Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 20

1 Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ;

na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.

2 Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom;

na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.

3 Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.

4 Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu;

enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.

5 Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.

6 Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?

7 Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.

8 Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

9 Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu;

meyɛ kronn na menni bɔne”?

10 Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no

Awurade kyiri ne mmienu.

11 Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,

sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.

12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ,

Awurade na wayɛ ne mmienu.

13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;

ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

14 Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”

nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.

15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.

16 Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

17 Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,

nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.

18 Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;

sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19 Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.

20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,

wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.

21 Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no

renyɛ nhyira akyire no.

22 Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!”

Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.

23 Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,

na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.

24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,

ɔsum ne ho afidie.

26 Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;

na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.

27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban;

nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.

29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.

30 Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ

mmaaka te akoma mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/20-e7671edfe63900ab0e3abffb5e391e01.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 21

1 Ɔhene akoma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2 Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari akoma.

3 Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a

ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma,

ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!

5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba

sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no

yɛ huhuro ne owuo afidie.

7 Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.

8 Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye,

na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.

9 Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena

yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

10 Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne;

ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.

11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa,

sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.

12 Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie

na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.

13 Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a

ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 Kokoam adekyɛ dwodwo akoma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.

15 Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.

16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no

bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.

17 Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani;

deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.

18 Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ,

na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.

19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.

20 Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma,

nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.

21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no

ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.

22 Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so

na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.

23 Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

ɔtwe ne ho firi amanenya ho.

24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ”

ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.

25 Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no,

ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26 Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree,

nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.

27 Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ,

ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.

28 Adansekurumdini bɛyera,

na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.

29 Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm

na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.

30 Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a

ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.

31 Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/21-08f7244237413ffee4ef7c89774087c8.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 22

1 Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe;

sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

2 Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako,

Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.

3 Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho,

nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.

4 Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro

ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

5 Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so,

nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

6 Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,

na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.

7 Adefoɔ di ahiafoɔ so,

na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

8 Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw

na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.

9 Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira

ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.

10 Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ;

ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.

11 Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam

bɛnya ɔhene afa no adamfo.

12 Awurade ani wɛn nimdeɛ,

na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.

13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!”

anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”

14 Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku;

deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

15 Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,

nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.

16 Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya

anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

Anyansasɛm

17 Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;

fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

18 ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu,

na ne nyinaa ada wʼano.

19 Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,

merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

20 Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,

deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

21 a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,

sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

22 Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,

na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,

23 ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn

na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

24 Mfa obi a ne bo ha no adamfo,

na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

25 anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan

na woakɔtɔ afidie mu.

26 Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,

anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

27 na sɛ wonni deɛ wɔde tua a

wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

28 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ;

deɛ wo nananom de sisii hɔ no.

29 Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?

Ahemfo anim na ɔbɛsom,

na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/22-b84e53943dad760e018bf76d58381748.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 23

1 Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,

hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie,

2 Sɛ woyɛ adidibrada a,

hyɛ wo ho so.

3 Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,

ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa.

4 Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;

hunu nyansa na to wo bo ase.

5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,

ampa ara ɛbɛfu ntaban

na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.

6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane

nni nʼakɔnnɔ aduane akyi;

7 ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a

ɛberɛ biara ɔdwene sika ho.

Ɔka sɛ, “Didi na nom,”

nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.

8 Kakra a woadi no wobɛfe

na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ.

9 Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,

ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.

10 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu,

na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,

11 ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den,

na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn.

12 Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so

na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.

13 Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so;

sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu.

14 Fa abaa twe nʼaso

na gye ne kra firi owuo mu.

15 Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a,

ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;

16 sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a

me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye.

17 Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ,

mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara.

18 Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa.

19 Me ba, tie, na hunu nyansa,

ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so.

20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ

anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ,

21 ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ,

na anikum fira wɔn ntomago.

22 Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no,

na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.

23 Tɔ nokorɛ na ntɔn da;

nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu.

24 Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree;

deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.

25 Ma wʼagya ne wo maame ani nnye;

ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ.

26 Me ba, fa wʼakoma ma me

na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,

27 na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku

ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.

28 Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.

29 Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ?

Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii?

Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?

30 Wɔn a wɔkyɛre nsã ho,

na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ.

31 Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa,

ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu,

na ɛkɔ yɔɔ no.

32 Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ

na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa.

33 Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da,

na woadwene nneɛma basabasa ho.

34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,

ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.

35 Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira.

Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara.

Ɛberɛ bɛn na menyane

akɔpɛ nsã anom bio?”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/23-91740e7ed42b5f45b3ca9e3b1e79bfff.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 24

1 Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

2 Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

3 Wɔde nyansa na ɛsi efie,

na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

4 ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na

na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

5 Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,

na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

6 deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,

deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

7 Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;

wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

8 Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

9 Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,

nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

10 Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.

12 Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”

deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?

Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?

Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

13 Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;

ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.

14 Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;

sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

15 Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,

na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

16 Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,

na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

17 Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;

na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

18 ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ

na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

19 Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti

na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

20 ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,

na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

21 Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

22 ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,

na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

Anyansafoɔ Nsɛnka A Ɛkeka Ho

23 Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka:

Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:

24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

25 Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie,

na nhyira bɛba wɔn so.

26 Mmuaeɛ pa

te sɛ mfeano.

27 Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuo;

ɛno akyi, si wo fie.

28 Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

29 Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”

30 Menante faa onihafoɔ afuo ho

twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

31 nkasɛɛ afu wɔ baabiara,

wira afu akata asase no so,

na aboɔ afasuo no nso abubu.

32 Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so

na mesuaa biribi firii mu:

33 nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/24-f0018b0ab7b217d1f9dd6108da08dda4.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 25

Salomo Mmɛbusɛm Nkekaho

1 Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

2 Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;

sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

3 Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,

saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

4 Sɛ wɔyi dwetɛ ho a,

dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;

5 Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,

na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

6 Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,

na mpere diberɛ wɔ atitire mu;

7 Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,”

sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim.

Deɛ wode wʼani ahunu no

8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,

na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a

ɛdeɛn na wobɛyɛ?

9 Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a

nna obi foforɔ ahintasɛm adi,

10 anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase

na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

11 Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no

te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ

de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

12 Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ

te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

13 Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no

saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;

na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no

te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15 Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,

na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

16 Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,

ne bebrebe bɛma woafe.

17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,

wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18 Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no

te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

19 Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye

te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

20 Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no

te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu

anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

21 Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

22 Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,

na Awurade bɛma wo akatua.

23 Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,

saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

24 Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,

sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

25 Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no

te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

26 Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,

te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

27 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,

na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.

28 Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no

te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/25-68c4abd95ff3953031581bb16d3b5d93.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 26

1 Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no

saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.

2 Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3 Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu,

na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.

6 Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.

7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,

yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8 Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so,

te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9 Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no

te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.

11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12 Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so?

Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.

13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu,

gyata nenam mmɔntene no so!”

14 Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.

15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu,

na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.

16 Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so

sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.

17 Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no

te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.

18 Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo

anaa agyan kɔdiawuo no

19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”

20 Yensin hi a, ogya dum;

nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.

21 Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,

saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.

22 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

23 Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no

saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.

24 Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ,

nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.

25 Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni,

ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.

26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.

27 Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu;

sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.

28 Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi,

na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/26-7746b590fba5e1b502435909996cdd08.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 27

1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.

2 Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;

ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.

3 Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa,

nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.

4 Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?

5 Animka a ɛda edwa

yɛ sene ɔdɔ a asuma.

6 Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

7 Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.

8 Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

9 Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

11 Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

12 Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

13 Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

14 Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

15 Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ

osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;

16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa

anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.

17 Dadeɛ se dadeɛ,

saa ara na onipa se ɔfoforɔ.

18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

19 Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa akoma da onipa no adi.

20 Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

21 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.

22 Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,

sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,

worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.

23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea,

na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

24 ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa,

na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

25 Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri

na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,

26 ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,

na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.

27 Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree

ama wo ne wʼabusuafoɔ adi

ne aduane ama wo mmaawa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/27-5155c27b118f5ba54d4e2179f217e627.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 28

1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,

nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.

2 Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.

3 Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no

te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,

na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.

5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.

6 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm

yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.

7 Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,

nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.

8 Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no

ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.

9 Sɛ obi nni mmara so a,

ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.

10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afidie mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.

11 Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.

12 Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;

nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.

13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,

na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.

14 Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa,

nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.

15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no

te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.

16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,

na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.

17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,

ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;

mma obiara mmɔ ne ho ban.

18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,

nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,

nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.

20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,

na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.

21 Animhwɛ nyɛ,

nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.

22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ

na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.

23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire

asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno

na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no,

ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.

25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.

26 Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea,

na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.

27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,

nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28 Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;

na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/28-d42157d07efc3347a40258b3168d6120.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 29

1 Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no

wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.

2 Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie;

sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.

3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,

nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.

4 Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ,

nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.

5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no

sum ne nan afidie.

6 Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie,

nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.

7 Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ,

nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.

8 Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu,

nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.

9 Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a,

ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.

10 Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ,

na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.

11 Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

12 Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.

13 Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.

14 Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a,

nʼahennwa bɛtim hɔ daa.

15 Ntenesoɔ abaa ma nyansa,

na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.

16 Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so,

na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

17 Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;

ɔbɛma wo ɔkra ani agye.

18 Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa;

na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

19 Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so,

ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.

20 Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa?

Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.

21 Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a,

awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.

22 Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba,

na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.

23 Onipa ahomasoɔ brɛ no ase,

nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.

24 Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho.

Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.

25 Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo,

na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.

26 Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa,

nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.

27 Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ;

na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/29-55906e070a9325df9041782e1787576c.mp3?version_id=2094—