Categories
Nnwom

Nnwom 91

Ɔsorosoroni no huntabea

1 Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ

deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no

2 bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ,

me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.

3 Ampa ara, ɔno na ɔbɛgye wo afiri ofirisumfoɔ fidie mu

ne owuyadeɛ sɛeɛ mu.

4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so,

na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔhyɛ,

ɔkyɛm ne nkataboɔ ne ne nokorɛ.

5 Worensuro anadwo bumbɔ,

bɛmma a ɛtu nam awia,

6 ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu,

nsane yadeɛ a ɛsɛe ade awia ketee.

7 Apem totɔ wo nkyɛn

na ɔpedu totɔ wo nifa a,

wo deɛ, ɛrenka wo.

8 W’ani nko na wode bɛhwɛ,

na woahunu abɔnefoɔ akatua.

9 Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea,

aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea.

10 Bɔne renka wo,

na ɔhaw remmɛn wo ntomadan.

11 Na wahyɛ n’abɔfoɔ ama wo,

sɛ wɔnhwɛ wo so, w’akwan nyinaa mu.

12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsam,

na wo nan ampem ɔboɔ.

13 Wobɛnante gyata ne ahuritia so,

wobɛtiatia gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.

14 Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no,

mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din.

15 Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so,

me ne no bɛtena ahohia mu,

mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.

16 Mɛma no adi nkwa tentene amee,

na mama no ahunu me nkwagyeɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 92

Nyankopɔn tenenee nnisoɔ ho ayeyie

Dwom a wɔto no homeda.

1 Ɛyɛ sɛ wɔda AWURADE ase

na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,

2 sɛ wɔka w’adɔeɛ anɔpa

ne wo nokorɛdie anadwo,

3 sankuhan du ne bɛnta so,

sankuo ho adwempa dwom mu.

4 Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho,

wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie.

5 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa,

w’adwene mu dɔ pii.

6 Ogyimifoɔ nnim,

na ɔkwasea nhunu yei mu.

7 Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan

na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a,

ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.

8 Nanso wo AWURADE deɛ, wokorɔn daa.

9 Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE,

w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe,

na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.

10 Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ,

wode ngo foforɔ gu me so.

11 Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so,

na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.

12 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ,

ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.

13 Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no

bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.

14 Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ,

wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara

15 de akyerɛ sɛ AWURADE tene,

ɔne me botan, na deɛ ɛntene biara nni ne mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 93

Daa hene

1 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho.

AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,

na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.

2 W’adwa tim hɔ firi tete,

wowɔ hɔ firi daa.

3 Asutene ama so, AWURADE,

asutene ama wɔn nne so,

asutene ma wɔn huuyɛ so.

4 Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi,

ɛpo mu asorɔkyeɛ nne,

ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.

5 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii;

kronkronyɛ na ɛfata wo fie,

AWURADE, nnasanten nyinaa.

Categories
Nnwom

Nnwom 94

Onyankopɔn yɛ ɔweretɔfoɔ

1 Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE,

aweretɔ Nyankopɔn, pue.

2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so,

tua ahokyerɛfoɔ ka.

3 AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ,

ɛnkɔsi da bɛn na abɔnefoɔ nni ahurisie?

4 Wɔka asɛmdenden,

amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.

5 Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa,

na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase.

6 Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ,

na wɔdi nwisiaa awu;

7 na wɔka sɛ: AWURADE renhunu,

na Yakob Nyankopɔn remmu.

8 Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ,

na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?

9 Deɛ ɔtɛ aso no, ɔrente asɛm,

anaa deɛ ɔnwonoo ani no, ɔrenhunu adeɛ?

10 Deɛ ɔtwe amanaman aso no, ɔrentenetene,

deɛ ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ?

11 AWURADE hunu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.

12 Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso,

na wofiri wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no,

13 sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodamu

akɔsi sɛ wobɛfunu amena ama ɔbɔnefoɔ.

14 Na AWURADE rento ne man ntwene,

na ɔrennya n’agyapadeɛ,

15 na atemmuo bɛsane akɔ tenenee mu,

na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛdi akyire.

16 Hwan na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfoɔ adi asie ama me?

Hwan na ɔbɛgyina ne amumuyɛfoɔ adi asie ama me?

17 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafoɔ a,

anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu.

18 Sɛ mese me nan rewatiri a,

wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me.

19 Me mu dadwene dɔɔso a,

w’awerɛkyekyerɛ gye me kra ani.

20 Amammɔeɛ adwa a ɛnam mmara so bɔ mmusuo no

ne wo bɛfa yɔnkoɔ anaa?

21 Wɔbɔ ɔteneneeni kra so kyenku,

na wɔbu mogya a ɛdi bem fɔ.

22 Nanso AWURADE ayɛ me abankɛseɛ,

na me Nyankopɔn ayɛ me dwanekɔbea botan.

23 Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi,

na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ.

AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.

Categories
Nnwom

Nnwom 95

Momma yɛnsɔre AWURADE

1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE,

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.

2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,

na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.

3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ

ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ,

na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.

5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ,

na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.

6 Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre

AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.

7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,

na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ

ne ne nsam nnwan.

Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!

8 Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,

sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,

9 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,

na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.

10 Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi,

na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn.

Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.

11 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam,

sɛ wɔrennuru me home mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 96

Asase nyinaa so wura no ayeyie

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE.

2 Monto dwom mma AWURADE, monhyira ne din,

monka ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.

3 Monka n’animuonyam, amanaman mu,

n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.

4 Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ,

ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,

5 na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo,

na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.

6 Ɔhran ne animuonyam wɔ n’anim,

tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.

7 Aman mmusuakuo, momfa mma AWURADE,

momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.

8 Momfa AWURADE din animuonyam mma no,

monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so.

9 Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu,

asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

10 Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene,

na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim,

na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.

11 Ma ɔsoro ani nnye na asase ho nsane no,

ma ɛpo ne ne mayɛ nworo.

12 Ma petee mu ne deɛ ɛwom nyinaa nni ahurisie,

ɛno na kwaeɛ mu nnua nyinaa bɛto anigyeɛ nnwom,

13 wɔ AWURADE anim, na ɔreba,

na ɔreba abɛbu asase atɛn.

Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu,

ne aman wɔ ne nokorɛ mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 97

Nyankopɔn ahennie wɔ awieeɛ berɛ no mu

1 AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na

nsupɔ bebree no nso ani nnye.

2 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia,

tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.

3 Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia.

4 N’anyinam hran wiase,

asase hunu, na ɛpopo.

5 Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim,

asase nyinaa AWURADE anim.

6 Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,

na aman nyinaa hunu n’animuonyam.

7 Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo

hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu,

mo anyame nyinaa, monkoto no.

8 Sion te, na n’ani gye,

Yuda mmammaa ho sane wɔn,

AWURADE, w’atemmuo nti.

9 Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so,

wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so.

10 Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne.

Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so,

ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.

11 Wɔde hann agu ama ɔteneneeni,

ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.

12 Ateneneefoɔ, mo ani nnye AWURADE ho,

na monyi ne din kronkron ayɛ.

Categories
Nnwom

Nnwom 98

AWURADE reba

Dwom.

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE,

na wayɛ anwanwadeɛ,

ne nifa ne ne basa kronkron

adi nim ama no.

2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ,

wayi ne tenenee adi, amanaman anim.

3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ

ama Israel fie,

asase ano nyinaa ahunu

yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

4 Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE,

monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom.

5 Monto dwom mma AWURADE sankuo so,

sankuo ne dwontoɔ nne so.

6 Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose,

Ɔhene AWURADE anim.

7 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo,

wiase ne wɔn a wɔte mu.

8 Ma asuo akɛseɛ mmobɔ nsam,

mmepɔ mmom nni ahurisie,

9 AWURADE anim,

na ɔreba abɛbu asase atɛn.

Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu,

ne aman wɔ atɛntenenee mu.

Categories
Nnwom

Nnwom 99

Onyankopɔn kronkron ho ayeyie

1 AWURADE di hene, aman ho popo;

ɔte Kerubim so, asase him.

2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion,

na wɔama no so aman nyinaa so.

3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ,

ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo,

wo na wobu atɛntenenee,

Yakob mu atemmuo ne tenenee,

wo na wobuo.

5 Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so,

na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim.

Ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu,

na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu,

wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.

7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu,

wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ

a ɔde maa wɔn no so.

8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ,

woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ,

ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ.

9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,

na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so,

na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Categories
Nnwom

Nnwom 100

Mommɔ ose mma AWURADE

Aseda dwom.

1 Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE.

2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE,

na momfa ahurisie dwom mmra n’anim.

3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn,

ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na

yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.

4 Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu,

na momfa ayeyie mmra n’abannwa so.

Monna no ase, monhyira ne din.

5 Na AWURADE yɛ,

n’adɔeɛ wɔ hɔ daa,

na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.