Categories
Nnwom

Nnwom 51

Dawid ahonu mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom; ɔkɔɔ Batseba ho a Odiyifoɔ Natan baa ne nkyɛn no, na ɔtoeɛ.

1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no,

wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.

2 Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa,

na prapra me ho firi me bɔne mu.

3 Na mahunu me mmarato no,

na me bɔne wɔ m’anim daa.

4 Wo nko ara na mafom woɔ,

na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne,

na woadi bem wo kasa mu,

na wo ho ate, w’atemmuo mu.

5 Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu,

na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.

6 Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu,

na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm.

7 Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi;

dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.

8 Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm,

na nnompe a woabubuo no adi ahurisie.

9 Yi w’ani firi me bɔne ho hunta,

na pepa m’amumuyɛ nyinaa.

10 Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,

na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.

11 Nto me mfiri w’anim ntwene,

na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.

12 Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio,

na ayamyie honhom nsɔ me mu.

13 Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan,

na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn.

14 Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn,

gye me firi mogya ho fɔ mu,

na me tɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom.

15 AWURADE, bue m’ano fafa,

na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.

16 Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ,

ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.

17 Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo;

Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.

18 Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie;

to Yerusalem afasuo!

19 Ɛno na wobɛpɛ tenenee afɔdeɛ,

ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mu,

ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔrebukyia soɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 52

Amimfoɔ awieeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no.

1 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho?

Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ

daa nyinaa.

2 Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho

te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.

3 Wopɛ bɔne sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.

4 Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma,

wopɛ amammɔsɛm ara nko.

5 Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa,

ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea,

na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.

6 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro,

na wɔasere no sɛ:

7 Hwɛ, onipa a wamfa

Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea,

na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ,

na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.

8 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm,

Nyankopɔn fie,

mede me ho meto Nyankopɔn adom so

daa daa.

9 Mɛyi wo ayɛ daa,

sɛ wo na woyɛeɛ,

na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ,

w’ahotefoɔ anim.

Categories
Nnwom

Nnwom 53

Nnipa amumuyɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Wɔnto no “Mahalat” sankuo nne so.

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ:

Nyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 Onyankopɔn firi soro

hwɛ nnipa mma,

sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3 Nanso wɔn nyinaa amane,

wɔn nyinaa aporɔ,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Amumuyɛfoɔ anhunu de,

wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane,

na wɔnsɔre Onyankopɔn?

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ,

deɛ ahopopoɔ nnie hɔ,

na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe,

woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.

6 Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba?

Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no,

Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

Categories
Nnwom

Nnwom 54

Atamfoɔ ho mpaebɔ ne aboadeɛ ma

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoo no berɛ a Sififoɔ bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid abɛhunta yɛn nkyɛn no.

1 Onyankopɔn, fa wo din so gye me,

na fa wo tumi di m’asɛm ma me.

2 Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,

yɛ aso tie m’anomu nsɛm;

3 na ananafoɔ asɔre atia me,

na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me kra,

wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi.

4 Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafoɔ,

AWURADE nko ne deɛ ɔsɔ me kra mu.

5 Ɔbɛma m’atɛfoɔ bɔne asane akɔ wɔn so,

fa wo nokorɛ yi wɔn hɔ.

6 Mɛbɔ ayamyie afɔdeɛ ama wo;

AWURADE, mɛyi wo din ayɛ sɛ ɛyɛ.

7 Na wagye me, amaneɛ nyinaa mu,

na m’ani ahunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ ho.

Categories
Nnwom

Nnwom 55

Deɛ ayɔnkofoɔ ayi no ama

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom.

1 Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ,

na nhunta wo ho mfiri me nkotosrɛ ho.

2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so.

M’adwene mu nnwane wɔ m’abooboo mu, na mesi apini,

3 ɔtamfoɔ nne

ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti.

Na wɔbɔ mmusuo gu me so,

na wɔde abufuo tane me.

4 M’akoma pere wɔ me mu,

na owuo ho hu agu me so.

5 Suro ne ahopopoɔ aba me so,

na ahoyera akata me so.

6 Na mese: O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo deɛ ɛ,

anka mɛtu makɔtena baabi.

7 Aane, anka mɛdwane makɔ akyirikyiri,

na makɔtena serɛ so.

8 Anka mɛyɛ ntɛm madwane mafiri mframa kɛseɛ

ne ahum yi mu.

9 AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paepae wɔn tɛkyerɛma mu,

na mahunu amimdie ne aperedie, kuro no mu.

10 Awia ne anadwo wɔnam

n’afasuo so twa ho hyia,

na amumuyɛ ne ɔhaw wɔ mu.

11 Amammɔsɛm wɔ mu,

na nhyɛsoɔ ne nnaadaa

mpa n’abɔntene so.

12 Na ɛnyɛ ɔtamfoɔ na ɔbɔ me ahohora,

ɛno deɛ, anka mɛtie.

Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me soɔ,

anka mede me ho bɛhunta no.

13 Na wo dasani a me ne wo bɔ soɔ,

me yɔnko ne me manni,

14 wo a wo ne me di atirimusɛm dɛdɛ,

na yɛnam yɔɔ kɔ Nyankopɔn fie.

15 Ma owuo nto nsi wɔn so,

ma wɔnsiane nkɔ Asamando anikan,

na nsɛmmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.

16 Me deɛ, mɛsu mafrɛ Onyankopɔn,

na AWURADE abɛgye me.

17 Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina

na mɛdwene me tirim na masi apini,

na ɔbɛte me nne.

18 Wagye me kra asomdwoeɛ mu,

na wɔammɛn me,

na wɔn a wɔne me anya dɔɔso.

19 Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn.

Na ɔno na ɔte hɔ firi teteete.

Wɔn deɛ, wɔnsakyera,

nanso wɔnsuro Onyankopɔn.

20 Ɔtene ne nsa ne nnamfonom so,

wabu n’apam so.

21 N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta,

na ɔko wɔ n’akomam.

Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo,

nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.

22 Dane w’adesoa to AWURADE so,

na ɔbɛsɔ wo mu,

ɔremma ɔteneneeni

ntwe n’anan mu da.

23 Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn

bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu,

mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ

renni wɔn nna fa,

na me deɛ, mede me ho meto wo so.

Categories
Nnwom

Nnwom 56

Amanehunu mu anidasoɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Yohat elem rehokim” sankuo nne so. Ɔtoe berɛ a Filistifoɔ kyeree no Gat no.

1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,

na ɔdasani repɛ me amene me,

daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho.

2 M’atɛfoɔ repɛ me amene me daa nyinaa,

na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.

3 Ɛda a mesuro no,

mede me ho metwere wo.

4 Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ,

Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ,

merensuro, onipa bɛtumi ayɛ me dɛn?

5 Da biara wɔtutu me nsɛm ano sisi,

bɔne nko ara na wɔdwene me ho.

6 Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me,

na wɔkari m’anammɔn

berɛ a wɔtwɛn me kra.

7 Wɔde amumuyɛ bɛnya kwan adwane anaa?

Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuo so.

8 Wo na woabu me kyini a mekyini yi ano,

fa me nisuo gu wo kotokuo mu.

Ɛnni wo nwoma mu anaa?

9 Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire,

ɛda a mesu mefrɛ no.

Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.

10 Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ,

AWURADE mu na meyi n’asɛm ayɛ.

11 Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ,

merensuro, nnipa bɛtumi ayɛ me dɛn?

12 Onyankopɔn, w’aboadeɛ wɔ me hɔ,

mɛbɔ aseda afɔdeɛ mama wo.

13 Na woagye me kra afiri owuo mu,

worenyi me nan mfiri asehweɛ mu anaa?

Na manante Nyankopɔn anim,

nkwa hann mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 57

Nyankopɔn mu ahotosoɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid abebuo dwom. Wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Ɔtoo no ɔbodan no mu berɛ a ɔdwanee Saulo no.

1 Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn,

hu me mmɔbɔ,

na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ,

na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea

kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.

2 Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn,

mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.

3 Ɔbɛsoma afiri soro abɛgye me,

ɔbɔ deɛ ɔregye me amene me no ahohora.

Onyankopɔn bɛsoma n’adom ne ne nokorɛ.

4 Me kra da agyata mu,

meda wɔn a wɔhome gyaframa mu.

Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan,

na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.

5 Onyankopɔn, ma wo ho so tena soro,

ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6 Wɔsum m’anammɔn fidie,

me kra brɛɛ ase,

wɔtuu me kwan mu amena,

wɔn ankasa ahwehwe mu.

7 M’akoma atim, Onyankopɔn,

m’akoma atim,

mɛto dwom na mayi ayɛ.

8 Me kra, nyane,

bɛnta ne sankuten, nyane,

me nso mɛnyane anɔpahema.

9 AWURADE, mɛda wo ase aman mu,

mɛto wo ayeyie dwom aman mu,

10 na w’adɔeɛ so kɔduru soro,

na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

11 Onyankopɔn, ma wo ho so tena ɔsoro,

ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

Categories
Nnwom

Nnwom 58

Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom.

1 Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa?

O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?

2 Dabi, modi asɛmmɔne, akoma mu,

mo nsam akakabensɛm na mokari de ma, asase soɔ.

3 Abɔnefoɔ bɔ ko firi ɔyafunum,

wɔfiri wɔn na yam fom kwan di atorɔ.

4 Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ,

wɔte sɛ ahuritia sotifoɔ a wasi n’aso

5 a ɛntie ntafowayifoɔ

a wɔyi nkonyaa nyansam.

6 Onyankopɔn, bubu wɔn se, wɔn anomu,

AWURADE, tutu gyata aburuwa sebɔmmɔfoɔ.

7 Ma wɔn nwe sɛ nsuo a ɛretwe,

ɔkuntunu ne bɛmma mu a,

ma no nyɛ sɛdeɛ wɔabu ano.

8 Ɔsene sɛ nwa a wɔapɛkyɛ no,

sɛ ɔba a ɔbaa apɔn a ɔnhunuu owia da.

9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ no nka no,

sɛ ɛyɛ mono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyeɛ bɛpra ne nyinaa agu.

10 Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ,

ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu.

11 Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔteneneeni,

ampa, Onyankopɔn wɔ hɔ a ɔbu atɛn asase soɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 59

Dwom a ɛtia nkɔnkɔnsa

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Ɔtoo no berɛ a Saulo soma baa ne fie sɛ wɔnku no no.

1 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam,

bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.

2 Gye me amumuyɛfoɔ mu,

na gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.

3 Na hwɛ, wɔtɛ me kra,

akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me.

AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.

4 Ɛnyɛ amumuyɛ nti na wɔtu mmirika siesie wɔn ho.

Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ.

5 Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn,

nyane bɛhwɛ amanaman nyinaa,

nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ mmɔbɔ.

6 Wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ akraman,

na wɔdi kuro mu kyinhyia.

7 Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa,

nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?”

8 Na wo, AWURADE, wosere wɔn,

wodi amanaman nyinaa ho fɛw.

9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan,

na Onyankopɔn yɛ m’abankɛseɛ.

10 Me Nyankopɔn de n’adom bɛhyia me,

Onyankopɔn bɛma mahunu deɛ mepɛ, m’atɛfoɔ ho.

11 Nku wɔn, na me man werɛ amfi;

fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam,

yɛn kyɛm ne wo, AWURADE.

12 Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko,

enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu,

ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti.

13 Hye wɔn abufuo mu,

hye wɔn na wɔantena hɔ,

na ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so hene

kɔsi asase ano.

14 Na wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ akraman

na wɔdi kuro mu kyinhyia.

15 Wɔn deɛ, wɔdwane hwehwɛ aduane,

na sɛ wɔmmee a, wɔtena hɔ anadwo.

16 Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom,

na mato w’adɔeɛ ho ahurisie dwom anɔpa,

sɛ woayɛ me abankɛseɛ

ne me hia da mu dwanekɔbea.

17 M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom,

na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ,

m’adom Nyankopɔn.

Categories
Nnwom

Nnwom 60

Nkoguo akyiri mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Susan Edut” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Wɔmfa nkyerɛkyerɛ adeɛ. Ɔtoo no berɛ a ɔne Mesopotamia ne Soba Siriafoɔ koeɛ, na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dummienu nkyene bɔn mu no.

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam,

wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

2 Woama asase awoso, woapae mu,

fa n’asinasini sisi anim, na ɛhinhim.

3 Woama wo man ahunu deɛ ɛyɛ den,

woama yɛanom ntintan nsa.

4 Wode frankaa ama w’afɛrefoɔ

sɛ wɔmfa mma wɔn ho so, nokorɛ nti.

5 Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo nti

fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye yɛn so.

6 Onyankopɔn akasa n’ahoteɛ mu:

Mɛdi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bonhwa.

7 Gilead wɔ me, na Manase wɔ me,

na Efraim yɛ me tiri so dadekyɛ;

Yuda yɛ m’ahempoma.

8 Moab yɛ me dwaresɛn,

Edom so na mɛto me mpaboa maguo,

me nti, Filistifoɔ asase, teateam.

9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu,

hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

10 Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi,

na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

11 Bɛboa yɛn ahohia mu,

na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

12 Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ,

na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.