Categories
Nahum

Nahum 1

Aweretɔ ne adom Nyankopɔn

1 Elkosini Nahum adehunu nwoma a ɛfa Ninewe atemmuo ho.

2 Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ.

Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma.

AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were,

na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo.

3 AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so,

na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da.

AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ,

na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

4 Ɔteatea ɛpo ma no we,

na ɔma nsutene nyinaa mem;

Basan ne Karmel twintwam,

Lebanon nhwiren nso twintwam;

5 mmepɔ woso n’anim,

na nkokoɔ hono;

asase woso n’anim,

aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo.

6 Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim,

na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no?

N’anibereɛ hwie sɛ ogya,

na abotan bubu n’anim.

7 AWURADE yɛ,

ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu,

na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no.

8 Na n’atamfo deɛ

ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera,

na wati wɔn akɔduru esum mu.

9 Atamfoɔ, ɛdeɛn na modwene no AWURADE ho?

Ɔbɛwie mo korakora,

morensɔre ntia no mprenu.

10 Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa

sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ.

11 Ninewe, wo mu na

deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne,

deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire.

12 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a,

wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ.

Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a,

afei deɛ meremmrɛ wo ase bio;

13 na afei mɛbubu Ninewe kɔnnua afiri wo so,

na matete wo nkyehoma mu.

14 Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ,

wo din bɛyera afiri asase so.

Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi

afiri wo nyame fie;

mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ.

15 Hwɛ, mmepɔ so na

asɛmpakafoɔ nan wɔ,

wɔreka asomdwoeɛsɛm!

Yuda, di wo nnapɔnna,

ma w’aboadeɛ,

na ohuhuni no remfa wo mu bio,

wɔatwa no atwene koraa.

Categories
Nahum

Nahum 2

Ninewe ntua ne n’ahweaseɛ

1 Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so.

Sra nsraban a emu yɛ den,

wɛn ɔkwan,

bɔ abɔsoɔ,

hyɛ w’ahoɔden mu den yie.

2 (Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resane aba

sɛ Israel kɛseyɛ;

ɔno a afomfafoɔ afom no afa,

na wɔasɛe no bobe mman).

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere,

akofoɔ no firafira kɔbene,

nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya,

ɛda a ɔsiesie dɔm no,

na wɔwoso pea nnua;

4 nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so,

ɛminiminam mprama so;

ɛho te sɛ tɛnee,

ɛnenam sɛ anyinam.

5 Ɔfrɛfrɛ n’akofoɔ atitire,

wɔsuntisunti wɔn nanteɛ mu;

wɔde ahoɔherɛ kɔ ɔfasuo no so,

na wɔde osuhyɛ si hɔ,

6 nanso wɔabue nsubɔntene no ano aponkɛseɛ no,

na ahodwirie aba ahemfie.

7 Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na

ne mmaawa si apini

sɛdeɛ mmuruburo

pempem wɔn kokoɔ.

8 Na Ninewe te sɛ ɔtadeɛ

firi ne tete nna mu; na wɔn de ɛ, wɔdwane.

Monnyina, monnyina!

Na obiara nnane n’ani.

9 Momfom dwetɛ,

momfom sika!

Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ,

nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru.

10 Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo,

na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim,

w’asene mu nyinaa yɛ wo ya,

ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.

11 Ɛhe na gyata tenabea no wɔ

ne gyataburuwa adidibea a anka ɛwɔ hɔ no,

deɛ gyatanini ne gyatabereɛ

ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?

12 Gyata tetee mu maa ne mma

na ɔmia maa n’abereɛ, na ɔde nteteeɛ hyɛɛ n’atu mu amaama,

na ɔde deɛ ɔtetee mu no

hyehyɛɛ ne tenabea.

13 Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.

Categories
Nahum

Nahum 3

Ninewe asodie ne n’asotwe

1 Due, mogya kuro!

Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma

na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.

2 Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi,

apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri.

3 Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba,

afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman,

atɔfoɔ dɔɔso,

awufoɔ dodoɔ yɛ duru

na afunu nni ano;

wɔsuntisunti wɔn afunu no.

4 Yei nyinaa firi Ninewe,

odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no,

ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman,

na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.

5 Hwɛ, me ne wo anya,

asafo AWURADE asɛm nie,

na mɛyi w’atadeɛ mmuano afa w’anim,

na mama amanaman ahunu w’adagya,

na ahennie aman ahunu w’ahohora.

6 Na mɛto atantanneɛ agu wo so,

na magu w’anim ase,

na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.

7 Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ:

Ninewe adane kurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo?

Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?

Ahantan ne adenya ho nni mfasoɔ

8 Woyɛ sene No-Amon

a ɔte asutene ntam

a nsuo nko atwa ne ho ahyia

a n’aban ne ɛpo

na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?

9 Etiopia ne Misraimfoɔ yɛ ne dɔm

a ɛyɛ den na wɔnni ano; afei nso,

Put ne Libiafoɔ nso di boaa wo.

10 Yei nyinaa akyi no,

wɔfaa no kɔɔ nnommum mu,

ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ

mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn,

na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto,

na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.

11 Wo nso ahohiahia bɛboro

wo na woayera mu,

na wobɛhwehwɛ

dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.

12 W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua

a ɛso wɔ adɔmakan,

sɛ wɔwoso a,

ɛtotɔ odifoɔ anomu.

13 Hwɛ, w’akofoɔ

ayɛ mmaa wɔ wo mu,

bue na wɔabue w’asase apono

ama w’atamfo,

ogya ahye w’apono akyiri adaban.

14 Sesa nsuo sie ma ntua no,

miamia w’abandenden mu!

Tia dɔteɛ mu wɔ ɛboɔ,

miamia ntaayaa fononoo no mu.

15 Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ,

afena bɛtwa wo

adi wo sɛ ntutummɛ,

mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ,

na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a.

16 Woama w’adwadifoɔ adɔɔso

asene ɔsoro nsoromma;

nanso te sɛ ntutummɛ no wɔgu so fom fa na wɔtu kɔ.

17 W’asafohene te sɛ mmɛbɛ,

na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo

a wɔsensam ban ho ban ho

awɔ da;

owia firi a, wɔtu kɔ

a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ.

18 W’ahwɛfoɔ afa mu adeda,

O Asiriahene,

w’animuonyamfoɔ deda hɔ;

wɔabɔ wo man apete mmepɔ so,

na ɔnoboafoɔ nni hɔ.

19 Wo kuro nni asayɛ,

wo pira no mu yɛ den;

obiara a ɔte wo nka no

bɔ ne nsam gu wo so,

ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa

wo daa daa haw no nkɔeɛ?