Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm Nnianimu

Nnianimu

Mmɛbusɛm nwoma no yɛ Ɔhene Salomo nkyerɛkyerɛ a ɛkura abrabɔ su ne honhom mu nokwasɛm a wɔatwerɛ no wɔ kasabɛbuo ne mmɛ mu ama Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

Nsɛm no mu fa kɛseɛ no ara fa daa daa asetena mu adeyɛ nsɛm ho. Ebi ne ayɔnkofa a ɛwɔ abusua mu, edwadie, ahohyɛsoɔ, ntoboaseɛ, obuo, ahonya ne ohia, ɔbrakyew ne nyansa. Nwoma no kae yɛn sɛ, sɛ wopɛ sɛ wonya nhunumu a, di ɛkan fa obuo ne anidie ma Awurade.

Emu Nsɛm

Deɛ wɔde kamfo nyansa (

1.1–9.18

)

Salomo Mmɛbusɛm (

10.1–29.27

)

Nsɛm a Agur kaeɛ (

30.1-33

)

Kasammɛbuo ahodoɔ (

31.1-31

)

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 1

Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:

2 Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;

ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;

3 sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;

4 sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.

5 Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

6 ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,

anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.

7 Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ,

na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.

9 Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a,

mma wɔn ho ɛkwan.

11 Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi,

ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;

12 ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda,

yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;

13 yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ

na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;

14 enti, fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,

15 Me ba, wo ne wɔn nnante,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16 Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,

na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.

17 Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie

wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!

18 Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!

19 Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20 Nyansa team wɔ mmɔntene so,

ɔma ne nne so wɔ adwaberem,

21 ɔteaam wɔ afasuo no atifi,

ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,

22 “Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?

Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?

Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?

23 Sɛ motiee mʼaninka a,

anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

maa mo hunuu me nsusuiɛ.

24 Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,

25 sɛ mopoo mʼafotuo,

na moampɛ mʼanimka enti,

26 me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu;

sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,

27 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,

na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,

na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,

28 “Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo;

mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.

29 Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ

na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.

30 Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo,

na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,

31 wɔbɛdi wɔn akwan so aba

na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.

32 Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn,

na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33 Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/1-62654a646f799a1c5efb1aeb9cf63b8c.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 2

Nyansa Ho Mfasoɔ Wɔ Abrabɔ Mu

1 Me ba, sɛ wotie me nsɛm,

na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,

2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wʼakoma ma nteaseɛ,

3 na woma wo nne so frɛ nhunumu

na wosu frɛ nteaseɛ,

4 na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ

na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

7 Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

8 ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,

na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

9 Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ

ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

10 Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11 Adwene bɛbɔ wo ho ban

na nteaseɛ ahwɛ wo so.

12 Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,

ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,

13 na wɔmane firi akwan pa so

kɔnante esum akwan so,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,

15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.

16 Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,

afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,

17 deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.

18 Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu

na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.

19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20 Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi

na woanante ateneneefoɔ akwan so.

21 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;

22 na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,

na wɔatɔre atorofoɔ ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/2-4287d898e2a2525ba8a7fc5183726e95.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 3

Nyansa Ho Mfasoɔ Nkekaho

1 Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree

na ɛde yiedie abrɛ wo.

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn

fa yane wo kɔn mu

twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

4 Na wobɛnya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so

na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

6 hunu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛtene wʼakwan.

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam,

ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

11 Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,

12 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.

13 Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,

onipa a ɔnya nteaseɛ,

14 ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,

na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.

15 Ne boɔ yɛ dene sene bota;

na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.

16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17 Nʼakwan yɛ ahomeka,

na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

18 Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;

wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.

19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,

na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.

20 Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,

na omununkum nso tɔɔ bosuo.

21 Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,

na mma ɛmfiri wʼani so;

22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.

23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan rensunti;

24 sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bɛkum.

25 Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,

26 Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm

na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.

27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.

29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

ɛberɛ a ɔne wo te yie.

30 Mfa ɛso nto obi so kwa

ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.

31 Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,

na mfa nʼakwan no mu biara,

32 ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.

33 Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,

na ɔhyira ɔteneneeni fie.

34 Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,

nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/3-78ebdffc77efc5479706fe439d200dd9.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 4

Nyansa Boro Biribiara So

1 Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso na moanya nteaseɛ.

2 Mema mo adenim a ɛkɔ anim,

enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3 Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie,

meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,

4 ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ,

“Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm

di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

5 Nya nyansa, nya nteaseɛ;

mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.

6 Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;

dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.

8 Di no nni na ɛbɛpagya wo;

yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.

9 Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so

na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”

10 Me ba, tie na fa deɛ meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11 Mɛkyerɛ wo nyansakwan

na mede wo afa akwan a ɛtene so.

12 Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ

na sɛ wotu mmirika a, worensunti.

13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu

bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.

14 Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so

na nnante abɔnefoɔ kwan so.

15 Kwati no, ntu kwan mfa so;

dane firi so na kɔ wo baabi.

16 Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne;

na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17 Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane,

na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.

18 Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,

ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.

19 Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii;

wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.

20 Me ba, yɛ aso ma deɛ meka;

tie me nsɛm no yie.

21 Mma ɛmfiri wʼani so,

fa sie wʼakoma mu;

22 ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu

ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.

23 Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,

ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.

24 Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25 Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.

26 Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan

na fa akwan a atim so.

27 Mmane mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan firi bɔne ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/4-5f47c34e574403e0478c4d5492933617.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 5

Adwamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhunumu nsɛm no yie,

2 sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,

na wʼano akora nimdeɛ.

3 Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

4 nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

5 Ne nan kɔ owuo mu;

nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

6 Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

7 Enti, afei, me mma, montie me;

Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

8 Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

10 anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ

na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

11 Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie

ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

12 Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!

Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

13 Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ

na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

14 Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa

wɔ asafo no nyinaa mu.”

15 Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,

nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.

16 Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so

na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?

17 Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,

a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.

18 Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

19 Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne dɔ nkyekyere wo.

20 Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?

Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

21 Awurade hunu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

22 Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;

na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

23 Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti,

na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/5-2eb55bba2135833bf510a6e2d24cf828.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 6

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2 sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo

na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,

3 ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,

sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:

fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;

na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4 Mma wʼani nkum

na nntɔ nko.

5 Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam

anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.

6 Ɔkwadwofoɔ, kɔ atɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hunu nyansa!

7 Ɔnni ɔsahene,

ɔnni ɔhwɛfoɔ anaa sodifoɔ bi,

8 nanso, ɔde aduane sie wɔ ahuhuro ɛberɛ mu

ɔboaboa nnuane ano wɔ twaberɛ.

9 Wo, ɔkwadwofoɔ, wobɛda akɔsi da bɛn?

Wɔbɛnyane ɛberɛ bɛn?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na ahokyere ato ahyɛ wo so sɛ deɛ ɔkura tuo.

12 Onipa teta ne ohuhuni a

ɔde atorɔ kyini,

13 deɛ ɔbu nʼani,

na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,

14 deɛ ɔde nʼakoma mu nnaadaa bɔ ɛpɔ bɔne,

na ɔde mpaapaemu ba ɛberɛ biara.

15 Ɛno enti amanehunu bɛba ne so prɛko pɛ;

wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduro.

16 Nneɛma nsia na Awurade mpɛ,

nneɛma nson na ɛyɛ nʼakyiwadeɛ:

17 ani a ɛtra ntɔn,

atorɔ tɛkrɛma,

nsa a ɛka mogya a ɛdi bem guo,

18 akoma a ɛdwene amumuyɛ ho,

nan a ɛtutu mmirika kɔyɛ bɔne,

19 Ɔdansekurumni a ɔdi atorɔ

ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

Awaresɛeɛ Ho Kɔkɔbɔ

20 Me ba, tie wʼagya ahyɛdeɛ

na nnyaa wo maame nkyerɛkyerɛ mu.

21 Fa kyekyere wʼakoma ho daa;

na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

22 Wonante a, ɛbɛkyerɛ wo ɛkwan;

sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;

sɛ wonyane a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

23 Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;

saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,

na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yi

yɛ nkwa kwan,

24 ɛtwe wo firi ɔbaa a ɔnni suban pa no ho,

firi ɔbaawarefoɔ sansani tɛkrɛmadɛ ho.

25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ

mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

26 ɛfiri sɛ, odwamanfoɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wo,

na obi yere gyegye wo kɔ owuo mu.

27 Obi bɛtumi asɔ ogya agu ne srɛ so a

ɛnhye nʼatadeɛ anaa?

28 Obi bɛtumi anante gyasramma so a

mpumpunnya mmobɔ ne nan ho anaa?

29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛ

obiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.

30 Nnipa mmu ɔkorɔmfoɔ a wakɔwia adeɛ animtiaa

sɛ ɛkɔm de no na ɔde rekɔdwodwo ano enti.

31 Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson;

sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.

32 Ɔbarima a ɔsɛe awadeɛ no nni adwene;

obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

33 Ɔboro ne animguaseɛ na ɔbɛnya,

na nʼahohora rempepa da.

34 Ninkunutweɛ hwanyane okunu abufuo

na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔborɔ biara nni mu.

35 Ɔrennye mpata biara;

na ɔbɛpo adanmudeɛ, sɛ ɛso sɛ ɛdeɛn mpo a.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/6-ba1f932ed8f56294fbf91d04780f4cc6.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 7

Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, fa me nsɛm sie

na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2 Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;

bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;

twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4 Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”

na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5 Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,

afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6 Me fie mpomma ano

mede mʼani faa ntokua mu.

7 Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,

mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,

ɔbabunu a ɔnni adwene.

8 Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so

a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9 ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,

na animu rebiribiri no.

10 Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a

wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,

ɔntena efie koraa;

12 ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,

ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13 Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano

wamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14 “Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;

ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15 Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;

mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16 Mato me mpa

mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17 Mede nnuhwam apete me mpa so:

kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19 Me kunu nni efie;

watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma

na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21 Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;

ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22 Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ

te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,

anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23 kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,

te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu

na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24 Na afei, me mma, montie me;

monyɛ aso mma deɛ meka.

25 Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so

na mommane mfa nʼakwan so.

26 Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;

wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27 Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a

ɛkɔ owuo mpia mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/7-b3f1608ce8dda29df8b3e3792c1f34cf.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 8

Nyansa Frɛ

1 Tie: Nyansa refrɛ.

Nteaseɛ ma ne nne so.

2 Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,

3 apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,

ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,

4 “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;

meteam frɛ adasamma nyinaa.

5 Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;

mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.

6 Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.

7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,

ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

8 Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;

ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

9 Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.

11 Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,

na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.

12 “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;

nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.

13 Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;

mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

14 Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;

mewɔ nteaseɛ ne tumi.

15 Me so na ahemfo nam di adeɛ

na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;

16 Mmapɔmma de me bu ɔman

ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.

17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.

18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn,

ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.

19 Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa;

deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.

20 Tenenee akwan so na menam

atɛntenenee akwan so,

21 mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me

na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.

22 “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan

dii ne tete nneyɛɛ anim;

23 ɔyii me sii hɔ firi tete,

ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.

24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no

ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;

25 ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,

wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,

26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo

anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.

27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,

ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,

28 ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro

na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,

29 ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo

sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,

ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,

30 na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.

Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa

na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,

31 na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu

na mʼani ka wɔ adasamma mu.

32 “Enti me mma, montie me;

nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.

33 Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;

mommu mo ani nngu so.

34 Nhyira ne onipa a ɔtie me,

ɔwɛn mʼaboboano daa,

na ɔtwɛn wɔ hɔ.

35 Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa

na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.

36 Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho

na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/8-8c7b520cfe3749ffc6f9e7c80ab68143.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 9

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1 Nyansa asi ne fie;

watwa nʼafadum nson ho.

2 Wasiesie nʼaduane afra ne nsã

wato ne ɛpono.

3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,

4 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

5 “Mommra mmɛdi mʼaduane

na monnom nsã a mafra no.

6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;

monnante nteaseɛ akwan so.”

7 Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;

na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;

ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

9 Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10 Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

12 Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;

sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

13 Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;

ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

14 Ɔte ne fie ɛpono ano,

na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,

16 “Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”

ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

17 “Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem

na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”

18 Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ

sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/9-7587d678d4b7d8f08b2cdc04a55182c6.mp3?version_id=2094—