Categories
Nnwom

Nnwom 21

Aseda mpaeɛ a wɔbɔ ma ɔhene

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu,

na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.

2 Deɛ n’akoma pɛ na wode ama no,

na deɛ n’ano bisaeɛ no, woankame no.

3 Na wode papa mu nhyira hyia no,

wode sika amapa abotire bɔ ne ti.

4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa,

wode ama no, nna a ɛware daa daa.

5 N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti,

kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.

6 Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa,

wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.

7 Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so,

na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.

8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa,

wo nsa nifa bɛnya wɔn a wɔkyiri woɔ.

9 Wobɛyi wo ho adi

ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo,

AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn,

na ogya ahye wɔn.

10 Wobɛsɛe wɔn aba afiri asase so,

ne wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.

11 Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a,

wɔrentumi nyɛ.

12 Na wobɛma wɔasane wɔn akyi,

wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu,

yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 22

Amanehunu dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Adekyeeɛ foroteɛ” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me?

Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.

2 Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia,

na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.

3 Na woyɛ kronkron,

wote w’ahennwa so, na wo na Israel ayeyie nyinaa wɔ woɔ.

4 Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.

5 Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ,

wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

6 Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa,

meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.

7 Wɔn a wɔhu me nyinaa

di me ho fɛw trɛ wɔn anomu woso wɔn tiri ka sɛ:

8 Dane to AWURADE so, ma no nnye no,

sɛ ɔpɛ no a, ma no nyi no!

9 Na wo na woyii me firii me na yam,

metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.

10 Mefiri yafunum ara na wɔde me too wo soɔ,

wone me Nyankopɔn firi me na yam.

11 Mma me ne wo ntam nnware,

na ahohia abɛn

a ɔboafoɔ bi nni hɔ.

12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia,

Basan anantwie akɛseɛ abɔ me ho kɔntɔnkrɔn.

13 Wɔtrɛ wɔn anomu kyerɛ me

sɛ gyata a ɔteteɛ na ɔbobom.

14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,

na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so.

M’akoma ayɛ sɛ akraa,

anane wɔ me yam.

15 M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ,

na me tɛkyerɛma afam me dodom,

na wode me ato owuo mfuturo mu.

16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia,

na wɔbom ba me so,

wɔahwire me nsa ne me nan mu.

17 Metumi mekan me nnompe nyinaa,

wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.

18 Wɔkyɛ me ntoma mu fa,

na m’atadeɛ so na wɔbɔ ntonto.

19 Na wo, AWURADE, ntena akyiri.

M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me.

20 Hwim me kra firi nkrantɛ ano,

m’ade koro no firi akraman nsam.

21 Gye me firi gyata anomu,

na ɛkoɔ mmɛn mu na wotie me.

22 Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo asafo mu.

23 Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ.

Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam,

na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.

24 Na wansere na wankyiri

ɔmanehunufoɔ amaneɛ,

na wanyi n’anim anhunta no,

na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.

25 Wo na woma meyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu,

mɛma m’aboadeɛ wɔ, wɔn a wɔsuro no no anim.

26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee,

wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ.

Mo akoma nnya nkwa daa.

27 Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae

adane aba AWURADE nkyɛn,

na amanaman mmusuakuo nyinaa

abɛkoto n’anim.

28 Na ahennie wɔ AWURADE,

na ɔdi amanaman so.

29 Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no,

wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa,

ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.

30 Nkyirimma bɛsom no,

wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu.

31 Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no,

sɛ ɔno na wayɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 23

AWURADE ne odwanhwɛfoɔ pa

Dawid dwom.

1 AWURADE ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm,

ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

3 Ɔdwodwo me kra,

ɔde me fa akwantenenee so,

ne din nti.

4 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a,

mensuro bɔne biara,

ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ,

w’abaa ne wo poma

na ɛkyekyere me werɛ.

5 Woto me pono,

m’atamfoɔ anim,

wode ngo fɔ me tirim,

me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri

me nkwa nna nyinaa,

na mɛtena AWURADE fie

daa.

Categories
Nnwom

Nnwom 24

Ba a animuonyam hene no ba

Dawid dwom.

1 Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea,

wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.

2 Na ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ, ɛpo so,

na ɔde atintim asukɛseɛ soɔ.

3 Hwan na ɔbɛforo AWURADE bepɔ no,

na hwan na ɔbɛgyina ne tenabea kronkron hɔ?

4 Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ,

deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ,

na ɔnka nkontompo ntam.

5 Ɔno na ɔbɛnya AWURADE nsam nhyira

na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.

6 Yeinom ne wɔn a wɔpɛ n’akyiri kwan no abusua,

wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O Yakob Nyankopɔn.

7 Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so,

na mo, tete apono, montrɛ mo ho mu,

na animuonyam hene no nhyɛne mu.

8 Hwan ne animuonyam hene yi?

Ɛyɛ AWURADE, otumfoɔ kɛseɛ, ɔbrane,

AWURADE a ɔyɛ ɔbrane, ɔko mu.

9 Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so,

na montrɛ mo tete apono no mu,

na animuonyam hene no nhyɛne mu.

10 Hwan ne saa animuonyam hene yi?

Asafo AWURADE,

ɔno ne animuonyam Hene no.

Categories
Nnwom

Nnwom 25

Fakyɛ ne kwankyerɛ ho mpaebɔ

Dawid deɛ.

1 AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.

2 Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ,

mma m’ani nnwu,

mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.

3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu,

wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no na wɔn ani bɛwuo.

4 AWURADE, kyerɛ me w’akwan,

na fa me fa w’atempɔn so.

5 Ma mennante wo nokorɛ mu, na kyerɛkyerɛ me,

ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn,

m’ani da wo so daa nyinaa.

6 AWURADE, kae wo mmɔborɔhunu ne w’adɔeɛ

a ɛwɔ hɔ firi tete no.

7 Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mfomsoɔ, na mmom

kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,

AWURADE, w’ayamyie nti.

8 AWURADE yɛ, na ɔtene,

enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ ɔkwan soɔ.

9 Ɔma ahobrɛasefoɔ nante tenenee mu,

na ɔma ahobrɛasefoɔ sua ne kwan.

10 AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ

ma wɔn a wɔdi n’apam ne n’adansesɛm soɔ.

11 AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me,

na ɛdɔɔso pii.

12 Onipa biara a ɔsuro AWURADE no,

ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa soɔ.

13 Ne kra bɛtena yiedie mu,

na n’asefoɔ anya asase atena so.

14 AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no,

na ɔma wɔhunu n’apam no mu.

15 M’ani hwɛ AWURADE daa,

na ɔno na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.

16 Dane w’ani hwɛ me, na dom me,

na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ.

17 M’akoma mu ahohia so,

yi me firi m’ahokyere mu.

18 Hwɛ m’amaneɛ ne m’ahometeɛ,

na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.

19 Hwɛ sɛ m’atamfoɔ dɔɔso,

na wɔde atirimuɔden tane me.

20 Hwɛ me kra so na gye me,

mma m’ani nnwu, na medwane bɛtoa wo.

21 Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so,

ɛfiri sɛ m’ani da wo so.

22 Onyankopɔn, gye Israel

firi wɔn ahohia nyinaa mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 26

Nyankopɔn fam ahoteɛ

Dawid deɛ.

1 AWURADE, bu me bem,

na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra,

na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.

2 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ,

nane me sawa ne m’akoma.

3 Na w’adɔeɛ wɔ m’ani so,

na menam wo nokorɛ mu.

4 Me ne nnipa huhuo antena,

na me ne nyaatwomfoɔ anhyia mu.

5 Metane nnipa bɔne dwabɔ,

na me ne nnebɔneyɛfoɔ ntena.

6 Mɛhohoro me nsa, bemdie mu,

na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,

7 sɛ merema wɔate m’aseda dwom,

na maka w’anwanwadeɛ nyinaa.

8 AWURADE, medɔ wo fie tenabea

ne faako a w’animuonyam teɛ.

9 Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho,

anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.

10 Wɔn na mmusuo hyɛ wɔn nsam,

na kɛtɛasehyɛdeɛ ayɛ wɔn nifa ma.

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra:

Gye me, na hu me mmɔbɔ.

12 Me nan gyina deɛ ɛhɔ da fam,

asafo ahyiaeɛ mu na mɛhyira AWURADE.

Categories
Nnwom

Nnwom 27

AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ

Dawid deɛ.

1 AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ,

hwan na mensuro no?

AWURADE ne me nkwa ahoɔden,

hwan anim na me ho mpopoɔ?

2 Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so

na wɔtane me,

sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a,

wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase.

3 Sɛ dɔm kyere me so nsraban a,

m’akoma rentu;

sɛ wɔtu me so sa a,

ɛno mu mpo na me ho tɔ me.

4 Adeɛ baako na masrɛ AWURADE,

ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan;

sɛ me nna a medie nyinaa

mɛtena AWURADE fie,

na mahwɛ AWURADE animteɛ,

na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.

5 Na ɔkora me ne sese mu

wɔ hia da,

ɔde me hunta ne ntomadan ahuntaeɛ,

ɔma me so gyina ɔbotan so.

6 Na afei ɔbɛma me tiri so,

m’atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so,

na mabɔ ne ntomadan mu

ayeyie afɔdeɛ,

na mato AWURADE sankuo dwom.

7 AWURADE, tie me sufrɛ;

hu me mmɔbɔ, na gye me so.

8 Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti,

m’akoma se wo sɛ:

AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.

9 Nyi w’anim nhunta me,

mfa abufuo mpamo w’akoa.

Me boafoɔ ne wo,

nto me ntwene, na nnya me,

me nkwagyeɛ Nyankopɔn.

10 Na m’agya ne me na agya me,

na AWURADE deɛ, ɔgye me.

11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,

na fa me fa ɔtempɔn tamaa so,

m’atɛfoɔ nti.

12 Nnane me mma sɛdeɛ m’atamfoɔ pɛ,

na adansekurumfoɔ asɔre atia me,

ne wɔn a wɔpu aniɛdensɛm.

13 Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ,

ateasefoɔ asase so.

14 Ma w’ani nna AWURADE so,

hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru,

Aane, ma w’ani nna AWURADE so.

Categories
Nnwom

Nnwom 28

Abooboo, adesrɛ ne aseda

Dawid deɛ.

1 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan,

mmua w’ano wɔ me ho;

anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

2 Sɛ mesu mefrɛ wo,

na mema me nsa so

mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a,

tie me nkotosrɛ.

3 Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ

a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ,

na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.

4 Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ

ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ,

susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn,

tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

5 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so:

Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

6 Ayeyie nka AWURADE,

ɛfiri sɛ watie me nkotosrɛ.

7 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm.

Mede m’akoma mato ne so, na waboa me,

enti m’akoma ho asane no,

na mede me dwom meda no ase.

8 AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden,

deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.

9 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ,

na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

Categories
Nnwom

Nnwom 29

Nyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum mu

Dawid dwom.

1 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE,

momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.

2 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam,

monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.

3 AWURADE nne wɔ nsuo so,

animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom,

AWURADE wɔ nsuo bebree so.

4 AWURADE nne mu yɛ den sɛ,

AWURADE nne mu wɔ animuonyam.

5 AWURADE nne bubu ntweneduro,

AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.

6 Na ɔma wɔhurihuri sɛ nantwie ba,

Lebanon ne Sirion sɛ okoo ba.

7 AWURADE nne pa gya a ɛdɛre.

8 AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him,

AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po.

9 AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ,

na ɛma kwaeɛ mu da hɔ,

na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn.

10 AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so,

na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.

11 AWURADE bɛma ne man ahoɔden,

AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.

Categories
Nnwom

Nnwom 30

Aseda dwom

Dwom a wɔto de dwiraa Asɔredan no ho. Dawid dwom.

1 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me,

na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.

2 AWURADE, me Nyankopɔn, mesu mefrɛɛ wo,

na wosaa me yadeɛ.

3 AWURADE, woatwe me kra afiri Asamando,

woama me nkwa na mankɔ Amena mu.

4 Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefoɔ,

na monyi ne din kronkron no ayɛ.

5 Na n’abufuo kyɛre kakraa bi,

na n’adɔeɛ deɛ, ɛtena hɔ kyɛre sɛ nkwa berɛ.

Osu bɛsoɛ anadwo,

na adeɛ kye a, na anigyeɛ aba.

6 Na me deɛ, mesee m’ahodwoɔ mu sɛ:

Merenhinhim ara da.

7 AWURADE, wode w’anisɔ ama me

atim denden sɛ bepɔ,

na wode w’ani huntaa no,

m’akoma tui.

8 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛɛ woɔ,

na mekoto mesrɛɛ AWURADE sɛ:

9 Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so

wɔ m’Amena mu korɔ mu?

Mfuturo bɛda wo ase anaa?

Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa?

10 AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ!

AWURADE, bɛboa me!

11 Woama m’abooboo adane me asa,

woasane me ho ayitoma,

na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ,

12 na m’animuonyam ato wo dwom, na annyae da.

AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa.