Categories
Nnwom

Nnwom 11

AWURADE mu ahotosoɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Dawid deɛ.

1 AWURADE na medwane kɔtoa no,

adɛn na mose me kra sɛ:

Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

2 Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu,

wɔde wɔn mmɛmma asi homa so

sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu.

3 Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a,

ɔteneneeni bɛyɛ dɛn?

4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu,

AWURADE ahennwa wɔ soro,

n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

5 AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ,

na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ,

ne kra tane no.

6 Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ,

ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ

ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.

7 Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee,

wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim.

Categories
Nnwom

Nnwom 12

Mmoa ho mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa,

na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu.

2 Obiara twa ne yɔnko nkontompo,

ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.

3 Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa

ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,

4 wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm,

yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?

5 Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei,

sɛ AWURADE seɛ ni,

mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.

6 AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ

a wɔanane no ananeeɛ a asene fam

a wɔayiyi mu mprɛnson.

7 Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so,

na kora yɛn firi nnɛ mma yi mu daa.

8 Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi,

abɔnefoɔ abu so nenam.

Categories
Nnwom

Nnwom 13

Nyankopɔn mmoa a ɛmma ntɛm no ho abooboo

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa?

Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea,

na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam?

Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn,

te m’ani, na manna owuo nna,

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no,

na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

5 Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so,

m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,

6 mɛto AWURADE dwom

sɛ ɔne me adi no yie.

Categories
Nnwom

Nnwom 14

Wiase nnebɔne

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma,

sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ,

wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane,

na wɔnsɔre AWURADE?

5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.

6 Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu

ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.

7 Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba?

Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no,

Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

Categories
Nnwom

Nnwom 15

Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tena

Dawid dwom.

1 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu?

Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ?

2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee,

na ɔka n’akomam nokorɛ.

3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro,

na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,

na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora.

4 Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia,

na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni,

ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho,

na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ.

Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.

Categories
Nnwom

Nnwom 16

Onyankopɔn mu ahotosoɔ

Dawid abebuo dwom.

1 Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.

2 Mese AWURADE sɛ: M’Awurade ne wo,

menni papa biara nka wo ho.

3 Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no,

wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa.

4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no, wɔma wɔn yea dɔɔso.

Merenhwie wɔn mogya nhwiesa no bi,

na meremfa m’ano memmɔ wɔn din.

5 AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa,

wo na me nkrabea kura wo nsam.

6 Me susuhoma akɔfa deɛ ɛyɛ ama me,

aane, apɛgyadeɛ no yɛ me fɛ.

7 Mekamfo AWURADE a ɔtu me fo,

nso anadwo m’akoma kyerɛkyerɛ me.

8 Mede AWURADE masi m’anim daa,

na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim.

9 Enti m’akoma tɔ me yam, na me kra di ahurisie,

na me honam tena ase dwoodwoo.

10 Na worennya me kra Asamando,

woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.

11 Wobɛkyerɛ me nkwa kwan,

anika a ɛmeeɛ wɔ w’anim,

anigyedeɛ wɔ wo nifa hɔ daa.

Categories
Nnwom

Nnwom 17

Mmoa ho adesrɛ

Dawid mpaebɔ.

1 O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo,

yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2 Ma bembuo mfiri w’anim mmra,

ma w’ani nhwɛ adeɛ a ɛtene mu.

3 Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo,

na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee.

Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.

4 Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti

masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.

5 W’anammɔn no ara so na me kwan nam,

me nan anwati.

6 Ao, Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, na wobɛgye me so.

Yɛ aso ma me, tie me nsɛm.

7 Fa anwanwa kwan so yi wo dɔ mapa adi kyerɛ,

wo a wogye wɔn a wɔhwehwɛ dwanekɔbea,

firi wɔn atamfoɔ nsam wɔ wo nifa.

8 Hwɛ me so sɛ ani kurutuawisi,

fa me hunta wo ntaban nwunu ase,

9 abɔnefoɔ a wɔfom me fa,

m’atamfoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔtwa me ho hyia no nti.

10 Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara,

wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.

11 Wɔtetɛ me, na afei wɔtwa me ho hyia,

wɔde wɔn ani akari me pɛ m’asehweɛ.

12 Wɔte sɛ gyata a wɔredɛɛdɛɛ apɛ adufudeɛ,

te sɛ gyata ba a ɔtɛ kokoam.

13 Ao, AWURADE, sɔre bɛsianka wɔn na brɛ wɔn ase,

fa w’afena gye me kra firi abɔnefoɔ nsam.

14 AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam,

nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ,

fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma;

ma wɔn mma nya no mmorosoɔ,

na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.

15 Me deɛ, mɛhwɛ w’anim tenenee mu,

menyane a, me ho bɛtɔ me sɛ mahu woɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 18

Nkonim dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. AWURADE akoa Dawid deɛ. Ɔkaa dwom yi nsɛm kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE gyee no n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no.

Ɔkaa sɛ:

1 Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.

2 AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no,

me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ,

na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

4 Owuo nhoma bebaree me ho,

na ɔsɛeɛ twi faa me so sɛ osuhweam.

5 Asamando nhoma twaa me ho kɔntɔnkrɔn,

owuo afidie bɛhyiaa me.

6 M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no.

Ɔtee me nne n’asɔrefie,

na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.

7 Ɛnna asase hinhimiiɛ na ɛwosoeɛ,

na mmepɔ nnyinasoɔ popoe, na ɛhinhimii,

ɛfiri sɛ na ne bo ahuru no.

8 Wisie tu firii ne hwenem,

na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu,

nnyansramma dɛre firii ne mu.

9 Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam,

na esum kabii wɔ ne nan ase.

10 Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui,

na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.

11 Ɔde sum kataa ne ho hyiae;

n’asasewa yɛ osuo a amuna kusuu.

12 Hann a ɛdi n’anim no

nnyansramma firi

ne mununkum no mu bae.

13 Na AWURADE boom ɔsoro,

na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne,

asukɔtweaa ne nnyansramma.

14 Na ɔtotoo n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee

ne asraman bebree de tanee wɔn ani.

15 Ɛnna ɛpo mu mmɔnka yiyii adie,

na wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ,

ɛfiri w’ateatea, AWURADE,

ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.

16 Ɔtenee ne nsa firi soro bɛfaa me,

ɔtwee me firii nsuo pii mu.

17 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri me nsam,

ɛfiri sɛ wɔsene me ahoɔden.

18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da no mu,

na AWURADE bɛyɛɛ me okyiritaafoɔ.

19 Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,

ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.

20 AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ me nsa ho a afire no teɛ na ɔtuaa me ho ka.

21 Na manante AWURADE akwan so,

na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,

22 na mmom n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,

na memfirii n’ahyɛdeɛ ho.

23 Na me ho nni asɛm wɔ n’anim,

na mehwɛɛ me ho so firii amumuyɛ ho.

24 Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee,

sɛdeɛ me nsa ho a afire wɔ n’ani soɔ no teɛ.

25 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,

onipa a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no mudie soɔ.

26 Deɛ ɔte ne ho na wobɛte wo ho akyerɛ no,

na ɔkontonkyini deɛ, wokyinkyim wo ho kyerɛ no.

27 Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ,

na wobrɛ ahantanfoɔ ase.

28 Na wo na woma me kanea derɛ,

AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.

29 Na wo na mede wo meto mehyɛ ɛdɔm soɔ,

na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

30 Na Onyankopɔn yi deɛ, ne kwan yɛ pɛpɛ,

AWURADE asɛm mu te,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

31 Na hwan ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko,

na hwan na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?

32 Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ,

na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.

33 Ɔyɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,

na ɔde me gyina me sorɔnsorɔmmea so.

34 Ɔkyerɛ me nsa akodie,

na ɔma me basa kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.

35 Na woama me wo nkwagyeɛ kyɛm,

na wo nsa nifa sɔɔ me mu,

na wo mmoa maa meyɛɛ kɛseɛ.

36 Wotrɛɛ m’anammɔn mu m’ase,

na me nan anwatiri.

37 Metii m’atamfoɔ, na metoo wɔn,

na mansane de kɔsii sɛ mewiee wɔn kum.

38 Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre,

wɔtotɔree me nan ase.

39 Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,

wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase,

40 na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyiri kyerɛɛ me,

na wɔn a wɔkyiri me no, mesɛee wɔn.

41 Wɔsu frɛe a ɔgyefoɔ bi nni hɔ,

wɔfrɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

42 Na mepɛkyɛɛ wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturo, mframa anim,

mesesaa wɔn meguu sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

43 Woyii me nnipa aperedie mu, wode me sii amanaman so ti,

ɔman a mennim wɔn na ɛsom me.

44 Aso teeɛ ara pɛ, na wɔtiee me,

ananafoɔ brɛɛ wɔn ho ase maa me.

45 Ananafoɔ twintwamee,

na wɔde ahopopoɔ fifirii wɔn huntabea bae.

46 AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no.

Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.

47 Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,

na ɔde aman hyɛɛ m’aseɛ;

48 wagye me afiri m’atamfoɔ mu,

aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu,

woagye me awerɛmfoɔ nsam.

49 Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu,

na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

50 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ,

na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,

Dawid ne n’asefoɔ daa.

Categories
Nnwom

Nnwom 19

Wɔhu Onyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ mu

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Ɔsoro ka Nyankopɔn animuonyam,

na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.

2 Da koro biara woro kyerɛ,

na anadwo biara da nimdeɛ adi.

3 Ɛnyɛ ɔkasa na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ.

4 Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so,

na ne nsɛm duru wiase ano;

wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.

5 Na ɛfiri adi sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,

ɛde ahosɛpɛ tu mmirika sɛ ɔbrane.

6 N’adifire wɔ ɔsoro ano,

na ne kyini kɔduru ano hɔ,

na biribiara nkora ne ho mfiri ne hyeɛ ano.

7 AWURADE mmara yɛ pɛ,

ɛdwodwo ɔkra.

AWURADE adanseɛ atim,

ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.

8 AWURADE ahyɛdeɛ tene,

ɛma akoma tɔ yam.

AWURADE mmarahyɛ ho te,

na ɛte ani.

9 AWURADE suro yɛ kronkron,

ɛgyina hɔ daa.

AWURADE atemmudeɛ yɛ nokorɛ,

ne nyinaa tene.

10 Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika

ne sika amapa pii,

na ɛyɛ fremfrem sene ɛwoɔ

ne ahwedeɛ mu nsuo.

11 Wɔnam so bɔ w’akoa kɔkɔ,

ɛsodie mu wɔ akatua pii.

12 Hwan na ɔhunu ɔno ara ne mfomsoɔ mu?

Me bɔne a ahunta me, fa kyɛ me.

13 Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne a wɔboapa yɛ ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na mɛdi bem,

na me ho afi amumuyɛ kɛseɛ ho.

14 Ma m’anomu nsɛm nyɛ wo fɛ,

na m’akomam nkɔmmɔ nsɔ w’ani,

O AWURADE, me botan ne me gyefoɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 20

Nkonimdie ho adesrɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 AWURADE ntie wo hiada,

Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,

2 ɔmfiri kronkron mu hɔ mmɛboa wo,

na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den.

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa,

na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

4 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ,

na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.

5 Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho,

na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa:

AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.

6 Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no,

ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ,

ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.

7 Ebinom kamfo nteaseɛnam,

na ebinom kamfo apɔnkɔ,

na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.

8 Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase,

na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.

9 AWURADE, gye ɔhene nkwa.

Ɔbɛtie yɛn, da a yɛfrɛ no yi ara mu.