Categories
Marko

Marko 11

Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu

1 Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,

2 na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra.

3 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha.

4 Na wɔkɔ kɔhunuu afunumu ba no sɛ ɔsa ɛpono ano wɔ mfikyire, abɔntene, na wɔsanee no.

5 Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn?

6 Na asuafoɔ no buaa wɔn sɛdeɛ Yesu kaeɛ no, na wɔmaa wɔn kwan.

7 Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntoma guu ne so; na ɔtenaa ne so.

8 Na nnipa bebree de wɔn ntoma sesɛɛ ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnua mman firi mfuo mu de sesɛɛ ɔkwan no so.

9 Na wɔn a wɔdi anim ne wɔn a wɔdi akyire teaa mu sɛ:

Hosiana!

Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.

10 Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no!

Hosiana wɔ sorosoro!

Borɔdɔma dua no dome

11 Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania.

12 Na adeɛ kyeeɛ a wɔfiri Betania reba no, ɛkɔm dee no.

13 Na ɔhunuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ ahahan wɔ soɔ no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia ɔbɛhunu biribi wɔ so anaa? Na ɔduruu ho no, wanhunu hwee sɛ ahahan nko ara; ɛfiri sɛ na borɔdɔma berɛ nnuruiɛ.

14 Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ:Obiara renni wo so aba bio da!Na asuafoɔ no teeɛ.

Yesu pam adwadifoɔ firi asɔredan no mu

15 Na wɔduruu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛnee asɔrefie no mu no, ɔfitii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ adeɛ asɔrefie hɔ; na ɔbutuu sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa,

16 na wamma kwan amma obiara ansoa adeɛ amfa asɔrefie hɔ.

17 Na ɔkyerɛkyerɛe, see wɔn sɛ:Wɔntwerɛɛ sɛ:

Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa?

Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.

18 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.

19 Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ.

Borɔdɔma no wuo ne ho adesua

20 Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase.

21 Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu!

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monnya Nyankopɔn mu gyidie!

23 Na nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔbɛse bepɔ yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe ɛpo mu, na ɔnnye akyinnyeɛ wɔ n’akoma mu, na ɔbɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.

24 Yei nti, mese mo sɛ: Adeɛ biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, monnye nni sɛ mobɛnya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.

25 Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.

26 [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.]

Yesu tumi ho asɛmmisa

27 Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,

28 na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom?

29 Na Yesu see wɔn sɛ:Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom:

30 Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me!

31 Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie?

32 Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.

33 Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se:Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Categories
Marko

Marko 12

Turo hwɛfoɔ bɔne no

1 Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata.

2 Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

4 Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase.

5 Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom.

6 Nanso na aka no ɔbaako, ne ba a ɔdɔ no. Na akyire yi, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.

7 Na akuafoɔ no deɛ, wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; mommra mma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea.

8 Na wɔfaa no kumm no, twee no firii bobe turom hɔ too no twenee.

9 Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.

10 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ:

Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no,

ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

11 Awurade na ɔmaa yei baeɛ,

na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so anaa?

12 Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.

Ɛtoɔ gyeɛ ho asɛmmisa

13 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

14 Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?

15 Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ.

16 Na wɔde bae. Na ɔbisaa wɔn sɛ:Hwan mfonini ne atwerɛ nie?Na wɔsee no sɛ: Kaesare dea.

17 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa.

Owusɔreɛ ho asɛmmisa

18 Na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ:

19 Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔgya yerɛ, na wannya mma a, ne nua no nware ne yere no, na ɔnwo mma mma ne nua no.

20 Nso anuanom baason bi tenaa ase, na deɛ ɔdi kan waree yerɛ; na ɔwuiɛ no, wannya mma.

21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no waree no, na ɔwui. Na ɔno nso wannya mma. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso saa ara.

22 Enti nnipa baason no nyinaa waree no na wɔannya mma. Na wɔn nyinaa akyiri no ɔbaa no nso wui.

23 Na enti owusɔreɛ mu no, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa baason no waree no.

24 Na Yesu see wɔn sɛ:Ɛnyɛ nim a monnim atwerɛsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom yi anaa?

25 Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.

26 Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?

27 Ampa ara, ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn. Na mo deɛ mofom pii.

Ɔdɔ ne mmara asɛm a ɛdi kan

28 Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he?

29 Na Yesu buaa no sɛ:Deɛ ɛdi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;

30 na dɔ Awurade wo Nyankopɔn firi w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.

31 Na deɛ ɛtɔ so mmienu nie: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Mmara asɛm biara nni hɔ a ɛkyɛne yeinom!

32 Na ɔtwerɛfoɔ no see no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfoɔ, ampa woaka no yie sɛ Onyankopɔn yɛ baako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara;

33 na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa.

34 Na Yesu hunuu sɛ wabua no nyansam no, ɔsee no sɛ:Wo ne Nyankopɔn ahennie ntam kwan nware.Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Dawid ba ho asɛmmisa

35 Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie no, ɔkaa sɛ:Adɛn na Atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?

36 Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ:

Awurade see me wura sɛ:

Tena me nifa kɔsi sɛ

mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.

37 Dawid no ara frɛ no Awurade; na ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ ne ba? Na nkurɔfoɔ pii no ara de anigyeɛ tiee no.

Atwerɛfoɔ ho kɔkɔbɔ

38 Na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ:Monhwɛ yie wɔ Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, ne edwa ase nkyea

39 ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu ne mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase ho;

40 wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.

Ɔbaa kunafoɔ hiani no akyɛdeɛ

41 Na Yesu kɔtenaa sika adaka no anim, ɔhwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu; na adefoɔ pii de bebree bɛguu mu.

42 Na ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso bae, na ɔde kaprɛba mmienu a ɛbɛyɛ kaprɛ bɛguu mu.

43 Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ: Okunafoɔ hiani yi de deɛ ɛdɔɔso abɛgu mu sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika adaka no mu nyinaa.

44 Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔwɔ, na abu wɔn soɔ no mu, na wɔde bi abɛgu mu; na oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’adeɛ nyinaa, na ɔde abɛgu mu.

Categories
Marko

Marko 13

Asɔrefie no ho nkɔmhyɛ

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

2 Na Yesu see no sɛ:Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.

Nnoɔma a ɛbɛdi akyire

3 Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:

4 Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn?

5 Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ:Monhwɛ, na obi annaadaa mo.

6 Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

7 Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.

Ɔtaa ne asɛmpa no ka

9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.

10 Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane!

11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.

12 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.

13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman

14 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;

15 na deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no nnsiane mmma fam, nanso ɔnnhyɛne mu mmmɛfa biribi ne fie.

16 Na deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsane n’akyi mmmɛfa ne ntoma.

17 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!

18 Na mommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ mu.

19 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio.

20 Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so.

21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni.

22 Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

23 Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.

Onipa ba no ba

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no,

owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

25 na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam,

na ɔsoro ahoɔden awoso.

26 Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.

27 Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.

28 Monsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm, na ɛreyiyi ahahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.

29 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom aba a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano!

30 Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa.

31 Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.

32 Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.

33 Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.

34 Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn!

35 Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa,

36 na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda.

37 Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!

Categories
Marko

Marko 14

Wɔpam Yesu tiri so

1 Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no.

2 Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.

Ɔdɔ akyɛdeɛ bi

3 Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani no fie. Na ɔtenaa ɛpono ho no, ɔbaa bi a ɔkura sradehwam toa, a ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu n’apampam.

4 Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwoɔ wɔ wɔn mu, na wɔkekaa sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo hwamhwam yi?

5 Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafoɔ. Na wɔnwiinwii tiaa no.

6 Na Yesu kaa sɛ:Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa.

7 Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.

8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.

9 Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso wɔbɛka de ayɛ no nkaeɛ.

Yuda yi Yesu ma

10 Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn.

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Twam no siesie

12 Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no?

13 Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi,

14 na faako a ɔbɛhyɛne no, monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no se: Ɛhefa na ahɔhodan a mene m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ?

15 Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na monsiesie Twam no mma yɛn.

16 Na asuafoɔ no sii mu kɔe, na wɔduruu kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.

Adidie a ɛdi akyire no — ɔfatwafoɔ adiyie

17 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne dummienu no baeɛ.

18 Na wɔte hɔ redidie no, Yesu kaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, mo a mone me redidie yi mu baako bɛyi me ama.

19 Na wɔn werɛ hoe, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no mmaako mmaako sɛ: Ɛyɛ me?

20 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛyɛ dummienu no mu baako a ɔne me to nsa ayowa mu no a.

21 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.

Adidie Kronkron asehyɛ

22 Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ:Monnye. Yei ne me honam!

23 Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi.

24 Na ɔsee wɔn sɛ:Yei ne me mogya a ɛyɛ apam foforɔ no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie aguo.

25 Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.

Petro pa ho nkɔmhyɛ

26 Na wɔtoo dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.

27 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mo nyinaa ɛbɛyɛ mo suntidua; ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ:

Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no abɔ apete.

28 Na me wusɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea.

29 Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua.

30 Na Yesu see no sɛ:Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.

31 Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ.

Getsemane awerɛhoɔ

32 Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ:Montena ha, na menkɔbɔ mpaeɛ ansa.

33 Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no.

34 Na ɔsee wɔn sɛ:Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu; montena ha, na monwɛn!

35 Na ɔkɔɔ n’anim kakra kɔbutuu fam, na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, dɔn no nsiane ne ho nkɔ.

36 Na ɔkaa sɛ:Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.

37 Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ:Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo?

38 Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.

39 Na ɔsii mu bio kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛnkorɔ no ara.

40 Na ɔsane ba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani twan so, na wɔnhunu deɛ wɔmfa mmua no.

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ:Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

42 Monsɔre mma yɛnkɔ; hwɛ deɛ ɔreyi me ama no abɛn!

Yuda ne asraafoɔ ba

43 Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho.

44 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!

45 Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.

46 Na wɔde wɔn nsa kɔsɔɔ ne mu kyeree no.

47 Na wɔn a na wɔgyina hɔ no mu baako twee ne nkrantɛ de bɔɔ ɔsɔfo panin akoa twaa n’aso.

Yesu kyerɛ ne n’asuafoɔ no dwane

48 Na Yesu bisaa wɔn sɛ:Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so, de nkrantɛ ne mmaa rebɛkyere me?

49 Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira!

50 Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee.

51 Na aberanteɛ bi a ɔfira nwera de akata n’adagya soɔ dii n’akyi; na wɔkyeree no;

52 na ɔgyaa nwera no, firii wɔn nsa, de adagya dwanee.

Yesu gyina ɔsɔfo panin anim

53 Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae.

54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

55 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanseɛ pɛɛ sɛ wɔkum no, nanso wɔannya bi.

56 Na nnipa pii dii adansekurumu tiaa no, nanso wɔn adanseɛ no anhyia.

57 Na ebinom sɔre dii adansekurumu tiaa no sɛ:

58 Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.

59 Na ɛno ho mpo adanseɛ no anhyia.

60 Na ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa mfimfini bisaa Yesu sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi?

61 Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa?

62 Na Yesu kaa sɛ:Mene no,

na mobɛhunu Onipa Ba no

sɛ ɔte tumi nifa,

na ɔreba ɔsoro mununkum mu.

63 Na ɔsɔfo panin no sunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio?

64 Moate n’abususɛm no; modwene sɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo.

65 Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.

Petro pa Yesu

66 Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae,

67 na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kaa sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!

68 Na Petro sanee sɛ: Mennim, na mente deɛ woreka yi ase mpo. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu, na akokɔ bɔnee.

69 Na abaawa no hunuu no bio, na ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi.

70 Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛree kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa ara wofra wɔn mu; ɛfiri sɛ woyɛ Galileani.

71 Na ɔfitii aseɛ dii nse, na ɔkekaa ntam sɛ: Mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi.

72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!

Categories
Marko

Marko 15

Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim

1 Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.

2 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ:Wo na woreka.

3 Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii.

4 Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?

5 Na Yesu ammua hwee bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa.

6 Nso daa, afahyɛ no mu no, ɔgyaa odeduani baako a wɔsrɛ no ma wɔn.

7 Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ.

8 Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no dendeenden, sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no.

9 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo?

10 Na ɔhunuu sɛ nitan nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no yii no maeɛ.

11 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.

12 Na Pilato bua see wɔn bio sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ hene no?

13 Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu!

14 Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

15 Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu ho agorɔdie

16 Na asraafoɔ no de no kɔɔ Amrado aban no adihɔ hɔ, na wɔfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiae.

17 Na wɔhyɛɛ no atadeɛ kɔkɔɔ bi, na wɔnwonoo nkasɛɛ abotire hyɛɛ no,

18 na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene!

19 Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.

Golgota

20 Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

22 Na wɔde no kɔduruu baabi a wɔfrɛ no Golgota; (ne nkyerɛaseɛ ne Tikwankoraa Bea).

23 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.

24 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ.

25 Na ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.

26 Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO!

27 Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;

28 [na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.]

29 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie!

30 Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam!

31 Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho wɔ wɔn ntam sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho.

32 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.

Yesu wuo

33 Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.

34 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Eloi, Eloi, lama sabaktani?A nkyerɛaseɛ ne:Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?

35 Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!

36 Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?

37 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.

38 Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.

39 Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!

40 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;

41 wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no.

Yesu amu sie

42 Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti,

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

44 Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?

45 Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef.

46 Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano.

47 Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.

Categories
Marko

Marko 16

Yesu wusɔreɛ no

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.

2 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpahema, wɔbaa ɛda no so, na owia apue.

3 Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?

4 Na wɔmaa wɔn ani so no, wɔhunuu sɛ ɔboɔ no amuni; nso na ɛso kokuroo.

5 Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim.

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!

7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

8 Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.

Maria Magdalene hunu Yesu

9 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.

10 Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no.

11 Na wɔn deɛ wɔtee sɛ ɔte aseɛ na wɔahu no no, wɔannye anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baanu

12 Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa.

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.

14 Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.

Asomafoɔ no asɛmpa ka

15 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

16 Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.

17 Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ,

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Yesu sorokorɔ

19 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

20 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.]Amen.