Categories
Mateo

Mateo 21

Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu

1 Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu

2 see wɔn sɛ:Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me!

3 Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.

4 Na yei nyinaa sii, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ:

5 Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ:

Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn,

ɔdwo, na ɔte afunumu

ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.

Yesu hyɛne Yerusalem

6 Na asuafoɔ no kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no

7 de afunumu no ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ guguu wɔn so, na ɔtenaa so.

8 Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu.

9 Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ:

Hosiana, Dawid ba no!

Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!

Hosiana wɔ sorosoro nohoa!

10 Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: Hwan ni?

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.

Yesu pam adwadifoɔ firi asɔrefie

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

13 Na ɔsee wɔn sɛ:Wɔatwerɛ sɛ:

Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔfie,

na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.

14 Na anifirafoɔ ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yadeɛ.

15 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,

16 na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ:Aane. Monkenkanee pɛn sɛ:

Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu

na woasiesie ayeyie, anaa?

17 Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.

Ɔdome borɔdɔma dua

18 Na anɔpa a Yesu resane aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no.

19 Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ:Worenso aba bio ara da!Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.

20 Na asuafoɔ no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma yi apoɔ yi?

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.

22 Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.

Mpanimfoɔ no animguaseɛ

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

24 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Me nso mɛbisa mo asɛm baako a, sɛ moyi m’ano a, me nso mɛka tumi a mede meyɛ nnoɔma yi makyerɛ mo:

25 Yohane asubɔ no, ɛfiri he? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?Na wɔsusuu wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛse yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no annie?

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

27 Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Ɔsetie ne asoɔden

28 Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma!

29 Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ.

30 Na ɔkɔɔ deɛ ɔka ho no hɔ, kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na ɔbuaa sɛ: Owura mɛkɔ! nanso wankɔ.

31 Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ?Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.

32 Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni.

Akuafoɔ bɔne no

33 Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.

34 Na aduaba berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye n’aduaba mmra.

35 Na ahwɛsofoɔ no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wɔkumm bi, na wɔsii bi aboɔ.

36 Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

37 Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.

38 Nanso ahwɛsofoɔ no hunuu ɔba no no, wɔkekaa wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifoɔ no; mommra mma yɛnkum no, na n’apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn deɛ.

39 Na wɔfaa no twee no firi bobe turo no mu hɔ kɔkumm no.

40 Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofoɔ no?

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.

42 Yesu see wɔn sɛ:Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ:

Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no,

ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

yei firi Awurade

na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?

43 Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

44 Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.

45 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mmebuo no, wɔhunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka.

46 Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.

Categories
Mateo

Mateo 22

Ɔhene ba ayeforɔhyia

1 Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ:

2 Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba.

3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba.

4 Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!

5 Na wɔn deɛ, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe. Obi kɔɔ n’afuo mu, na obi nso kɔdii ne dwa.

6 Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.

7 Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.

8 Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn.

9 Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodoɔ a mobɛhu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforɔ no ase.

10 Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma.

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

12 Na ɔbisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha sɛn ni, na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum.

13 Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

14 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔyi wɔn no deɛ, wɔyɛ kakraa bi.

Ɛtoɔ ho asɛmmisa

15 Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu.

16 Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

17 Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi?

18 Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ:Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?

19 Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Hwan mfonini ne n’atwerɛ nie?

21 Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!

22 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa; na wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.

Owusɔreɛ ho asɛmmisa

23 Da no ara na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no

24 sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no.

25 Na anuanom baason bi tenaa yɛn nkyɛn ha. Deɛ ɔdi kan no waree, na ɔwui; wannya mma, na ɔgyaa ne yere maa ne nua.

26 Saa ara nso na deɛ ɔtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no yɛeɛ de kɔduruu nson no soɔ.

27 Na wɔn nyinaa akyiri no, ɔbaa no nso wui.

28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbɛyɛ ne yerɛ? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa aware no.

29 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Mofom, na monnim twerɛ nsɛm ne Nyankopɔn tumi.

30 Owusɔreɛ mu no, wɔnware na wɔmma awadeɛ na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.

31 Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn

32 sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.

33 Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri.

Ɔdɔ ne mmara a ɛdi kan

34 Na Farisifoɔ no tee sɛ wamua Sadukifoɔ no ano no, wɔkɔhyiaa faako.

35 Na wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa no de sɔɔ no hwɛɛ sɛ:

36 Kyerɛkyerɛfoɔ, mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?

37 Na ɔsee no sɛ:Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!

38 Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

39 Na deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

40 Mmara nsɛm mmienu yi so na mmara ne adiyifoɔ no nyinaa gyina.

Dawid ba ho asɛmmisa

41 Na Farisifoɔ no hyiaeɛ no, Yesu bisaa wɔn

42 sɛ:Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no?Wɔsee no sɛ: Dawid.

43 Ɔbisaa wɔn sɛ:Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ:

44 Awurade see me wura sɛ:

Tena me nifa

kɔsi sɛ mede w’atamfoɔ bɛgu wo nan ase?

45 Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?

46 Na obiara antumi ammua no asɛm biara, nanso ɛfiri da no, obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Categories
Mateo

Mateo 23

Yesu ka Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ anim

1 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo ne n’asuafoɔ no

2 sɛ:Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena.

3 Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.

4 Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.

5 Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.

6 Na wɔpɛ mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase, ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu,

7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

8 Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom.

9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na ɔbaako ne mo agya, ɔne deɛ ɔwɔ soro no.

10 Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na ɔbaako ne mo wura, ɔne Kristo no.

11 Na deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ mo somfoɔ.

12 Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

13 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.

14 (Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.)

15 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara.

16 Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no.

17 Mo anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho teɛ no?

18 Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no.

19 Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛdeɛ no anaa afɔrebukyia a ɛma ayɛyɛdeɛ no ho teɛ no?

20 Enti deɛ ɔde afɔrebukyia bɛka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɛwɔ soɔ no nyinaa na ɛka,

21 na deɛ ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɔte mu no na ɛka.

22 Na deɛ ɔde ɔsoro ka ntam no, ɔde Nyankopɔn ahennwa ne deɛ ɔte soɔ no na ɛka.

23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.

24 Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne yi nwansena twene, na momene yoma.

25 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma.

26 Farisini nifirani! Hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na akyire nso afi.

27 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho, a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ, nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma.

28 Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa tenenee wɔ nnipa anim, na mo mu deɛ, nyaatwom ne amumuyɛ ayɛ ma.

29 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mototo adiyifoɔ nna soɔ na mosiesie ateneneefoɔ aboda mu,

30 na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu.

31 Yei na mode di mo ho adanseɛ sɛ wɔn a wɔkumm adiyifoɔ no mma ne mo.

32 Mo nso monhyɛ mo agyanom susukoraa no ma!

33 Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?

34 Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;

35 na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.

36 Nokorɛ mese mo sɛ, yeinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.

Yesu twa Yerusalem ho adwo

37 Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!

38 Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo.

39 Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhu me de bɛkɔ akɔsi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.

Categories
Mateo

Mateo 24

Yesu hyɛ asɔrefie sɛeɛ ho nkɔm

1 Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.

Kristo ba a ɔbɛba bio

3 Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?

4 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monhwɛ na obi annaadaa mo.

5 Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

6 Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.

8 Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.

Ɔtaa, akyirisan ne asɛmpa no ka

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

10 Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho.

11 Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

12 Na ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo.

13 Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.

14 Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.

Akyiwadeɛ a ɛbɔ man no

15 Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)

16 Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ bepɔ soɔ.

17 Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;

18 na deɛ ɔwɔ wiram nso nnsane n’akyiri mmmɛfa ne ntoma.

19 Na wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!

Ahohia kɛseɛ

20 Na mommɔ mpaeɛ na mo dwane no amma awɔberɛ anaa homeda.

21 Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba.

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.

Onipa ba no ba

23 Ɛno na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, monnnye nnni!

24 Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

25 Hwɛ, maka makyerɛ mo dada.

26 Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ serɛ so! a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu! a, monnnye nnni!

27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no.

28 Na faako a efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.

29 Na nna no mu ahohiahia akyiri no,

ntɛm ara owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam,

na ɔsoro ahoɔden awoso.

30 Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.

31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.

32 Monsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ ne ban nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.

33 Saa ara nso na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano!

34 Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba mu ansa.

35 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

36 Na ɛda no ne dɔn ko no deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.

37 Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

38 Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu,

39 na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

40 Ɛnna nnipa baanu a wɔwɔ afuo mu, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.

41 Mmaa mmienu a wɔreyam owiyammoɔ soɔ, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.

42 Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

44 Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.

Nkoa pa ne nkoa bɔne

45 Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?

46 Nhyira ne akoa a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa.

47 Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so.

48 Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ: Me wura rekyɛre ba,

49 na ɔfiri aseɛ boro ne nwirakwaa, na ɔne asabofoɔ didi nom a,

50 akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,

51 na wabɛtwitwa ne mu asinasini na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

Categories
Mateo

Mateo 25

Mmabaawa du ho bɛ

1 Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho.

2 Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma.

3 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura;

4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.

5 Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ.

6 Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!

7 Ɛnna mmabaawa no nyinaa sɔre kekaa wɔn nkanea.

8 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn nkanea redunnum.

9 Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ!

10 Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu.

11 Na akyire yi no, mmabaawa a aka no nso ba bɛkaa sɛ: Owura, Owura, hini yɛn!

12 Na ɔbuaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, menni mo.

13 Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)

Nkoa pa ne akoa bɔne ho asɛm

14 Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde deɛ ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.

15 Na ɔmaa ɔbaako talente nnum, na ɔbaako mmienu, na ɔbaako nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan.

16 Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.

17 Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no nso kɔnyaa mmienu kaa ho.

18 Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔ kɔtutuu fam, na ɔde ne wura no sika no sieeɛ.

19 Na ɛkyɛreeɛ no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bɛbuu nkonta.

20 Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho.

21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

22 Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: Owura, talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ mmienu maka ho.

23 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, wadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

24 Na deɛ ɔnyaa talente baako no nso baa sɛ: Owura, menim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wotwa faako a wonnuaeɛ, na woboaboa ano faako a womfa mpeteeɛ;

25 enti mesuroe, na mede wo talente no mekɔsiee fam. Hwɛ, w’adeɛ ni!

26 Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihafoɔ, wonim sɛ metwa faako a mennuaeɛ, na meboaboa ano faako a memfa mempeteeɛ?

27 Ɛnneɛ anka ɛsɛ sɛ wode me sika no kɔhyɛ sikasesafoɔ nsa, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho.

28 Enti monnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ talente du no!

29 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na deɛ ɔnni bie no deɛ, deɛ ɔwɔ no mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.

30 Na akoa a ne ho nni mfasoɔ no, momfa no nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

Atemmuda kɛseɛ no

31 Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.

32 Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaepae wɔn mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwanten ne mmirekyie mu.

33 Na ɔde nnwanten no bɛgyina ne nifa, na ɔde mmirekyie no agyina benkum.

34 Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!

35 Na ɛkɔm dee me, na momaa me biribi diiɛ, na sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomee, meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mofaa me kɔɔ mo fie;

36 medaa adagya, na mofiraa me ntoma, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.

37 Ɛnna nnipa tenenee no bɛbua no sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ, na yɛmaa wo aduane, anaasɛ sukɔm de woɔ, na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?

38 Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyɛ ɔhɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaasɛ woda adagya, na yɛfiraa wo ntoma?

39 Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛbaa wo nkyɛn?

40 Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.

41 Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!

42 Na ɛkɔm dee me, na moamma me biribi anni, sukɔm dee me, na moamma me biribi annom;

43 meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.

44 Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ anaasɛ sukɔm de woɔ, anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ woda adagya, anaasɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛammɛsom woɔ?

45 Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me.

46 Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.

Categories
Mateo

Mateo 26

Wɔpam Yesu tiri so

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ:

2 Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.

3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

4 na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.

5 Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu.

Ɔdɔ akyɛdeɛ

6 Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani no fie no,

7 ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den, sradehwan toa ma, baa ne nkyɛn. Na ɔte adidiiɛ no, ɔbɛhwie ngo no guu n’atifi.

8 Na asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkaa sɛ: Adesɛeɛ yi aseɛ ne sɛn?

9 Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.

10 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa.

11 Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.

12 Na sɛ wahwie ngo hwamhwam yi agu me nipadua soɔ yi, wayɛ ama me sie.

13 Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ nso de ayɛ no nkaeɛ.

Yuda yi Yesu ma

14 Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn

15 sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no.

16 Na ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama.

Twam afahyɛ no ho nsiesie

17 Na Apiti da a ɛdi kan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wokɔdi Twam (afahyɛ) no?

18 Na ɔse:Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.

19 Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.

Adidie a ɛdi akyire

20 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne asuafoɔ dummienu no bɛtenaa ase.

21 Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama.

22 Na wɔn werɛ hoo yie, na wɔfitii aseɛ sesee no mmaako mmaako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa?

23 Na ɔbuaa sɛ:Deɛ ɔne me to nsa ayowa mu no, ɔno ara na ɔbɛyi me ama.

24 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

25 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ:Woaka.

Nkaeɛ adidie no asefire

26 Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam.

27 Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa aseɛ no, ɔde maa wɔn sɛ:Mo nyinaa monnom bi;

28 na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.

29 Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu.

30 Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

Ɔpa a Petro bɛpa ne wura no ho nkɔmhyɛ

31 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ:

Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na ekuo no mu nnwan abɔ apete.

32 Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.

33 Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.

34 Yesu see no sɛ:Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

35 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ.

Yesu Getsemane awerɛhoɔ

36 Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ:Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa.

37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara.

38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.

39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ:M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.

40 Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda. Na ɔsee Petro sɛ:Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako?

41 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ.

42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ:M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.

43 Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum.

44 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara.

45 Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ:Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn!

Yuda Iskariot de asraafoɔ ba

47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.

48 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no!

49 Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano.

50 Na Yesu see no sɛ:Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn?Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no.

51 Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso.

52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo.

53 Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho?

54 Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa?

Yesu asɛmmisa. Asuafoɔ no dwaneɛ

55 Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.

56 Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.

Yesu gyina Kaiafa anim

57 Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no.

58 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.

Adansekurumu ne animtiabuo

59 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no,

60 nanso woannya bi. Adansekurumfoɔ bebree bae deɛ, nanso wɔannya bi. Na akyire yi no, nnipa baanu bi baa

61 sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa.

62 Na ɔsɔfo panin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?

63 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!

64 Yesu see no sɛ:Woaka; nanso mese mo sɛ,

ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no

sɛ ɔte tumi no nifa,

na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.

65 Ɛnna ɔsɔfo panin no sunsuanee n’atadeɛ mu sɛ: Waka abususɛm! Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Hwɛ, afei deɛ moate n’abususɛm no!

66 Modwene ho sɛn? Na wɔbuaa sɛ: Ɔsɛ wuo.

67 Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ

68 sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ?

Petro pa Yesu

69 Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi.

71 Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!

72 Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ: Mennim onipa no.

73 Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi!

74 Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.

75 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ:Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.

Categories
Mateo

Mateo 27

Yesu gyina amrado anim

1 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.

2 Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.

Yuda ahonu

3 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!

5 Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene.

6 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.

7 Na wɔtuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase no, na wɔasie ahɔhoɔ wɔ mu.

8 Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de bɛsi nnɛ.

9 Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Na megyee nnwetɛbena aduasa a ɛyɛ deɛ wɔbɔɔ ne boɔ, tɔɔ no firii Israel mma nsam no tiri adeɛ no

10 de kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no.

Pilato asɛmmisa

11 Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ:Wo na woaka.

12 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no retoto n’ano no, wammua bi.

13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?

14 Na wammua no asɛm baako mpo ho, maa no yɛɛ amrado no nwanwa yie.

Wɔbu Yesu kumfɔ

15 Na daa, afahyɛ no mu, amrado gyaa ɔdeduani baako a nkurɔfokuo no pɛ no no ma wɔn.

16 Nso ɛberɛ no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba.

17 Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

18 Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ.

19 Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.

20 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu.

21 Bio, amrado no bisaa wɔn sɛ: Wɔn mmienu yi mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Na wɔkaa sɛ: Baraba.

22 Pilato see wɔn sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kaa sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

23 Ɛnna ɔse: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

24 Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.

25 Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.

26 Ɛnna ɔgyaee Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, ɔyii no maa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu ho agorɔdie

27 Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim.

28 Na wɔyii n’atadeɛ na wɔde akatakɔnmu kɔkɔɔ bi guu ne so,

29 na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo!

30 Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam.

Wɔbɔ Yesu asennua mu

31 Na wɔwiee ne ho agorɔ die no, wɔyii akatakɔnmu no firii ne ho, na wɔde ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

32 Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.

33 Na wɔkɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a aseɛ ne ne tikwankoraa bea),

34 wɔmaa no nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom.

35 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so).

36 Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no.

37 Na wɔde n’afodisɛm a wɔatwerɛ no fam n’atifi sɛ: Yesu Yudafoɔ hene no ni!

38 Ɛnna wɔbɔɔ adwotwafoɔ baanu asɛnnua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ nifa, na ɔbaako wɔ benkum.

Nkurɔfoɔ no keka abususɛm

39 Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti, kekaa abususɛm tiaa no

40 sɛ: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam!

41 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no goroo ne ho

42 sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.

43 Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!

44 Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.

Yesu wuo

45 Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?

47 Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ɔrefrɛ Elia.

48 Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee.

49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa?

50 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.

Anwanwadeɛ a ɛsiiɛ

51 Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.

52 Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee,

53 na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.

Asraafoɔ no suro

54 Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!

55 Na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wɔdii Yesu akyi firii Galilea somm no;

56 na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.

Yesu sie

57 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ;

58 ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no.

59 Na Yosef faa amu no de nwera a ani teɛ kyekyeree ho.

60 Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

61 Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ.

Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ahodasoɔ

62 Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi ahosiesie da no akyiri no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ bɛhyiaa Pilato nkyɛn

63 sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.

65 Pilato see wɔn sɛ: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi.

66 Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.

Categories
Mateo

Mateo 28

Ɛda hunu no

1 Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no.

2 Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so.

3 Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.

4 Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.

5 Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

6 Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.

Wɔhyia Yesu

8 Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no.

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ:Mema mo amo!Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

10 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.

Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ma adanmudeɛ

11 Na wɔrekorɔ no, hwɛ, awɛmfoɔ no mu binom baa kuro no mu bɛkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no.

12 Na wɔne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔtuu agyina no, wɔmaa asraafoɔ no sika bebree

13 kaa sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdaeɛ no, na n’asuafoɔ ba bɛwiaa no.

14 Na sɛ yei duru amrado aso mu a, yɛbɛkyerɛ no mu, na mo ho anka mu.

15 Na wɔgyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de abɛsi nnɛ.

Asɛmpatrɛ adwuma ho ahyɛdeɛ

16 Na asuafoɔ dubaako no sii mu kɔɔ Galilea, bepɔ a Yesu kyerɛɛ wɔn no so.

17 Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ.

18 Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ:Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.

19 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,

20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.