Categories
Rut

Rut 1

Elimelek tutu kɔtena Moab

1 Na nna a atemmufoɔ no bu atɛn no mu no, ɛkɔm baa asase no so. Na ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔɔ sɛ ɔrekɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔhoɔ, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.

2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na wɔduruu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na Elimelek, Naomi kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no.

4 Na wɔwaree yerenom Moabfoɔ mu, ɔbaako din de Orpa, na ɔbaako nso din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ mfeɛ du.

5 Na wɔn baanu no, Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbaa no (Naomi) nko, ne ne mma baanu no, ne kunu wuo no akyi.

Naomi ne n’ase sane kɔ Betlehem

6 Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.

7 Na ɔfirii deɛ ɔwɔ hɔ, na ne nsenom baanu no ka ne ho. Na wɔsii kwan so sɛ wɔresane aba Yuda asase so.

8 Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. AWURADE ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ no ne me adi no yi.

9 AWURADE mma monnya atenayie mo kununom fie. Na ɔfee wɔn ano; na wɔmaa wɔn nne so sui.

10 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsane akɔ wo manfoɔ nkyɛn.

11 Na Naomi kaa sɛ: Me mma, monsane! Adɛn na mo ne me bɛkorɔ? Mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom?

12 Me mma, monsane nkɔ! na manyini dodo sɛ mɛnya kunu. Sɛ mese: Mewɔ anidasoɔ, na menya kunu anadwo yi na mewo mmammarima mpo a,

13 mobɛtwɛn wɔn akɔsi sɛ wɔbɛnyini anaa? Mobɛtena hɔ a morenwareɛ anaa? Dabi, me mma, na me na awie me bɔne sene mo, ɛfiri sɛ AWURADE nsa afiri adi ne me adi no bɔne.

14 Na wɔmaa wɔn nne so suu bio. Na Orpa fee n’ase ano, na Rut deɛ, ɔbataa ne ho.

15 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, wo kora asane kɔ ne manfoɔ ne n’anyame nkyɛn. Sane di wo kora akyi!

16 Na Rut kaa sɛ:

Nhyɛ me sɛ mennya wo hɔ

na mennyae w’akyiri die nsane nkɔ;

na deɛ wokorɔ na mɛkorɔ,

na deɛ wosoɛ na mɛsoɛ;

wo man bɛyɛ me man,

na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;

17 deɛ wobɛwuo na mɛwuo,

na ɛhɔ ara na wɔbɛsie me;

AWURADE nyɛ me yei

na ebi nka ho,

sɛ gye owuo na ɛbɛtete

me ne wo ntam.

18 Na ɔhunuu sɛ wawe ataa so sɛ ɔne no bɛkorɔ no, ɔne no gyaee kasa.

19 Na wɔn baanu no nante bɛduruu Betlehem. Na wɔduruu Betlehem no, wɔn nti kuro no nyinaa bɔɔ twi na wɔkaa sɛ: Naomi nie?

20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Mommfrɛ me Naomi,

na momfrɛ me Mara,

ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!

21 Mekɔɔ no ma,

na AWURADE de me hunu na aba.

Adɛn na mofrɛ me Naomi,

na AWURADE abua me atɛn,

na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?

22 Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut sane firii Moab asase so baeɛ nie. Na wɔduruu Betlehem no, na wɔafiri atokoɔ twa ase.

Categories
Rut

Rut 2

Rut di Boas afuo mu mpɛpɛ

1 Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ɔfiri Elimelek abusua mu a ne din de Boas.

2 Na Rut, Moabni baa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuo mu menkɔdi mmɛtem no mpɛpɛ deɛ mɛnya n’anim animuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, kɔ ɛ!

3 Na ɔkɔ kɔdii mpɛpɛ afuo mu wɔ atwafoɔ no akyi. Na ɔkɔfirii afuo bi a ɛyɛ Boas a ɔfiri Elimelek abusua mu no deɛ mu.

4 Na hwɛ, Boas firi Betlehem bae, na ɔka kyerɛɛ atwafoɔ no sɛ: AWURADE nni mo akyi! Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo.

5 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ n’akoa a ɔgyina atwafoɔ no akyire sɛ: Hwan ababaa nie?

6 Na akoa a wɔde no agyina ayutwafoɔ no akyire no kaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi sane firii Moab asase so baeɛ no.

7 Ɔbɛkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma menni ayutwafoɔ no akyi menni mpɛpɛ mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na ɔkura mu ara de firi anɔpa de abɛduru sɛsɛɛ a ɔnhomee kakraa bi mpo.

8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: Me ba, tie, nkɔ afuo biara mu nkɔdi mpɛpɛ, nso mfiri ha, na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho.

9 Ma w’ani mmra afuo no fa a wɔtwa hɔ, na di wɔn akyi. Hwɛ, mahyɛ mmeranteɛ no sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, kɔ nnoɔma no ho kɔnom deɛ mmeranteɛ no asa no bi.

10 Ɛnna ɔde n’anim butuiɛ, na ɔkotoo fam na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na manya w’anim adom, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?

11 Na Boas buaa no sɛ: Deɛ wo kunu wuo akyi woyɛɛ w’ase no nyinaa, wɔatu aseɛ aka akyerɛ me; sɛdeɛ wogyaa w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ soɔ, na wonam baa ɔman a wonni wɔn da yi nkyɛn no.

12 AWURADE nhyɛ wo wo nneyɛɛ ananmu na nya akatua mu firi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.

13 Na ɔkaa sɛ: Me wura, ma me nkɔ so ara nya w’anim adom, ɛfiri sɛ, woakyekyere me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoeɛsɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara mpo.

14 Na ɛduruu adidiberɛ no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Bra ha bɛdi aduane no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa kekakeka no mu. Na ɔbɛtenaa ayutwafoɔ no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee maa ebi kae.

15 Na ɔsɔree sɛ ɔrekɔdi mpɛpɛ no, Boas hyɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Momma no nni afiafi no nso ntam mpɛpɛ, na mommpoopoo no.

16 Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no, na ɔnni mpɛpɛ; na monnyeyɛ no.

17 Ɛnna ɔdii afuo no mu mpɛpɛ de kɔduruu anwummerɛ, na ɔporee mpɛpɛ a ɔdiiɛ no, na ɛyɛɛ bɛyɛ atokoɔ efa baako.

18 Na ɔsoa baa kuro no mu; na n’ase hunuu deɛ ɔtaseeɛ no; na ɔyii deɛ ɔdi meeɛ na ɛkaeɛ no maa no.

19 Ɛnna n’ase ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wokɔdii mpɛpɛ nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka deɛ n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas.

20 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no AWURADE a ɔnnyaee ateasefoɔ ne awufoɔ adɔeɛyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no bɛn yɛn, ɔyɛ yɛn bogya.

21 Na Moabni Rut kaa sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmeranteɛ a mewɔ yi ho na bata kɔsi sɛ wɔbɛwie deɛ mewɔ nyinaa twa.

22 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: Me ba, ɛyɛ sɛ wo ne ne mmaawa no bɛkorɔ, na wɔanhu wo, afu foforɔ bi mu.

23 Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛ de kɔsii sɛ wɔwiee atokoɔ ne ayuo no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn.

Categories
Rut

Rut 3

Rut da Boas nan ase

1 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa?

2 Na afei, Boas a wo ne ne mmaawa nanteeɛ no nyɛ yɛn manni anaa? Hwɛ, ɔrehu atokoɔ so anadwo yi wɔ aporeeɛ.

3 Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;

4 na sɛ ɔkɔda na wokɔhunu ne daberɛ hɔ a, kɔ kɔyi n’anafoɔ ntoma na da hɔ, na ɔno ara bɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

5 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mɛyɛ deɛ woka nyinaa.

6 Na ɔsiane kɔɔ aporeeɛ hɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ n’ase hyɛɛ no no nyinaa.

7 Na Boas didi nomeeɛ na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuo no ano hɔ. Na ɔbaa komm bɛyii n’anafoɔ ntoma na ɔdaa hɔ.

8 Na dasuom no, ɔbarima no bɔɔ binim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, na ɔbaa da n’anafoɔ.

9 Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛ w’atadeɛ mmuano mu fa kata w’abaawa so, ɛfiri sɛ abusua mu gyefoɔ ne wo.

10 Na ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔeɛ ayɛ yie sene kan deɛ no, sɛ woanni mmeranteɛ, ahiafoɔ oo, adefoɔ oo, akyire.

11 Na afei, me ba, nsuro. Deɛ woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, ɛfiri sɛ me manfoɔ a wɔfa kuro pono ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbaa pa.

12 Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefoɔ ne me, nanso abusua mu gyefoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛn sene me.

13 Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛyɛ, ma no nyɛ ɔgyefoɔ; na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ɔgyefoɔ ade a, ɛnneɛ sɛ AWURADE te aseɛ yi, me na mɛyɛ wo ɔgyefoɔ. Da ma adeɛ nkye.

14 Na ɔdaa n’anafoɔ hɔ kɔduruu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehunu ne yɔnko. Na ɔkaa sɛ: Wɔmma wɔnnte sɛ ɔbaa no baa aporeeɛ ha.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatoma a ɛgu wo soɔ no bra, na sɔ mu. Na ɔsɔɔ mu, na ɔsusuu atokoɔ susukoraa nsia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kuro no mu.

16 Na ɔduruu n’ase nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Ɛte sɛn, me ba? Na ɔkaa deɛ ɔbarima no yɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ no.

17 Na ɔkaa sɛ: Atokoɔ susukoraa nsia yi na ɔmaa me, na ɔse, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18 Na ɔkaa sɛ: Tena hɔ, me ba, kɔsi sɛ wobɛhunu sɛdeɛ asɛm yi bɛsie, ɛfiri sɛ ɔbarima no renhome gye sɛ ɔwie asɛm yi di nnɛ ansa.

Categories
Rut

Rut 4

Boas ware Rut. Rut yɛ Dawid nana

1 Na Boas kɔɔ kuro pono no ano kɔtenaa hɔ. Na hwɛ, na abusua mu gyefoɔ a Boas bɔɔ ne din no retwam; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asomasi ee, mane bra bɛtena ha. Na ɔmane bɛtenaa ase.

2 Na ɔfrɛɛ kuro no mu mpanin mu du bae, na ɔkaa sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase.

3 Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefoɔ no sɛ: Naomi a ɔsane firii Moab asase so baeɛ no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek deɛ no.

4 Na me deɛ, mese: Mɛyi wo asotire sɛ tɔ no wɔ nkurɔfoɔ yi ne me man mpanin yi anim. Sɛ wobɛgye a, gye, na sɛ worennye a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgyeɛ sɛ wo ne me a medi w’akyire yi. Na ɔkaa sɛ: Me ara mɛgye.

5 Ɛnna Boas kaa sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni baa Rut a ɔyɛ nsamanyerɛ no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyadeɛ ho.

6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: Merentumi mennye memfa, na mansɛe me ara m’awunnyadeɛ. Wo na kɔgye m’adeɛ a ɛsɛ sɛ megyeɛ no fa, na merentumi mennye.

7 Nso ɛgyeɛ ne nsesa ho amanneɛ a akane no na ɛwɔ Israel nie: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, ɔyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na yei na na wɔde yɛ adanseɛ wɔ Israel.

8 Enti ɔgyefoɔ no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na ɔyii ne mpaboa.

9 Na Boas ka kyerɛɛ mpanin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefoɔ nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nnoɔma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nnoɔma nyinaa afiri Naomi nsam.

10 Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne tiri adeɛ aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapadeɛ mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfiri ne nuanom mu ne ne kuro pono ano. Mone adansefoɔ nnɛ!

11 Na ɔman a wɔwɔ kuro pono ano hɔ no nyinaa ne mpanin no kaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbaa a waba wo fie no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekyere Israel fie no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.

12 Na w’asefoɔ a AWURADE de bɛma woɔ afiri ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fie no asefoɔ.

13 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE maa no nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.

14 Na mmaa no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ, na wɔmma no nnye din wɔ Israel.

15 Na ɔnyɛ wo nkwamafoɔ ne wo mmerewaberɛ mu hwɛfoɔ, ɛfiri sɛ w’ase a ɔdɔ woɔ a ɔyɛ ma woɔ sene mmammarima baason no na awo no.

16 Na Naomi gyee akɔkoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔbagyegyefoɔ.

17 Na n’afipamfoɔ mmaa no too no din kaa sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wɔfrɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid agya Yisai agya.

18 Yeinom ne Peres awoɔ ntoatoasoɔ: Peres woo Hesron,

19 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab,

20 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,

21 na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed,

22 na Obed woo Yisai, na Yisai woo Dawid.