Categories
Mika

Mika 1

AWURADE bɛba abɛbu wiase atɛn

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso,

na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo,

AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa,

na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase,

na mmonhwa mu apaepae,

sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no,

te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

5 Yakob mmarato

ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba.

Ɛdeɛn ne Yakob mmarato?

Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa?

Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?

Samaria ne Yerusalem sɛeɛ

6 Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo

ne abobe atɛeɛ,

na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu,

na mayi ne nnyinasoɔ adi.

7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa,

na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa,

na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo,

ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano,

na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.

8 Yei nti mɛsu na matwa adwo,

mɛnante kwaterekwa ne adagya mu,

mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman,

na madi abooboo sɛ sohori.

9 Na n’apirakuro no aporɔ.

Na abɛduru Yuda,

abɛso me man pono ano,

aduru Yerusalem.

10 Monnka nnkyerɛ Gat,

esu nso monnkɔsu;

Bet-leafra na

monyantam mfuturo mu.

11 Safirfoɔ,

monsene nkɔ,

adagya aniwuo mu;

Saananfoɔ

mfiri adi;

Bet-esel agyaadwotwa

ma mo gyinabea bɔ mo;

12 na Marotfoɔ

de ahoyera twɛn mmerɛ pa,

ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn

aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

13 Lakisfoɔ,

momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ;

ɛyɛɛ Sion babaa

bɔne mfitiaseɛ,

sɛ wo mu na wɔhunuu

Israel mmaratodeɛ no.

14 Enti wobɛma Moreset-gat

nkradie akyɛdeɛ:

Aksib afie di

Israel ahemfo hwammɔ.

15 Maresafoɔ

mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo;

Adulam na Israel

animuonyamfoɔ bɛduro.

16 Bɔ tikwa na wewɛre wo ho,

w’anigyeɛ mma nti

ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ,

ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.

Categories
Mika

Mika 2

Amimfoɔ nnue!

1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm

ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ;

anɔpa hann mu wɔyɛ,

ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,

2 na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye,

ne afie, na wɔfefa,

na wɔsi ɔbarima ne ne fie

ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.

3 Enti sɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a

morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu,

na morenyi akyea ahantan so nso,

na ɛbɛyɛ berɛ bɔne.

4 Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ

na wɔabe kwadwom sɛ:

Ade ayɛ yɛn!

Me man kyɛfa no, wasakyera.

Wagye afiri me nsam;

Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.

5 Enti worennya deɛ ɔde susuhoma bɛto wo kyɛfa soɔ,

AWURADE asafo mu.

6 Monnka adiyisɛm! Sɛdeɛ wɔkeka no ne no;

wɔnnka yeinom ho adiyisɛm;

ahohora remma.

7 Yakob fie, wɔnka sɛ

AWURADE honhom nni boasetɔ anaa?

Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa?

Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ

deɛ ɔnam tee no?

8 Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfoɔ,

na moyi wɔn a wɔtwam dwoodwoo

a wɔmpɛ ko no

ho ntadeɛ so ngusoɔ.

9 Mopamo me man mu mmaa

firi wɔn afie fɛfɛ mu,

na mogye wɔn animuonyam

firi mmɔtafowa hɔ koraa.

10 Monsɔre na monkɔ!

Na ɛha nyɛ mo homebea,

efiguo a ɛde sɛeɛ

a ɛso ba no nti.

11 Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ

ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a,

ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!

Ɔgyeɛ ho bɔhyɛ

12 Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob,

nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ.

Mɛka wɔn mabom

sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu,

sɛ mmoakuo wɔn didibea so;

nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo.

13 Otwafoɔ di wɔn anim reforo aba.

Wɔbɔ kirididi sene fa kuro pono mu,

na wɔfa mu firi adi bio.

Na wɔn hene sene di wɔn anim,

na AWURADE di wɔn kan.

Categories
Mika

Mika 3

Ɔkasa tia ɔman no mu atitire

1 Na mese:

Montie ɛ, Yakob atitire

ne Israel fie atemmufoɔ,

ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

2 Mo na motane papa na modɔ bɔne,

modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho,

ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,

3 na mo na moadi me man nam,

na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho,

na moabubu wɔn nnompe mu,

na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ,

ne ɛsɛn mu nam.

4 Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE,

nanso ɔremmua wɔn,

na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu,

sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.

5 Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ

a wɔdaadaa me man

na wɔde wɔn se ka

na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ!

na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no,

wɔkyere ne so sa no.

6 Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho,

na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho,

na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so,

na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii;

7 na adehunufoɔ no ani bɛwuwu,

na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam,

na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano,

ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.

8 Na me deɛ, AWURADE honhom

mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ

ahyɛ me ma,

sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato,

ne Israel ne bɔne.

9 Montie yei ɛ, Yakob fie atitire

ne Israel fie atemmufoɔ,

mo a mokyiri atemmuo

na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,

10 mo a mokyekyere Sion, mogyahwieguo mu

ne Yerusalem, akontonkyideɛ mu.

11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,

na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ,

na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm,

na wɔtwere AWURADE ka sɛ:

Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi?

Bɔne biara remma yɛn so.

12 Saa nti, mo nti

wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo,

na Yerusalem adane aboɔ akuakuo,

na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.

Categories
Mika

Mika 4

Wiase bɛdane asomdwoeɛ ahennie

1 Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no

AWURADE fie bepɔ no bɛtim

hɔ ataa mmepɔ atifi,

na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,

na aman asene yuu aba so.

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so,

nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,

na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,

na yɛnnante n’atempɔn so;

na Sion na mmara bɛfire,

na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn,

na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim,

na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ,

na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ;

ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi,

na wɔrensua akodie bio.

4 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase,

na obiara biara renyi wɔn hu,

ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.

5 Na aman no mu biara

nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ,

yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu

de akɔsi daa daa.

Israel anoboa ne animuonyam

6 Ɛda no, AWURADE asɛm nie,

mɛboa asiiɛfoɔ no ano,

na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba,

ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.

7 Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ,

na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ;

na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so

afiri nnɛ de akɔsi daa.

8 Na wo, Sion babaa kokoɔ,

woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten,

na wo hɔ na akane tumidie no

bɛba abɛduro,

Yerusalem babaa ahennie no.

9 Afei, adɛn nti na woteam denden?

Ɔhene biara nni wo mu

anaasɛ wo fotufoɔ no ayera,

na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

10 Sion babaa, ko awoɔ,

kyem sɛ ɔwofoɔ,

na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu

akɔtena wiram,

na woakɔtena Babel tɔnn.

Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ,

ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo

afiri w’atamfo nsam.

11 Na afei amanaman pii

aboa wɔn ano atia wo,

na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi,

na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.

12 Na wɔn deɛ, wɔnnim

AWURADE adwene

na wɔnhunu n’agyinatuo mu;

sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi.

13 Sɔre, pore,

Sion babaa,

na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ,

na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ,

na wode adwerɛ aman pii dukuduku,

na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE,

ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.

Categories
Mika

Mika 5

Deɛ wɔasra no no awoɔ ne n’ahennie

1 Afei bɔ kyenku,

wo Sion babaa.

Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia.

Wɔde abaa bɔ

Israel temmufoɔ nnyepi.

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata,

wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu,

wo mu ara na obi bɛba ama me,

na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no;

na n’ase firi tete nteredee,

firi daa a ɛnni ase nna mu.

3 Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi

berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ,

na ne nuanom nkaeɛ bɛsane

ne Israel mma nso aba.

4 Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn,

AWURADE ahoɔden mu,

AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu,

na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.

5 Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ.

Sɛ Asiria ba yɛn asase so

na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a,

ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason,

ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.

6 Na wɔde afena ayɛne Asiria asase

ne Nimrod asase n’apono mu.

Na sɛ Asiria ba yɛn asase so

na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a,

ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

7 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ

aman bebree mu

sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn,

sɛ nhahamma so ahasuo

a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan

na ɛntwɛn nnipa mma.

8 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ

kwaeɛ mu mmoa mu gyata,

amanaman mu, aman bebree mu,

sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa

a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ

na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

9 Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so,

na w’atamfo nyinaa to ntwa.

10 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie,

mɛtwa w’apɔnkɔ mafiri wo mu,

na masɛe wo nteaseɛnam,

11 na matwitwa w’asase so nkuro,

na madwiri w’abandenden nyinaa;

12 na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam,

na woannya akɔmfoɔ bio;

13 na mɛtwitwa w’ahoni

ne w’adum afiri wo mu,

na woansɔre

wo nsa ano adwuma bio;

14 na mɛtutu w’abosompɔ Asera afiri wo mu,

na masɛe wo nkuro;

15 na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were,

amanaman a wɔantie me no so.

Categories
Mika

Mika 6

AWURADE ne ne man asɛnnie

1 Montie deɛ AWURADE ka ɛ:

Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim,

na nkokoɔ ntie wo nne.

2 Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ,

na AWURADE ne ne man anya ɔham,

na ɔne Israel bɛyi atɛn.

3 Me man, ɛdeɛn na mayɛ woɔ,

na ɛdeɛn na mede ahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ!

4 Na meyii wo firii Misraim asase so bae,

na megyee wo firii nkoafie,

na mesomaa Mose,

Aaron ne Miriam dii w’anim.

5 Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ,

ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no,

ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.

Afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani

6 Ɛdeɛn na memfa memmra AWURADE anim

menkoto ɔsorosoro Nyankopɔn no?

Memfa ɔhyeɛ afɔdeɛ memmra n’anim,

ne nantwie mma a wɔadi afe afe?

7 AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem ahodoɔ,

ngo sɛ asutene mpem du du?

Me mmarato nti memfa m’abakan memma,

anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?

8 Wɔaka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, onipa,

ne deɛ AWURADE hwehwɛ no wo hɔ,

ɛnyɛ biribiara sɛ adeteneneeyɛ ne adɔeɛpɛ

ne ahobrɛaseɛ a wode ne wo Nyankopɔn nanteɛ.

9 AWURADE nne refrɛ kuro no,

na wɔn a wɔsuro no no yɛ anyansafoɔ,

montie ntea ne deɛ ɔhyɛeɛ no.

10 Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie

ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?

11 Na mɛbu deɛ ɔde nsania bɔne mu anaa fotoɔ

a nsisie abrammoɔ wɔ mu no bem anaa?

12 Nhyɛsoɔ ayɛ emu adefoɔ amaama

na emufoɔ ka atorosɛm

na wɔn tɛkyerɛma yɛ nnaadaa wɔn anomu.

13 Na me nso mabɔ wo ama no abɔ wo yadeɛ,

wo bɔne nti na masɛe woɔ.

14 Wo deɛ, wobɛdidi na woremmee,

na ɛkɔm fitaa bɛde wo;

na wobɛtwe wo nnesoa, na woremma no mfiri mu sɔnn;

na deɛ woma no firi mu no mpo, mede bɛma afena;

15 wo deɛ, wobɛgu na worentwa;

wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no,

na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no.

16 Ɛfiri sɛ wodi Omri ahyɛdeɛ

ne Ahab fie nneyɛɛ nyinaa so,

na wonenam wɔn agyinatuo mu,

deɛ ɛbɛyɛ na mayɛ wo ahodwirie ne emufoɔ no nso hwerɛmabɔ,

na woasoa me man ahohora.

Categories
Mika

Mika 7

Nnipa pa nnɔɔso

1 Mennue, na mayɛ

sɛ nnuabateɛ,

sɛ bobe aba mpɛpɛdie,

bobe esia a mɛdie,

borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.

2 Nnipa pa ayera afiri asase so;

teefoɔ nni nnipa mu,

wɔn nyinaa tetɛ mogya,

wɔsunsum wɔn nuanom fidie.

3 Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie;

ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ,

na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm,

sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.

4 Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo,

wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban.

W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba,

ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.

5 Monnnye adamfoɔ nnni,

mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so;

ɔbaa a ɔda wo koko mu no,

ne ho na wɛn w’ano.

6 Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesani,

ɔbabaa sɔre tia ne na,

aseɛ sɔre tia n’ase,

onipa fiefoɔ yɛ n’atamfo.

Anidasoɔ ne adesrɛ

7 Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan,

mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no.

Me Nyankopɔn bɛtie me.

8 Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho;

na mahwe ase a, mɛsɔre;

na mete sum mu a,

AWURADE ne me hann.

9 Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no,

ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne,

de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me,

na wabu atɛn ama me;

ɔbɛyi me afiri aba hann mu;

mɛhwɛ ne tenenee no.

10 Na me tamfo bɛhunu,

na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ:

Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ?

Mede m’ani bɛhwɛ no,

afei wɔbɛtiatia ne so

sɛ mmorɔno so dɔteɛ.

11 Ɛda a wɔbɛto wo fasuo no reba;

ɛda no so na w’ahyeɛ bɛkɔ akyirikyirie.

12 Ɛda no na wɔbɛfiri

Asiria ne Misraim nkuro mu aba wo nkyɛn,

na wɔbɛfiri Misraim akɔsi asuo no ano,

afiri po akɔsi po, afiri bepɔ no akɔsi bepɔ aba.

13 Na asase no bɛdane amamfo,

ɛsofoɔ no nti,

wɔn nneyɛɛ so aba no nti.

14 Fa wo poma yɛne wo man,

w’agyapadeɛ nnwan

a wɔn nko ara te kwaeɛm,

Karmel atifi no.

Ma wɔnnidi Basan ne Gilead

sɛ tete nna no mu.

15 Mɛma wɔahunu anwanwadeɛ

sɛ nna a wɔfirii Misraim asase so baeɛ no.

16 Amanaman bɛhunu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninneɛ nyinaa ho;

wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano,

na wɔn aso nso bɛsisi.

17 Wɔbɛtafere mfuturo sɛ ɔwɔ,

sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho fam,

wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba;

wɔde suro bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn,

na wɔasuro w’anim.

Nyankopɔn adom mu ahotosoɔ

18 Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ

na wosiane mmarato ho

ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no?

Worensɔ w’abufuo mu daa,

na adɔeɛ mmom na wopɛ;

19 yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo,

wobɛpepa yɛn amumuyɛ.

Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa

agu ɛpo bunu mu.

20 Fa nokorɛ kyerɛ Yakob,

yi adɔeɛ kyerɛ Abraham,

sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam

firi tete nteredee nna mu no.