Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 30

Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ

1 Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:

Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:

2 “Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,

menni onipa nteaseɛ.

3 Mensuaa nyansa,

na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?

Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?

Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?

Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?

Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?

Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

5 “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

6 Mfa biribi nka nʼasɛm ho,

anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

7 “Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;

mfa nkame me ansa na mawu:

8 Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;

mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;

nanso ma me deɛ medi daa.

9 Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo

na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’

Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,

na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.

10 “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;

sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom,

na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;

12 Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so

a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;

13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn,

na wɔbu animtiaa;

14 wɔn a wɔn se yɛ akofena

na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan

wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,

na woayi onibie afiri adasamma mu.

15 “Amemem wɔ mmammaa mmienu

a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’

“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.

Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

16 Damena,

obonini awotwaa,

asase a ɛyɛ wesee daa,

ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

17 “Ani a ɛyi agya ahi,

na ɛbu ɛna animtia no,

bɔnhwa ho anene bɛtutu,

na apete abɛdi.

18 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa,

ɛnan na mente aseɛ:

19 Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,

sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,

ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,

ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.

20 “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:

Ɔdidi, ɔpepa nʼano

na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’

21 “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso,

ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:

22 akoa a wabɛyɛ ɔhene,

ɔkwasea a wadidi amee,

23 ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ,

afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.

24 “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so,

nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:

25 Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;

26 Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,

nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,

27 ntutummɛ nni ɔhene,

nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;

28 wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ,

nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.

29 “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ,

ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:

30 gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;

31 akokɔnini a ɔretutu taataa,

ɔpapo,

ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.

32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,

anaa woadwene bɔne a,

ma wʼani nwu na mua wʼano!

33 Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba

na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,

saa ara na abufuo de akasakasa ba.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/30-c0ee5b5e763021c6de48dc9ac5f79240.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 31

Ɔhene Lemuel Nsɛm

1 Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:

2 Ao me babarima, me yafunu ba,

Ao mebɔhyɛ ba,

3 nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho,

wɔn a wɔgu ahemfo asu no.

4 Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo;

asanom nyɛ mma ahemfo,

ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;

5 sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka,

na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.

6 Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe,

na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

7 Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia

na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.

8 Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho,

kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.

9 Kasa na bu atɛntenenee;

kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.

Awieeɛ: Ɔyere A Ɔsom Bo

10 Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?

Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.

11 Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara

na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.

12 Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,

ne nkwa nna nyinaa mu.

13 Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.

14 Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn,

ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.

15 Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre;

ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

16 Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ;

ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.

17 Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;

nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

18 Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ,

na ne kanea ɛnnum anadwo.

19 Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

20 Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ

na ne nsa so onibie so.

21 Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho;

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.

22 Ɔyɛ ne mpasotam;

na ɔfira nwera ne serekye ntoma.

23 Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano,

baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.

24 Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn,

na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.

25 Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam;

na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

26 Ɔkasa nyansa mu,

na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27 Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so

na ɔnnyegye aniha so.

28 Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;

ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,

29 “Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin,

na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”

30 Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;

nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.

31 Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no,

na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/31-b2504ef01aecf38cc32456d97bf2658a.mp3?version_id=2094—