Categories
Nnwom

Nnwom 121

Israel hwɛfoɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2 Me mmoa firi AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3 Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.

4 Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no,

ɔrento nko, na ɔrenna.

5 AWURADE ne wo hwɛfoɔ,

AWURADE ne wo nwunu,

wo nsa nifa so.

6 Owia renhye wo awia,

anaa ɔsrane, anadwo.

7 AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo kra so.

8 AWURADE bɛhwɛ

w’adifire ne wo fieba so

afiri seesei de akɔsi daa.

Categories
Nnwom

Nnwom 122

Ɔkwantuni anigyeɛ ne apɛdeɛ

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ:

Ma yɛnkɔ AWURADE fie.

2 Yɛn nan bɛgyina

w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem.

3 Yerusalem a wɔakyekyere no

sɛ kuro a ɛtoatoam yie.

4 Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ,

mekyerɛ AWURADE mmusuakuo,

sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ,

sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no.

5 Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo,

Dawid fie nkonnwa no.

6 Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ,

ɛnsi w’adɔfo yie.

7 Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu,

na yiedie ntena w’aban mu.

8 Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti

mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti

mɛhwehwɛ papa mama wo.

Categories
Nnwom

Nnwom 123

Nyankopɔn mu gyidie

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ,

wo a wote soro no,

2 Hwɛ, sɛdeɛ nkoa

ani hwɛ wɔn wura nsa ano,

sɛ afenaa

ani hwɛ n’awuraa nsa ano no,

sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no,

kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.

3 Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ,

na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.

4 Taamudifoɔ fɛdie

ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ

afono yɛn kra dodo.

Categories
Nnwom

Nnwom 124

Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ ahohia mu

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a,

ma Israel nka ɛ:

2 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa,

berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no a,

3 anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no,

wɔamemmene yɛn animono,

4 anka nsuo amene yɛn,

anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,

5 anka nsuo a ɛyɛ ahantan

abɔ afa yɛn kra so.

6 Nhyira ne AWURADE

a wamfa yɛn anyɛ

hanam amma wɔn se.

7 Yɛn kra adwane sɛ anomaa

afiri afirisumfoɔ fidie mu,

fidie no abubu,

na yɛn deɛ, yɛadwane.

8 Yɛn mmoa wɔ AWURADE

a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 125

Israel dwanekɔbea

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no

te sɛ Sion bepɔ,

ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.

2 Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no,

saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia

firi seesei de kɔsi daa.

3 Na bɔne ahempoma rentena

ateneneefoɔ kyɛfa so,

na ateneneefoɔ antene

wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.

4 AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie,

ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu.

5 Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ,

AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Categories
Nnwom

Nnwom 126

Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.

2 Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma.

Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ:

AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.

3 AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn,

yɛn ani agye.

4 AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra

sɛ anafoɔ fam asase so asutene.

5 Wɔn a wɔde nisuo guo

de ahurisie bɛtwa.

6 Sɛ mpo wɔde nisuo nenam

kura aba a wɔguo no a,

wɔde ahurisie bɛkura

n’ayemfi aba.

Categories
Nnwom

Nnwom 127

AWURADE nhyira ne ade kɛse

Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a,

wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa.

Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a,

ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye

moahome papa biara, mpo anadwo brɛ.

Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi.

Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ

mpo berɛ a wɔadeda.

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma,

na yafunu mu aba yɛ akatua.

4 Sɛ ɔbrane nsam bɛmma teɛ no,

sɛ mmeranteberɛm mma teɛ ne no.

5 Nhyira ne ɔbarima a

wɔahyɛ n’agyan kotokuo ma,

wɔne wɔn atamfoɔ kasa kuro pono mu a,

wɔn ani renwu.

Categories
Nnwom

Nnwom 128

Efie ahotɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Nhyira ne obiara a ɔsuro AWURADE,

na ɔfa n’akwan soɔ.

2 Na wobɛdi wo nsa ano adwuma,

nhyira ne wo, na ɛbɛsi wo yie.

3 Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛso, wo fie mpia mu,

wo mma yɛ sɛ ngodua

a wɔatetɛ atwa wo pono ho ahyia.

4 Hwɛ, sɛdeɛ wɔhyira onipa a ɔsuro AWURADE nie.

5 AWURADE mfiri Sion nhyira wo,

na hunu Yerusalem yiedie

wo nkwa nna nyinaa,

6 aane, na hunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Categories
Nnwom

Nnwom 129

Amanehunu a aba atwam

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,

ma Israel nka ɛ,

2 wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase,

nanso wɔantumi me.

3 Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi,

wɔama wɔn aka awoware.

4 Nanso AWURADE tene,

watwitwa abɔnefoɔ homa mu.

5 Ma wɔn ani nwu

na wɔnsane wɔn akyi,

wɔn a wɔtane Sion nyinaa.

6 Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira

a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ,

7 ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa

anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma,

8 na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ:

AWURADE nhyira mmra mo so no,

yɛhyira mo AWURADE din mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 130

Amanehunu kɛseɛ mu mpaebɔ

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.

2 AWURADE, tie me nne,

wɛn w’aso

tie me nkotosrɛ.

3 AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a,

hwan na anka ɔbɛgyina?

4 Na wo na fakyɛ wɔ wo fam,

na wɔasuro wo.

5 Mehwɛ AWURADE kwan,

me kra rehwɛ kwan,

na n’asɛm so na m’ani da.

6 Me kra twɛn AWURADE

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ,

sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ.

7 Israel, ma w’ani nna AWURADE so,

n’afam na adɔeɛ wɔ,

na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.

8 Ɔno na ɔbɛgye Israel

afiri n’amumuyɛ nyinaa mu.