Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 10

Salomo Mmɛbusɛm

1 Salomo mmɛbusɛm:

Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.

2 Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ,

nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.

3 Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni

na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.

4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

5 Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ

na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.

6 Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira,

na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.

8 Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

9 Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo,

na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

10 Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

11 Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire,

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

12 Ɔtan hwanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.

13 Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom,

na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.

14 Anyansafoɔ kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

15 Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.

16 Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn,

na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.

17 Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan,

na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.

18 Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ,

na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.

19 Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,

na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.

20 Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa

nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.

21 Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane,

na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.

22 Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.

23 Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea,

nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.

24 Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so;

na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.

25 Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera,

nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.

26 Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.

27 Awurade suro ma nkwa tenten,

nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.

28 Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.

29 Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni,

nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

30 Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da,

nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.

31 Nyansa firi teneneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.

32 Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata

na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/10-db143ca42a140e238092c3d51dd36535.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 11

1 Awurade kyiri asisie nsania,

na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.

2 Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ

nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.

3 Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan;

nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.

4 Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no,

nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.

5 Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn,

nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.

6 Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.

7 Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;

deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.

8 Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,

na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.

9 Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,

nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.

10 Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie;

nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.

11 Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so,

nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.

12 Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,

nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

13 Osekuni da kɔkoamsɛm adi,

nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.

14 Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ,

nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.

15 Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane,

na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.

16 Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no,

nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.

17 Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho,

na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.

18 Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina,

nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.

19 Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa,

nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.

20 Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.

21 Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua,

na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.

22 Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no

te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.

23 Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.

24 Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree;

obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.

25 Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho;

na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

26 Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie,

na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.

27 Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ,

na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

28 Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase,

na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.

29 Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ,

na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.

30 Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua,

na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.

31 Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a

ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/11-f1b550facd0528be37c1218fd0dc4ae2.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 12

1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,

na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.

2 Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu onifirani fɔ.

3 Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.

4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,

nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.

5 Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,

na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.

6 Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,

na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.

7 Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,

nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.

8 Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ

na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.

9 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,

sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.

10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,

na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.

11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,

na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.

12 Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,

nanso ɔteneneeni ase dɔre.

13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,

nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.

14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma

sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,

na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu,

nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,

na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.

18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena

nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.

19 Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,

na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.

20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.

21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,

nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.

22 Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,

na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro

na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.

24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26 Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,

nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.

27 Onihafoɔ ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.

28 Tenenee kwan mu wɔ nkwa;

na owuo nni saa ɛkwan no so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/12-21acd4e78a9fe945d23ad9a2ddfea2b6.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 13

1 Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;

na ɔfɛdifoɔ ntie animka.

2 Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ,

na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.

3 Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,

nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.

4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,

na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

5 Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,

nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.

6 Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban,

na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.

7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,

ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

8 Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,

nanso ohiani nte ahunahuna biara.

9 Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,

nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.

10 Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,

na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.

11 Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,

na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

12 Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,

nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.

13 Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka,

nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.

14 Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

15 Nhunumu pa de adom ba,

nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.

16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu,

nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

17 Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu,

nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

18 Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.

19 Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye,

nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.

20 Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,

na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.

21 Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,

na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.

22 Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,

na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

23 Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,

nanso ntɛnkyea pra kɔ.

24 Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,

na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.

25 Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee

nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/13-bb4ecd60d1d0a3f4a72413dfc70b6c5f.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 14

1 Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,

nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.

2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,

na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,

nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.

4 Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,

na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.

5 Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,

ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.

6 Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,

nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.

7 Twe wo ho firi ɔkwasea ho,

ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.

8 Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

9 Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,

na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.

10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,

na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.

11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,

nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,

na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.

14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,

na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.

15 Atetekwaa gye biribiara di,

nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.

16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,

nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.

17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,

na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.

18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,

na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.

19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,

na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,

nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.

21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,

na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.

22 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?

Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.

23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,

na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,

na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.

25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,

nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.

26 Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,

na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.

27 Awurade suro yɛ nkwa asutire,

ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

28 Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,

nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,

na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,

na anibereɛ ma nnompe porɔ.

31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,

nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

32 Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,

nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.

33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu,

na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.

34 Tenenee pagya ɔman

na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.

35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,

na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/14-2bba7f1072eecf452fe174f4d1900e48.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 15

1 Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,

nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

2 Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,

nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

3 Awurade ani hunu baabiara,

na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.

4 Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,

nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.

5 Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

6 Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,

nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

7 Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;

nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.

8 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,

nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.

9 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,

nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.

10 Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,

deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.

11 Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim,

na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.

12 Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ;

ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.

13 Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere,

na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.

14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.

16 Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ

sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.

17 Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ

sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.

18 Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,

nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.

19 Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,

nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.

20 Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye

nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.

21 Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye,

nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.

22 Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe,

nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.

23 Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye,

asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.

24 Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ

ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.

25 Awurade sɛe ɔhantanni fie

na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.

26 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,

nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.

27 Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,

nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.

28 Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,

nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.

29 Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa

nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.

30 Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka,

na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

31 Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no

ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.

32 Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa,

na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.

33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,

ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/15-e90e92a1a2f264f5b064bfa338044f46.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 16

1 Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea,

na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.

2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn

nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

3 Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ,

mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

5 Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.

Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.

6 Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;

onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.

7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,

ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

8 Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ

sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.

9 Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,

nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.

10 Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,

enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.

11 Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;

nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.

12 Ahemfo kyiri bɔneyɛ,

ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.

13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ;

na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.

14 Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ,

nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.

15 Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,

nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.

16 Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ,

sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!

17 Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;

deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.

18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,

na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

19 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu

sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.

20 Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;

nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

21 Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,

na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

22 Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,

nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

23 Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,

na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.

25 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

26 Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den;

ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.

27 Ohuhuni bɔ pɔ bɔne,

ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,

na osekuni tete nnamfonom ntam.

29 Basabasayɛni daadaa ne yɔnko

na ɔde no fa ɛkwammɔne so.

30 Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;

na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.

31 Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;

tenenee mu asetena na ɛde ba.

32 Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ,

na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

33 Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ,

nanso ne gyinasie biara firi Awurade.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/16-ee96836d99f6f59f51a54ac763fe3712.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 17

1 Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ ho

yɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.

2 Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,

na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ

nanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

4 Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;

ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.

5 Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;

na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

6 Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,

na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.

7 Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,

saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.

8 Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;

ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.

9 Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,

na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.

10 Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu ani

sene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

11 Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara so

na wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12 Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mma

sene ɔkwasea a ɔregyimie.

13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,

bɔne rempa ne fie da.

14 Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka;

enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

15 Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no,

Awurade kyiri ne mmienu.

16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.

17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,

wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

18 Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu

nam so de si awowa ma ne yɔnko.

19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne;

deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

20 Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;

deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.

21 Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;

ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

22 Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,

nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

23 Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum ase

de kyea atɛntenenee.

24 Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so,

na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.

25 Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,

na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

26 Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,

anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.

27 Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.

28 Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,

na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/17-72adc7c10f757af575b48e8617809c6e.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 18

1 Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya;

na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.

2 Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ

na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.

3 Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,

na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.

4 Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ,

na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.

5 Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ

anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.

6 Ɔkwasea ano de akasakasa ba

na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.

7 Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ

na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.

8 Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

9 Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no

nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

10 Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;

ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.

11 Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban

wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,

na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

13 Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,

ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.

14 Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu

na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?

15 Nhunumu akoma nya nimdeɛ;

na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.

16 Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma

na ɛde no ba atitire anim.

17 Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,

kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.

18 Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,

na ɛpata atamfoɔ.

19 Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,

akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.

20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

22 Deɛ wanya yere no anya adepa

na ɔnya adom firi Awurade hɔ.

23 Ohiani srɛ ahummɔborɔ,

nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,

nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/18-a6fae2f1df935cee6a1c5c50bc51db22.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 19

1 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no

yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.

2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.

3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,

nanso nʼakoma huru tia Awurade.

4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;

nanso ohiani adamfo gya no hɔ.

5 Adansekurumni bɛnya nʼakatua,

na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.

6 Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn,

na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.

7 Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no,

na saa ara na ne nnamfonom po no!

Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,

nanso ɔnhunu wɔn baabiara.

8 Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra;

deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.

9 Adansekurumni bɛnya asotwe,

na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.

10 Akɛsesɛm mfata ɔkwasea,

anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!

11 Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ;

sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.

12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom,

na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.

13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ,

ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.

14 Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ,

na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.

15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,

na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.

16 Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban,

na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.

17 Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade,

na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.

18 Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.

19 Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka;

sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.

20 Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu,

na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.

21 Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu,

nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.

22 Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ;

ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.

23 Awurade suro kɔ nkwa mu;

na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.

24 Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu

na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!

25 Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;

ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.

26 Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no

yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.

27 Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a,

wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.

28 Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw;

na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.

29 Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ,

ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/19-12031991777160b195fe0bfd10dd43fe.mp3?version_id=2094—