Categories
Nnwom

Nnwom 101

Ɔhene bɔhyɛ

Dawid dwom.

1 Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom,

wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.

2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so.

Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante

me fie.

3 Meremma ahuhusɛm

biara nsi m’ani so,

mekyiri ahohwisɛmdie,

ɛremfam me ho.

4 Akoma kontonkyi mpare me,

bɔne rensɔ m’ani.

5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no,

ɔno na mɛtwa no;

ahantan ani ne akoma a ɛhoran

merempene no.

6 M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so,

sɛ wɔmmɛtena me ho;

deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no,

ɔno na ɔmmɛsom me.

7 Deɛ ɔtwa nkontompo

rentena me dan mu,

deɛ ɔkeka atorosɛm

rennyina m’anim.

8 Daa anɔpa mɛtwitwa asase so

abɔnefoɔ nyinaa,

na matu amumuyɛfoɔ nyinaa

mafiri AWURADE kuro mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 102

Abooboo ne anidasoɔ

Mmɔborɔni a ne home te no a ɔyi n’abooboo gu AWURADE anim no mpaebɔ.

1 Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ,

na ma me sufrɛ nnuru w’anim.

2 Nyi w’anim nhunta me,

da a me ho hia me no,

brɛ w’aso ase ma me,

da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3 Na me nna hi sɛ wisie,

na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan,

na m’ani apa m’aduanedie so.

5 M’apinisie nne nti

me nnompe afemfam me wedeɛm.

6 Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma,

mayɛ sɛ amamfo so patuo.

7 Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ

a ɔno nko si ɛdan atifi.

8 Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora,

wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Na madi nso sɛ aduane,

na mede esu mafra m’anonneɛ mu.

10 Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti,

na womaa me soɔ, na woato me atwene.

11 Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam,

na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa,

na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ,

na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni,

na ɛberɛ no adu.

14 Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma,

na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho.

15 Na amanaman bɛsuro AWURADE din,

na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,

16 sɛ AWURADE akyekyere Sion,

wayi ne ho adi n’animuonyam mu,

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ,

na wampo wɔn mpaebɔ.

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma,

na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

19 sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam,

AWURADE firi soro na ahwɛ asase,

20 sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie,

na wasane owuo mma,

21 na wɔabɔ AWURADE din Sion,

na wɔaka n’ayeyie Yerusalem,

22 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano

ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23 Wago me tumi mu ɔkwan mu,

watwa me nna so.

24 Meka sɛ: Me Nyankopɔn,

mmu me nna mu mfa me,

wo mfeɛ kyɛre

kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ,

na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa.

Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

27 Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da.

28 Wo nkoa mma bɛtena ase,

na wɔn asefoɔ atim w’anim.

Categories
Nnwom

Nnwom 103

Me kra, hyira AWURADE!

Dawid deɛ.

1 Me kra, hyira AWURADE,

na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.

2 Me kra, hyira AWURADE,

na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.

3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ,

na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

4 Ɔgye wo nkwa firi Amena mu,

ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.

5 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma

na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.

6 AWURADE di asɛntenenee,

na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.

7 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose,

ɔmaa Israel mma hunuu ne nneyɛɛ.

8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.

9 Ɔrenham nkɔsi daapem,

na ɔrennya yɛn menasepɔ nkɔsi daa.

10 Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni,

na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.

11 Na sɛ ɔsoro ware sene asase no,

sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.

12 Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.

13 Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho

no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.

14 Na ɔnim yɛn su,

ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.

15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,

ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren.

16 Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,

na ne sibea nni no bio.

17 Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa,

wɔn a wɔsuro no so,

na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,

18 ma wɔn a wɔdi n’apam soɔ,

na wɔkae n’ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ.

19 AWURADE de n’adwa asi soro,

na n’ahennie di ade nyinaa so.

20 AWURADE abɔfoɔ, monhyira no,

mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ

na motie ne kasa no.

21 AWURADE asafo nyinaa, monhyira no,

n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no.

22 AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no,

mmeammea a ɔdi tumi nyinaa.

Me kra, hyira AWURADE.

Categories
Nnwom

Nnwom 104

Nyankopɔn adebɔ mu ayeyie

1 Me kra, hyira AWURADE.

AWURADE, me Nyankopɔn, woso kɛse,

woahyɛ ɔhran ne animuonyam.

2 Ɔfira hann sɛ ntoma,

ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,

3 ɔde ne mpia sam nsuo so,

ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam,

ɔde mframa ntaban nenam.

4 Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ,

ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.

5 Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so,

na anhinhim da biara da.

6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ,

nsuo gyinaa mmepɔ so,

7 w’animka nti ɛdwanedwanee,

w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ,

8 mmepɔ memaa wɔn ho so, ɛsene kɔɔ abɔn mu,

deɛ woasiesie ama no hɔ.

9 Woatwa ɔhyeɛ sɛ ɛnntra,

na ansane ammɛkata asase so.

10 Ɔyi nsuo aniwa, abɔn mu,

ɛsene nenam mmepɔ ntam.

11 Ɛma wiram mmoa nyinaa nom bi,

atorɔmo de kum wɔn sukɔm.

12 Ɛso na ewiem nnomaa teteɛ,

nnua mman mu na wɔfiri ma wɔn nne soɔ.

13 Ɔfiri ne soro mpia mu gu mmepɔ so nsuo,

wo nnwuma so aba mee asase.

14 Ɔma wira fifiri ma afieboa,

ne afuomduane a onipa yɛ ho adwuma,

sɛ ɔbɛma aduane afiri asase mu.

15 Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam,

na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ,

na aduane awowa ɔdasani akoma.

16 Wɔma AWURADE nnua nso mee,

Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.

17 Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo,

asukɔnkɔn wɔ ne fie, pepeaa nnua so.

18 Mmepɔ atentene yɛ dwanekɔbea ma akyekyeregya,

na abotan yɛ ma mmoakua.

19 Ɔyɛɛ ɔsrane sɛ ɛnkyerɛ berɛ mu nsakyeraeɛ,

owia nim ne tɔberɛ.

20 Woma sum duru, na adeɛ sa,

ɛno mu na kwaeɛ mu mmoa nyinaa keka wɔn ho.

21 Gyataburuwa bobom di mmoa akyi,

na wɔkɔpɛ wɔn aduane, Nyankopɔn nsam.

22 Owia pue a, wɔtwe wɔn ho,

na wɔbutubutu wɔn atu mu.

23 Onipa firi kɔ n’adwuma

ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ.

24 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa,

nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa,

w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.

25 Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛ kakraa,

ɛhɔ na mmoa manyamanya a ɛnni ano nenam,

mmoa nketewa ne akɛseɛ.

26 Ɛhɔ na ahyɛn nenam,

dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no sɛ ɔngoro mu no ni.

27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan

sɛ ma wɔn wɔn aduane, ne berɛ mu.

28 Woma wɔn, na wɔtase,

wobue wo nsam, na adepa mee wɔn.

29 Wohunta w’ani, na wɔpatu wu,

woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu,

na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.

30 Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn,

na woma asase ani yɛ foforɔ.

31 Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa,

ma AWURADE ani nnye ne nnwuma mu.

32 Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,

ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.

33 Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE,

mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn.

34 Ɔmma m’adwene yi nyɛ no fɛ,

na me nso m’ani bɛgye AWURADE ho.

35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nsa asase so,

na mma abɔnefoɔ nntena hɔ bio.

Me kra, hyira AWURADE.

Monyi AWURADE ayɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 105

Onyankopɔn ne ne Man

1 Monna AWURADE ase,

mommɔ ne din,

momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.

2 Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no,

monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka.

3 Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho,

wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam.

4 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan,

monhwehwɛ n’anim daa.

5 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ,

n’ahodwirideɛ ne n’anom atemmusɛm no,

6 mo, n’akoa Abraham asefoɔ,

Yakob a ɔyii no no mma.

7 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,

n’atemmuo wɔ asase nyinaa so.

8 Ɔkae n’apam no de kɔsi daa,

asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoatoasoɔ apem no,

9 apam a ɔne Abraham pameeɛ no

ne ne ntam a ɔkaa Isak no,

10 na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ,

na ɔde maa Israel sɛ daa apam no,

11 sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo

sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ.

12 Ɛberɛ a nnipa no ano nnɔɔso,

wɔyɛ kakraa bi ne ahɔhoɔ wɔ hɔ

13 na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu,

wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,

14 wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so,

na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ:

15 Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no,

na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne bi.

16 Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so,

ɔbubuu aduane poma nyinaa mu;

17 Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim,

wɔtɔn Yosef maa no kɔyɛɛ akoa.

18 Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan,

de no too dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu

19 kɔsii berɛ a n’asɛm baa mu,

AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe.

20 ɔhene soma maa wɔkɔtuu no,

deɛ ɔdi aman soɔ no maa wɔkɔsanee no.

21 Ɔde no sii ne fie so panin,

ne deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,

22 sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene deɛ ɔpɛ,

na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.

23 Ɛnna Israel baa Misraim,

na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so sɛ hɔhoɔ.

24 Na ɔmaa ne man ase kyenee bebree,

na ɔmaa wɔyɛɛ den sene wɔn ahohiahiafoɔ.

25 Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man,

na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so.

26 Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron

a ɔyii no no.

27 Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu,

ne anwanwadeɛ, Ham asase so.

28 Ɔsomaa esum maa no duruu sum,

nanso wɔannwene ne nsɛm ho.

29 Ɔdanee wɔn nsuo mogya,

na ɔde kum wɔn mpataa.

30 Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛne manyamanya

maa wɔbaa wɔn ahemfo mpia mu.

31 Ɔkasae, na anwansena borebore bae,

ntontom baa wɔn asase nyinaa so.

32 Ɔde asukɔtweaa yɛɛ wɔn osutorɔ

maa ogyaframa baa wɔn asase so.

33 Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma,

na ɔbubuu wɔn asase so nnua.

34 Ɔkasae, na ntutummɛ bae

ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano,

35 na wɔbɛdii wɔn asase so ahahan nyinaa,

na wɔdii wɔn mfuo so aduane.

36 Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,

wɔn ahoɔden nyinaa mu mma a ɛdi kan.

37 Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe,

na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu.

38 Wɔn adifire yɛɛ Misraimfoɔ anigyeɛ,

na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so.

39 Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ,

ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.

40 Wɔbisae, na ɔde mmoko bae,

na ɔde ɔsoro aduane maa wɔmee.

41 Ɔbuee ɔbotan maa nsuo tuee,

ɛtenee anwea pradada so sɛ asubɔnten.

42 Na ɔkaee n’asɛm kronkron no,

ɔkaee n’akoa Abraham,

43 na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi,

ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe.

44 Na ɔde amanaman nsase maa wɔn,

na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ,

45 sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛdeɛ nyɛ,

na wɔnni ne mmara so.

Monyi AWURADE ayɛ!

Categories
Nnwom

Nnwom 106

Nyankopɔn adɔeɛ ne Israel bonniayɛ

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2 Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ,

na wama wɔate n’ayeyie nyinaa?

3 Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu,

ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa.

4 AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me,

wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me,

5 na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa,

na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi,

na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho.

6 Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne,

yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.

7 Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim,

wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no,

na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho.

8 Nanso ne din nti ɔgyee wɔn,

sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.

9 Ɔteateaa Mmɛwa Po no maa no wee,

na ɔde wɔn faa abunu mu sɛ anwea pradada so.

10 Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam,

na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,

11 na nsuo kataa wɔn ahohiahiafoɔ so,

wɔn mu baako mpo anka.

12 Ɛnna wɔgyee ne nsɛm diiɛ,

wɔtoo n’ayeyie dwom.

13 Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm,

wɔantwɛn n’agyinatuo.

14 Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so,

na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so.

15 Ɛnna ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,

nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu.

16 Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu,

ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no.

17 Asase mu bue menee Datan,

na ɛkataa Abiram asafo so.

18 Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo,

ogyaframa taferee abɔnefoɔ no.

19 Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb,

na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ.

20 Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam

yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso.

21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na

ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim,

22 ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so,

ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no.

23 Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn,

nanso Mose a ɔyii no no

kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano,

sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.

24 Na wɔtoo asase a ɛyɛ no ho mpe,

wɔannye n’asɛm anni.

25 Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu,

na wɔantie AWURADE asɛm.

26 Ɛnna ɔmaa ne nsa so tiaa wɔn

sɛ ɔbɛma wɔatotɔ ɛserɛ so,

27 na wabɔ wɔn asefoɔ agu amanaman mu,

na wapansam wɔn, nsase so.

28 Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho,

na wɔdii adefunu afɔrebɔdeɛ,

29 na wɔde wɔn nneyɛɛ huruu no,

na owuyadeɛ baa wɔn mu.

30 Na Pinehas sɔre gyina patae,

na ɔsɔɔ owuyadeɛ no ano.

31 Na wɔbuu yei tenenee maa no

kɔɔ mma mma so kɔsi daa.

32 Na wɔyii no abufuo, Meriba nsuo no so,

na wɔn nti ɛwiee Mose bɔne.

33 Na wɔhoo ne honhom werɛ,

na ɔde n’ano woroo nsɛm.

34 Wɔankunkum aman

a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no

35 na wɔfrafraa amanaman no mu,

na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ.

36 Na wɔsom wɔn ahoni,

na ɛdanee wɔn fidie.

37 Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa

bobɔɔ afɔdeɛ maa abosom,

38 na wɔkaa mogya a ɛnni fɔ gui,

wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa mogya,

wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni,

maa mogya guu asase no ho fi.

39 Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu,

na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ.

40 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man,

na ɔkyirii n’agyapadeɛ.

41 Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa,

na wɔn a wɔkyiri wɔn dii wɔn so.

42 Na wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so,

na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.

43 Ɔgyee wɔn mpɛn pii,

na wɔn deɛ, wɔtee atua, wɔn apam so,

na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumuyɛ mu.

44 Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn,

ɔtiee wɔn abooboo no.

45 Na ɔkaee n’apam maa wɔn,

na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.

46 Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa

hunuu wɔn mmɔbɔ.

47 Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano firi amanaman mu,

na yɛnna wo din kronkron no ase,

na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.

48 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn

firi tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri,

na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ:

Amen. Monyi AWURADE ayɛ!

Categories
Nnwom

Nnwom 107

Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no aseda dwom

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2 Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa,

wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam,

3 na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ,

afiri apueeɛ ne atɔeɛ,

afiri atifi fam ne anafoɔ fam.

4 Wɔkyinkyinii anwea pradada so,

nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so,

wɔanhunu kuro biara antena mu.

5 Ɛkɔm dee wɔn, sukɔm dee wɔn,

wɔn kra tɔɔ piti wɔ wɔn mu.

6 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu,

7 na ɔde wɔn faa ɔkwantenenee so

sɛ wɔnkɔ kuro a wɔbɛtumi atena mu so.

8 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,

ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,

9 sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ,

na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma.

10 Wɔn a wɔtenaa sum ne sum kabii mu,

na wɔkyeree wɔn guu amaneɛ ne dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,

11 ɛfiri sɛ wɔtee Nyankopɔn nsɛm ho atua,

na wɔbuu ɔsorosoroni no agyina animtia,

12 na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn akoma ase,

wɔhwehwee ase a ɔboafoɔ bi nni hɔ.

13 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.

14 Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu,

na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu.

15 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,

ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,

16 sɛ wabubu kɔbere mfrafraeɛ apono,

na watwitwa adaban mu asinasini.

17 Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan

ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane.

18 Wɔn kra kyiri aduane nyinaa

na wɔbɛn owuo aboboano.

19 Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.

20 Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yadeɛ,

na ɔyii wɔn firii wɔn amena mu.

21 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho,

ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,

22 na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ,

na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ.

23 Wɔn a wɔsiane kɔ ɛpo so ahyɛn mu

na wɔkɔdi nsuo akɛseɛ mu dwuma no,

24 wɔn na wɔhunuu AWURADE nneyɛɛ,

ne n’anwanwadeɛ ebunu mu,

25 na ɔka maa ahum kɛseɛ tui,

na ɛmaa n’asorɔkyeɛ so.

26 Wɔforo kɔɔ soro, na wɔsiane kɔɔ bunu donkodonko mu,

ahohia nti wɔn kra hodwoe.

27 Wɔkyim kɔ bae tɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ,

na wɔn nyansa nyinaa sae wɔn tirim.

28 Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu,

na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.

29 Ɔmaa ahum no yɛɛ komm,

na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn.

30 Na wɔn ani gyee sɛ ano adwo komm,

na ɔde wɔn kɔɔ wɔn agyinaeɛ a wɔhwehwɛɛ hɔ no:

31 Wɔnkamfo AWURADE, n’adɔeɛ ho

ne n’anwanwadeɛ, nnipa mma mu,

32 na wɔmma no so ɔman ahyiaeɛ mu,

na wɔnyi no ayɛ mpanimfoɔ dwabɔ mu.

33 Ɔdanee asutene maa no yɛɛ anwea pradada

ne nsuo aniwa maa no yɛɛ nkyɛkyerɛ.

34 Asase a ɛma aduane danee asase kɛsɛɛ,

wɔn a wɔte soɔ no bɔneyɛ nti.

35 Ɔdanee anwea pradada maa no yɛɛ ɔtadeɛ,

ne nkyɛkyerɛ maa no yɛɛ nsuo aniwa,

36 na ɔmaa wɔn a ɛkɔm dee wɔn kɔtenaa hɔ,

na wɔkyekyeree kuro tenaa mu,

37 na wɔyɛɛ mfuo, na wɔtetɛɛ bobe nturo,

na wɔnyaa nnɔbaeɛ pii.

38 Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree,

na wamma wɔn afieboa so anhwan.

39 Ɛnna afei wɔn so hwaneeɛ, na wɔbrɛɛ wɔn ase,

ɛnam nhyɛsoɔ, ɔhaw ne awerɛhoɔhyɛ nti.

40 Ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so,

na ɔma wɔkyini asase fo a ɔkwan nni hɔ so.

41 Na ɔmaa ohiani so firii amanehunu mu,

na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nnwankuo.

42 Teneneefoɔ bɛhunu, na wɔn ani agye,

na amumuyɛ nyinaa bɛmua n’ano.

43 Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom,

na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho.

Categories
Nnwom

Nnwom 108

Adɔeɛ ho ayeyie ne mmoa ho adesrɛ

Dawid dwom.

1 M’akoma atim, Onyankopɔn,

m’akoma atim!

Mɛto dwom, na mayi ayɛ!

Me kra nyane!

2 Bɛnta ne sankuten, monyane,

mɛnyane anɔpahema.

3 AWURADE, mɛda wo ase, aman mu,

na mɛto ayeyie dwom mama wo, aman mu.

4 Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro,

na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn.

5 Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro,

na ma w’animuonyam so asase nyinaa so.

6 Deɛ ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti,

fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so.

7 Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu:

Medi ahurisie, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusu Sukot bonhwa.

8 Gilead wɔ me, Manase wɔ me,

na Efraim yɛ me tiri so dadeɛ kyɛ,

Yuda yɛ m’ahempoma.

9 Moab yɛ me dwaresɛn,

Edom so na mɛto me mpaboa maguo,

Filistifoɔ asase so na mɛbɔ ose.

10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro denden no mu,

hwan na ɔbɛgya me akɔ Edom?

11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi,

na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

12 Bɛboa yɛn firi ahohia mu,

na onipa mmoa yɛ ɔkwa.

13 Yɛde Onyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninneɛ,

na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn ahohiahiafoɔ soɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 109

Atamfoɔ bɔne no nnue!

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano.

2 Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me,

wɔde tɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm,

3 na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia,

na wɔne me di ako kwa.

4 Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu,

na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.

5 Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu,

na wɔkyiri me de hyɛ me dɔ ananmu.

6 Fa ɔbɔnefoɔ si ne so,

na ma Satan nnyina ne nifa.

7 Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ,

na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.

8 Ma ne nna nsua,

na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,

9 ne mma nyɛ nwisiaa,

na ne yere nnane okunafoɔ,

10 na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ,

na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.

11 Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa,

na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ.

12 Mma obiara adɔeɛ nnkyɛre mmma no,

na obiara nnnom ne nwisiaa.

13 Ma wɔnhye n’ase,

ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.

14 Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim,

na ne na bɔne nso, wɔmmpepa.

15 Ɛntena AWURADE anim daa,

na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so.

16 Ɛsiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,

na ɔtaa onipa mmɔborɔni ne ohiani

ne deɛ n’akoma abubuo, sɛ ɔbɛku wɔn.

17 Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so,

sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe.

18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ,

na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo,

ne ne nnompe mu sɛ ngo.

19 Ma no nyɛ no sɛ ntoma a ɔfira

ne abɔsoɔ a ɔde kyekyere ne ho daa.

20 Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam,

ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ.

21 Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE,

wo din nti di ma me,

na w’adɔeɛ no yɛ, yi me!

22 Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani,

na m’akoma apira wɔ me mu.

23 Mekɔ sɛ sunsum a ɛrekɔtɔ,

woawoso me atwene sɛ ntutummɛ.

24 Abuada nti me nkotodwe popo,

na me honam afɔn, emu sradeɛ asa.

25 Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn,

wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti.

26 Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn,

gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,

27 na wɔnhunu sɛ wo nsa ni,

sɛ wo, AWURADE, na woyɛeɛ.

28 Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira.

Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye.

29 Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo,

na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.

30 Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii,

mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu,

31 sɛ ɔgyina ohiani nifa,

na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.

Categories
Nnwom

Nnwom 110

Ɔsɔfoɔ a ɔdi hene

Dawid dwom.

1 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie:

Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo

bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

2 Wo tumidie poma no,

AWURADE firi Sion bɛtene.

“Di hene w’atamfo mfimfini!”

3 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no,

aduradeɛ kronkron mu,

wo mmeranteɛ asafo

ba ma wo sɛ obosuo

firi adekyeeɛ yam.

4 AWURADE aka ntam,

na ɔrennu ne ho:

Woyɛ daapem sɔfoɔ,

Melkisedek dibea so.

5 AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no

bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.

6 Ɔbɛdi amanaman mu asɛm,

ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.

Ɔbɛbobɔ tire

asase a ɛtrɛ so.

7 Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo,

enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.