛnya,

wo kyɛfa a masusu mama woɔ, AWURADE asɛm nie,

ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me,

na wode wo ho ato atorɔ so.

26 Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim,

na wɔahunu w’ahohora no.

27 W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ,

w’adwamammɔ atantanneɛ,

wiram nkokoɔ so, na mahunu.

Due, O Yerusalem!

Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?

Categories
Yeremia

Yeremia 14

Ɛweɛ berɛ ne emu hia

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn ɛfa osuo a ɛrentɔ ho no nie:

2 Yuda di abooboo

na n’aponkɛseɛ agogo,

wɔboa fam si wɔn tiri ase twann,

na Yerusalem nteamu foro kɔ soro.

3 Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa;

wɔba nsubɔnhwa ano,

wɔnnya nsuo;

wɔde wɔn nhina hunu sane ba,

wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase,

wɔkatakata wɔn ti.

4 Osuo a ɛntɔ asase no soɔ

na fam awo pɛsɛɛ nti,

akuafoɔ ani awuwu,

wɔakatakata wɔn ti.

5 Na mfofo so forotebereɛ nso, ɔwo a, ɔgya ne mma,

ɛfiri sɛ wira biara nni hɔ.

6 Na ɛserɛ so mfunumu gyinagyina mpampa so,

wɔhome mframa sɛ ɛserɛ so kraman,

wɔn ani ayɛ siamoo,

ɛfiri sɛ nhahan biara nni hɔ.

7 Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a,

AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi,

na yɛn nsaneakyire adɔɔso,

wo na yɛayɛ wo bɔne.

8 O Israel anidasoɔ,

wo a wogye wɔn ohia berɛ mu,

ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ,

sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma,

sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa?

Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE,

na wɔde wo din ato yɛn;

nnya yɛn hɔ.

10 Sɛ AWURADE ka wɔ ɔman yi ho nie:

Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,

wɔansi wɔn nan kwan;

enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn;

afei na wakae wɔn amumuyɛ

rebɛtua wɔn bɔne so ka.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.

12 Sɛ wɔdi mmuada mpo a, merentie wɔn nkotosrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ wɔn, na afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛdwerɛ wɔn koraa.

13 Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atorɔ na adiyifoɔ no de hyɛ me din mu nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na menkasa menkyerɛɛ wɔn; atorɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn akoma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15 Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn deɛ, wɔka sɛ: Afena ne ɛkɔm remma asase yi so, no ho nie: Afena ne ɛkɔm ara na ɛbɛdwerɛ adiyifoɔ no.

16 Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ:

M’ani porepore nisuo anadwo ne awia,

na ɛnnyae,

ɛfiri sɛ wɔde bobɔ kɛseɛ abobɔ me man babaa baabunu,

wɔapira no ma no ayɛ ya sɛ.

18 Sɛ mefiri mekɔ wiram a,

hwɛ, afena ano atɔfoɔ nie;

na sɛ meba kuro mu a,

hwɛ, ɛkɔm ano atɔfo nie;

na odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kyinkyini asase no so,

nso wɔnnim deɛ wɔrekorɔ.

Odiyifoɔ no dima

19 Toɔ na woato Yuda atwene,

anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwunu?

Ɛdeɛn nti na woabubu yɛn

na yɛnni ɔyaresafoɔ yi?

Yɛhwɛ asomdwoeɛ kwan, nso papa biara amma;

yɛhwɛ ɔyaresa berɛ kwan nso, na hwɛ, akomatuo na ɛwɔ hɔ.

20 O AWURADE, yɛahunu yɛn abususɛm,

yɛn agyanom amumuyɛ,

sɛ yɛayɛ wo bɔne.

21 Wo din nti, mpa yɛn;

ngu w’animuonyam adwa no anim ase;

kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.

22 Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ?

Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue?

Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn?

Wo na yɛhwɛ wo kwan,

ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.

Categories
Yeremia

Yeremia 15

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!

2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ; Ɛhe fa na yɛmfiri nkorɔ, a? Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie:

Deɛ ɔsɛ wuo no, nkɔ wuo mu,

na deɛ ɔsɛ afena ano no, nkɔ afena ano,

na deɛ ɔsɛ ɛkɔm no, nkɔ ɛkɔm mu,

na deɛ ɔsɛ nnommumfa no nkɔ nnommumfa mu.

3 Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.

4 Na mɛma wɔadwane wɔn ho, asase so ahennie nyinaa mu, Yudahene Manase a ɔyɛ Hesekia ba, ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Yerusalem no nti.

Ɔsa mu amanehunu

5 Na hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, Yerusalem?

Na hwan na ɔbɛma wo due?

Na hwan na ɔbɛmane

akɔbisa deɛ w’asomdwoeɛ no wɔ?

6 Woapa me, AWURADE asɛm nie,

na wo nsaneakyire no kɔ so ara;

enti na metenee me nsa wo soɔ, na mesɛee woɔ.

Mabrɛ ne mmɔborɔhunu.

7 Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so,

asase no mmoboano,

makunkum wɔn mma, masɛe me man

a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.

8 Mama wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea,

mede ɔsɛefoɔ maba

mmeranteɛ no so awia ketee,

mama binimbɔ ne nketenkete

agu wɔn so mpofirim;

9 ɔbaa a wawo nson ahodwo,

watɔ piti;

adeɛ nnya nsaeɛ no, na n’awia atɔ,

n’ani awu na n’anim agu ase;

na mɛyi wɔn nkaeɛ mama afena,

wɔn atamfoɔ anim,

AWURADE asɛm nie.

Odiyifoɔ no abooboo

10 Mennue, me na, sɛ wowoo me, onipa a asase no nyinaa ne me ham, yiyi atɛn. Memfɛm nnyee mfɛntomu na obiara mfɛm me bi, nanso wɔn nyinaa dome me.

11 AWURADE se: Ampa ara, mɛgye wo ama no ayɛ yie, ampa ara, mɛma ɔtamfoɔ abɛpa wo kyɛw, berɛ bɔne ne ahohiahia berɛ mu.

12 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bɛtumi abu dadeɛ a ɛfiri atifi fam anaa?

13 Mɛma wɔafom mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ, na wɔrentua ka, mo bɔne a moayɛ no mo asase no nyinaa soɔ no nyinaa nti;

14 na mɛma mo ne mo atamfoɔ no asene akɔ asase bi a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ ogya bi asɔ m’abufuo mu a ɛbɛdɛre mo soɔ.

15 Wo, AWURADE, wonim.

Kae me na bɛhwɛ me,

na tɔ were ma me, m’atifoɔ so;

wo bo a ɛkyɛre fuo no nti mfa me nkɔ;

hunu sɛ wo nti na mesoa ahohora.

16 Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane,

na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ

ne akomatɔyam,

na wɔde wo din ato me,

O AWURADE, asafo Nyankopɔn.

17 Mantena aserefoɔ dwabɔ mu

manni ahurisie;

wo nsa nti, me nko na metenaeɛ,

ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.

18 Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi,

na me kuro ayɛ nkudaa

a wɔsa a, ɛnsa yi?

Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ

a ɛnnyina ama me anaa?

19 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ wosane a, mede wo bɛsane aba;

na woabɛgyina m’anim;

na sɛ woka nyansasɛm daa a,

wobɛyɛ sɛ m’ano;

wɔn deɛ, wɔbɛdane aba wo nkyɛn,

na wo deɛ, worensane nkɔ wɔn nkyɛn.

20 Na mede wo bɛsi hɔ mama ɔman yi

sɛ kɔbere mfrafraeɛ fasuo denden,

na wɔne wo ko a,

wɔrentumi wo,

ɛfiri sɛ me na medi w’akyire

na magye wo na mayi wo,

AWURADE asɛm nie.

21 Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam,

na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.

Categories
Yeremia

Yeremia 16

Ɔman no sɛeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Nware yere, na nnya mmabanin ne mmammaa wɔ ha yi.

3 Na sɛdeɛ AWURADE ka no mmabanin ne mmammaa a wɔwo wɔn ha yi, ne wɔn nanom a wɔwɔ wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi soɔ no ho nie:

4 Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane.

5 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Nhyɛne efie a wɔsu mu mu, na nkɔ ayie ase na nnyam wɔn, ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so, AWURADE asɛm nie, mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

6 Na nnipa akɛseɛ ne nkumaa bɛwuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayie, na obiara remmɔ ne hɔ akam, obiara remmɔ tikwa mma wɔn,

7 na wɔremmubu paanoo mma wɔn, ayie ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufoɔ no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekyerɛ kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.

8 Na nkɔ nsanom fie, nso wo ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom.

9 Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so.

10 Na ɛbɛba sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛseɛ yi gu yɛn soɔ yi, na ɛdeɛn ne yɛn amumuyɛ, anaasɛ ɛdeɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no?

11 Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so,

12 na mo nso, modi asɛmmɔne sene mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo akoma bɔne denyɛ akyi a montie me,

13 enti mɛto mo afiri asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim soɔ so, na moakɔsom anyame foforɔ wɔ hɔ, awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.

Nkwagyeɛ ho nkɔmhyɛ

14 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,

15 na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase so, ne nsase a ɔpamm wɔn kɔɔ hɔ nyinaa soɔ no te aseɛ yi. Na mede wɔn bɛsane aba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.

Apofofoɔ ne abɔmmɔfoɔ

16 Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.

17 Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim.

18 Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma.

Nkwagyeɛ berɛ

19 O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden,

me dwanekɔbea ahohiahia da mu,

wo nkyɛn na amanaman bɛfiri

asase anoano aba abɛka sɛ:

Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no,

ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.

20 Onipa bɛyɛ anyame a

wɔnyɛ anyame afa?

21 Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.

Categories
Yeremia

Yeremia 17

Yuda bɔne ne n’asotwe

1 Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so,

2 berɛ a wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkokoɔ sorɔnsorɔn soɔ no.

3 Me bepɔ ne ɛho asase, mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.

4 Na wobɛgya w’agyapadeɛ a mede memaa woɔ no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wonnim soɔ so, ɛfiri sɛ moasɔ m’abufuo mu gya a ɛbɛdɛre daa.

5 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ,

na ɔde honam yɛ ne basa,

na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.

6 Ɔte sɛ dua a ɛsi anwea pradada so,

na ɔrenhunu sɛ papa reba,

na ɔbɛtena ɛserɛ so nkyɛkyerɛ so, ne nkyene asase a obiara nte soɔ so.

7 Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE soɔ,

na AWURADE yɛ n’anidasoɔ.

8 Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛ no nsunoa,

na ne nhini tentene kɔ asuo no ho.

Na sɛ ahuhuro ba a, ɛnyɛ no hu,

na ɛso ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm,

na sukɔm afe mu nso,

ɛrempo, na ɛnnyae aba soɔ.

9 Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa

na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara,

hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?

10 Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu,

na mesɔ akoma mehwɛ,

na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ,

sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.

11 Deɛ ɔrepɛ adeɛ anya, na ɔnnya no tenenee soɔ no,

te sɛ akokɔhwedeɛ a ɔbutu nkosua a ɛnyɛ ɔno ara na ɔtoeɛ soɔ,

ɔbɛbu ne nna mu fa agya,

na n’awieeɛ mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.

12 Animuonyam ahennwa a ɛsi sorɔnsorɔn soɔ firi teteete no,

ne yɛn kronkronbea,

13 AWURADE, Israel anidasoɔ,

wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu;

wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so,

ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.

14 AWURADE, sa me yadeɛ na menya ahoɔden;

gye me, na manya nkwa;

na wone m’ayeyie.

15 Hwɛ, wɔn deɛ, wɔka kyerɛ me sɛ:

Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ?

Ma no mmra ɛ!

16 Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra,

na menhwɛɛ mmusuo da no kwan,

wo ara wonim.

Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no,

ɛda w’anim hɔ.

17 Nyɛ me deɛ oyi me hu,

me dwanekɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.

18 Ma m’ataafoɔ ani nwuwu, na me deɛ,

mma m’ani nnwu;

wɔn deɛ, ma wɔn akoma ntu,

na me deɛ, mma m’akoma nntu;

fa da bɔne no bra wɔn so,

fa obubuo mmɔho bubu wɔn.

Homedadie ho afotuo

19 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo di mu ahyemfire no mu ne Yerusalem aponkɛseɛ nyinaa mu,

20 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba mu nyinaa!

21 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monhwɛ mo kra so yie, na monnsoa adesoa biara homeda mmfa mmfa Yerusalem apono mu mmma mu;

22 na monnsoa adesoa biara nso mmfiri mo afie mu mmfiri adi homeda, na monnyɛ adwuma biara; na monni homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.

23 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn kyenkyirenn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene atenetene.

24 Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm nie, sɛ motie me, na momfa adesoa biara mfa kuro yi apono mu mma mu homeda, na modi homeda no kronkron, nyɛ emu adwuma biara a,

25 ɛnneɛ ahemfo ne asafohene a wɔbɛtena Dawid adwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, wɔbɛfa kuro yi apono mu aba mu. Na nnipa bɛtena kuro yi mu daa.

26 Na wɔbɛfiri Yuda nkuro mu, ne deɛ ɛwowɔ Yerusalem ho, ne Benyamin asase soɔ ne mmepɔ ase ne mmepɔ so, ne Negeb aba de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo aba, na wɔde ayeyie afɔdeɛ aba AWURADE fie.

27 Nanso sɛ moantie me, anni homeda no kronkron na, mosoa adesoa bi fa Yerusalem apono mu homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ n’apono mu gya, na ahye Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.

Categories
Yeremia

Yeremia 18

Nyankopɔn nnisoɔ no nsususoɔ

1 Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn nie:

2 Sɔre siane kɔ ɔnwonfoɔ fie, na mɛma woate me nsɛm hɔ.

3 Ɛnna mesiane kɔɔ ɔnwomfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ n’aboɔ so adwuma.

4 Na kukuo a ɔreyɛ no sɛee, sɛ ɔnwomfoɔ nsam dɔteɛ, na ɔsane de yɛɛ ade foforɔ, sɛdeɛ ɛtene ɔnwomfoɔ no ani soɔ sɛ ɔbɛyɛ no.

5 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

6 Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.

7 Sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mɛtu na madwerɛ na masɛe no,

8 na sɛ ɔman no sane firi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnneɛ mɛnu me ho adebɔne a mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

9 Na sɛ meka wɔ ɔman anaa ahennie bi ho, sɛ mede bɛsi hɔ na matɛ.

10 Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

11 Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene mo ho bɔne, na mapam mo ho apam. Mo nyinaa monsane mo akyi mfiri mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nneyɛɛ nyɛ yie ɛ!

12 Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yɛbɛdi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn akoma bɔne denyɛ no ho adeɛ.

13 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Monkɔbisa amanaman no mu ɛ,

hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn?

Ahodwirideɛ pa ara

na Israel ababaa no ayɛ.

14 Lebanon sukyerɛmma pa Sirion

abotan no so?

Amannɔne nsuwansuwa wiridudu

a ɛsene no bɛwe anaa?

15 Na me man werɛ afiri me,

wɔahye aduhwam ama abosom hunu,

na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so,

wɔ teteete atempɔn so,

sɛ wɔnnante akwan a

ɛnyɛ akwammɔeɛ so.

16 Sɛ wɔnnane wɔn asase no amamfo

ne daa fɛdie adeɛ.

Obiara a ɔbɛtwam hɔnom no ho bɛdwiri no,

na wawoso ne ti.

17 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete

wɔn atamfoɔ anim,

m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn,

wɔn sɛeɛ da no.

Wɔpam Yeremia tiri so

18 Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.

19 Yɛ aso ma me ɛ, O AWURADE,

na tie wɔn a wɔne me ham no.

20 Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa?

Nso wɔatu amena ama me kra.

Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim

sɛ meresrɛ papa ama wɔn,

sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.

21 Enti yiyi wɔn mma ma ɛkɔm,

na yi wɔn to afena ano,

na wɔn yerenom nni mmasugya na wɔnnanedane akunafoɔ,

na owuyadeɛ nkum wɔn mmarima,

na wɔmfa afena nkum wɔn mmeranteɛ ɛdɔm ano.

22 Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu,

berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no,

ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me,

na wasunsum me nan fidie.

23 Na wo, AWURADE, wonim

wɔn agyina a wɔkɔ no me ho repɛ me wuo no nyinaa.

Nkata wɔn amumuyɛ so,

na mpepa wɔn bɔne mfiri w’anim,

ma wɔnhwehwe ase w’anim;

w’abufuo berɛ mu na ɛne wɔn nnie.

Categories
Yeremia

Yeremia 19

Yuda sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ bi

1 Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,

2 na firi adi kɔ Hinom ba bonhwa a ɛwɔ anwomfoɔ pono ano no mu, na pae nsɛm a mɛka akyerɛ wo no wɔ hɔ.

3 Na ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ, sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne mereba ɛha yi a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mu bɛyɛ no kyeww.

4 Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.

5 Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, de gya hye wɔn mma abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu da.

6 Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bonhwa bio, na mmom wɔbɛfrɛ no Okum Bonhwa.

7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afena ano, wɔn atamfoɔ anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama ewiem nnomaa ne wiram mmoa adi.

8 Na mɛyɛ kuro yi amamfo ne fɛdie adeɛ, obiara a ɔbɛtwam wɔ ho no, ne sɛeɛ no nyinaa nti ne ho bɛdwiri no na wabɔ hwerɛma hweehwee.

9 Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛdi wɔn ho wɔn ho nam, ahohiahia ne ahodwan a wɔn atamfoɔ ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no de bɛdwan wɔn ho no mu.

10 Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,

11 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwomfoɔ kukuo a wɔntumi nyɛ no yie bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi. Na Tofet ara na wɔbɛsie wɔn, ɛfiri sɛ wɔrennya baabi nsie bio.

12 Saa ara na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafoɔ, AWURADE asɛm nie, na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.

13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.

14 Ɛnna Yeremia firii Tofet, deɛ AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ baeɛ, na ɔkɔgyinaa AWURADE fie abannwa mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:

15 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne a maka agu kuro yi soɔ no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.

Categories
Yeremia

Yeremia 20

Pasur yɛ Yeremia aninyanneɛ

1 Na Imer ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ AWURADE fie so titire no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no,

2 Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasurna AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.

4 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn.

5 Na mɛyi kuro yi adedodoɔ ne emu mfasodeɛ aboɔdenneɛ nyinaa mama, na mede Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa mahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel.

6 Na wo, Pasur, ne wo fiefoɔ nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akɔwu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfoɔ a wohyɛɛ wɔn nkɔntorɔ no nyinaa.

Odiyifoɔ no abooboo denden

7 Woagyegye me, AWURADE,

na mapene nnyegyeɛ no so.

Woatintim me so,

na woatumi.

Madane aseredeɛ daa nyinaa;

wɔn nyinaa di me ho fɛw.

8 Na daa merekasa a, ɛma meteam,

atiritirasɛm ne ɔsɛeɛ na ɛma mesu mefrɛ,

na AWURADE asɛm adane me

ahohora ne nsopa daa nyinaa.

9 Na sɛ mese: Merenkae no

na meremmɔ ne din menkasa bio, a,

na ɛyɛ m’akoma mu sɛ ogya a ɛredɛre

a wɔato mu me nnompe mu;

mesɔ mu a mebrɛ ho,

na mentumi.

10 Na mate nnipa pii nsekudie,

ehu wɔ afa nyinaa,

wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no.

Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara

a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ:

Ebia ɔbɛma wɔagyegye no,

na yɛatumi no,

na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.

11 Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu,

ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti,

na wɔrentumi.

Wɔn ani bɛwuwu sɛ,

ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie,

ɛyɛ daa nsopa

a werɛ remfire.

12 Na asafo AWURADE a wosɔ ɔteneneeni hwɛ,

hwɛ adwene ne akoma mu.

Wɔn so na mɛhunu wo aweretɔ,

na wo na mede m’asɛm madane woɔ.

13 Monto dwom mma AWURADE,

monyi AWURADE ayɛ!

Na wayi ohiani kra

afiri nnipa bɔne nsam.

14 Nnome nka da

a wɔwoo me wɔ mu no!

Ɛda a me na woo me no,

mma wɔnnhyira no.

15 Nnome nka onipa

a ɔde asɛmpa no brɛɛ m’agya sɛ:

Wɔawo ɔbabarima ama wo!

na ɔde maa n’ani gyee pii no.

16 Ma onii no nyɛ sɛ nkuro

a AWURADE abutubutuo wɔ anibereɛ so no;

ma no nte esu anɔpa

ne gyegyeegye awia ketee.

17 Sɛ wankum me wɔ ɔyafunu mu,

na me na annane me damena

na manka ne yafunum daa nti.

18 Adɛn nti mpo na mefirii yafunum firii adie,

sɛ merebɛhunu ɔbrɛ ne ahometeɛ,

na me nna ahi aniwuo mu!