Categories
Nehemia

Nehemia 11

Nkuro mufoɔ ne nkuraasefoɔ

1 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

2 Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

4 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.

5 Ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

7 Na Benyamin mma nie: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;

8 na n’akyiri no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu nwɔtwe.

9 Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfoɔ; na Senua ba Yuda di kuro no fa a ɛtɔ so mmienu no so.

10 Asɔfoɔ mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin;

11 Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin;

12 ne wɔn nuanom a wɔyɛ efie no mu adwuma no, ahanwɔtwe aduonu mmienu; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba, Malkia ba,

13 ne ne nuanom, agyanom so atitire, ahanu aduanan mmienu. Ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba,

14 ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho: Ɔha aduonu nwɔtwe; na wɔn so hwɛfoɔ ne Hagedolim ba Sabdiel.

15 Lewifoɔ mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba

16 ne Sabetai ne Yosabad, wɔdi Nyankopɔn fie anihumafoɔ so, wɔfiri Lewifoɔ atitire no mu;

17 ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitire a ɔfiri aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a ɔdi hɔ ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba.

18 Lewifoɔ a wɔwɔ kuro kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe nnan.

19 Na apono ano ahwɛfoɔ no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apono ano no: Ɔha aduɔson mmienu.

20 Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so.

21 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel. Na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.

22 Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no.

23 Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofoɔ no, da biara ne ne deɛ.

24 Na Mesesabel ba Petahia a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho asɛm nyinaa mu.

Nkuraa a ɛwɔ Yerusalem akyi

25 Na wɔn adɔsase so nkuraa no deɛ, Yudafoɔ no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,

26 ne Yesua ne Molada ne Bet-pelet,

27 ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,

28 ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,

29 ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut,

30 Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfofowa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenaa firi Beer-seba kɔsii Hinom bonhwa mu.

31 Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,

32 Anatot, Nob, Anania,

33 Hasor, Rama, Gitaim,

34 Hadid, Seboim, Nebalat,

35 Lod ne Ono, adwumfoɔ tenaa bonhwa mu.

36 Na Lewifoɔ no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda deɛ no bi fraa Benyamin mu.

Categories
Nehemia

Nehemia 12

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ din

1 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

2 Amaria, Maluk, Hatus,

3 Sekania, Rehum, Meremot,

4 Ido, Ginetoi, Abia,

5 Miamin, Maadia, Bilga,

6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7 Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so.

8 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

9 na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentensoɔ, ɔwɛn no mu.

10 Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,

11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.

12 Na Yoiakim berɛ so no, na asɔfoɔ no agyanom atitire nie: Seraia fam, Meraia; Yeremia deɛ: Hanania;

13 Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan;

14 Maluki deɛ: Yonatan; Sebania deɛ: Yosef;

15 Harim deɛ: Adna; Meraiot deɛ: Helkai;

16 Ido deɛ: Sakaria; Gineton deɛ: Mesulam;

17 Abia deɛ: Sikri; Miniamin deɛ, Moadia deɛ: Piltai;

18 Bilga deɛ: Samua; Semaia deɛ: Yehonatan;

19 Yoiarib deɛ: Matenai; Yedaia deɛ: Usi;

20 Salai deɛ: Kalai; Amok deɛ: Eber;

21 Hilkia deɛ: Hasabia: Yedaia deɛ: Natanel.

22 Lewifoɔ no: Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua berɛ so na wɔtwerɛɛ agyanom atitire no, asɔfoɔ no nso, wɔtwerɛɛ wɔn deɛ Persiani Dario ahennie so.

23 Lewi mma, agyanom atitire no, wɔatwerɛ no berɛsosɛm nwoma no mu de abɛsi Eliasib ba Yohanan berɛ so.

24 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

25 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon, Akub a wɔwɛn apono ano ahwɛfoɔ wɛn, apono anoboadan no mu.

26 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Ɔfasuo no dwira

27 Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

28 Na nnwontofoɔ mma no boaa wɔn ho ano hyiae firi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafoɔ nkuraase,

29 ne Bet-gilgal ne Geba mfofowa so ne Asmawet, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.

30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

32 na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe

33 ne Asaria, Esra ne Mesulam,

34 Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia,

35 ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,

36 ne ne nuanom, Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Natanel ne Yuda, Hanani, wɔkurakura Nyankopɔn nipa Dawid nsankuo no, na Ɔtwerɛfoɔ Esra di wɔn anim.

37 Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.

38 Na aseda asafokuo a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ wɔn ntentensoɔ, na me nso medii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasuo no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no so,

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

40 Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,

41 ne asɔfoɔ no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto;

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Asɔrefie akyɛdeɛ so ahwɛfoɔ

44 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

45 Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no.

46 Na tete no, Dawid berɛ so no, na Asaf ne nnwontofoɔ ne Nyankopɔn ayeyie ne aseda so otitire.

47 Na Serubabel ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa memaa nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no kyɛfa, da biara ne ne deɛ, na wɔde akronkronneɛ maa Lewifoɔ, na Lewifoɔ no nso de akronkronneɛ maa Aaron mma.

Categories
Nehemia

Nehemia 13

Wɔyi ananafoɔ firi Israel

1 Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,

2 ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia Israelfoɔ, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn danee nnome no nhyira.

3 Na ɛbaa sɛ wɔtee mmara no, wɔyiyii amamfrafoɔ nyinaa firii Israel.

Nehemia ntotoɔ adwuma

4 Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no

5 asiesie pia kɛseɛ bi ama no, deɛ akane no na wɔde aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo ne nnwinneɛ ne ayuo ntotosoɔ du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no, ɛne asɔfoɔ no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no sie no.

6 Na yei nyinaa mu no na menni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduasa mmienu soɔ no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyiri no, mebisaa ɔhene hɔ kwan,

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

8 Na me bo fuu kɛse, na meyiyii Tobia fie nnoɔma no nyinaa firii pia no mu gui,

9 na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.

10 Na mehunuu sɛ Lewifoɔ kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, enti wɔadwanedwane kɔ wɔn mfuo mu, Lewifoɔ ne nnwontofoɔ a wɔyɛ adwuma no.

11 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mese: Adɛn nti na wɔagya Nyankopɔn fie yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn sisii wɔn diberɛ.

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

14 Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.

Wɔfirii homeda ntotoeɛ ase

15 Nna no mu na mehunuu Yudafoɔ bi a wɔtiatia nsa-kyi-amena soɔ homeda, na wɔde ayuo afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfunumu; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnesoa ahodoɔ nyinaa ba Yerusalem home da, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuane no.

16 Na Tirofoɔ bi a wɔte kurom hɔ nso de mpataa ne adetɔnneɛ ahodoɔ nyinaa ba, na wɔbɛtɔn no home da ma Yuda mma ne Yerusalemfoɔ.

17 Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hameeɛ, na mesee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredie de kum homeda ho yi?

18 Ɛnyɛ saa na mo agyanom yɛeɛ, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kuro yi soɔ no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuo no ho, sɛ morekum home da ho yi.

19 Na ansa na homeda reduro no, esum refiri aseɛ aduru Yerusalem apono mu no, mehyɛɛ sɛ wɔntoto apono no mu, na mekaa sɛ wɔnnhini gye sɛ homeda no atwam ansa; na meyii m’asomfoɔ no mu binom gyinagyinaa apono no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

20 Na adwadifoɔ ne adetɔnfoɔ ahodoɔ no tɔnfoɔ no soɛsoɛɛ Yerusalem apono no akyi prɛko ne mprenu.

21 Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na moasoɛsoɛ, deda ɔfasuo no akyire? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkye mo. Ɛfiri saa berɛ no, wɔamma homeda bio.

22 Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.

23 Nna no mu nso mehunuu Yudafoɔ a wɔawareware Asdod mmaa ne Amon mmaa ne Moab mmaa.

24 Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa, na Yuda kasa deɛ, wɔntumi nka, na aman no mu bi deɛ na wɔka.

25 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Nyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammaa ma wɔn mmammarima, na mogye wɔn mmammaa mema mo mma awadeɛ anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

26 Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.

27 Na mo deɛ, yɛntie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmaa ananafoɔ?

28 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.

29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi.

30 Na medwiraa wɔn ho firii amanaman nnoɔma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no asɛdeɛ, sɛdeɛ obiara adwuma teɛ.

31 Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.