Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 11

Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɔwɔ ma Israel

1 Na afei mese: Onyankopɔn ato ne man atwene anaa? Dabi da, na me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu.

2 Onyankopɔn ntoo ne man a ɔhunuu wɔn sieeɛ no ntweneeɛ. Anaasɛ monnim deɛ atwerɛ no ka fa Elia ho, sɛ ɔgyina Nyankopɔn anim bɔɔ Israelfoɔ kwaadu?

3 Sɛ: Awurade, w’adiyifoɔ no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremmukyia nso, wɔadwiridwiri, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.

4 Na Nyankopɔn anomu asɛm se no sɛn? Mama mmarima mpemnson aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkutoo Baal.

5 Saa ara na seesei berɛ yi mu nso, nkaeɛ bi nam adom yi so aka.

6 Na sɛ ɛnam adom so a, na ɛmfiri nnwuma mu bio, ɛfiri sɛ ɛno deɛ, anka adom nyɛ adom bio.

7 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ hwehwɛ no, wɔannya, na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no akoma apirim;

8 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko,

ani a wɔmmfa nnhunu adeɛ

ne aso a wɔmmfa nnte asɛm

de abɛduru nnɛ da yi.

9 Na Dawid ka sɛ:

Ma wɔn didipono nyɛ apa, ne fidie,

ne suntidua ne akatua mma wɔn;

10 ma wɔn ani nnuru sum, na wɔanhunu adeɛ,

na kuntunu wɔn akyiri daa.

Amanaman mufoɔ nkwagyeɛ

11 Na afei mese: Wɔnsuntii sɛ wɔrehwe aseɛ? Dabi da, na mmom nkwagyeɛ nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman mufoɔ no deɛ, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu.

12 Na sɛ wɔn ntereho no dane wiase ahonya, na wɔn ntwodie dane amanaman mufoɔ ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛne saa sɛn ara!

13 Na mo amanaman mufoɔ na mekasa mekyerɛ mo: Ɛsiane sɛ meyɛ amanaman mu somafoɔ nti, mekamfo me som,

14 sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfoɔ Yudafoɔ no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.

15 Na sɛ wɔn toɔ a wɔtoo wɔn tweneeɛ no yɛ wiase mpata a, ɛdeɛn na wɔn gyeɛ no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a ɛfiri owuo mu anaa?

16 Sɛ aba a ɛdi kan no yɛ kronkron a, ɛtoa no nyinaa yɛ bi; na sɛ nhini no yɛ kronkron a, dua mman no nso yɛ bi.

17 Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a,

18 nhoahoa wo ho dua mman no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso nhini no, na nhini no na ɛso woɔ.

19 Afei wobɛka sɛ: Dua mman no bubuu sɛ wɔmfa me nhyɛ mu.

20 Wiɛ, gyeɛ a wɔannye annie nti na ɛbubuiɛ, na wo deɛ, wode gyidie na ɛgyina hɔ. Nnwene akokurokosɛm, na mmom suro!

21 Na sɛ Onyankopɔn ankora dua mman a ɛfiri dua no ara mu fifiriiɛ no a, ɔrenkora wo nso.

22 Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene.

23 Na wɔn nso, sɛ wɔantena ɔgyeɛ a wɔnnye nnie no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi de wɔn ahyɛ mu bio.

24 Na sɛ wɔatwa wo afiri dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua no, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa no mu a, mprɛ ahe ara na wɔremfa yeinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu?

Onyankopɔn hunu nnipa nyinaa mmɔbɔ

25 Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;

26 na ɛno ansa na Israel nyinaa bɛnya nkwa, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba

abɛtu amumuyɛsɛm ase afiri Yakob.

27 Na apam a me ne wɔn bɛpam

berɛ a mɛyi wɔn bɔne makorɔ no nie.

28 Asɛmpa no fam deɛ, mo nti wɔyɛ atamfoɔ, na eyie no fam deɛ, agyanom no nti, wɔyɛ adɔfoɔ;

29 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛdeɛ na ɔfrɛ no a, ɔnntwe nsan.

30 Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gyeɛ a wɔnnye annie no so ahu mo mmɔbɔ no,

31 saa ara nso na seesei yeinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔborɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔborɔ.

32 Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ gyeɛ a wɔnnye nnie no ase sɛ ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ.

Ayeyie nka Nyankopɔn

33 O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.

34 Na hwan na wahunu Awurade adwene,

anaasɛ hwan na wayɛ ne fotufoɔ?

35 Anaasɛ hwan na ɔmaa no biribi kane,

na watua no so ka?

36 Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 12

Kristo mu abrabɔ foforɔ

1 Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.

2 Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.

3 Na menam adom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ɔnnnwene nntra deɛ ɛsɛ sɛ ɔdwene, na mmom ɔnnwene anidahɔ adwene, sɛdeɛ Onyankopɔn asusu gyidie akyekyɛ de ama obiara no.

4 Na sɛdeɛ yɛwɔ honam akwaa bebree nipadua koro mu, na honam mu akwaa no nyinaa nni adwuma korɔ no,

5 saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmaako mmaako.

6 Na yɛwowɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛdeɛ adom a wɔde adom yɛn no teɛ. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛdeɛ gyidie nsusuiɛ pa no teɛ.

7 Sɛ ɛyɛ ɛsom a, ma no ntena ɛsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a, ma no ntena nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛkyerɛ.

8 Sɛ ɔfotufoɔ a, ma no ntena n’afotuo mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfoɔ a, ma no nyi ne yam nkyɛ adeɛ. Sɛ mpaninnie a, ma no mmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborɔhunufoɔ a, ma no mfa animteɛ nyɛ.

9 Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!

10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni.

11 Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade!

12 Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!

13 Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!

14 Monhyira wɔn a wɔtaa mo, monhyira, na monnnome!

15 Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.

16 Mo nyinaa nnya adwenkorɔ; mommmoma mo ho so, na mmom momma ahobrɛasedeɛ mfa mo! Mommmu mo ho anyansafoɔ!

17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwene nnoɔma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!

18 Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu.

19 Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom monnyae mma Onyankopɔn abufuo! Na wɔatwerɛ sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara mɛtua ka, Awurade na ɔka saa.

20 Enti sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane! Sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.

21 Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 13

Yɛne ɔman ntam asɛm

1 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.

2 Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asie; na wɔn a wɔdi asie no bɛnya afobuo.

3 Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!

4 Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.

5 Enti ɛtwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom ahonim nso ntira.

6 Yei nti nso na moyi toɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfo a wɔkura saa ɔsom yi mu ara.

7 Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.

Nokorɛ dɔ

8 Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.

9 Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

10 Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die.

Kristo da no abɛn

11 Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no.

12 Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.

13 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;

14 na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 14

Mo mmmu atɛn

1 Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho.

2 Obi gye di sɛ ɔtumi di aduane biara bi; na deɛ ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhahannuane nko ara.

3 Deɛ ɔdie no mmmu deɛ ɔnnie animtia, na deɛ ɔnnie no mmmu deɛ ɔdie atɛn, na Onyankopɔn agye no.

4 Hwan ne wo a wobu obi fie nipa atɛn? Ɔno ara ne wura anim na ɔgyina anaasɛ ɔhwe aseɛ; nanso ɔbɛgyina, na Awurade bɛtumi ama no agyina.

5 Obi bu da bi sene bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi.

6 Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.

7 Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho.

8 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yɛwu oo, yɛyɛ Awurade dea.

9 Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔsɔreeɛ na ɔnyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ wura.

10 Na wo deɛ, adɛn nti na wobu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wobu wo nua animtia? Na yɛn nyinaa bɛgyina Nyankopɔn atemmuo adwa no anim.

11 Na wɔatwerɛ sɛ:

Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,

na tɛkyerɛma nyinaa bɛbɔ Nyankopɔn din.

12 Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.

Nsi Okristoni biara nkɔsoɔ kwan

13 Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.

14 Menim, na megye medi Awurade Yesu mu sɛ, biribiara ankasa nyɛ fi; na deɛ ɔbu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.

15 Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no.

16 Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!

17 Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.

18 Na deɛ ɔsom Kristo yeinom mu no, ɔsɔ Nyankopɔn ani, na nnipa bu no.

19 Enti afei momma yɛnni deɛ ɛma asomdwoeɛ ne deɛ ɛbɛma yɛn nkɔsoɔ akyiri.

20 Aduane nti nsɛe Nyankopɔn adwuma! Nnoɔma nyinaa ho te deɛ, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa, sɛ ɔdi deɛ ɛto suntidua.

21 Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.

22 Wo deɛ, wo gyidie a wowɔ no, kora fa wɔ Nyankopɔn anim! Nhyira ne deɛ ɔmmu ne ho atɛn, deɛ ɔbu no sɛ ɛyɛ no mu.

23 Na deɛ n’adwene mu yɛ no naa no, sɛ ɔdi a, wadi fɔ; ɛfiri sɛ ɛmfiri gyidie mu na ɔdie. Na biribiara a ɛmfiri gyidie mu no yɛ bɔne.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 15

Monsɔ afoforɔ ani, na ɛnyɛ mo ho mmom

1 Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.

2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim.

3 Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔbɔɔ wo ahohora no ahohora agu me so.

4 Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.

5 Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛdeɛ Kristo Yesu kwan teɛ no,

6 na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam.

Kristo gye Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ

7 Enti monnye mo ho mo ho, sɛdeɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no.

8 Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;

9 na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu,

na mato dwom ama wo din.

10 Na ɔkaa bio sɛ:

Mo amanaman mufoɔ, mo ne ne man nni ahurisie,

11 Na bio:

Mo amanaman mufoɔ nyinaa, monyi Awurade ayɛ,

na mo aman ahodoɔ nyinaa nkamfo no!

12 Na bio Yesaia ka sɛ:

Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre

abɛdi amanaman so bɛba;

ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ.

13 Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.

Deɛ nti a Paulo de nnam retwerɛ krataa

14 Me nuanom, megye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na motumi tutu mo ho fo nso;

15 nanso deɛ enti a mede nnam bebrebe metwerɛɛ nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me,

16 sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.

17 Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu.

18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye deɛ Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufoɔ setie wɔ asɛm ne adwuma mu,

19 nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.

20 Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ deɛ wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,

21 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no bɛhunu,

na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ.

Paulo pɛɛ sɛ ɔkɔ Roma

22 Yei na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn.

23 Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfeɛ bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti,

24 da biara a mɛtu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mɛhunu mo anim, na sɛ megye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.

25 Na seesei deɛ, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefoɔ no.

26 Na Makedonia ne Akaia de fɛ aboaboa nnoɔma bi ano de rekɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ.

27 Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ amanaman mufoɔ anya wɔn honhom mu nnoɔma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde honam mu nnoɔma bɛsom wɔn bie.

28 Enti menya mewie adeɛ yi yɛ, na mede akyɛdeɛ no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania.

29 Na menim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu.

30 Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpaeɛ a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu,

31 na wɔabɛyi me afiri asoɔdenfoɔ a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefoɔ no fɛ,

32 na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho.

33 Asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 16

Paulo nkyea ahodoɔ

1 Na mebɔ yɛn nuabaa Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfoɔ din mede no mehyɛ mo nsa

2 sɛ: Monnye no Awurade mu, sɛdeɛ ɛsɛ ahotefoɔ no, na monnyina n’akyi adwuma biara a mo ho bɛhia no mu; ɛfiri sɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne me ara me boafoɔ.

3 Monkyea Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfoɔ Kristo Yesu mu

4 a wɔpɛɛ sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ maeɛ de sii me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.

5 Monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ɔfiri Asia no.

6 Monkyea Maria a ɔhaa ne ho pii maa mo no.

7 Monkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ ne me yɔnko mpokyerɛfoɔ a wɔwɔ din asomafoɔ no mu na wɔdii m’anim Kristo mu no.

8 Monkyea m’Awurade mu dɔfo Amplia.

9 Monkyea yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfoɔ Urbano ne me dɔfo Staki.

10 Monkyea Apele a wɔahu no ɔnokwafoɔ Kristo mu no. Monkyea wɔn a wɔfiri Aristobulo fiefoɔ mu no.

11 Monkyea me busuani Herodion. Monkyea wɔn a wɔfiri Narkiso fiefoɔ mu a wɔwɔ Awurade mu no.

12 Monkyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Monkyea ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.

13 Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na.

14 Monkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho.

15 Monkyea Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne ahotefoɔ a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa.

16 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Kristo asafo nyinaa kyeakyea mo.

17 Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho.

18 Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.

19 Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,

20 na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

21 Me yɔnko dwumayɛfoɔ Timoteo ne m’abusuafoɔ Lukio, Yason ne Sosipatro kyea mo.

22 Me Tertio a meretwerɛ nwoma yi, mekyea mo Awurade mu,

23 Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.

24 [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.]

25 Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,

26 na afei wɔayi no adie, na wɔnam adiyifoɔ twerɛ nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufoɔ, sɛdeɛ daa Nyankopɔn hyɛ no teɛ, ama ɔsetie a ɛde kɔ gyidie mu,

27 Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafoɔ koro no, animuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.