Categories
Mateo

Mateo 11

Osuboni Yohane ahoyera

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

2 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ

3 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?

4 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane:

5 Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.

6 Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.

Yesu di Yohane ho adanseɛ

7 Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa?

8 Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.

9 Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo.

10 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

a ɔbɛsiesie w’anim kwan.

11 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.

12 Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so.

13 Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so.

14 Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no.

15 Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Yudafoɔ akomapirim

16 Na hwan ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete edwa ase refrɛfrɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ:

17 Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo na moansa;

yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anho.

18 Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne.

19 Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.

Korasin, Betsaida ne Kapernaum

20 Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔannsakyera wɔn adwene no sɛ:

21 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.

22 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

23 Na wo Kapernaum,

wɔbɛma wo so akɔ soro anaa?

Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando;

ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

24 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo.

Agya no ayeyie

25 Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ:Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.

26 Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.

27 M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

28 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.

30 Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.

Categories
Mateo

Mateo 12

Homeda sɛeɛ

1 Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ.

2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.

3 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?

4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no?

5 Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no?

6 Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.

7 Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.

8 Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura.

Onipa bi a ne nsa adwodwo

9 Na ɔfiri hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu.

10 Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu mma no soɔ?

12 Onipa nsom bo nsene odwan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.

13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ:Tene wo nsa!Na ɔteneeɛ, na ɛsane yɛɛ yie sɛ baako no.

Wɔpam Yesu tiri so sɛ wɔbɛkum no

14 Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no.

15 Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

16 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi,

17 na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ:

18 Hwɛ, m’abɔfra a mayi no,

deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no;

Mede me Honhom bɛgu ne so,

na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ.

19 Ɔrenko, na ɔrenteateam,

na obi rente ne nne abɔntene so;

20 mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu,

na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum

de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu.

21 Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛtoɔ.

Nkɔnkɔnsa ho mmuaeɛ

22 Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ.

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

24 Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

25 Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ:Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.

26 Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaepaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?

27 Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.

28 Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so.

29 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie.

Honhom ho abususɛm

30 Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.

31 Yei nti mese mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm deɛ, wɔremfa nkyɛ nnipa.

32 Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

Akoma ne asetena

33 Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua no aba na wɔde hunu dua korɔ.

34 Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.

35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.

36 Na mese mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wɔbɛbu ho akonta atemmuda.

37 Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ.

Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ

38 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ bi firi wo hɔ.

39 Na ɔbua see wɔn sɛ:Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

40 Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.

41 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

44 Ɛnna ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wasiesie mu.

45 Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi.

Yesu abusuafoɔ hwehwɛ no

46 Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

47 Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyire pɛ sɛ wɔne wo kasa.

48 Na ɔbua see deɛ ɔsee no saa no sɛ:Hwan ne me na, na hwan ne me nuanom?

49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ:Hwɛ, me na ne me nuanom ni!

50 Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.

Categories
Mateo

Mateo 13

Ogufoɔ no ho bɛ

1 Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano.

2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano.

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ:Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

4 Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.

5 Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ,

6 na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.

7 Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no.

8 Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

9 Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Ɛbɛ no agyinaeɛ

10 Na asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebuo mu?

11 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.

12 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.

13 Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ.

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ:

Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ;

na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu.

15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim,

na wɔn aso mu ayɛ duru,

na wɔakatakata wɔn ani

na wɔamfa wɔn ani anhunu,

na wɔamfa wɔn aso ante,

na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ,

na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.

16 Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ.

17 Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso.

Ogufoɔ ho bɛ no asekyerɛ

18 Afei montie ogufoɔ ho bɛ no:

19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.

20 Na deɛ wɔguu no aboɔ soɔ no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye no ntɛmntɛm;

21 nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.

22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.

23 Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

Ayuo ne wura ho bɛ

24 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.

25 Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

26 Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie.

27 Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?

28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?

29 Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu.

30 Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!

Sinapi aba ho bɛ

31 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ:Ɔsoro ahennie te sɛ sinapifua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu.

32 Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so.

Mmɔka ho bɛ

33 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ:Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.

34 Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.

35 Yei ma deɛ odiyifoɔno kaeɛ no ba mu sɛ:

Mɛbue m’ano mmebuo mu,

na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka.

Ayuo ne wura ho bɛ no asekyerɛ

36 Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.

37 Na ɔbua see wɔn sɛ:Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;

38 afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;

39 ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.

40 Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ.

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

42 na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

43 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!

Agyapadeɛ ho bɛ

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Ahwene pa ho bɛ

45 Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa;

46 na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.

Asau ho bɛ

47 Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi;

48 na ɛyɛɛ ma, na wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa deɛ ɛyɛ no ano guu akodoɔ mu, na deɛ ɛnyɛ no, wɔto gui.

49 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,

50 na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

51 Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.

Nasaret nsra

53 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ.

54 Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?

55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?

56 Na ɛnyɛ ne nua mmaanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi kɔnyaa yeinom nyinaa?

57 Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ:Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie.

58 Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.

Categories
Mateo

Mateo 14

Osuboni Yohane wuo

1 Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka

2 na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.

3 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

4 Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no.

5 Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.

6 Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

7 Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.

8 Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.

10 Na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.

11 Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.

12 Na n’asuafoɔ no ba bɛfaa amu no kɔsiee, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.

Nnipa mpemnum aduanema

13 Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.

14 Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.

15 Na onwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Ɛha yi yɛ ɛserɛ so, na onwunu nso adwo, gya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduane nni!

16 Na Yesu see wɔn sɛ:Ɛnhia sɛ wɔkorɔ, mo ara momma wɔn biribi nni!

17 Na wɔsee no sɛ: Yɛnni biribiara wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.

18 Ɛnna ɔse:Momfa mmrɛ me ha!

19 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

20 Na wɔn nyinaa didi meeɛ, na mporoporowa a ɛkaeɛ no yɛɛ nkɛntɛn dummienu mama.

21 Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nka ho.

Yesu kɔbɔ mpaeɛ bepɔ so

22 Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, nni kan ntwa nkɔ asuogya nohoa, na ɔnnya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan ansa.

23 Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ.

24 Na kodoɔ no aduru ɛpo no mfimfini, na asorɔkyeɛ reha no, ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn.

Yesu nante po ani

25 Na ahemadakye nnɔnmmiɛnsa rekɔ no, Yesu nam po so baa wɔn nkyɛn.

26 Na asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam po no soɔ no, wɔn akoma tuiɛ, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teateaa mu.

27 Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!

28 Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani!

29 Na ɔse:Bra!Na Petro firii kodoɔ no mu si faa nsuo no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.

30 Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroe; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ: Awurade, gye me!

31 Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?

32 Na wɔduruu kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ.

33 Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!

Genesaret ayaresa

34 Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so.

35 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu no no, wɔsoma maa wɔkɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa brɛɛ no,

36 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.

Categories
Mateo

Mateo 15

Honhom mu ahoteɛ

1 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ:

2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

3 Na Yesu buaa wɔn sɛ:Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ?

4 Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.

5 Na mo deɛ mose: Obiara a ɔbɛse n’agya anaa ne na sɛ: Deɛ anka wobɛnya no me hɔ no yɛ ayɛyɛdeɛ no,

6 na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm.

7 Nyaatwomfoɔ! Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

9 Na wɔsɔre me kwa,

wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Montie, na monte aseɛ.

11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.

12 Ɛnna n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Farisifoɔ no tee asɛm yi no, ato wɔn suntidua?

13 Na ɔbuaa sɛ:Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.

14 Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.

15 Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase!

16 Na ɔse:Mo nso moda so nte aseɛ ara?

17 Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa?

18 Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.

19 Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.

20 Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi; na sɛ wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi.

Ababaa bosonsonni bi ayaresa

21 Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.

22 Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!

23 Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.

24 Na ɔbuaa sɛ:Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

25 Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!

26 Na ɔbuaa sɛ:Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.

27 Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.

28 Ɛnna Yesu bua see no sɛ:O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no.Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.

Yesu sa nyarewa ahodoɔ

29 Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

30 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ

31 maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.

Nnipa mpemnan aduanema

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ:Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.

33 Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?

34 Na Yesu see wɔn sɛ:Paanoo ahe na mowɔ?Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi.

35 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam.

36 Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

37 Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn nson mama.

38 Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.

39 Na ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no kwan no, ɔfaa kodoɔ na ɔbaa Magadan ahyeɛ so.

Categories
Mateo

Mateo 16

Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi

1 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi.

2 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere.

3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu.

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka

5 Na asuafoɔ no duruu asuogya nohoa no, na wɔn werɛ afiri sɛ wɔfa paanoo.

6 Na Yesu see wɔn sɛ:Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!

7 Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira.

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ:O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

9 Monnya nhunui, na monkae nnipa mpemnum paanoo nnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a monyaeɛ?

10 Anaasɛ nnipa mpemnan paanoo nson ne nkɛntɛn bebree a monyaeɛ?

11 Ɛdeɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na mereka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!

12 Ɛnna wɔhunuu sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie paanoo mmɔreka ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no nkyerɛkyerɛ ho.

Petro kyerɛ nipa ko a Yesu yɛ

13 Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ:Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?

14 Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.

15 Ɔbisaa wɔn sɛ:Na mo nso, mose mene hwan?

16 Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba!

17 Ɛnna Yesu bua see no sɛ:Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.

18 Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.

19 Na mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase soɔ no, na wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no, na wɔasane no soro.

20 Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ

21 Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.

22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ:Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Ahopakyire

24 Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ:Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.

25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka.

26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?

27 Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.

28 Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.

Categories
Mateo

Mateo 17

Yesu animuonyam hran

1 Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi.

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.

5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!

6 Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.

7 Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ:Monsɔre, na monnsuro!

8 Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara.

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ:Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Elia ba

10 Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?

11 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ,

12 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.

13 Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.

Ɔtwafoɔ bi ayaresa

14 Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no

15 sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.

16 Na mede no mebrɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yadeɛ.

17 Na Yesu kaa sɛ:O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!

18 Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.

Gyidie mu tumi

19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?

20 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.

21 (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Yesu wuo ne ne wunyane ho nkɔmhyɛ foforɔ

22 Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,

23 na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane.Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.

Yesu tua asɔrefie ho toɔ

24 Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔno baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa?

25 Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ:Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?

26 Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.

27 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.

Categories
Mateo

Mateo 18

Ahobrɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ

1 Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu?

2 Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini,

3 na ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.

5 Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me;

6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.

Suntiduatoɔ

7 Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

9 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu.

Odwan a wayera

10 Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

11 [Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛgye deɛ ayera.]

12 Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa?

13 Na sɛ ɛba sɛ ɔhu no a, nokorɛ mese mo sɛ, n’ani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔamfom kwan no ho.

14 Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.

Sɛdeɛ wɔne onua a ɔfom die

15 Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔyi no atɛn, wo ne no nko ara ntam. Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.

16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa baanu ka wo ho, na asɛm no nyinaa nnyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anomu.

17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni.

18 Nokorɛ mese mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere no asase soɔ no, wɔbɛkyekyere no soro; na biribiara a mobɛsane no asase soɔ no, wɔbɛsane no soro.

19 Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo.

20 Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini.

Mprɛ dodoɔ a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ

21 Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Awurade, mprɛ ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛnson anaa?

22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Mense wo sɛ ɛnkɔsi mprɛ nson, na mmom mprɛ aduɔson ahodoɔ nson.

Akoa tirimuɔdenfoɔ no

23 Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta.

24 Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talenteɔpedu brɛɛ no.

25 Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.

26 Ɛnna akoa no gyae ne ho too fam wɔ n’anim srɛɛ no sɛ: Owura to wo bo ase ma me, na mɛtua wo ne nyinaa.

27 Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

28 Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denareɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!

29 Na n’awirakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: To wo bo ase ma me, na mɛtua.

30 Nanso ɔno deɛ, wampene, na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka no.

31 Na nwirakwaa no hunuu deɛ ɛsiiɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya pii, na wɔba bɛkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no.

32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ɛka no nyinaa mekyɛɛ wo;

33 ɛnsɛ sɛ wo nso wohunu w’awirakwaa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no anaa?

34 Na ne wura no bo fui, na ɔde no maa ahohiahiafoɔ sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua no deɛ ɔde no nyinaa.

35 Saa ara na sɛ mo mu biara amfiri n’akomam amfa ne nua mfomsoɔ ankyɛ no a, me soro Agya nso bɛyɛ no.

Categories
Mateo

Mateo 19

Yesu firi Galilea

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya.

2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ.

Awaregyaeɛ ho asɛmmisa

3 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa?

4 Na ɔbua see wɔn sɛ:Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn?

5 Ɛnna ɔkaa sɛ:Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ?

6 Enti na wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa biara nntete mu.

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no?

8 Ɔsee wɔn sɛ:Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ monnyaa mo yerenom; na ɛfiri mfitiaseɛ no, anka ɛnte saa.

9 Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.)

10 Asuafoɔ no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa deɛ a, na ɛnyɛ sɛ wɔwareɛ.

11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛbɛtumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn.

12 Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye.

Yesu hyira mmɔfra

13 Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim.

14 Na Yesu kaa sɛ:Momma mmɔfra no kwan na monnsi wɔn me nkyɛn ba kwan; na yeinom sɛɛ yi na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ɔfiri hɔ kɔeɛ.

Daa nkwa

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

17 Na ɔsee no sɛ:Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!

18 Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se:Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu!

19 Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi yeinom nyinaa so. Ɛdeɛn na aka me bio?

21 Yesu see no sɛ:Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!

22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.

Ahonyadeɛ ho mmusuo

24 Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.

25 Na n’asuafoɔ no teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?

26 Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ:Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

Ahopakyire

27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?

28 Na Yesu see wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.

29 Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.

30 Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.

Categories
Mateo

Mateo 20

Bobe turo mu adwumayɛfoɔ

1 Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.

2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.

3 Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa.

4 Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo.

5 Na wɔkɔeɛ. Bio, ɛbɛyɛ awia dummienu ne nnɔn mmiɛnsa no, ɔfiri adi kɔyɛɛ saa ara.

6 Na ɛbɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum mu no, ɔfirii adi kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina hɔ kwa, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mogyinagyina ha kwa adekyeeɛ nyinaa yi?

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!

8 Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so.

9 Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum baeɛ no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.

10 Na adikanfoɔ no baeɛ no, wɔsusuu sɛ wɔbɛnya deɛ ɛkyɛne saa; na wɔn nso nyaa denare denare.

11 Na ɛkaa wɔn nsa no, wɔnwiinwii afuowura no so

12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ.

13 Na ɔbua see wɔn mu baako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne; wo ne me anni ano denare anaa?

14 Fa wo deɛ na kɔ! Menni kwan sɛ mema deɛ ɔbaa akyire yi sɛ wo,

15 anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi?

16 Saa na akyikafoɔ bɛdi kan, na adikanfoɔ adi akyire; (na wɔafrɛ bebree nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.)

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

17 Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dummienu no nko ara kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

18 Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabu no kumfɔ,

19 na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.

Ɔsoro ahennie mu dibea

20 Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotoo no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.

21 Na Yesu bisaa no sɛ:Ɛdeɛn na wopɛ?Ɔbua see no sɛ: Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum w’ahennie no mu.

22 Na Yesu buaa sɛ:Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?)Wɔsee no sɛ: Yɛbɛtumi.

23 Na ɔsee wɔn sɛ:Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,)na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.

Ɔsom na ɛpagya onipa

24 Na edu no teeɛ no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwoɔ.

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔkaa sɛ:Monim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.

26 Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,

27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa,

28 sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.

Anifirafoɔ mmienu adehunu

29 Na wɔfiri Yeriko rekorɔ no, nkurɔfokuo pii dii n’akyi.

30 Na hwɛ, anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaa mu sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

31 Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!

32 Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ:Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?

33 Wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn ani mmue!

34 Na Yesu hunuu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa wɔn ani; na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.