Categories
Numeri

Numeri 31

Midianfoɔ sɛeɛ ne Bileam kum

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando.

3 Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so.

4 Israel mmusuakuo nyinaa mu momma abusuakuo biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.

5 Na wɔyiyii Israel mpempem ahodoɔ mu nnipa mpem dummienu a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuo biara mu apem;

6 na Mose somaa wɔn maa wɔkɔɔ ɔsa no, abusuakuo biara mu apem, wɔne Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas a na kronkronbea hɔ nnoɔma no ne osebɔ ntotorobɛnto no wɔ ne nsam no.

7 Na wɔne Midian kɔkoe, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, na wɔkunkum mmarima nyinaa;

8 na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no.

9 Na Israelfoɔ no faa Midian mmaa ne mmɔfra nnommum, na wɔfom wɔn anantwie ne wɔn nnwan ne wɔn ahodeɛ nyinaa;

10 na wɔtotoo wɔn tenabea nkuro ne wɔn nsraban nyinaa mu gya.

11 Na wɔde asadeɛ no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfaeɛ no nyinaa

12 brɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfaeɛ ne asadeɛ no, wɔde baa nsraban no mu, Moab mpaperɛ a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so.

13 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mmapɔmma nyinaa firi nsraban no mu firii adi kɔhyiaa wɔn.

14 Na Mose bo fuu dɔm no asafohene a wɔdi apem apem ne ɔha ɔha soɔ a wɔfiri akono reba no;

15 na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmaa no nyinaa nkwa anaa?

16 Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu.

17 Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no;

18 na mmɔfra no mu mmaa a wɔnhunuu mmarima nna no deɛ monnye wɔn nkwa na momfa wɔn.

19 Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.

20 Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho.

21 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Yei ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛdeɛ:

22 Sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne sanya ne sumpii deɛ,

23 adeɛ biara a ɛkɔ ogya mu no, momma no mfa ogya mu na ɛho nte, nanso momfa ahodwira nsuo nnwira ho. Na adeɛ biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma no mfa nsuo mu.

24 Na monsi mo ntadeɛ da a ɛtɔ so nson no, na mo ho nte, na ɛno akyi ansa na mommra nsraban no mu.

Asadeɛ mu kyekyɛ

25 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

26 Wo ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu nananom afie mu atitire no mmu nnommum ne deɛ wɔfaeɛ, nnipa ne mmoa, no ano.

27 Na kyɛ asadeɛ no mu mmienu ma akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa.

28 Na gye akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ ɛtoɔ ma AWURADE: Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan mu, ahanum ahanum mu mmaako mmaako,

29 firi wɔn fa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma Ɔsɔfoɔ Eleasa sɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ.

30 Na Israelfoɔ fa no mu deɛ, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na fa ma Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no.

31 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

32 Nso asadeɛ a ɛyɛ asadeɛ a ɛdɔm no faeɛ no nkaeɛ yɛ nnwan apem ahansia ne mpem aduɔson nnum.

33 Ne anantwie mpem aduɔson mmienu,

34 ne mfunumu mpem aduosia baako,

35 ne akra mmabunu a wɔyɛ mpem aduasa mmienu a wɔnhunuu mmarima da.

36 Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano yɛ nnwan ɔpeha aduasa nson ne ahanum;

37 na nnwan no mu ɛtoɔ a wɔyi maa AWURADE yɛ nnwan ahansia aduɔson nnum;

38 na anantwie no yɛ mpem aduasa nsia, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduɔson mmienu;

39 na mfunumu no yɛ mpem aduasa ahanum, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduosia baako;

40 na akra no yɛ mpem dunsia, na wɔn mu ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduasa mmienu.

41 Na Mose de AWURADE mmasoɔ toɔ no maa Ɔsɔfoɔ Eleasa, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

42 Na Israelfoɔ no fa a Mose gyee akofoɔ no nsam no mu deɛ,

43 ɔfa a ɛyɛ asafo no deɛ no nie: Nnwan no mu ɔpehasa ne mpem aduasa nson ne ahanum,

44 ne anantwie mpem aduasa nsia,

45 ne mfunumu mpemaduasa ne ahanum,

46 ne nnipa mpem dunsia.

47 Na Mose faa Israelfoɔ no fa no mu deɛ, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na ɔde maa Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

48 Ɛnna asafohene a wɔdi dɔm mu mpem ahodoɔ soɔ no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitire no twe pinii Mose

49 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofoɔ a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera;

50 enti na yɛde AWURADE ayɛyɛdeɛ reba yi, obiara a ɔnyaa sika nnwinneɛ, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, nsomuadeɛ ne kɔmuadeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim.

51 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee wɔn hɔ sika no, nnwinneɛ no nyinaa;

52 na mmasoɔ sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa yɛ nnwetɛbena mpem dunsia ne ahanson aduonum a ɛfiri apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam.

53 Deɛ akofoɔ no fom kaa ho no, wɔn ara fae.

54 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ adeɛ, AWURADE anim.

Categories
Numeri

Numeri 32

Yordan asuogya mmusuakuo

1 Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa.

2 Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ:

3 Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon,

4 asase a AWURADE abrɛ no aseɛ Israel asafo anim no, yɛ asase a ɛyɛ ma mmoa; na yɛn wo nkoa wɔ mmoa.

5 Na wɔkaa sɛ: Sɛ yɛn anim aba nyam wɔ w’anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yɛnni so, na mfa yɛn ntwa Yordan.

6 Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: Mo nuanom nkɔko, na mo deɛ, montena ha?

7 Na adɛn na motu Israelfoɔ akoma sɛdeɛ wɔrentwa nkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no soɔ?

8 Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no,

9 na wɔforo kɔduruu Eskol subonhwa no mu, na wɔhunuu asase no, wɔbɛtuu Israelfoɔ no akoma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so;

10 na AWURADE bo fui da no, na ɔkaa ntam sɛ:

11 Mmarima a wɔfiri Misraim baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no renhunu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, ɛfiri sɛ wɔanni m’akyiri anwie!

12 Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu.

13 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔmaa wɔkyinkyinii ɛserɛ so mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee sa.

14 Na hwɛ, moasɔre asi mo nananom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ, sɛ mode AWURADE abufuhyeɛ no bi reka ho de aba Israel so ara.

15 Sɛ mosane firi AWURADE akyi a, ɔbɛgya wɔn hɔ bio, ɛserɛ so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa.

16 Ɛnna wɔtwe pinii no kaa sɛ: Yɛbɛgyegye nnwammuo wɔ ha ama yɛn mmoa, na yɛakyekyere nkuro nso ama yɛn mma;

17 na yɛn deɛ, yɛamia asɔ akodeɛ mu adi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkuro a ɛyɛ den no mu, asase no sotefoɔ no nti.

18 Yɛrensane mma yɛn afie de bɛkɔ akɔsi sɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛnya wɔn agyapadeɛ mmaako mmaako adi soɔ.

19 Na yɛne wɔn remfa agyapadeɛ wɔ Yordan agya ne akyire, ɛfiri sɛ yɛn agyapadeɛ abɛfiri Yordan agya ha wɔ apueeɛ fam ama yɛn.

20 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mobɛyɛ yei na moamia wɔ AWURADE anim akɔko,

21 na mo mu wɔn a wɔamia nyinaa bɛtwa Yordan adi AWURADE anim akɔsi sɛ ɔbɛpamo n’atamfo afiri n’anim,

22 na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasane a, ɛnneɛ na moayɛ mo asɛdeɛ AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapadeɛ, AWURADE anim.

23 Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na monhunu yie sɛ, mo bɔne bɛyi mo ama.

24 Monkyekyere nkuro mma mo mma na monnyegye ban mma mo nnwan, na deɛ afiri mo anomu no, monyɛ.

25 Na Gad mma ne Ruben mma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nkoa bɛyɛ sɛdeɛ me wura ahyɛ no.

26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa ntena Gilead nkuro mu hɔ;

27 na wo nkoa mu wɔn a wɔamia rekɔ ɔsa nyinaa bɛtwam adi AWURADE anim akɔko, sɛdeɛ me wura kaeɛ no.

28 Ɛnna Mose hyɛɛ wɔn ho mmara maa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu mpanimfie so atitire no.

29 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Gad mma ne Ruben mma ne mo twa Yordan, wɔn a wɔamia di AWURADE anim rekɔ ɔsa nyinaa, na wɔnya brɛ asase no ase mo anim a, ɛnneɛ momfa Gilead asase mma wɔn na wɔnni so;

30 na sɛ wɔammia ne mo antwa a, ɛnneɛ Kanaan asase so na wɔmma wɔnnya tenabea wɔ mo mu.

31 Na Gad mma ne Ruben mma buaa sɛ: Deɛ AWURADE aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ:

32 Yɛn deɛ, yɛbɛmia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapadeɛ a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ.

33 Ɛnna Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahennie ne Basan hene Og ahennie, asase no ne n’ahyeɛ mu nkuro, asase no so nkuro a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuo fa.

34 Na Gad mma no kyekyeree Dibon ne Atarot ne Aroer,

35 ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha,

36 ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkuro a wɔatoto ho afasuo ne nnwammuo.

37 Na Ruben mma no kyekyeree Hesbon, Eleale, Kiriataim,

38 Nebo ne Baal-meon (a din no sakyerasakyeraeɛ) ne Sibma, na wɔtotoo nkuro a wɔkyekyereeɛ no din.

39 Na Manase ba Makir mma sii mu kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpamm Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.

40 Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu.

41 Na Manase ba Yair sii mu kɔfaa wɔn atenaeɛ no, na ɔfrɛɛ no Yair atenaeɛ.

42 Na Noba sii mu kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba toe.

Categories
Numeri

Numeri 33

Israelfoɔ akwantuo

1 Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ.

2 Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako a wɔtutu firiiɛ no:

3 Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim;

4 na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Na Israelfoɔ no tu firii Rameses kɔkyeree nsraban Sukot.

6 Na wɔtu firii Sukot kɔkyeree nsraban Etam a ɛwɔ nsɛnoa.

7 Na wɔtu firii Etam dane baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔkyeree nsraban Migdol anim.

8 Na wɔtu firii Hahirot anim kɔtwaa ɛpo no kɔɔ ɛserɛ so, na wɔnantee Etam serɛ so nnansa kwan kɔkyeree nsraban Mara.

9 Na wɔtu firii Mara baa Elim; na Elim na na nsuo aniwa dummienu ne nkyiresua aduɔson wɔ, na wɔkyeree hɔ nsraban.

10 Na wɔtu firii Elim kɔkyeree nsraban Mmɛwa Po ano.

11 Na wɔtu firii Mmɛwa Po ano kɔkyeree nsraban Sin serɛ so.

12 Na wɔtu firi Sin serɛ so kɔkyeree nsraban Dofka.

13 Na wɔtu firii Dofka kɔkyeree nsraban Alus.

14 Na wɔtu firii Alus kɔkyeree nsraban Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsuo annom.

15 Na wɔtu firii Refidim kɔkyeree nsraban Sinai serɛ so.

16 Na wɔtu firii Sinai serɛ so kɔkyeree nsraban Kibrot-hataawa.

17 Na wɔtu firii Kibrot-hataawa kɔkyeree nsraban Haserot.

18 Na wɔtu firii Haserot kɔkyeree nsraban Ritma.

19 Na wɔtu firii Ritma kɔkyeree nsraban Rimon-peres.

20 Na wɔtu firii Rimon-peres kɔkyeree nsraban Libna.

21 Na wɔtu firii Libna kɔkyeree nsraban Risa.

22 Na wɔtu firii Risa kɔkyeree nsraban Kehelata.

23 Na wɔtu firii Kehelata kɔkyeree nsraban Sefer bepɔ so.

24 Na wɔtu firii Sefer bepɔ so kɔkyeree nsraban Harada.

25 Na wɔtu firii Harada kɔkyeree nsraban Makhelot.

26 Na wɔtu firii Makhelot kɔkyeree nsraban Tahat.

27 Na wɔtu firii Tahat kɔkyeree nsraban Tara.

28 Na wɔtu firii Tara kɔkyeree nsraban Mitka.

29 Na wɔtu firii Mitka kɔkyeree nsraban Hasmona.

30 Na wɔtu firii Hasmona kɔkyeree nsraban Moserot.

31 Na wɔtu firii Moserot kɔkyeree nsraban Bene-yaakan.

32 Na wɔtu firii Bene-yaakan kɔkyeree nsraban Hor-hagidgad.

33 Na wɔtu firii Hor-hagidgad kɔkyeree nsraban Yotbata.

34 Na wɔtu firii Yotbata kɔkyeree nsraban Abrona.

35 Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber.

36 Na wɔtu firii Esion-geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades).

37 Na wɔtu firii Kades kɔkyeree nsraban Hor bepɔ ho, Edom asase ano.

38 Na Ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor bepɔ so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, kɔwuu wɔ hɔ, Israelfoɔ Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so aduanan soɔ, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan.

39 Na Aaron wuu Hor bepɔ soɔ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu mmiɛnsa.

40 Na Kanaanni, Arad hene a ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ no reba.

41 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho kɔkyeree nsraban Salmona.

42 Na wɔtu firii Salmona kɔkyeree nsraban Punon.

43 Na wɔtu firii Punon kɔkyeree nsraban Obot.

44 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so.

45 Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad.

46 Na wɔtu firii Dibon-gad kɔkyeree nsraban Almon-diblataim.

47 Na wɔtu firii Almon-diblataim kɔkyeree nsraban Abarim mmepɔ so, Nebo ntentensoɔ.

48 Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49 Na wɔkyeree Yordan ho nsraban firi Bet-yesimot kɔsii Abel-sitim, Moab mpaperɛ so.

Wɔnsɛe Kanaanfoɔ

50 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52 ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.

53 Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ monni soɔ.

54 Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.

55 Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so.

56 Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Categories
Numeri

Numeri 34

Ahyɛdeɛ wɔ Kanaanfoɔ ho

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ).

3 Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo anafoɔ fam hyeɛ no mfiri Nkyene Po awieeɛ wɔ apueeɛ;

4 na mo hyeɛ no mmra Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam, na ɛntwam nkɔ Sin, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kades-barnea anafoɔ fam, na ɛmfiri hɔ nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon.

5 Na ɛhyeɛ no nkonton mfiri Asmon nkɔ Misraim subonhwa no mu, na ano nkɔpem po no ano.

6 Na atɔeɛ fam hyeɛ no deɛ, ɛpo kɛseɛ a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɛhyeɛ; ɛno na ɛnyɛ mo atɔeɛ fam hyeɛ.

7 Na yei nyɛ mo atifi fam hyeɛ: Momfiri po kɛseɛ no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔ,

8 na momfiri Hor bepɔ ho nkari deɛ wɔfa kɔ Hamat, na ɛhyeɛ no ano nkɔpem Sedad.

9 Na ɛhyeɛ no mfiri hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; yei na ɛnyɛ mo atifi fam hyeɛ.

10 Na monkari apueeɛ fam hyeɛ mfiri Hasar-enan nkɔ Sefam;

11 na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ;

12 na ɛhyeɛ no nsiane nkɔduru Yordan, na ano nkɔpem Nkyene Po ano. Yei ne mo asase no, sɛdeɛ ɛho ahyeɛ teɛ.

13 Na Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Yei ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛ mu nni soɔ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fa no.

14 Na Ruben mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Gad mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn kyɛfa.

15 Mmusuakuo mmienu ne fa no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apueeɛ.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua.

18 Na monyiyi mmusuakuo nyinaa mu mmapɔmma mmaako mmaako, na wɔnkyɛ asase no mu.

19 Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo mu: Yefune ba Kaleb;

20 Simeon abusuakuo mu: Amihud ba Semuel;

21 Benyamin abusuakuo mu: Kislon ba Elidad;

22 Dan mma abusuakuo mu bapɔmma: Yogli ba Buki;

23 Yosef mma no deɛ: Manase mma abusuakuo mu bapɔmma: Efod ba Haniel;

24 Efraim mma abusuakuo mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel;

25 Sebulon mma abusuakuo mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan;

26 Isakar mma abusuakuo mu bapɔmma: Asan ba Paltiel;

27 Aser mma abusuakuo mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud;

28 Naftali mma abusuakuo mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel.

29 Yeinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfoɔ no.

Categories
Numeri

Numeri 35

Lewifoɔ nkuro

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ a wɔanya no mu nkuro bi mma Lewifoɔ no na wɔntena mu, na nkuro no ho mmoa adidibea nsase nso momfa mma Lewifoɔ.

3 Na nkuro no nyɛ wɔn tenabea, na ɛho mmoa adidibea nsase no nneda hɔ mma wɔn anantwie ne wɔn nyɛmmoa ne wɔn mmoa nyinaa.

4 Na nkuro no ho mmoa adidibea nsase a mode bɛma Lewifoɔ no mfiri kuro no fasuo akyi nkɔ basafa ahanum ahanum ntwa ho nhyia.

5 Na monsusu kuro no akyi apueeɛ fam basafa apem ne anafoɔ fam basafa apem ne atɔeɛ fam basafa apem ne atifi fam basafa apem, na kuro no nna ntam. Yei ne nkuro no ho mmoa adidibea nsase a ɛnyɛ wɔn dea.

6 Na nkuro a mode ma Lewifoɔ no nyɛ dwanekɔbea nkuro nsia a mode bɛma sɛ nnipakumfoɔ nnwane nkɔ hɔ; na momfa nkuro aduanan mmienu nka ho:

7 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no nyinaa nyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase.

8 Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ.

Dwanekɔbea nkuro

9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

11 monyiyi nkuro a ɛfata na ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro mma mo, na onipakumfoɔ a ne nsa apa obi ho no adwane akɔ hɔ.

12 Na nkuro no nyɛ dwanekɔbea mma mo mfiri ɔweretɔfoɔ nsam, na onipakumfoɔ no anwu kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa.

13 Na nkuro a mobɛyie no nyɛ mo dwanekɔbea nkuro nsia.

14 Monyi nkuro mmiɛnsa mma Yordan agya, na monyi nkuro mmiɛnsa nso mma Kanaan asase so;

15 ɛnyɛ dwanekɔbea nkuro, na nkuro nsia yi nyɛ dwanekɔbea mma Israelfoɔ ne ɔhɔhoɔ ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no adwane akɔ hɔ.

16 Na sɛ obi de dadeɛ bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.

17 Na sɛ obi kura ɔboɔ a ɛbɛtumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.

18 Anaasɛ ɔkura dua a ɛbɛtumi akum onipa de bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.

19 Mogya ho weretɔfoɔ na ɔnkum owudini no; ɔto no a, ɔnku no.

20 Na sɛ ɔtane so na ɔwɔɔ no, anaasɛ ɔboapa to biribi bɔ no ma no wu,

21 anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma no wu a, kum na wɔnkum deɛ ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudini: Mogya ho weretɔfoɔ, sɛ ɔto owudini no a, ɔnku no.

22 Na sɛ obi sum obi hwe fam mpofirim na ɛnyɛ nitan so, anaasɛ ɔto adeɛ biara na ɛbɔ no, na wammoapa,

23 anaasɛ wanhunu obi na ɔde ɔboɔ bi a ɛtumi kum onipa bɔ no ma no wu, na ɔnyɛ ne tamfo, nso ɔmpɛ no bɔne bi a,

24 ɛnneɛ asafo no nnyina saa ahyɛdeɛ yi so mmu onipakumfoɔ no ne mogya ho weretɔfoɔ no ntam atɛn.

25 Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo.

26 Na sɛ onipakumfoɔ no firi adi tra ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no hyeɛ so,

27 na mogya ho weretɔfoɔ no kɔto no ne dwanekɔbea kuro no hyeɛ akyi, na mogya ho weretɔfoɔ no kɔkum onipakumfoɔ no a, ɔnni mogya ho fɔ.

28 Na anka ɛsɛ sɛ ɔtena ne dwanekɔbea kuro no mu kɔsi sɛ ɔsɔfo panin no bɛwuo, na ɔsɔfo panin no wuo akyiri no, onipakumfoɔ no asane aba asase a ɛyɛ n’agyapadeɛ no so bio.

29 Na yei nyɛ atemmuo ahyɛdeɛ mma mo, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, mo tenabea nyinaa mu.

30 Obiara a ɔkum obi no, adansefoɔ anomu asɛm so na wɔmfa nkum onipakumfoɔ no; na ɔdanseni baako nnni adanseɛ nntia ɔkra biara mmma no nnwu.

31 Nso monnnye owudini a ɔdi fɔ sɛ wakum onipa bi no hɔ biribiara mmfa nnnye no nkwa; na mmom kum na wɔnku no.

32 Na monnnye agyedeɛ nso nnsi ne dwanekɔbea kuro mu dwanekorɔ ananmu mmma no nnsane mmmɛtena asase no so kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ no bɛwuo.

33 Na monnyɛ saa nngu asase a mote soɔ no ho fi, ɛfiri sɛ mogya no ara na ɛgu asase no ho fi, na wɔrentumi mfa biribiara mpata mma asase no, mogya a wɔahwie agu soɔ no nti, gye deɛ ɔkaa mogya guiɛ no ara ne mogya.

34 Na monngu asase a mote soɔ na me nso mete mu no ho fi, na mene AWURADE a mete Israelfoɔ mu no.

Categories
Numeri

Numeri 36

Mma mmaa awarefoɔ ho asɛm

1 Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim,

2 na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na wɔnni so, na me wura nyaa AWURADE anomu mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mmammaa.

3 Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu mma bi yerenom a, ɛnneɛ wɔn agyapadeɛ no bɛfiri yɛn nananom agyapadeɛ mu, na wɔde akɔka abusuakuo ko a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na afiri yɛn ntonto kyɛfa no mu;

4 na sɛ ɛduru Israelfoɔ ahosɛpɛ afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapadeɛ no bɛka abusuakuo a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na wɔayi wɔn agyapadeɛ afiri yɛn nananom abusuakuo agyapadeɛ mu.

5 Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Deɛ Yosef mma abusuakuo aka yi tene.

6 Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ;

7 na Israelfoɔ agyapadeɛ amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ bi mu, na Israelfoɔ no mfemfam wɔn nananom abusuakuo agyapadeɛ ho.

8 Na ɔbabaa biara a ɔnya agyapadeɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu no nyɛ obi a ɔfiri n’agya abusuakuo mu abusua bi mu yerɛ, na Israelfoɔ no nnya wɔn nananom agyapadeɛ nni so,

9 na agyapadeɛ bi amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ mu; na Israelfoɔ mmusuakuo no mfemfam wɔn agyapadeɛ ho.

10 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ;

11 na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmammaa no warewaree wɔn agya nuanom mma;

12 na wɔwarewaree wɔn a wɔfiri Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn agya abusuakuo no mu.

13 Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.