Categories
Numeri

Numeri 11

Mana fono ɔman no

1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano.

2 Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii.

3 Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera,ɛfiri sɛ AWURADE gya dɛree wɔ wɔn mu.

4 Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie?

5 Yɛakae nsunam a yɛdii no Misraim kwa ne ɛferɛ, anamuna, fan, gyeene ne aanwo no.

6 Afei yɛn kra akusa, na biribiara nni hɔ sɛ mana a ɛtua yɛn aniwa mu yi nko.

7 Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho.

8 Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam no ayuyammoɔ so anaasɛ wɔsi no nwaduro mu na wɔnoa no ɛsɛn mu, na wɔyɛ no taterɛ, na ne dɛ te sɛ ngo taterɛ dɛ.

9 Na sɛ bosuo tɔ nsraban no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so.

10 Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete.

11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi?

12 Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so?

13 Ɛhe na mɛnya nam mama ɔman yi nyinaa sɛ wɔsu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yɛnni yi?

14 Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me.

15 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no.

16 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.

17 Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura.

18 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi:

19 Ɛnyɛ da koro nko na mobɛdie, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko,

20 na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi?

21 Na Mose kaa sɛ: Ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufoɔ mpem ahansia, na wo deɛ, wose: Mɛma wɔn nam adi bosome?

22 Wɔbɛkunkum nnwan ne anantwie ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn?

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu.

24 Na Mose firii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano, na ɔde wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho hyiae.

25 Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.

26 Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu.

27 Na aberanteɛ bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsraban no mu.

28 Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn!

29 Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.

30 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane baa nsraban no mu.

31 Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako.

32 Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne adekyeeɛ nyinaa, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; deɛ ɔnyaa deɛ ɛsua koraa no mpo boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsraban no ho hyia fae.

33 Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa ara bobɔɔ ɔman no.

34 Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa,ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no.

35 Na ɔman no tu firii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.

Categories
Numeri

Numeri 12

Miriam ne Aaron kasa tia Mose

1 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.

2 Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.

3 Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

4 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho.

5 Na wɔn baasa no firii adi. Na AWURADE sianee mununkum dum mu bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu firii adi.

6 Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:

7 Na ɛnte sɛ m’akoa Mose; ɔno na mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.

8 Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?

9 Na AWURADE bo fuu wɔn, na ɔsii mu kɔe.

10 Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.

11 Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.

12 Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada.

13 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.

15 Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.

16 Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.

Categories
Numeri

Numeri 13

Akwansrafoɔ no

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi.

3 Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire.

4 Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua;

5 Simeon abusuakuo deɛ, Hori ba Safat;

6 Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb;

7 Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal;

8 Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea;

9 Benyamin abusuakuo deɛ, Rafu ba Palti;

10 Sebulon abusuakuo deɛ, Sodi ba Gadiel;

11 Yosef abusuakuo, mekyerɛ Manase abusuakuo, Susi ba Gadi;

12 Dan abusuakuo deɛ, Gemali ba Amiel;

13 Aser abusuakuo deɛ, Mikael ba Setur;

14 Naftali abusuakuo deɛ, Wofsi ba Nahibi;

15 Gad abusuakuo deɛ, Maki ba Geuel;

16 yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.

17 Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa Negeb ha yi na monkɔforo mmepɔ no.

18 Na monkɔhwɛ asase no sɛdeɛ ɛteɛ ne aman a wɔtete soɔ no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔgo, wɔsua anaasɛ wɔdɔɔso,

19 ne sɛdeɛ asase a wɔtete soɔ no teɛ, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne ne sɛdeɛ nkuro a wɔtete mu no teteɛ, sɛ nsraban mu anaa aban mu,

20 ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ.

21 Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no.

22 Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.)

23 Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma.

24 Ɛsiane sɛ Israelfoɔ no twaa bobe aba esia wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol.

25 Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae.

26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.

27 Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.

28 Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.

29 Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho.

30 Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn.

31 Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn.

32 Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko;

33 na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.

Categories
Numeri

Numeri 14

Ɔman no nwiinwii

1 Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no.

2 Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.

3 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?

4 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsi otitire na yɛnsane nkɔ Misraim.

5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim.

6 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu,

7 na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara.

8 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

9 AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.

10 Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ.

Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi?

12 Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.

13 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu;

14 na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo;

15 na sɛ wokum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ:

16 Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ.

17 Enti, mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛseɛ, sɛdeɛ wokaa sɛ:

18 AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

19 Fa ɔman yi amumuyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛdeɛ w’adom kɛseɛ no teɛ ne sɛdeɛ wode akyɛ ɔman yi firi Misraim abɛduru ha yi no.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no,

21 nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,

22 mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,

23 ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu.

24 Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.

25 Na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ no te bonhwa no mu, ɔkyena monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so.

Anwiinwiifoɔ no asotwe

26 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

27 Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate.

28 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo:

29 Ɛserɛ yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛdeɛ mo nyinaa ano sie firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ, mo a monwiinwii tiaa me no,

30 morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

31 Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no.

32 Na mo deɛ, mo afunu bɛdeda ɛserɛ yi so,

33 na mo mma ayɛ mmoahwɛfoɔ, ɛserɛ so, mfirinhyia aduanan, na wɔasoa mo adwamammɔ akɔsi sɛ mo afunu bɛwie sa ɛserɛ soɔ.

34 Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.

35 Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, yei na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔayɛ dɔm atia me yi nyinaa. Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ.

36 Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no,

37 mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no wuwuu atɔfoɔ wuo AWURADE anim,

38 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko.

Wɔn a wɔantie Nyankopɔn asɛm no asotwe

39 Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii.

40 Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.

41 Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie.

42 Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim;

43 na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.

44 Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu.

45 Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.

Categories
Numeri

Numeri 15

Aduane afɔdeɛ ho mmara

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so,

3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,

4 ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre

5 ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho.

6 Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako,

7 na fa ahwiesa susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nso bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

8 Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a,

9 ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre;

10 na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

11 Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara.

12 Sɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no dodoɔ no teɛ no, saa na monyɛ wɔn mu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

13 Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

14 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.

15 Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim.

16 Mmara korɔ ne atemmudeɛ korɔ na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu nyinaa.

17 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Ka kyerɛ Israelfoɔ no: Sɛ moduru asase a mede mo merekɔ soɔ no so,

19 na ɛba sɛ modi asase no so aduane no bi a, momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE,

20 momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;

21 momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ mmasoɔ adeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22 Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,

23 deɛ AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, firi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekɔduru mo awoɔ ntoatoasoɔ so no,

24 na sɛ wɔfom anifasoɔ mu a ɔman no nnim a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, ne ɔpapo baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

25 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim;

26 na wɔde bɛkyɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no, ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn ɛfom no mu.

27 Na sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ,

28 na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.

29 Mmara korɔ na ɛnna hɔ mma mo mma deɛ ɔyɛ biribi anifasoɔ mu; deɛ ɔyɛ Israelfoɔ mu kuromani, ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu.

30 Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,

31 ɛfiri sɛ wabu AWURADE asɛm animtia na wabu ne mmara asɛm so: Twa na wɔbɛtwa saa onipa no atwene, n’amumuyɛ da ne so.

Wɔsi homedasɛefoɔ aboɔ

32 Na Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ soɔ no, wɔkɔhunuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda;

33 na nnipa a wɔhunuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa;

34 na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no.

35 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi.

36 Ɛnna asafo no nyinaa de no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ maa no wuiɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Ntoma ano nnwo ho mmara

37 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

38 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntoma ano nnwo wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na wɔmfa bibire homa nsosɔ ntoma ano nnwo no mu;

39 na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no.

40 Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.

41 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Categories
Numeri

Numeri 16

Kora, Datan ne Abiram atuateɛ

1 Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi,

2 na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose;

3 na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ?

4 Na Mose teeɛ no, ɔde n’anim butuu fam;

5 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.

6 Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa,

7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma!

8 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, montie me ɛ!

9 Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?

10 Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodie nso yi?

11 Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?

12 Na Mose soma maa wɔkɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wɔse: Yɛremma!

13 Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi?

14 Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!

15 Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.

16 Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w’asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena;

17 na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhwam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.

18 Na wɔn mu obiara faa ne kukuwa, na wɔsosoo gya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so de bɛgyinagyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.

19 Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.

20 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

21 Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom.

22 Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?

23 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ:

24 Montwe mo ho mfiri Kora, Datan ne Abiram tenabea ho.

25 Na Mose sɔre sii mu kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanimfoɔ dii n’akyi kɔe.

26 Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.

27 Na wɔtwee wɔn ho firii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram firii adi bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa.

28 Na Mose kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛɛ yi nyinaa, na ɛmfiri me ara:

29 Sɛdeɛ nnipa nyinaa wuo na yeinom bɛwuwuo na deɛ ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me;

30 na sɛ ade foforɔ na AWURADE bɛbɔ na asase bɛbue n’ano amene wɔn ne deɛ ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asiane akɔ Asamando a, ɛnneɛ monhunu sɛ mmarima yi abu AWURADE animtia.

31 Na ɔwiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee,

32 na asase buee n’ano menee wɔn ne wɔn afie ne nnipa a wɔkaa Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;

33 na wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa nam anikan siane kɔɔ Asamando, na asase sram wɔn so, na wɔyeraa wɔ ɔman asafo no mu.

34 Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso!

35 Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.

36 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

37 Ka kyerɛ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, na ɔntase nkukuwa no mfiri nhyeeɛ no mu, na dwiri ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron:

38 Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no.

39 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa faa kɔbere mfrafraeɛ nkukuwa a wɔn a wɔahyeɛ no de baeɛ no, na wɔboro de yɛɛ afɔrebukyia no ho nkataho,

40 sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

41 Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ.

42 Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi.

43 Na Mose ne Aaron baa ahyiaeɛ ntomadan no anim.

44 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45 Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam.

46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.

47 Na Aaron faa deɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, na ɔyaredɔm no afiri aseɛ ɔman no mu; na ɔde aduhwam no mae de pata maa ɔman no.

48 Na ɔgyinaa awufoɔ ne anikanfoɔ no ntam, na wɔsii ɔyaredɔm no ano.

49 Na nnipa a wɔwuwuu ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuiɛ no.

50 Na ɔyaredɔm no to twaeɛ no, Aaron sane baa Mose nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.

Categories
Numeri

Numeri 17

Aaron poma fefɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so.

3 Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ.

4 Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no.

5 Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae.

6 Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu.

7 Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu.

8 Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere.

9 Na Mose tasee mpoma no nyinaa de firii AWURADE anim firii adi brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma.

10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu.

11 Na Mose yɛɛ saa. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛeɛ.

12 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe!

13 Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: Yɛn nyinaa nwie sa anaa?

Categories
Numeri

Numeri 18

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ som adwuma ne wɔn kyɛfa

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanimfie nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumuyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodie ho amumuyɛ.

2 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,

3 na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.

4 Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo.

5 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.

6 Na me deɛ, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ no mu ama mo sɛ akyɛdeɛ a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma no.

7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.

8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me deɛ, hwɛ, mede me mmasoɔ adeɛ so hwɛ mema wo; Israelfoɔ akronkronneɛ nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.

9 Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.

10 Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɛnyɛ wo ade kronkron.

11 Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.

12 Ngo foforɔ mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa ne nsa foforɔ ne ayuo mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa, emu adikan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama woɔ.

13 Wɔn asase so ade nyinaa mu adikan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo deɛ; obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie nni bi.

14 Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wo deɛ.

15 Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.

16 Na ananmuhyɛdeɛ no deɛ, (deɛ wadi bosome no, ma wɔnnye no) dwetɛ nnwetɛbena nnum a wobɛhyɛ ama wɔn sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena a ano si gera aduonu no teɛ.

17 Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

18 Na wɔn nam nyɛ wo deɛ sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo deɛ no.

19 Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.

20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worennie, na worennya kyɛfa biara wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ Israelfoɔ mu.

21 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔn som a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nti, hwɛ, mede Israel mu ntotosoɔ du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapadeɛ.

22 Na Israelfoɔ no mmpinkyɛ ahyiaeɛ ntomadan no bio, na wɔamfa mmusuo anwuwu;

23 na Lewifoɔ no deɛ, wɔn na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, na wɔnsoa ɛho mmusuo: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara.

24 Na Israelfoɔ ntotosoɔ du du a wɔmema so yɛ mmasoɔ adeɛ ma AWURADE no, mede mama Lewifoɔ no sɛ agyapadeɛ, ɛno nti na maka no wɔn ho sɛ: Wɔrennya agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu no.

25 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

26 Lewifoɔ no deɛ, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mogyegye Israelfoɔ hɔ ntotosoɔ du du a mede mama mo firi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapadeɛ no a, ɛnneɛ momma emu bi so nyɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ, ntotosoɔ du du no mu ntosoɔ du.

27 Na wɔmmu mo mmasoɔ adeɛ mma mo sɛ ayuporebea ayuo ne nsa-kyi-amena mu adenya.

28 Enti mo nso momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE mfiri mo ntotosoɔ du du a mogyegye no Israelfoɔ no hɔ nyinaa mu, na momfa emu mmasoɔ adeɛ a ɛyɛ AWURADE deɛ no mma Ɔsɔfoɔ Aaron.

29 Adeɛ a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE mmasoɔ adeɛ nyinaa, emu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa mu akronkronneɛ.

30 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, wɔmmu deɛ aka no mma Lewifoɔ sɛ ayuporebea nnɔbaeɛ ne nsa-kyi-amena mu adenya.

31 Na monni no baabiara, mo ne mo fiefoɔ, na ɛyɛ mo ahyiaeɛ ntomadan ho som adwuma so akatua.

32 Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.

Categories
Numeri

Numeri 19

Ahodwira nsuo nsiesieeɛ ne ɛho mmara

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo;

3 na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim.

4 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.

5 Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no.

6 Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so.

7 Na ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ɛno akyiri ansa na ɔmmra nsraban no mu; na ɔsɔfoɔ no ho nte kɔsi anwummerɛ.

8 Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

9 Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

10 Na deɛ ɔsesaa nantwibereɛ no nso no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma Israel mma ne ɔhɔhoɔ a ɔsoɛ wɔn mu.

11 Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson;

12 ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente.

13 Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho.

14 Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a obi awu ntomadan mu: Sɛ onipa wu ntomadan mu a, obiara a ɔba ntomadan no mu ne adeɛ biara a ɛwɔ ntomadan no mu no ho nte nnanson;

15 adeɛ biara a ano da hɔ na ɛnni mmuasoɔ ne ɛho homa no, ɛho nte.

16 Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson.

17 Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu;

18 na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so.

19 Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ.

20 Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte.

21 Na yei nyɛ wɔn daa ahyɛdeɛ. Na deɛ ɔpetee ahodwira nsuo no nsi ne ntadeɛ; na deɛ ɔka ahodwira nsuo no ho nte kɔsi anwummerɛ;

22 na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.

Categories
Numeri

Numeri 20

Nsɛm a ɛsisii wɔ Kades

1 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara.

2 Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron.

3 Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkaa sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛberɛ a yɛn nuanom wuwuu AWURADE anim no yɛwuwuu bi.

4 Na adɛn nti na mode AWURADE man aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa?

5 Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?

6 Na Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam; na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn.

7 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

8 Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔn anim, na ɛmma ne nsuo, na yi ɔbotan no mu nsuo ma wɔn ma asafo no ne wɔn mmoa nnom.

9 Na Mose faa poma no firii AWURADE anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no;

10 na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie ɛ, mo asoɔdenfoɔ, adɛn ɛsɛ sɛ yɛnya nsuo firi ɔbotan yi mu ma mo anaa?

11 Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firi mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron Israelfoɔ anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnuru asase a mede mama wɔn no so.

13 Yei ne Meribaasuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.

Edomfoɔ si Mose kwan

14 Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa,

15 sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne;

16 na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu.

17 Ma yɛmfa w’asase so; yɛremfa mfuo ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsuo bi; yɛbɛnante ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremmane nifa anaa benkum de bɛkɔ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

18 Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me mu, na mamfa nkrantɛ mamfiri adi mammɛhyia wo.

19 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Tempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsuo bi a, yɛbɛtua ka; ɛnyɛ asɛm biara, na yɛn nan nko ara na ma yɛmfa ntwam mu nkɔ

20 Na wɔse: Mommɛtwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den firii adi bɛhyiaa wɔn.

21 Na Edom kamee Israel ɔkwan a wɔde bɛtwam n’asase soɔ. Enti Israel mane firii ne ho.

22 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛ so, sɛ:

24 Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.

25 Fa Aaron ne ne ba Eleasa, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ,

26 na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasa, na ɔnwu wɔ hɔ nti ne mpanimfoɔ wɔ asamando.

27 Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim.

28 Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee.

29 Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.