Categories
Sakaria

Sakaria 11

1 Lebanon, hinihini w’apono,

na ogya nhye wo ntweneduro no!

2 Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam,

ɛfiri sɛ akunini asɛe;

Basan adum, montwa adwo,

na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase.

3 Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye,

na wɔn animuonyam asɛe;

agyataburuwa mmobomu gyegye,

na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe.

Odiyifoɔ no nnwanhwɛ adwuma

4 Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo

5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.

6 Na merennodo asase no sofoɔ ho bio, AWURADE asɛm nie. Na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahemfo nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obiara mfiri wɔn nsam.

7 Na meyɛnee okum nnwankuo no, nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma mmienu, mefrɛɛ baako sɛ: Adom, na mefrɛɛ baako sɛ: Nkyekyerebomu; na meyɛnee nnwankuo no.

8 Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.

9 Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam.

10 Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no.

11 Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.

12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa.

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: To twene sikakorabea hɔ, ɛboɔ a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me no ne no. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbena aduasa no meto twenee AWURADE fie sikakorabea hɔ.

14 Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Nnwanhwɛfoɔ huhuo no

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sane fa odwanhwɛfoɔ kwasea adeɛ fa!

16 Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

17 Odwanhwɛfoɔ hunu a

ɔgya nnwankuo no nnue!

Afena bɛba ne basa

ne n’ani nifa so;

ne basa bɛwu,

na n’ani nifa afira.

Categories
Sakaria

Sakaria 12

Onyankopɔn bɛgye Yerusalem

1 AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:

2 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

3 Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.

4 Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.

5 Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.

6 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.

7 Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.

8 Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.

9 Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa masɛe wɔn.

Honhom ho bɔhyɛ. Adwotwa

10 Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.

11 Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,

12 na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko,

13 Lewifoɔ abusua nko ne wɔn yerenom nko, Simei fie abusua nko ne wɔn yerenom nko;

14 mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.

Categories
Sakaria

Sakaria 13

Apam foforɔ no mu dom mayɛ

1 Ɛda no wɔbɛbue nsuo aniwa ano ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de adwira wɔn ho, bɔne ne ahokum ho.

2 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛtwitwa abosonhuhuo din afiri asase no so, na wɔrenkae bio; nanso mɛma adiyifoɔ no ne afi honhom no afiri asase no so akɔ.

3 Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.

4 Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.

5 Na wɔn mu biara bɛka sɛ: Menyɛ odiyifoɔ, meyɛ onipa a ɔdɔ, na mayɛ kua firi me mmɔfraase.

6 Na obi bisa no sɛ: Akuro bɛn na ɛwɔ wo nsa mu yi? Ɔbɛka sɛ: Pira a wɔpiraa me, m’adɔfo fie no ne no.

Wɔbɔ nnwan no hwete

7 Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ

ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no,

asafo AWURADE asɛm nie;

bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete,

na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.

8 Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ,

nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so,

AWURADE asɛm nie.

9 Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu,

na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ,

na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu.

Wɔbɛbɔ me din,

na me nso mɛbua wɔn.

Mɛka sɛ: Me man ne wɔn!

Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!

Categories
Sakaria

Sakaria 14

Yerusalem ahohiahia ne ne gyeɛ

1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu.

2 Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.

3 Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.

4 Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.

5 Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.

6 Na ɛda no awɔ anaa nsukyeneeɛ remma.

7 Na ɛbɛyɛ da koro a adesaeɛ nni mu (AWURADE na ɔnim), awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummerɛ mpo na hann wɔ hɔ.

8 Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba.

9 Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua.

10 Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.

11 Na wɔbɛtena mu a abusudeɛ biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo.

12 Na ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa no nie: Wɔda so gyinagyina wɔn anan soɔ no, wɔn honam bɛporɔ, na wɔn ani aporɔ wɔn anikankyi mu, na wɔn tɛkyerɛma aporɔ wɔn anomu.

13 Na ɛda no AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asosɔ wɔn nsam, na ɔbaako ama ne nsa so atia ne yɔnko nsa.

14 Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.

15 Na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, yoma, mfunumu ne mmoa a wɔwɔ nsraban no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara.

16 Na amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa mu nkaeɛ no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahwɛ asese fa no.

17 Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osuo rentɔ wɔn soɔ.

18 Na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn soɔ.

19 Yei na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe.

“Kronkron ma AWURADE”

20 Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no;

21 na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.