Categories
Numeri

Numeri 21

Israelfoɔ sɛe Kanaanfoɔ

1 Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum.

2 Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa.

3 Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfoɔ no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasapasa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Horma.

Kɔbere ɔwɔ

4 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.

5 Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.

6 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui.

7 Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.

8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nsɛsoɔ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, ɔbɛnya nkwa.

9 Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa.

Israelfoɔ toa wɔn akwantuo no so

10 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Obot.

11 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-haabarim, ɛserɛ a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so.

12 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Sared subonhwa mu.

13 Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam.

14 Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ:

Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb

ne Arnon nsubɔnhwa no,

15 ne deɛ nsubɔnhwa no sene a

ɛdane kɔ Ar tenabea

na ɛtwere Moab hyeɛ ho no.

16 Ɛhɔ na wɔfiri kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsuo anom, no.

17 Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ:

Asubura, tue! Monnye no so!

18 Asubura a atitire tuiɛ

na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ,

wɔde ahempoma ne wɔn mpoma.

Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana;

19 na wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel; na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot;

20 na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu.

Wɔdi Sihon ne Og so nkonim

21 Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

22 Ma memfa w’asase so; yɛremmane mfuo mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsuo bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnanteɛ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

23 Na Sihon amma Israel antwam n’asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano firi bɛhyiaa Israel, ɛserɛ so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe.

24 Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den.

25 Na Israel faa nkuro yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifoɔ nkuro no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu;

26 na Hesbon ne Amorifoɔ hene Sihon kuro, ɔno na ɔne kane Moabhene koeɛ, na ɔgyee ne nsam n’asase nyinaa kɔsii Arnon ano.

27 Ɛno nti na mmebufoɔ no ka sɛ:

Mommra Hesbon!

Momma wɔnkyekye na wɔnsiesie Sihon kuro no.

28 Na ogya bi firii Hesbon,

ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu;

ɛhyee Moab kuro Ar,

Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.

29 Wo Moab, due!

Kemos man, moayera!

Wama ne mmammarima adwanedwane,

na ne mmammaa adane

Amorifoɔ hene Sihon nnommum.

30 Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon;

yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa

de akɔduru Medeba.

31 Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32 Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.

33 Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.

34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

35 Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.

Categories
Numeri

Numeri 22

Balak soma ma wɔkɔhyia Bileam

1 Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya.

2 Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa.

3 Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti.

4 Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene.

5 Na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfoɔ asase so, sɛ wɔnkɔhyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wɔgu m’anim yi.

6 Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no.

7 Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim.

8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuaeɛ bɛbrɛ mo, sɛdeɛ AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ.

9 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkaa sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi?

10 Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moabhene Sipor ba Balak na ɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ:

11 Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa.

12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn.

13 Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ.

14 Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkaa sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba.

15 Na Balak sane somaa atitire a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sene wɔn.

16 Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak seɛ nie: Afei deɛ, mma biribi nnsi wo me nkyɛn ba kwan,

17 na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me.

18 Na Bileam buaa see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi memmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛseɛ.

19 Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na menhunu deɛ AWURADE bɛsane aka akyerɛ me.

20 Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ.

N’afunumu gye no nkwa

21 Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu na ɔne Moab atitire no sii mu kɔe.

22 Na ɔrekorɔ no, Onyankopɔn bo fui, na AWURADE bɔfoɔ bɛgyinaa ɔkwan no so sɛ ɔbɛsi no kwan; nso na ɔte n’afunumu so, na ne nkoa baanu ne no na ɛnam.

23 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu.

24 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha.

25 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.

26 Na AWURADE bɔfoɔ no twe kɔɔ anim kɔgyinaa deɛ ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdane akɔ nifa anaa benkum.

27 Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔbutuu fam, Bileam ase; na Bileam bo fui, na ɔde abaa bɔɔ afunumu no.

28 Ɛnna AWURADE buee afunumu no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ woɔ a woabɔ me mprɛnsa yi?

29 Na Bileam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: Sɛ woagoro me ho ntira. Sɛ mekura nkrantɛ a, anka sɛsɛɛ maku wo.

30 Na afunumu no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ w’afunumu ne me a woatena me so ara de abɛsi nnɛ da yi? Mayɛ wo sei pɛn anaa? Na ɔse: Dabi.

31 Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam, na ɔkoto de n’anim butuu fam tim.

32 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wobɔɔ w’afunumu no mprɛnsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ wo kwan no ntene wɔ m’anim;

33 na afunumu no hunuu me, na ɔmane firii m’anim mprɛnsa yi; sɛ wammane amfiri m’anim a, anka sɛsɛɛ maku wo dada, na ɔno deɛ, magye no nkwa.

34 Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne na mennim sɛ wo na wogyina ɔkwan mu rehyia me; na afei, sɛ ɛyɛ bɔne w’ani so deɛ a, mɛsane m’akyi.

35 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitire no sii mu kɔe.

36 Na Balak tee sɛ Bileam reba no, ɔfiri kɔhyiaa no, Moab kuro a ɛda Arnon a ɛyɛ ɛhyeɛ no soɔ no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ.

37 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa?

38 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, afei maba wo nkyɛn. Mɛtumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m’anomu no, ɛno na mɛka.

39 Na Bileam ne Balak kɔe, na wɔduruu Kiriat-husot.

40 Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ, maa wɔde kɔmaa Bileam atitire a wɔne no wɔ hɔ no.

41 Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.

Categories
Numeri

Numeri 23

Balak nkɔmhyɛ a ɛdi kan

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

2 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

4 Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

6 Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa.

7 Na ɔkasaa sɛ:

Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ,

Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ:

Bra bɛdome Yakob ma me,

na bɛbɔ Israel dua.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome deɛ Onyankopɔn nnomee no no,

na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ deɛ AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9 Abotan atifi na mefiri mehu no,

na nkokoɔ so na mefiri megyene no:

Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie,

na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo

ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ?

Ma menwu ateneneefoɔ wuo,

na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.

11 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.

12 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu

13 Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14 Na ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so Pisga bepɔ atifi, na ɔsii afɔrebukyia nson, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no biara so.

15 Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.

16 Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

17 Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, na Moab atitire no ne no gyinagyina hɔ; na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na AWURADE kaeɛ?

18 Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ:

Sɔre, Balak, na tie;

yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ,

anaa onipa ba, na wanu ne ho.

Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ,

anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?

20 Hwɛ, nhyira na manya;

wahyira, na merentumi mennane ani.

21 Wanhunu amumuyɛ Yakob mu,

na wanhunu ɔhaw Israel mu.

AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi,

na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.

22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim,

n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

23 Ampa ara, adebisa nni Yakob mu,

na nkɔmhyɛ nni Israel mu:

Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ:

Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!

24 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ,

na ɔma ne ho so sɛ gyata:

Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam,

na wanom atɔfoɔ mogya ansa.

25 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

27 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ.

29 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha.

30 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.

Categories
Numeri

Numeri 24

1 Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so.

2 Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,

3 na ɔkasae sɛ:

Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

4 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi,

deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ,

na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

5 Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob,

wo tenabea no, O Israel!

6 Ɛyere sɛ asubɔnka,

sɛ asuo ho nturo,

te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ,

te sɛ nsuo ho ntweneduro.

7 Na ne mmokiti mu nsuo bu so,

na n’asefoɔ tena nsuo pii mu.

Ne hene so sene Agag,

na wɔbɛma n’ahennie so.

8 Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim,

n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo,

na wadwerɛ wɔn nnompe,

na ɔde n’agyan awowɔ wɔn.

9 Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ,

hwan na ɔbɛma no asɔreɛ?

Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ,

na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.

Balak gya no kwan

10 Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi.

11 Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan.

12 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ w’abɔfoɔ a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ:

13 Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi mentra AWURADE asɛm memfiri m’akomam menkɔyɛ papa anaa bɔne; deɛ AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka?

14 Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa menkyerɛ wo deɛ ɔman yi bɛyɛ wo man nna a ɛdi akyire no mu.

15 Na ɔkasaa sɛ:

Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya,

16 deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm

a ɔhunu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no,

deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ

na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no:

17 Mehu no, nso ɛnyɛ seesei,

mehwɛ no, nso ɔmmɛn:

Nsoromma bɛpue Yakob mu,

na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre,

na wadwerɛ Moab afanan nyinaa

na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.

18 Na ɔbɛfa Edom adi so,

na wafa n’atamfo asase Seir adi so,

na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara.

19 Na obi a ɔfiri Yakob mu bɛdi tumi,

na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kuro no mu no.

20 Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ:

Amanaman mu dikanfo ne Amalek,

nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu.

21 Na ɔhwɛɛ Kenifoɔ toaa ne kasa no so kaa sɛ:

Wo tenabea si hɔ pintinn,

na wode wo pirebuo asie ɔbotan mu;

22 nanso wɔbɛsɛe Kain,

de akɔsi sɛ Asur bɛfa wo nnommum.

23 Na ɔwiee ne kasa no so kaa sɛ:

Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ yei a,

hwan na ɔbɛnya nkwa?

24 Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba,

na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase;

na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu.

25 Ɛnna Bileam sɔreeɛ, na ɔsii mu sane kɔɔ n’atenaeɛ; na Balak nso kɔɔ ne kwan.

Categories
Numeri

Numeri 25

Israelfoɔ adwamammɔ ne abosonsom

1 Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman;

2 na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;

3 na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel;

4 na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so.

5 Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ: Monkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-peor ho no.

6 Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano.

7 Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas hunuiɛ no, ɔsɔre firii asafo no mu kɔfaa pea kurae,

8 na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so.

9 Na nnipa a wɔwuwuu ɔhaw no mu ano si mpem aduonu nnan.

10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

11 Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu.

12 Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no,

13 na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ.

14 Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma.

15 Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfoɔ mu agya fie so panin no ba.

16 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17 Monteetee Midianfoɔ no na monku wɔn,

18 ɛfiri sɛ, wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti.

Categories
Numeri

Numeri 26

Wɔkan Israelfoɔ

1 Na ɔhaw no akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa sɛ:

2 Monkan Israelfoɔ asafo no nyinaa dodoɔ mfiri deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, Israel mu nnipa a wɔtumi kɔ sa nyinaa.

3 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ wɔn, Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ:

4 Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.

5 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfoɔ abusua; Palu deɛ, Palufoɔ abusua;

6 Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Karmi deɛ, Karmifoɔ abusua.

7 Yeinom ne Rubenfoɔ mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ne ahanson aduasa.

8 Na Palu mma: Eliab.

9 Na Eliab ba: Nemuel ne Datan ne Abiram. Yeinom ne Datan ne Abiram a wɔfrɛɛ wɔn firii asafo no mu no a wɔne Mose ne Aaron hameeɛ, Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hameeɛ no mu;

10 na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.

11 Nanso Kora mma deɛ, wɔanwuwu.

12 Simeon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nemuel deɛ, Nemuelfoɔ abusua; Yamin deɛ, Yaminfoɔ abusua; Yakin deɛ, Yakinfoɔ abusua;

13 Sera deɛ, Serafoɔ abusua; Saulo deɛ, Saulfoɔ abusua.

14 Yeinom ne Simeonfoɔ mmusua; wɔyɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.

15 Gad mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sefon deɛ, Sefonfoɔ abusua; Hagi deɛ, Hagifoɔ abusua; Suni deɛ, Sunifoɔ abusua;

16 Osni deɛ, Osnifoɔ abusua; Eri deɛ, Erifoɔ abusua;

17 Arod deɛ, Arodfoɔ abusua; Areli deɛ, Arelifoɔ abusua.

18 Yeinom ne Gad mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduanan ne ahanum.

19 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwuu Kanaan asase so.

20 Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua.

21 Na Peres mma nie: Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Hamul deɛ, Hamulfoɔ abusua.

22 Yeinom ne Yuda mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduɔson nsia ne ahanum.

23 Isakar mma, sɛ wɔn mmusua teɛ: Tola deɛ, Tolafoɔ abusua; Puwa deɛ, Puwafoɔ abusua;

24 Yasub deɛ, Yasubfoɔ abusua; Simron deɛ, Simronfoɔ abusua.

25 Yeinom ne Isakar mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia nnan ne ahasa.

26 Sebulon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sered deɛ, Seredfoɔ abusua; Elon deɛ, Elonfoɔ abusua; Yakleel deɛ, Yakleelfoɔ abusua.

27 Yeinom ne Sebulon mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia ne ahanum.

28 Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Manase ne Efraim.

29 Manase mma: Makir deɛ, Makirfoɔ abusua; na Makir woo Gilead; Gilead deɛ, Gileadfoɔ abusua.

30 Gilead mma nie: Yeser, Yeserfoɔ abusua; Helek deɛ, Helekfoɔ abusua;

31 ne Asriel, Asrielfoɔ abusua; ne Sekem, Sekemfoɔ abusua;

32 ne Semida, Semidafoɔ abusua; ne Hefer, Heferfoɔ abusua;

33 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mma mmaa; na Selofehad mmammaa din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34 Yeinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson.

35 Efraim mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sutela deɛ, Sutelafoɔ abusua; Beker deɛ, Bekerfoɔ abusua; Tahan deɛ, Tahanfoɔ abusua.

36 Na Sutela mma nie: Eran deɛ, Eranfoɔ abusua.

37 Yeinom ne Efraim mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduasa mmienu ne ahanum. Yeinom ne Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

38 Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua;

39 Sufam deɛ, Sufamfoɔ abusua; Hufam deɛ, Hufamfoɔ abusua.

40 Na Bela mma ne: Ard ne Naaman: Ard deɛ, Ardfoɔ abusua; Naaman deɛ, Naamanfoɔ abusua.

41 Yeinom ne Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia.

42 Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

43 Suhamfoɔ mmusua nyinaa sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ yɛ mpem aduosia nnan ne ahanan.

44 Aser mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yimna deɛ, Yimnafoɔ abusua; Isui deɛ, Isuifoɔ abusua; Beria deɛ, Beriafoɔ abusua;

45 Beria mma deɛ: Heber deɛ, Heberfoɔ abusua; Malkiel deɛ, Malkielfoɔ abusua.

46 Na Aser babaa din de Sara.

47 Yeinom ne Aser mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ; mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

48 Naftali mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yakseel deɛ, Yakseelfoɔ abusua; Guni deɛ, Gunifoɔ abusua;

49 Yeser deɛ, Yeserfoɔ abusua; Silem deɛ, Silemfoɔ abusua.

50 Yeinom ne Naftali mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahanan.

51 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn no, ɔpehansia ne baako ne ahanson aduasa.

Asase no kyɛ ho nhyehyɛɛ

52 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

53 Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ.

54 Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ.

55 Nanso tonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wɔnnye wɔn kyɛfa no sɛdeɛ wɔn nananom mmusua no din teɛ.

56 Tonto so na wɔmfa nkyɛ agyapadeɛ mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wɔsua.

Lewifoɔ mmusua

57 Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua.

58 Yeinom ne Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua, Mahlifoɔ abusua, Musifoɔ abusua, Korafoɔ abusua. Na Kohat woo Amram.

59 Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam maa Amram.

60 Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no;

61 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wɔwuwui.

62 Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonu mmiɛnsa, mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ, na wɔamma wɔn agyapadeɛ Israelfoɔ mu.

Kaleb ne Yosua nko na wɔda so te aseɛ

63 Yeinom ne wɔn a Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa kan wɔn, kan a wɔkan Israelfoɔ Moab mpaperɛ soɔ Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no mu no.

64 Nso na ɔbarima biara mfra yeinom mu a ɔfiri nnipa a Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no,

65 ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.

Categories
Numeri

Numeri 27

Selofehad mmammaa kyɛfa ho asɛm

1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

2 Na wɔbɛgyinaa Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano kaa sɛ:

3 Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima.

4 Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu.

5 Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.

6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

7 Selofehad mmammaa asɛm no tene, na ma wɔn agyapadeɛ na wɔnni so wɔn agya nuanom mu, na ma wɔn agya agyapadeɛ no nyɛ wɔn dea.

8 Na kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni babarima a, ɛnneɛ momma n’agyapadeɛ nyɛ ne babaa deɛ.

9 Na sɛ ɔnni babaa nso a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nuammarimanom;

10 na sɛ ɔnni nuabarima nso a, momfa n’agyapadeɛ mma n’agya nuanom.

11 Na sɛ n’agya nni nuanom nso a, momfa n’agyapadeɛ mma ne bogya a ɔbɛn no n’abusua mu na ɔnni so. Na yei nyɛ ahyɛdeɛ ne mmara mma Israelfoɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Wɔyi Yosua sɛ Israel kannifoɔ

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔ yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfoɔ no;

13 na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no,

14 ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.)

15 Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ:

16 Ma AWURADE, honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so

17 a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.

18 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so.

19 Na fa no gyina Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim;

20 na fa w’animuonyam no bi hyɛ no, na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa ntie no.

21 Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.

22 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kɔgyinaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim,

23 na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

Categories
Numeri

Numeri 28

Daa afɔdeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu.

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa.

4 Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ.

5 Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre.

6 Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ a wɔhyehyɛeɛ wɔ Sinai bepɔ soɔ a ɛyi hwa hwanhwam a ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ.

7 Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE.

8 Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Homeda afɔdeɛ

9 Na homeda deɛ, nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre ne ɛho ahwiesa.

10 Homeda biara hyeɛ afɔdeɛ a ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no ho ne no.

11 Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;

12 na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho,

13 na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam a wɔhye ma AWURADE ne no.

14 Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu.

15 Na wɔmfa ɔpapo baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma AWURADE nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ne ɛho ahwiesa ho.

Twam afahyɛ afɔdeɛ

16 Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam.

17 Na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wɔnni apiti paanoo.

18 Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;

19 na momfa ogya afɔdeɛ a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wɔdi mu;

20 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako ho, na abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

21 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho;

22 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako a wɔde bɛpata ama mo;

23 monyɛ yeinom nka anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.

24 Saa ara na nnanson no mu da biara momfa aduane mmɛbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE; wɔnyɛ yei mpae daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no so.

25 Na da a ɛtɔ so nson no, monhyia nhyia kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.

26 Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;

27 na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmra na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe;

28 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako biara ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

29 abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

30 ne ɔpapo baako a wɔde bɛpata ama mo;

31 monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu.

Categories
Numeri

Numeri 29

Totorobɛnto afahyɛ afɔdeɛ

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da.

2 Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

3 ne ɛho aduane afɔdeɛ: Esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

4 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

5 ne ɔpapo baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ de apata ama mo;

6 ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam.

Nnipa asebrɛ da afɔdeɛ

7 Na bosome a ɛtɔ so nson no ara da a ɛtɔ so du no, monhyia nhyia kronkron, na monni mmuada; monnyɛ adwuma biara;

8 na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

9 ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

10 abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

11 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono bɔne ho afɔdeɛ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

Asese afahyɛ afɔdeɛ

12 Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE.

13 Na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Anantwinini dummiɛnsa, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

14 ne ɛho aduane afɔdeɛ; esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka anantwinini dummiɛnsa no mu koro biara ho, abupɛn du mu mmienu nka adwennini mmienu no ho,

15 na abupɛn du mu baako nka nnwammaa dunan no mu koro biara ho;

16 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛho aduane ne ɛho ahwiesa.

17 Na da a ɛtɔ so mmienu no: Anantwinini dummienu, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

18 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

19 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

20 Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no: Anantwinini dubaako, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

21 ne anantwie, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

22 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

23 Na da a ɛtɔ so nnan no; anantwinini du, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

24 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

25 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

26 Na da a ɛtɔ so nnum no; anantwinini nkron, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

27 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

28 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

29 Na da a ɛtɔ so nsia no; anantwinini nwɔtwe, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

30 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

31 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

32 Na da a ɛtɔ so nson no; anantwinini nson, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu;

33 ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

34 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

35 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, monhyia afahyɛ nhyiamu; monnyɛ adwumaden biara;

36 na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;

37 nantwinini ne odwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;

38 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa.

39 Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.

40 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Categories
Numeri

Numeri 30

Bɔhyɛ ho mmara

1 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ:

2 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.

3 Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu,

4 na n’agya te ne bɔhyɛ no ne n’ahotua a ɔde tua ne kra biribie no, na n’agya anka ho biribi a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no gyina hɔ.

5 Na sɛ da a n’agya teɛ no wampene a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ nyinaa ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ. Na AWURADE de bɛkyɛ no, ɛfiri sɛ n’agya ampene.

6 Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa deɛ afiri n’anomu a ɔde atua ne kra biribie no da ne so,

7 na ne kunu te, na da a ɔteɛ no ɔyɛ komm a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na tua a ɔde atua ne kra biribie no gyina hɔ.

8 Na sɛ da a ne kunu teɛ no, wampene a, na wasane ne bɔhyɛ a ɛda ne soɔ ne deɛ ɛfirii n’anomu a ɔde tuaa ne kra biribie no, na AWURADE de bɛkyɛ no.

9 Na ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ wɔako no bɔhyɛ deɛ, adeɛ biara a ɔtua ne kra no da ne so.

10 Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,

11 na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na adeɛ biara a watua ne kra no gyina hɔ.

12 Nanso sɛ ne kunu sane no da a ɔteeɛ no a, ɛnneɛ adeɛ biara a afiri n’anomu a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ; ne kunu asane, na AWURADE de bɛkyɛ no.

13 Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma no nnyina hɔ na ne kunu na ɔnsane;

14 na sɛ daa ne kunu no nnka ho hwee a, ɛnneɛ ɔhyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n’ahotua no nyinaa mu den, ɛfiri sɛ da a ɔteeɛ no, wanka ho hwee;

15 na sɛ ɔteeɛ no akyi ansa na ɔresane a, ɛnneɛ ɔsoa ne yere amumuyɛ.

16 Yeinom ne ahyɛdeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babaa a ɔwɔ ne mmabaaberɛ mu, n’agya fie, ntam.