Categories
Nnwom

Nnwom 1

Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ

1 Nhyira ne onipa a

ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu,

na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ,

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3 Ɔte sɛ dua

a atim asubɔnten ho

a ɛso n’aba ne berɛ mu,

na n’ahahan mpo,

na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.

4 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa,

na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.

5 Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu,

na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.

6 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan,

na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Categories
Nnwom

Nnwom 2

Deɛ AWURADE asra no no

1 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye,

na aman susu ade hunu yi?

2 Asase so ahemfo sɔre gyina,

na atumfoɔ bom tu agyina

tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,

3 Momma yɛmmubu wɔn mpokyerɛ,

na yɛnto wɔn nhoma mfiri yɛn ho ngu.

4 Deɛ ɔte soro no sere,

AWURADE di wɔn ho fɛw.

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,

na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

6 Me AWURADE na masi me hene,

me bepɔ kronkron Sion so.

7 Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no.

AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo,

ɛnnɛ na mawo woɔ.

8 Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ,

na mama woafa asase ano nohoa adi so

9 Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn,

na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.

10 Na afei, ahemfo, monhunu nyansa.

Asase so atemmufoɔ, montie afotuo.

11 Monsom AWURADE osuro mu,

na monni ahurisie ahopopoɔ mu.

12 Momfa nidie mapa mma no,

na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu;

na aka kakra na n’abufuo adɛ.

Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.

Categories
Nnwom

Nnwom 3

Ahohia berɛ mu anɔpa dwom

Dawid dwom a ɔtoeɛ berɛ a ɔdwane firii ne ba Absalom anim.

1 AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa!

Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii.

2 Nnipa bebree se me sɛ:

Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.

Sela

3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm,

m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.

4 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE,

na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.

5 Mekɔdae na medae;

manyane, na AWURADE kura me mu.

6 Mensuro nkurɔfoɔ mpempem

a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.

7 O AWURADE, sɔre ɛ!

Me Nyankopɔn, gye me!

Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye,

woabubu abɔnefoɔ se.

8 Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no;

wo man so na ma wo nhyira mmra.

Categories
Nnwom

Nnwom 4

Nyankopɔn asomdwoeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom.

1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn.

Ahohia mu, woboaa me.

Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn?

Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?

3 Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ;

mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.

4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne!

Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.

5 Mommɔ tenenee afɔdeɛ,

na momfa mo ho ntwere AWURADE.

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa?

AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.

7 Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene

berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.

8 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko,

na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.

Categories
Nnwom

Nnwom 5

Anɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom.

1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm,

na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.

2 Tie me nteamu,

me hene ne me Nyankopɔn,

na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.

3 AWURADE, tie me nne anɔpa,

anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne,

ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.

5 Agyimifoɔ rennyina w’anim,

wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm.

AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7 Na me deɛ, menam w’adom bebree so

mɛba wo fie,

na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre

makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.

8 AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan,

wɔn a wɔtɛ me nti,

tene wo kwan wɔ m’anim.

9 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi,

wɔn yam wɔ mmusuo,

wɔn menewa yɛ ɛda a abue,

na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.

10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ,

ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho.

Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu,

na wɔasɔre atia wo.

11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye,

na wɔmfa ahosan nhuro daa,

ɛfiri sɛ woakata wɔn so,

na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

12 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni,

wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.

Categories
Nnwom

Nnwom 6

Nkotosrɛ mpaebɔ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto no “Seminit” ɛnne so. Dawid dwom.

1 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim,

na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso.

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo;

AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,

3 na me kra nso abɔ huboaa sɛ.

Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn?

4 Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra,

gye me nkwa w’adɔeɛ nti.

5 Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu.

Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ?

6 M’apinisie ama mabrɛ,

anadwo biara, me mpa fɔ,

mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.

7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ siamoo,

ɛso ayɛ wisiwisi, m’ahohiahiafoɔ nyinaa nti.

8 Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi!

Na AWURADE ate me su.

9 AWURADE ate me nkotosrɛ,

AWURADE bɛgye me mpaebɔ so.

10 M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ,

na wɔapatu de fɛreɛ asane.

Categories
Nnwom

Nnwom 7

Onyankopɔn bu atɛntenenee

Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE.

1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo.

Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!

2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu

a ɔgyefoɔ nni hɔ.

3 AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei,

na amumuyɛdeɛ bi wɔ me nsam,

4 sɛ mayɛ deɛ ɔne me te asomdwoeɛ mu bɔne

na madi deɛ ɔha me no amim bi kwa a,

5 ma ɔtamfoɔ ntaa me kra,

na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so fam,

na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.

6 AWURADE, sɔre w’abufuo mu,

ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden,

na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.

7 Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia,

na sane firi wɔn so kɔ soro.

8 AWURADE bɛbu aman atɛn;

AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee

ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.

9 Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ!

Na ma ɔteneneeni ntim.

Na wone tenenee Nyankopɔn

a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.

10 Me kyɛm wɔ Nyankopɔn nsam,

ɔno na ɔgye akoma mu teneneeni nkwa.

11 Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ tenenee,

ne Onyankopɔn a ɔteatea daa nyinaa.

12 Sɛ obi annane n’akwan, Onyankopɔn bɛse n’afena,

wakuntunu ne tadua mu, na wasiesie.

13 Na wasiesie owuo adeɛ ama onii korɔ no,

wayɛ n’agyan ma no hye adeɛ.

14 Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ,

na ɔnyem ɛhaw,

na ɔwo atorɔ.

15 Watu amena, na wafunu mu,

na ɔtɔ tokuro a ɔno ara tuo no mu.

16 Ne mmusuo resane abua n’atifi,

na n’amim aduru n’apampam.

17 Mɛda AWURADE ase sɛdeɛ ne tenenee teɛ,

na mato ayeyie dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.

Categories
Nnwom

Nnwom 8

Onyankopɔn kɛseyɛ ne onipa diberɛ a ɛkorɔn

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Gittit” sankuo nne so. Dawid dwom.

1 Ao, AWURADE, yɛn Awurade,

enimbɛn na wo din nni

asase nyinaa soɔ!

Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.

2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu.

Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti,

na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.

3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma,

ɔsrane ne nsoromma a woasiesie a,

4 ɔdasani ne hwan a wokae no,

na onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho!

5 Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame,

na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so,

wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7 Aane, nnwan ne anantwie nyinaa

ne wiram mmoa nso,

8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa,

mmoa a ɛnam ɛpo mu akwan soɔ.

9 Ao, AWURADE, yɛn Awurade,

enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ!

Categories
Nnwom

Nnwom 9

Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom.

1 Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase;

AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

2 Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu,

mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

3 Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi,

wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee,

Woadi m’asɛm abu me bem.

5 Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ,

woapepa wɔn din korakorakora.

6 Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo,

na woama nkuro ase ahye,

na wɔn ho nkaeɛ ayera.

7 Na AWURADE deɛ, ɔte n’ahennwa so daa,

ɔde n’adwa asi hɔ rebu atɛn.

8 Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu,

na wadi aman asɛm tenenee mu.

9 AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no,

ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

10 Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so,

ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion,

monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,

12 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn,

na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

13 AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ,

wo a woma me so firi owuo aboboano,

14 na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ,

Sion babaa aponkɛseɛ mu,

na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.

15 Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu,

afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.

16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn,

ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.

17 Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando,

amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.

18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,

na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.

19 AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim,

ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.

20 AWURADE, yi wɔn hu,

na amanaman nhunu sɛ wɔyɛ adasamma.

Categories
Nnwom

Nnwom 10

Atɛn tenenee ho mpaebɔ

1 AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri,

na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?

2 Ɔbɔnefoɔ ahantan nti ɛmma mmɔborɔni ho hyehye no,

wɔde wɔn atirimpɔ a wɔabɔ no kye wɔn.

3 Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho,

na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.

4 Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho.

Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.

5 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.

W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri,

ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.

6 Ɔse no n’akomam sɛ: Merenhinhim da,

daa nyinaa merenhyia amaneɛ biara.

7 Nnome, nkontomposɛm ne amimdie ahyɛ n’anomu ma,

na ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkyerɛma ase.

8 Ɔtetɛ nsumaeɛ mu,

ɔdi deɛ ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam,

ɔwɔ awiɛmfoɔ ho ani.

9 Ɔtɛ kokoam sɛ gyata wɔ ne bɔn mu,

ɔtɛ sɛ ne nsa bɛka mmɔborɔni

ne nsa ka mmɔborɔni no twe no ba n’afidie mu.

10 Ɔkoto, ɔdɛɛdɛɛ,

na awiɛmfoɔ akɔka ne nsa.

11 Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi,

ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.

12 Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so.

Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.

13 Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi

ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?

14 Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

sɛ wode bɛsie wo nsam.

Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ,

awisiaa boafoɔ ne wo ara.

15 Bubu abɔnefoɔ basa,

na di obusuyɛfoɔ bɔne akyi kɔsi sɛ worenhunu bio.

16 AWURADE ne hene daa daa,

amanaman ayera afiri n’asase so.

17 AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ,

woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so

18 sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm,

na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.