Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 1

Nkyea

1 Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa

2 a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu,

3 wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;

4 na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Nyankopɔn Ba, ahoteɛ honhom fam, awufoɔ sɔreɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛn Awurade

5 a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti;

6 na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo deɛ nso ka ho.

7 Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.

Aseda mpaebɔ

8 Deɛ ɛdi kan ne sɛ, mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wiase nyinaa.

9 Na me danseni ne Onyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ mennyae mo din bɔ da, me mpaebɔ mu,

10 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.

11 Ɛfiri sɛ m’ani agyina sɛ mɛhu mo, na mede honhom adom akyɛdeɛ bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,

12 ɛne sɛ ɛnam mo gyidie ne me deɛ so, yɛn nyinaa bɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ yɛn mu.

13 Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede bɛsie mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ anka mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasi me kwan abɛduru sɛsɛɛ), na manya mo nso mo mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.

14 Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ anyansafoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwenem harefoɔ no ka;

15 saa nti na mefiri m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.

Asɛmpa no mu tumi

16 Na m’ani nwu asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.

17 Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.

Adasamma afobuo

18 Na wɔda Nyankopɔn abufuo adi firi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛɛ a ɛntene nam amumuyɛ so si nokorɛ no kwan.

19 Ɛfiri sɛ Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn.

20 Na Nyankopɔn ho adeɛ a wɔnhunu, ɛfiri berɛ a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nnoɔma a wɔayɛ no dada no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hunu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyie biara;

21 ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma.

22 Wɔse wɔyɛ anyansafoɔ no, wɔdanee nkwasea,

23 na wɔsakyeraa Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔ honi nsɛsoɔ, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea deɛ.

24 Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efideɛ, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔngu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu;

25 ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔsɔree somm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a wɔhyira no daa no. Amen.

26 Yei nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwuo akɔnnɔ. Na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no sesaa deɛ ɛmfa ne kwan soɔ;

27 saa ara nso na mmarima gyaa wɔne ɔbaa nkitahodie yɛbea a ɛyɛ ne kwan soɔ no maa wɔn mfɛfoɔ mmarima ho akɔnnɔ dɛree wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaadeɛ, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa, wɔn ara mu.

28 Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,

29 sɛ nnipa a adeɛ a ɛntene nyinaa, amumuyɛ, anibereɛ, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asutufoɔ,

30 nsekubɔfoɔ, Onyankopɔn atamfoɔ, anoɔdenfoɔ, ahantanfoɔ, ahohoahoafoɔ, nnebɔne farebaefoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ,

31 wɔnni ti, apamsɛefoɔ, wɔnni tema, wɔnni mmɔborɔhunu.

32 Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 2

Onyankopɔn tenenee atemmuo no

1 Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.

2 Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, ba wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no so.

3 Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa?

4 Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?

5 Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.

6 Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.

7 Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.

8 Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.

9 Aane, ahohia ne ahometeɛ bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso,

10 na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa deɛ, animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ bɛba ama wɔn, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso bi.

11 Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.

12 Na dodoɔ a wɔnni mmara na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara nso ayera. Na dodoɔ a wɔyɛ bɔne, mmara mu no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn.

13 Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.

14 Na amanaman mufoɔ a wɔnni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nnoɔma a, yeinom a wɔnni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho.

15 Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn,

16 ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu nnipa kokoa mu nsɛm atɛn sɛdeɛ m’asɛmpa teɛ no.

Yudafoɔ no ne Mmara no

17 Na sɛ wɔfrɛ wo Yudani, na wode wo ho twere mmara, na wohoahoa wo ho Nyankopɔn mu,

18 na wohunu deɛ ɔpɛ, na wogye nnoɔma a ɛyɛ pa ara no to mu, ɛnam sɛ wɔfiri mmara mu kyerɛkyerɛ woɔ nti,

19 na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifirani kwankyerɛni, wɔn a wɔwɔ sum mu hann,

20 nkwasea fotufoɔ, nkɔkoaa kyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woawedare wɔ nimdeɛ ne nokorɛ a ɛwɔ mmara no mu a;

21 afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wɔnnwia adeɛ no, ɛnna wowia adeɛ yi?

22 Wo a wose wɔnnsɛe awadeɛ no, ɛnna wosɛe awadeɛ yi? Wo a wokyiri ohoni no, ɛnna wofom asɔrefie nnoɔma yi?

23 Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no, ɛnyɛ nam na wonam mmaratoɔ so de Nyankopɔn anim twitwiri fam anaa?

24 Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

25 Na sɛ wodi mmara no so deɛ a, twetiatwa ho wɔ mfasoɔ; nanso woto mmara no deɛ a, na wo twetiatwa no adane momonotoyɛ.

26 Enti sɛ momonotoni no di mmara mu nsɛntenenee so a, wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa?

27 Na deɛ wɔawo no momonoto a ɔdi mmara no soɔ no bɛbu wo a wonim atwerɛ no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn!

28 Na ɛnyɛ deɛ ɔda adi saa, na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ deɛ ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa,

29 na mmom Yudani pa ara ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne deɛ wɔayɛ no akoma mu wɔ honhom mu, na ɛnyɛ deɛ wɔatwerɛ mu. Ɔno na n’ayeyie mfiri nnipa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 3

1 Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn?

2 Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa?

4 Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu,

na wobu atɛn a, woadi nkonim.

5 Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)

6 Dabi da! Sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bɛbu wiase atɛn sɛn?

7 Na sɛ Onyankopɔn nokorɛ da adi mmoroso wɔ m’atorɔ mu kɔ n’animuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛni?

8 Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata.

Obiara nyɛ teneneeni

9 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

10 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ.

11 Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ,

obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

12 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

13 Wɔn mene yɛ ɛda a abue,

wɔde wɔn tɛkyerɛma daadaa;

nhuritia borɔ wɔ wɔn anofafa ase.

14 Nnome ne ade nwononwono ahyɛ wɔn anomu ma.

15 Wɔn nan yɛ hare mogya hwieguo ho,

16 pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,

17 na asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim.

18 Nyankopɔn suro biara nni wɔn ani so.

19 Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.

20 Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.

Tenenee a ɛnam Kristo mu gyidie so ba

21 Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn tenenee adi; ɛho adanseɛ na mmara ne adiyifoɔ die.

22 Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,

23 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,

24 na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.

25 Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti.

26 Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.

27 Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.

28 Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.

29 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso.

30 Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔfiri gyidie mu bu twetiafoɔ bem no, na ɔnam gyidie soɔ bu momonotofoɔ bem.

31 Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 4

Wɔde Abraham yɛ mfatoho

1 Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?

2 Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim.

3 Na ɛdeɛn na twerɛ no seɛ? Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu ɛno sɛ tenenee maa no.

4 Na deɛ ɔyɛ nnwuma no deɛ, wɔmmu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no.

5 Na deɛ ɔnyɛ nnwuma, na ɔgye deɛ ɔbu obusuyɛfoɔ bem die no, wɔbu ne gyidie sɛ tenenee ma no.

6 Sɛdeɛ Dawid nso ka sɛ, nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu tenenee ma no no dea,

7 sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn,

na wɔn bɔne so akata.

8 Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne soɔ.

9 Ɛnneɛ na nhyira yi ba twetiatwafoɔ nko so, anaa momonotofoɔ nso so? Ɛfiri sɛ yɛka sɛ wɔbuu gyidie sɛ tenenee maa Abraham.

10 Na wɔbu maa no sɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafoɔ mu, na mmom momonotoyɛ mu.

11 Na ɔnyaa twetiatwa nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ne momonotoyɛ mu gyidie a ɔde nyaa tenenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifoɔ nyinaa agya, na wɔabu tenenee no ama wɔn nso,

12 na wayɛ twetiafoɔ agya nso, a ɛnyɛ sɛ wɔfiri twetiatwa mu nko, na mmom sɛ wɔtiatia yɛn agya Abraham gyidie a na ɔwɔ, ɛberɛ a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.

Gyidie mu na wɔnam gye Onyankopɔn bɔhyɛ

13 Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefoɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifoɔ no nam baeɛ, na mmom ɛnam gyidie tenenee so.

14 Na sɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no yɛ adedifoɔ a, na gyidie no ayɛ kwa na bɔhyɛ no adane ohunu;

15 ɛfiri sɛ mmara no twe abufuo ba. Na deɛ mmara bi nnie no, mmarato nso nni hɔ.

16 Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,

17 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.

18 Ɔno na faako a anidasoɔ nnie no, ɔgyinaa anidasoɔ so gye diiɛ, na wayɛ amanaman mufoɔ bebree agya, sɛdeɛ wɔaka no sɛ: Sɛdeɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.

19 Na wanyɛ mmerɛ gyidie mu, anhwɛ ne nipadua, sɛ wadi mfirinhyia bɛyɛ ɔha nti, anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no;

20 na Nyankopɔn bɔhyɛ no ho deɛ, wamfa ɔgyeɛ a wɔnnye nnie annye kyim, na mmom ɔnyaa gyidie mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam,

21 na ɔnim ampa sɛ, deɛ wahyɛ ho bɔ no, ɔbɛtumi ayɛ nso.

22 Enti nso wɔbuu no sɛ tenenee maa no.

23 Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔatwerɛ yei, sɛ wɔbuu no saa maa no,

24 na mmom yɛn nso a yɛgye deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no die no, wɔbɛbu no saa ama yɛn;

25 ɔno na yɛn mfomsoɔ nti wɔyii no maeɛ, na yɛn bembuo nti, wɔnyanee no.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 5

Yɛn ne Onyankopɔn mu ateyie

1 Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;

2 ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.

3 Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,

4 na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.

5 Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.

6 Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ.

7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia anka obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no.

8 Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

9 Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.

10 Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.

11 Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.

Adam ne Kristo

12 Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa ara na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

13 Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta.

14 Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ.

15 Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ na adom akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ mfomsoɔ nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn adom, ne onipa baako a ɔne Yesu Kristo no mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.

16 Na ɛnyɛ sɛ deɛ ɛnam ɔbaakofoɔ a ɔyɛɛ bɔne no so baeɛ no na akyɛdeɛ no teɛ, na atemmuo no firi ɔbaakofoɔ na ɛdane afobuo, na adom akyɛdeɛ no firi mfomsoɔ pii mu na ɛdane bembuo.

17 Na sɛ ɛnam ɔbaakofoɔ no so na owuo de ɔbaakofoɔ no mfomsoɔ dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɛboro soɔ no mmom nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo so bɛdi ahene wɔ nkwa mu.

18 Enti afei, sɛdeɛ afobuo nam ɔbaakofoɔ mfomsoɔ so baa nnipa nyinaa soɔ no, sɛ nso nkwa bembuo nam ɔbaakofoɔ tenenee soɔ baa nnipa nyinaa soɔ ne no.

19 Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no.

20 Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no.

21 Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 6

Kristo mu ayɔnkofa kum bɔne

1 Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa?

2 Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu?

3 Anaasɛ monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu anaa?

4 Enti wɔnam owuo mu asubɔ so asie yɛne no sɛ, sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu no, saa ara na yɛn nso yɛnnante nkwa foforɔ mu.

5 Na sɛ wɔatɛ yɛn ne no wɔ ne wuo mu a, ɛnneɛ yɛnam ne wusɔreɛ no so ne no bɛbom afifiri.

6 Na yɛnim yei sɛ wɔabɔ yɛn nipa dada ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;

7 ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri bɔne ho.

8 Na sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso,

9 na yɛnim sɛ Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no renwu bio; na owuo renni ne so bio.

10 Na deɛ ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko, na deɛ ɔte aseɛ no, ɔte ase ma Onyankopɔn.

11 Saa ara na mo nso mommu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

12 Enti mommma bɔne nnni mo nipadua a ɛbɛwuo no so hene, sɛ mobɛtie no n’akɔnnɔ mu;

13 nso mommfa mo honam akwaa mmma bɔne sɛ amumuyɛ akodeɛ, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔfiri awufoɔ mu te aseɛ, na momfa mo honam akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.

14 Na bɔne renni mo so, ɛfiri sɛ monni mmara ase, na mmom mowɔ adom ase.

Tenenee ho nkoa

15 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da.

16 Monnim sɛ, deɛ mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu deɛ oo, asoɔmmerɛ a ɛde kɔ tenenee mu deɛ oo, ɔno a motie no no ara na ne nkoa ne mo anaa?

17 Na aseda nka Onyankopɔn, sɛ moayɛ bɔne nkoa pɛn, na afei mofiri akoma mu abrɛ mo aso ase ama nkyerɛkyerɛ sononko a wɔde mo ahyɛ mu no.

18 Na moade mo ho wɔ bɔne ho yi, moabɛyɛ tenenee nkoa.

19 Mo honam mmerɛ nti na merekasa makyerɛ mo wɔ nnipa famu. Na sɛdeɛ mode mo honam akwaa maeɛ, de somm efi ne mmaratodeɛ de kɔɔ mmaratodeɛ mu no, saa ara na afei momfa mo honam mma mfa nsom tenenee nkɔ ahoteɛ mu.

20 Na berɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na moatwe mo ho afiri tenenee ho.

21 Na aba bɛn na saa berɛ no monya firii nnoɔma a afei deɛ, mo ani wu ho no mu? Saa nnoɔma no awieeɛ ne owuo.

22 Na afei wɔayi mo afiri bɔne mu na mosom Onyankopɔn yi, mowɔ aba a ɛde kɔ ahoteɛ mu na n’awieeɛ ne daa nkwa.

23 Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 7

Owuo gye yɛn firi mmara ase

1 Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa?

2 Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho.

3 Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.

4 Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.

5 Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo.

6 Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.

Mmara ne bɔne

7 Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ.

8 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.

9 Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio;

10 na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me.

11 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me.

12 Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa.

13 Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.

Nnipa su ahodoɔ mmienu

14 Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ.

15 Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ.

16 Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.

17 Ɛnneɛ na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.

18 Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.

19 Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.

20 Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.

21 Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu.

22 Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho;

23 nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.

24 Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu?

25 Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 8

Honhom no mu nkwa

1 Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.

3 Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu

4 sɛ mmara no asɛntenenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnam honhom deɛ mu no ho.

5 Na wɔn a wɔnam honam fam no dwene honam deɛ, na wɔn a wɔnam honhom deɛ mu no dwene honhom deɛ.

6 Na honam adwene yɛ owuo, na honhom adwene no deɛ, ɛyɛ nkwa ne asomdwoeɛ.

7 Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;

8 na wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani.

9 Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.

10 Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu deɛ, nanso tenenee nti honhom no ma nkwa.

11 Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.

12 Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam fam.

13 Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.

Yɛnam honhom so yɛ Nyankopɔn mma

14 Na dodoɔ a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Nyankopɔn mma.

15 Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!

16 Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma.

17 Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.

18 Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no.

19 Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie.

20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,

21 sɛ abɔdeɛ no ara nso bɛfa ne ho adi afiri ɔsom a ɛsom porɔeɛ no mu akɔ Nyankopɔn mma animuonyam adehyedie mu.

22 Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi.

23 Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no.

24 Na anidasoɔ mu na wɔgyee yɛn nkwa; na anidasoɔ a wɔhunu nyɛ anidasoɔ; na deɛ obi hunu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda soɔ?

25 Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.

27 Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.

28 Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.

29 Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.

30 Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.

Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu

31 Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?

32 Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?

33 Hwan na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne deɛ ɔbu bem;

34 hwan ne deɛ ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, na mpo wanyane, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso ɔdi ma yɛn.

35 Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ?

36 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛku wɔn.

37 Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.

38 Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden,

39 anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 9

Onyankopɔn yi Israelfoɔ

1 Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu

2 sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.

3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,

4 na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;

5 na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.

6 Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ,

7 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

8 Ɛne sɛ, ɛnyɛ honam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wɔbu wɔn asefoɔ.

9 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.

10 Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ,

11 na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,

12 wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no;

13 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Medɔɔ Yakob,

na metanee Esau.

14 Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da!

15 Na ɔsee Mose sɛ:

Deɛ mehu no mmɔbɔ no ara na mɛhu no mmɔbɔ,

na deɛ me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.

16 Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no.

17 Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.

18 Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.

Onyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ

19 Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie?

20 Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?

21 Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ?

22 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,

23 sɛ ɔbɛma wɔahunu n’animuonyam ahonya nso mmɔborɔhunu adeɛ a wɔasiesie ama animuonyam no so a, wobɛka sɛn?

24 Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.

25 Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ:

Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,”

ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;

26 na ɛbɛba sɛ faako a wɔsee wɔn sɛ: Monyɛ me man no,

ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn Teasefoɔ no mma.

27 Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa;

28 ɛfiri sɛ Awurade bɛdi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.

29 Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no:

Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.

Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel

30 Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu;

31 na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no.

32 Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔtii no sɛ ɛmfiri gyidie mu, na mmom ɛfiri nnwuma mu; ɛfiri sɛ wɔsuntii suntiboɔ no,

33 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;

na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.

Categories
Romafoɔ

Romafoɔ 10

1 Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.

2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.

3 Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.

4 Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.

Nkwagyeɛ wɔ hɔ ma obiara

5 Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa.

6 Na sɛdeɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu no ka nie: Nka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛforo akɔ soro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛsiane);

7 anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba).

8 Na mmom ɛse sɛn?

Asɛm no abɛn wo,

w’anomu ne w’akoma mu,

(ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no).

9 Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

10 Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.

11 Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu.

12 Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.

13 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.

14 Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ deɛ wɔnnye no nnie? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Nanso sɛ ɔsɛnkafoɔ nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ?

15 Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!

16 Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adie?

17 Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba.

18 Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate,

wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so,

na wɔn nsɛm duruu wiase ano.

19 Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ:

Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu,

mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo.

20 Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ:

Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me,

na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan.

21 Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.