Categories
Nnwom

Nnwom 81

Nokorɛ afahyɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Asaf deɛ.

1 Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden,

monhuro mma Yakob Nyankopɔn.

2 Monto dwom na monyan mpintin,

mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta.

3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so,

ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

4 Na ɛne sɛnnahɔ ma Israel,

atorɔmudeɛ ma Yakob Nyankopɔn.

5 Ɔde adi adanseɛ, Yosef mu,

ɛberɛ a ɔfirii adi faa Misraim asase soɔ,

metee obi a menni no kasa.

6 Meyii ne mmatiri firii adesoa ase,

ne ne nsa firii kɛntɛn ho;

7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu,

mefiri aprannaa mu megyee wo so.

Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.

8 Me man, tie, na menni wo adanseɛ,

O Israel, sɛ wobɛtie me a!

9 Mma onyame nanani bi nntena wo mu,

na nsɔre onyame nanani biara.

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn

a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no,

trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

11 Nanso me man antie me nne,

na Israel ampene me.

12 Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu,

maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.

13 Ao, sɛ me man tie me ɛ,

sɛ Israel nante m’akwan so ɛ!

14 Anka ɛrenkyɛ na mabrɛ wɔn atamfoɔ ase,

na madane me nsa matia wɔn ahohiahiafoɔ.

15 Anka AWURADE atamfoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,

na wɔn berɛ akyɛre akɔsi daa.

16 Na ɔde ayuo mu ayuo pa bɛyɛne wɔn,

na mede abotan mu woɔ bɛma woamee.

Categories
Nnwom

Nnwom 82

Israel atamfoɔ

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu,

ɔbu atɛn anyame ntam.

2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea,

na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm,

monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani,

monhwim wɔn mfiri abɔnefoɔ nsam.

5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ,

esum mu na wɔnante korɔ,

asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.

6 Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame,

na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,

7 nanso mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ,

na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara.

8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn,

na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 83

Israel atamfoɔ

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, nyɛ komm,

mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.

2 Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye,

na wɔn a wɔkyiri woɔ ama wɔn tiri so.

3 Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam,

na wɔkɔ wɔn a wɔahunta no tiri so agyina.

4 Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu,

na wɔankae Israel din bio.

5 Na wɔde akoma korɔ tu agyina,

wo tiri so na wɔpam.

6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,

Moab ne Hagarfoɔ,

7 Gebal ne Amon ne Amalek,

Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.

8 Asiria nso de ne ho bataa wɔn ho,

wɔaboa Lot mma.

9 Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera,

sɛ Yabin, Kison subɔn mu.

10 Wɔsɛee wɔ Endor,

na wɔyɛɛ sɛ nwira dodoɔ maa asase.

11 Yɛ wɔn ne wɔn adehyeɛ sɛ Oreb ne Seeb,

na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna,

12 wɔn a wɔka sɛ:

Momma yɛmfa Nyankopɔn afie nni, no.

13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a ɛdi kyinhyia,

sɛ mframa anim ntɛtɛ.

14 Sɛ ogya a ɛhye kwaeɛ

na ogyaframa tafere mmepɔ ho no,

15 saa ara na fa w’ahum taa wɔn,

na fa wo mframa denden no yi wɔn hu.

16 AWURADE, ma wɔn ani nwu,

na wɔmmisa wo din akyiri kwan.

17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa,

na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera,

18 na wɔnhunu sɛ

wo a wo din de AWURADE no,

wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Categories
Nnwom

Nnwom 84

Nyankopɔn fie ho anigyeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Gatfoɔ sankuo nne so. Kora mma dwom.

1 Sɛdeɛ wo tenabea hɔnom si yɛ fɛ,

asafo AWURADE.

2 Me kra ani gyina, ɛtɔ piti mpo,

AWURADE adihɔ no nti,

m’akoma ne me honam di ahurisie

ma Onyankopɔn teasefoɔ.

3 Nso apatuprɛ anya ɛdan,

na asomfenakatakyi anya ebuo

a ɔbɛto ne mma agu mu,

ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE,

me Hene ne me Nyankopɔn.

4 Nhyira ne wɔn a wɔte wo fie,

wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ.

5 Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu,

na Sion atempɔn no wɔ n’akomam.

6 Wɔtwam nisuo bɔn no mu a,

wɔdanedane no deɛ mmasuo wɔ,

bereamporɔsuo nso de nhyira pii kata so.

7 Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu

bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.

8 AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ,

yɛ aso, Yakob Nyankopɔn!

9 Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ,

na hwɛ deɛ woasra no no anim.

10 Na wo fie dakorodie yɛ

sene nna apem.

Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom

sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.

11 Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn.

AWURADE ma adom ne animuonyam,

ɔmfa papa nkame

wɔn a wɔnam tee no.

12 Asafo AWURADE, nhyira ne onipa

a ɔde ne ho to wo soɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 85

Adom ho adesrɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 AWURADE, woadom w’asase,

wode Yakob agyapadeɛ asane aba,

2 wode wo man mfomsoɔ akyɛ,

woakata wɔn bɔne nyinaa so.

3 Woatwe w’anibereɛ nyinaa,

woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.

4 Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra,

na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam.

5 Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa?

Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?

6 Worensane mma yɛn nkwa,

na wo man ani nnye wo ho?

7 AWURADE, ma yɛnhunu w’adɔeɛ,

na fa wo nkwagyeɛ ma yɛn.

8 Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka.

Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ,

na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu.

9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no,

na animuonyam atena yɛn asase so.

10 Adom ne nokorɛ bɛhyia,

na tenenee ne asomdwoeɛ adi mfeano.

11 Nokorɛ bɛfifiri asase so,

na tenenee afiri soro ahwɛ.

12 Nso AWURADE bɛma papa,

na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

13 Tenenee bɛdi n’anim,

na asi n’anammɔn kwan so.

Categories
Nnwom

Nnwom 86

Ahohia kɛseɛ mu mpaebɔ

Dawid mpaebɔ.

1 AWURADE, brɛ w’aso ase tie me,

na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.

2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ;

wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra

a ɔde ne ho twere woɔ.

3 O AWURADE, hu me mmɔbɔ,

na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa.

4 Ma w’akoa kra ani nnye,

na wo, AWURADE, na mema me kra so mema.

5 Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ,

na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.

6 AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ,

na tie me nkotosrɛ nne.

7 M’ahohia da mu mɛfrɛ wo,

na wobɛgye me so.

8 Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE,

na biribiara nte sɛ wo nnwuma.

9 Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba

abɛkoto w’anim, AWURADE,

na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.

10 Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ,

wo nkutoo ne Onyankopɔn.

11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,

mɛnante wo nokorɛ mu;

ka m’akoma bom ma no nsuro wo din.

12 O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase,

na mahyɛ wo din animuonyam daa,

13 sɛ w’adɔeɛ so wɔ me soɔ,

na woayi me kra afiri Asamando bunu mu.

14 Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me,

na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra,

na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.

15 Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ,

wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.

16 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,

fa w’ahoɔden ma w’akoa,

na gye w’afenaa ba nkwa.

17 Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie,

na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu,

sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 87

Nyankopɔn kuro mufoɔ

Kora mma dwom.

1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.

2 AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.

3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm,

Nyankopɔn kuro.

4 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ

din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a,

yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.

5 Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ:

Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu,

na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.

6 Sɛ AWURADE twerɛ aman din a, ɔbɛka sɛ:

Oyi, wɔwoo no hɔnom.

7 Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ:

Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 88

Sɔhwɛ kɛseɛ mu mpaebɔ

Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo nne so. Esrahini Heman nnweneho dwom.

1 AWURADE, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,

mesu mefrɛ, w’anim, awia ne anadwo,

2 ma me mpaebɔ nnuru w’anim,

na brɛ w’aso ase ma me nteamu.

3 Na nnebɔne afono me kra,

na me kra rebɛn Asamando.

4 Wɔkane me fra wɔn a wɔkɔ Amena mu mu,

mayɛ sɛ ɔbarima a ɔnni mmoa biara.

5 Wɔato me atwene awufoɔ mu

sɛ atɔfoɔ a wɔde wɔn agu ɛda mu

a wonkae wɔn bio,

na wɔatwa wɔn afiri wo nsam.

6 Wode me ato Amena donkodonko mu,

esum mu, ebunu ase tɔnn.

7 W’abufuhyeɛ hyɛ me so,

na woma w’asorɔkyeɛ nyinaa gu me so.

8 Woayi m’amannifoɔ

afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,

wode me ayɛ wɔn akyiwadeɛ,

woato me mu a meremfiri adie.

9 Amaneɛ ama m’ani akusa,

mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa,

metrɛ me nsam mekyerɛ wo.

10 Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ awufoɔ,

anaasɛ nsamanfoɔ bɛsɔre ayi wo ayɛ?

11 Wɔbɛka w’adɔeɛ ɛda mu

anaa wo nokorɛdie ɔsɛeɛ amena mu?

12 Wɔbɛhunu w’anwanwadeɛ, esum mu,

ne wo tenenee awerɛfire asase so?

13 Na me deɛ, wo, AWURADE, na mesu mefrɛ,

na me mpaebɔ tua wo nhema.

14 AWURADE, adɛn na woto me kra twene,

adɛn nti na wode w’anim hunta me?

15 Meyɛ mmɔborɔni, na mereyɛ mawu firi me mmɔfraase,

wo ho hu akuta me, na metɔ ntintan.

16 W’abufuo abu afa me so,

wo ho hu atware me;

17 atwa me ho ahyia te sɛ nsuo da mu nyinaa,

ɛbom twa me ho kanko.

18 Woayi ɔdɔfo ne adamfo afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,

na me manni kɔ sum mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 89

Mpaeɛ a wɔbɔ ma Dawid fie

Esrahini Etan nnweneho dwom.

1 Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa,

mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ;

2 na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa,

ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim.

3 Me ne deɛ mayi no no apam apam bi,

maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:

4 Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa,

na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.

5 Na ɔsoro yi wo, AWURADE, anwanwadeɛ ayɛ,

ne wo nokorɛ nso wɔ akronkronfoɔ asafo mu.

6 Na hwan na ɔwɔ wiem a wɔde no bɛto AWURADE ho,

hwan na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu?

7 Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu,

na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.

8 AWURADE, asafo Nyankopɔn,

hwan na ɔte sɛ woɔ?

Otumfoɔ AWURADE, wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.

9 Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ,

sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano.

10 Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ,

wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam.

11 Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo;

wiase ne ne mayɛ, wo na wohyɛɛ aseɛ.

12 Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ,

Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.

13 Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo,

wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.

14 Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ,

adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.

15 Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ

na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu.

16 Wo din mu na wɔn ho bɛsɛpɛ wɔn daa nyinaa,

na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ.

17 Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo,

na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.

18 Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no,

na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.

19 Da bi wokasaa anisoadehunu mu

kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ:

Madi maboa ɔbarima bi,

mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so.

20 Mahunu m’akoa Dawid,

mede me ngo kronkron masra no.

21 Ɔno na me nsa bɛma no atim,

na me basa nso ahyɛ no den.

22 Ɔtamfoɔ bi rensisi no,

na obusuyɛfoɔ bi renhyɛ no so.

23 Na mɛbubu n’anim ahohiahiafoɔ,

na mabobɔ wɔn a wɔtane no.

24 Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena,

na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ.

25 Na mede ne nsa bɛsi po mu,

na mede ne nifa masi nsubɔntene so.

26 Ɔno deɛ, ɔbɛfrɛ me sɛ: Wone m’agya,

me Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ botan!

27 Na me nso mede no bɛyɛ m’abakan,

asase so ahemfo mu pumpuni.

28 Mɛkora m’adɔeɛ mama no daa,

na m’apam atim hɔ ama no.

29 Mɛma n’asefoɔ atena hɔ daa,

ne n’ahennwa sɛ ɔsoro nna.

30 Sɛ ne mma gya me mmara

na wɔnnante m’atemmudeɛ mu,

31 sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fi

na wɔnni me mmaransɛm so a,

32 ɛno deɛ mede abaa bɛba abɛtwe wɔn aso, wɔn mmarato ho,

na mede ɔhaw ahodoɔ mabɛtwe wɔn aso, wɔn amumuyɛ ho.

33 Na m’adɔeɛ deɛ, merenyi memfiri ne ho,

na merenyɛ me nokorɛdie no ho nsakyirinsayam.

34 Merengu m’apam ho fi,

na merensakyera deɛ afiri m’anomu no.

35 Maka me kronkronyɛ ho ntam baako,

merenni Dawid hwammɔ.

36 N’asefoɔ bɛtena hɔ daa,

na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia.

37 Ɛbɛtim hɔ sɛ ɔsrane daa,

sɛ ɔdanseni nokwafoɔ a ɔwɔ wiem.

38 Na wo ara deɛ, woato atwene na ayɛ wo nwunu,

na woafa deɛ woasra no no abufuo.

39 Woapo w’akoa apam,

woagu n’abotire ho fi de ato fam.

40 Woadwiri ne ban nyinaa agu,

woama n’aban akɛseɛ ayɛ agoago.

41 Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa,

wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho.

42 Woama n’ahohiahiafoɔ nifa so,

woama n’atamfo nyinaa ani agye.

43 Aane, woadane n’afena ano nso,

na woamma no annyina ɔsa mu.

44 Woama n’animuonyam apa,

na woato n’adwa atwene fam.

45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so,

wode aniwuo abum ne so.

46 Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho bɛhunta daa

ama w’abufuo adɛre sɛ ogya?

47 Kae me nna tiaa a ɛyɛ:

Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?

48 Ɔdasani bɛn na ɔte ase a ɔrenhunu owuo,

na ɔbɛyi ne kra afiri Asamando nsam?

49 Ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ, AWURADE,

deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛ mu no?

50 AWURADE, kae wo nkoa ahohora

a ɛfiri aman dodoɔ no nyinaa mu a ɛda me koko soɔ.

51 AWURADE, w’atamfo bɔ ahohora,

wɔbɔ deɛ woasra no no anammɔn ahohora!

52 Nhyira nka AWURADE daa.

Amen ne Amen.

Categories
Nnwom

Nnwom 90

Daa Nyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea

Nyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.

1 AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea,

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2 Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ

na wonnya nyii asase ne wiase adie no,

na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.

3 Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose:

Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.

4 Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so

sɛ nnora da a ɛtwaa mu

ne anadwo mu dasuo.

5 Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo,

wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,

6 anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm, na ɛfefɛ,

anwummerɛ wɔtwa, na atwintwam.

7 Na yɛresa w’abufuo mu,

na yɛahye w’abufuhyeɛ no ano.

8 Wode yɛn amumuyɛ asi w’anim,

wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.

9 Na yɛn nna nyinaa atwam kɔ w’abufuo mu,

yɛahwere yɛn mfeɛ sɛ asomusɛm bi.

10 Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson,

na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe,

na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ,

na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe.

11 Hwan na ɔhunu w’abufuo ano den a ɛyɛ,

ne w’anibereɛ, sɛ wo ho suro teɛ?

12 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

13 AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara?

Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ.

14 Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema,

na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.

15 Ma yɛn ho nsane yɛn, sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu

ne mfeɛ a yɛhunuu mu bɔne no.

16 Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,

na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.

17 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn animteɛ mmra yɛn so,

na yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie mma yɛn,

aane, yɛn nsa ano adwuma ma no nyɛ yie.