Categories
Marko

Marko 1

Osuboni Yohane asɛnka

1 Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba]asɛmpa no mfitiaseɛ.

2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.

3 Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ:

Monsiesie Awurade kwan!

Momma n’atempɔn ntene!

4 Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu.

5 Na Yuda asase sofoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu, Asubɔnten Yordan mu.

6 Na Yohane fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ.

7 Na ɔpaee mu kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa.

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Yesu asubɔ

9 Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu.

10 Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Yesu sɔhwɛ

12 Na amonom hɔ ara, Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ ɛserɛ so.

13 Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no.

Yesu asɛnka mfitiaseɛ

14 Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.

15 Na ɔkaa sɛ:Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni.

Yesu frɛ Asuafoɔ a wɔdi kan

16 Na ɔnenam Galilea Po ho no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; ɛfiri sɛ na wɔyɛ apofofoɔ.

17 Na Yesu see wɔn sɛ:Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.

18 Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ bɛdii n’akyi.

19 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ɔhunuu Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ kodoɔ mu retetɛ wɔn asau mu.

20 Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne apaafoɔ no kodoɔ no mu bɛdii n’akyi.

Yesu tu honhom fi

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

22 Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri, ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ Atwerɛfoɔ no!

23 Na ɛberɛ korɔ no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteaa mu sɛ:

24 Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.

25 Na Yesu teateaa no sɛ:Mua w’ano na firi ne mu kɔ!

26 Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.

27 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri maa wɔbisabisaa wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforɔ! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi mpo na wɔtie no.

28 Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.

Yesu sa nkurɔfoɔ pii nyarewa

29 Na wɔfirii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fie.

30 Na Simon asebaa afoɛ da hɔ, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no.

31 Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.

32 Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

33 Na kuro mu no nyinaa bɛkyeree so ɛpono no ano.

34 Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no.

Yesu asɛnka wɔ Galilea

35 Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.

36 Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tii no;

37 na wɔhunuu no no, wɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.

38 Na ɔsee wɔn sɛ:Momma yɛnkɔ nkuro a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na yei nti na mebaeɛ.

39 Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.

Ɔkwatani bi ayaresa

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

41 Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ:Mepɛ, wo ho mfi.

42 Na ntɛm ara, kwata no firii ne ho, na ne ho firiiɛ.

43 Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara.

44 Na ɔsee no sɛ:Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!

45 Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.

Categories
Marko

Marko 2

Yesu sa obubuani bi yareɛ

1 Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

3 Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no.

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ:Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

6 Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ:

7 Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛse obubuani no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nante?

10 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,ɔsee obubuani no sɛ:

11 Mese wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!

Yesu frɛ Lewi

13 Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.

14 Na ɔretwam no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.

15 Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso.

16 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?

17 Na Yesu teeɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.

Abuadadie ho asɛmmisa

18 Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada?

19 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada.

20 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada.

21 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ.

22 Na obi mfa bobesa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpaepae nkotokuo no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.

Homedadie ho asɛm

23 Na ɛbaa sɛ ɔkɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na n’asuafoɔ no rekorɔ no, wɔfitii aseɛ pempanee aburoo mmɛtem no bi.

24 Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

26 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

27 Na ɔsee wɔn sɛ:Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.

28 Enti Onipa Ba no yɛ homeda nso wura.

Categories
Marko

Marko 3

Homedadie ho asɛm

1 Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo,

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

3 Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ:Sɔre gyina ha.

4 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wɔgye obi nkwa anaasɛ wɔkum no? Na wɔyɛɛ komm.

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ:Tene wo nsa.Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

6 Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no.

Nnipakuo pii hyia wɔ mpoano

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

8 Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.

9 Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti wɔmma kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so.

10 Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu.

11 Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteam sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.

12 Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ.

Yesu yi dummienu no

13 Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn.

14 Na ɔyii wɔn mu dummienu sɛ wɔnka ne ho, na ɔnsoma wɔn asɛnka,

15 na wɔanya ahonhommɔne tuo so tumi.

16 Na ɔyii dummienu no, ɔtoo Simon din Petro;

17 Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma;

18 ne Andrea, ne Filipo ne Bartolomeo, ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo, ne Kanani Simon,

19 ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.

Yesu abusuafoɔ

20 Na ɔbaa fie; na nkurɔfokuo bɛhyiaa bio a enti wɔantumi annidi mpo.

21 Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no.

Yesu kasa tia nyaatwom

22 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.

23 Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ:Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?

24 Na sɛ ahennie bi ne ne ho di asie a, ahennie no ntumi nnyina.

25 Na sɛ efie bi ne ne ho di asie a, efie no ntumi nnyina.

26 Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asie a, ɔrentumi nnyina, ɛnneɛ na n’awieeɛ ara ne no.

27 Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma.

28 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn;

29 na mmom deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so.

30 Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ɔwɔ honhom fi.

Yesu abusua mapa

31 Ɛnna ne na ne ne nuanom ba bɛgyinaa afikyire, soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no.

32 Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo.

33 Na ɔbuaa wɔn sɛ:Hwannom ne me na ne me nuanom?

34 Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ:Hwɛ, me na ne me nuanom nie!

35 Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na.

Categories
Marko

Marko 4

Ogufoɔ ho bɛ

1 Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so.

2 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii wɔ mmebuo mu, na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ:

3 Montie:Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

4 Na ɛbaa sɛ ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na ewiem nnomaa ba bɛsosɔeɛ.

5 Na ebi kɔguu aboɔ so, deɛ dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ ntira;

6 na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ.

7 Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no nyiniiɛ, na ɛmiaa no, na anso aba.

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

9 Na ɔkaa sɛ:Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

10 Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;

12 na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu,

na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ,

na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

13 Na ɔsee wɔn sɛ:Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa?

14 Ogufoɔ no gu asɛm no.

15 Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

16 Na yeinom nso ne wɔn a wɔgu wɔn aboɔ so no: Wɔn na wɔnya te asɛm no a, ntɛm ara wɔde anigyeɛ gye,

17 na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.

18 Na yeinom ne wɔn a wɔgu wɔn nkasɛɛ mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,

19 na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.

20 Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.

Kanea adwuma

21 Na ɔsee wɔn sɛ:Wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ koraa anaasɛ mpa ase anaa? Ɛnyɛ sɛ wɔde bɛsi kaneadua soɔ anaa?

22 Na biribiara nni kɔkoam a wɔrenyi no adie, anaasɛ wɔde ahunta a ɛrenna adie.

23 Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ma no ntie!

24 Na ɔsee wɔn sɛ:Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.

25 Na deɛ ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam!

Aba a ɛno ara fifire

26 Na ɔkaa sɛ:Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam,

27 na ɔda, na ɔnyane anadwo ne awia, na aba no fifire, na ɛnyini, na ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ.

28 Na asase no ara so aba, ɛyi ahahan kane, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ ayuo a anyini bɛtem no mu.

29 Na sɛ aba no nyini a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrankyi kɔ, ɛfiri sɛ twaberɛ no adu.

Sinapi aba ho bɛ

30 Na ɔkaa sɛ:Ɛdeɛn ho na yɛde Nyankopɔn ahennie no bɛtoɔ? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yɛbɛbu no ho?

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

32 na wɔdua a, ɛnyini na ɛyɛ kɛseɛ sene fan nyinaa, na ɛyiyi mman akɛseɛ, na ewiem nnomaa tumi tena ne nwunu ase.

33 Na mmɛ a ɛtete sɛɛ pii na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔtumi te aseɛ.

34 Na wankwati bɛ ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko ara a, ɔkyerɛ n’asuafoɔ no ne nyinaa ase.

Ahum no asebrɛ

35 Na da no ara, ɛduruu anwummerɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.

36 Na wɔgyaa nkurɔfokuo no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho kodoɔ no mu sɛdeɛ ɔteɛ no ara; na akodoɔ bi nso ka ne ho.

37 Na ahum kɛseɛ bi tui, na asorɔkyeɛ bubu bɛguu kodoɔ no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma.

38 Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ:Mua w’ano; yɛ komm!Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

40 Na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie?

41 Na wɔsuroo yie, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

Categories
Marko

Marko 5

Honhom fi bi tuo

1 Na wɔduruu ɛpo no agya, Gerasefoɔ asase so.

2 Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no;

3 ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenaberɛ. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyere no bio.

4 Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no.

5 Na daa, awia ne anadwo, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔ so teateam, na ɔde aboɔ twitwa ne ho.

6 Na ɔhunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika bɛkotoo no,

7 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me!

8 Ɛfiri sɛ wase no sɛ:Wo honhom fi, firi onipa no mu.

9 Na Yesu bisaa no sɛ:Wo din de sɛn?Na ɔbuaa sɛ: Me din de Ɛdɔm, ɛfiri sɛ, yɛyɛ bebree.

10 Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam wɔn mmfiri asase no so.

11 Nso na mprakokuo pii wɔ bepɔ no so hɔ redidi.

12 Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛne wɔn mu.

13 Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no firii adi kɔhyɛnee mprako no mu, na mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɛpo no mu. Na wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔteetee wuwui ɛpo no mu.

14 Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no.

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

16 Na wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛyɛɛ deɛ honhommɔne wɔ ne soɔ no, ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn.

17 Na wɔfirii aseɛ srɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn asase so nkɔ.

18 Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.

19 Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ:Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.

20 Na ɔsii mu kɔe, na ɔkɔfitii aseɛ kaa nnoɔma akɛseɛ a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

Yairo babaa ne ɔbaa bi ayaresa

21 Na Yesu tenaa kodoɔ no mu twaa ɛpo no baa asuogya bio no, nkurɔfokuo pii bɛhyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.

22 Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase;

23 na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.

24 Na ɔne no sii mu kɔe; na nkurɔfokuo pii dii n’akyi, na wɔkyeree ne so.

25 Na ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu,

26 na wahunu amane pii ayaresafoɔ bebree nsam, na wahwere n’ahodeɛ nyinaa, na anyɛ no yie biara, na mmom ɛkɔɔ soɔ no,

27 ɔtee Yesu nka no, ɔbɛfirii n’akyi nkurɔfokuo no mu, de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ.

28 Na ɔkaa sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den.

29 Na ntɛm ara mogya a ɛretu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yadeɛ no agyae.

30 Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ:Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ?

31 Ɛnna n’asuafoɔ no see no sɛ: Woahunu sɛ nkurɔfokuo no kyere wo so, na wose:Hwan na ɔde ne ho kaa me?

32 Na ɔtwaa n’ani sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔyɛɛ adeɛ no.

33 Na ɔbaa no nim deɛ ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa ne nokorɛ nyinaa kyerɛɛ no.

34 Na ɔsee no sɛ:Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.

35 Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?

36 Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, ɔsee hyiadan mu panin no sɛ:Nsuro, na gye di ara.

37 Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane.

38 Na ɔduruu hyiadan mu panin no fie no, ɔbɛhunuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu, na wɔreyɛ hoo pii.

39 Na ɔhyɛnee hɔ no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra no nwui, wada.

40 Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.

41 Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ:Talita, Kumm!Aseɛ ne sɛ:Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane!

42 Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse.

43 Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.

Categories
Marko

Marko 6

Wɔpo Yesu wɔ Nasaret

1 Na Yesu firi hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafoɔ no dii n’akyi.

2 Na homeda duruiɛ no, ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na nnipa pii a wɔteeɛ no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi kɔnyaa nnoɔma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no yi, na saa ahoɔdenneɛ a ɔde ne nsa yɛ yi aseɛ ne sɛn?

3 Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.

4 Na Yesu see wɔn sɛ:Anidie mmɔ odiyifoɔ gye ne kurom ne n’abusuafoɔ mu ne ne fie.

5 Na wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ.

6 Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.

Yesu soma dummienu no

7 Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.

8 Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan gye poma nko ara; wɔmmfa aduane anaa kotokuo, anaa sika wɔ wɔn abɔsoɔ mu;

9 na wɔnhyɛ mpaboa, nso wɔnnhyɛ ntadeɛ mmienu mmienu.

10 Na ɔsee wɔn sɛ:Baabiara a mobɛhyɛne efie bi mu no, ɛhɔ na montena nkɔduru sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ.

11 Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.

12 Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.

13 Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.

Osuboni Yohane kum

14 Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.

15 Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.

16 Na Herode teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yohane a metwaa ne tire no, ɔno na wanyane.

17 Na Herode no ara asoma ma wɔabɛsɔ Yohane mu, akyere no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti, ɛfiri sɛ na waware no.

18 Na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware wo nua yere!

19 Na Herodia nyaa no menasepɔ, na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso wantumi.

20 Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.

21 Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ,

22 na Herodia no ara babaa ba bɛsae, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no ani. Ɛnna ɔhene see ababaawa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo.

23 Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so.

24 Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.

25 Na ntɛm ara ɔde ahoɔherɛ baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane subɔni no ti to plɛte so ma me seesei ara.

26 Na ɛyɛɛ ɔhene ya pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, wampɛ sɛ ɔkame no.

27 Na ntɛm ara ɔhene somaa ɔbrafoɔ, hyɛɛ sɛ wɔmfa ne tiri mmra. Na ɔkɔtwaa ne ti, afiase hɔ,

28 na ɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na ɔde maa ababaawa no, na ababaawa no de kɔmaa ne na.

29 Na n’asuafoɔ no teeɛ no, wɔba bɛfaa n’amu no, na wɔde kɔtoo ɔboda bi mu.

Asuafoɔ no sanba

30 Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ no!

31 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo nso mommra mmɛsene nkɔ ɛserɛ so fa baabi, na monkɔhome kakra.Na wɔn a wɔreba ne wɔn a wɔrekorɔ dɔɔso, na wɔannya adagyeɛ annidi mpo.

Yesu ma nnipa mpemnum aduane

32 Na wɔde kodoɔ sii mu kɔɔ ɛserɛ so fa baabi.

33 Na nkurɔfoɔ hunuu wɔn sɛ wɔrekorɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fam firi nkuro no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wɔtwaree wɔn ano.

34 Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.

35 Na onwunu reyɛ adwoɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛha yɛ ɛserɛ so, na onwunu reyɛ adwo,

36 gya wɔn kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi mu nkɔtɔ paanoo bi nni.

37 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mo ara momma wɔn biribi nni.Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa?

38 Na ɔsee wɔn sɛ:Paanoo ahe na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ.Na wɔkɔhwɛeɛ no wɔkaa sɛ: Enum ne mpataa mmienu.

39 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn nyinaa ntenatena ase akuakuo ɛserɛ mono no so.

40 Na wɔtenatenaa ase akuakuo, ɔha ɔha, ne aduonum aduonum.

41 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.

42 Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeeɛ.

43 Na wɔtasee mporoporowa nkɛntɛn dummienu mama ne mpataa no nso bi.

44 Na wɔn a wɔdii paanoo no ano si mmarima mpemnum.

Yesu bɔ mpaeɛ

45 Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa.

46 Na ɔmaa wɔkɔeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so mpaebɔ.

Yesu nante ɛpo so

47 Na ɛduruu anwummerɛ no na kodoɔ no wɔ ɛpo no mfimfini, na ɔno nko ara wɔ fam.

48 Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.

49 Na wɔhunuu no sɛ ɔnam ɛpo no ani no, wɔsusuu sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteateaa mu,

50 na wɔn nyinaa hunuu no, na wɔn akoma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na ɔsee wɔn sɛ:Momma mo bo ntɔ mo yam. Me ara; monnsuro.

51 Na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kodoɔ no mu, na mframa no gyaee. Na wɔn ho dwirii wɔn boroo so.

52 Na wɔante paanoo ho asɛm no ase ɛfiri sɛ na wɔn akoma apirim.

Genesaret ayaresa

53 Na wɔtwaeɛ no, wɔduruu Genesaret asase so, na wɔsii fam.

54 Na wɔfirii kodoɔ no mu no, ntɛm ara na wɔhunuu no;

55 na wɔde mmirika kɔkyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔfitii aseɛ soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ.

56 Na baabiara a ɔkɔeɛ, nkuraase, anaa nkuro, anaa nkuraa mu no, wɔde ayarefoɔ bɛguu edwa mu; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atadeɛ ano nnwo nko ara; na dodoɔ a wɔkaa no no, wɔn ho yɛɛ wɔn den!

Categories
Marko

Marko 7

Tetesɛm ho nkyerɛkyerɛ

1 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu binom a wɔfiri Yerusalem ba bɛhyiaa ne nkyɛn.

2 Na wɔhunuu n’asuafoɔ bi sɛ wɔde nsa a ɛho nteɛ, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohorɔ, redidi.

3 (Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu;

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

5 Ɛnna Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm soɔ, na wɔde nsa fi didie yi?

6 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfoɔ ho nkɔm, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni,

na wɔn akoma deɛ atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

7 Na wɔsɔre me kwa,

na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

8 Na moagya Nyankopɔn ahyɛdeɛ, kura nnipa atetesɛm mu.

9 Na ɔsee wɔn sɛ:Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ!

10 Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo!

11 Na mo deɛ, mose: Sɛ onipa bi se n’agya anaa ne na sɛ: Adeɛ a anka wode bɛnya me ho mfasoɔ no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)a,

12 na momma no nyɛ biribiara mma n’agya anaa ne na bio,

13 na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ.

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ:Mo nyinaa montie, na monte aseɛ!

15 Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi.

16 (Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!)

17 Na ɔfirii nkurɔfokuo no nkyɛn baa fie no, n’asuafoɔ no bisaa no bɛ no ase.

18 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo nso monni nteaseɛ sei? Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛfiri onipa ho, na ɛkɔ ne mu no ntumi ngu ne ho fi anaa?

19 Ɛfiri sɛ ɛnkɔ n’akomam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na mmom ɔyi gu yaane mu.(Ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho).

20 Na ɔkaa sɛ:Deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi.

21 Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm,

22 ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

23 Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu onipa ho fi.

Siro-Foinikeni baa bi gyidie

24 Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.

25 Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;

26 nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu.

27 Na Yesu see no sɛ:Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman.

28 Na ɔbaa no bua see no sɛ: Awurade, ɛwom saa deɛ; nanso nkraman a wɔwɔ ɛpono ase no nso di mmɔfra no mporoporowa no bi!

29 Na Yesu see no sɛ:Asɛm yi nti, kɔ! Honhommɔne no afiri wo babaa no mu.

30 Na ɔkɔɔ ne fie no, ɔkɔhunuu sɛ honhommɔne no afiri kɔ, na ne babaa no da mpa so.

Ɔdodoworofoɔ bi ayaresa

31 Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.

32 Na wɔde ɔsotifoɔ a ɔworo dodoɔ brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto ne so.

33 Na Yesu faa no firii nkurɔfokuo no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ n’asom, na ɔtee ntasuo de kaa ne tɛkyerɛma,

34 na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ:Hefata!ɛne sɛ: Bue!

35 Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie.

36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.

37 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.

Categories
Marko

Marko 8

Nnipa mpemnan aduanema

1 Nna no mu a nkurɔfokuo no dɔɔso bio na wɔnni biribi a wɔdie no, Yesu frɛɛ asuafoɔ no bae, see wɔn sɛ:

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

3 Na sɛ megya wɔn kwan ma wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; ɛfiri sɛ wɔn mu binom firi akyirikyiri na ɛbaeɛ.

4 Na n’asuafoɔ no buaa no sɛ: Ɛhefa na obi bɛtumi anya paanoo a yeinom bɛdi amee wɔ anwea pradada so ha?

5 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Paanoo ahe na mowɔ?Na wɔkaa sɛ: Nson.

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

7 Na wɔwɔ mpataa kakra bi; na ɔhyiraa so, kaa sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

8 Na wɔdi mee; na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no, nkɛntɛn nson mama.

9 Na wɔn a wɔdiiɛ no bɛyɛ sɛ mpemnan. Na wɔgyaa wɔn kwan.

10 Na ntɛm ara ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔbaa Dalmanuta fam.

Ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

12 Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ:Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.

13 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa.

Farisifoɔ ne Herode mmɔreka

14 Na wɔn werɛ firii sɛ wɔfa paanoo, na na wɔnni biribi wɔn nkyɛn kodoɔ no mu sɛ paanoo baako pɛ.

15 Na Yesu see wɔn sɛ:Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho!

16 Na wɔdwendwene sesee wɔn ho sɛ wɔnni paanoo.

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

18 Mowɔ ani na monhunu adeɛ? Na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae?

19 Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ?Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu.

20 Na mebubuu nson no memaa nnipa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ?Ɛnna wɔse: Nson.

21 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛnna afei monte aseɛ ara yi?

Betsaida onifirani bi ayaresa

22 Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

23 Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ:Wohunu adeɛ anaa?

24 Na onifirani no maa n’ani so kaa sɛ: Aane, mehunu nnipa a ɛnenam hɔ, nanso mehu wɔn sɛ nnua.

25 Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann.

26 Na ɔmaa no kɔɔ ne fie see no sɛ:Nkɔ akuraa no mpo ase.

Yesu ne Kristo no

27 Na Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa ase. Na ɔkwan mu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ:Nnipa ka sɛ mene hwan?

28 Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.

29 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Na mo deɛ, mose mene hwan?Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

30 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ

31 Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim.

33 Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ:Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!

36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

37 Anaasɛ ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?

38 Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.

Categories
Marko

Marko 9

Yesu animuonyam hyerɛn

1 Na ɔsee wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.

2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,

3 na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.

4 Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.

5 Na Petro see Yesu sɛ: Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.

6 Na ɔnnim asɛm a ɔnka mpo; ɛfiri sɛ na ɔsuro yie.

7 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no!

8 Na amonom hɔ ara, wɔtwitwaa wɔn ani no, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.

Elia ba

9 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.

10 Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?

11 Na wɔbisaa Yesu sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?

12 Na ɔsee wɔn sɛ:Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ?

13 Na mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔayɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ne ho no.

Otwafoɔ bi ayaresa

14 Na wɔduruu asuafoɔ no nkyɛn no, wɔhunuu nkurɔfokuo pii wɔ wɔn ho ne Atwerɛfoɔ sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm.

15 Na ntɛm ara a nkurɔfokuo no nyinaa hunuu no no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika ba bɛkyeaa no.

16 Na Yesu bisaa wɔn sɛ:Ɛdeɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi?

17 Na nkurɔfokuo no mu baako buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima a ɔwɔ mum honhom mebrɛɛ wo,

18 na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi.

19 Na ɔbuaa wɔn sɛ:O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!

20 Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.

21 Na ɔbisaa n’agya sɛ:Nna ahe ni a yei yɛɛ no?Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase;

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

23 Na Yesu see no sɛ:Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.

24 Na ntɛm ara abɔfra no agya teaa mu kaa sɛ: Megye medi, na boa me wɔ m’akyinnye gyeɛ ho!

25 Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ:Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio.

26 Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.

27 Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree.

28 Na Yesu duruu fie no, n’asuafoɔ no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn deɛ yɛantumi antu no?

29 Na ɔsee wɔn sɛ:Saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, wɔntumi mfa biribiara ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu

30 Na ɔfirii hɔnom no, wɔkɔtwaa mu Galilea, na wampɛ sɛ obi teɛ.

31 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ:Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.

32 Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.

Ahobrɛaseɛ

33 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ fie no, ɔbisaa wɔn sɛ:Ɛdeɛn na modwenwenee ho ɔkwan mu no?

34 Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ.

35 Na ɔtenaa ase frɛɛ dummienu no, na ɔsee wɔn sɛ:Sɛ obi pɛ kan adi a, ma no nni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfoɔ.

36 Na ɔfaa abɔfra bi de no gyinaa wɔn mfimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ:

37 Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.

Ahomasoɔ ho animka

38 Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi.

39 Ɛnna Yesu kaa sɛ:Mommmara no; na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ ahoɔdenneɛ na ɔbɛtumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara.

40 Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa.

41 Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.

Suntidua toɔ

42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu.

43 Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu,

44 [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.]

45 Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,

46 [deɛ wɔn aboaa nnwuo na ogya no nnum.]

47 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,

48 deɛ wɔn aboaa nnwuo, na ogya no nnum.

49 Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene. [Na wɔde nkyene bɛto afɔdeɛ nyinaa mu.]

50 Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.

Categories
Marko

Marko 10

Awaregyaeɛ ho asɛmmisa

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

2 Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ.

3 Na ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdeɛn na Mose hyɛɛ mo no?

4 Na wɔkaa sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔnnyae no.

5 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo;

6 na ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ɔbarima ne ɔbaa na Onyankopɔn bɔɔ wɔn.

7 Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho,

8 na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro. Ne saa nti, wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam koro.

9 Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntete mu.

10 Na ɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio.

11 Na ɔsee wɔn sɛ:Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

12 na sɛ ɔbaa no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforɔ a, na wasɛe awadeɛ.

Kristo hyira mmɔfra

13 Na wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na n’asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde wɔn baeɛ no anim.

14 Na Yesu hunuiɛ no, anyɛ no abodwo, na ɔsee wɔn sɛ:Momma mmɔfra no kwan, na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.

15 Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.

16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.

Daa nkwa

17 Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?

18 Na Yesu see no sɛ:Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako, ɔno ne Onyankopɔn.

19 Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni.

20 Na ɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii soɔ.

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ:Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.

22 Na asɛm no nti ɔmunae de awerɛhoɔ kɔe; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

23 Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, see n’asuafoɔ no sɛ:Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no ahodwiri. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ:Mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyadeɛ soɔ]sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

25 Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.

26 Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so; na wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?

27 Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ:Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.

28 Na Petro fitii aseɛ see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.

29 Na Yesu kaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ obiara nni hɔ a wagya efie anaa nua mmarimanom, anaa nua mmaanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa nsase, me ne asɛmpa no nti,

30 na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.

31 Na adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

32 Na wɔnam ɔkwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na na wɔn a wɔdi n’akyiri no suro. Na ɔfaa dummienu no bio fitii aseɛ kaa nnoɔma a ɛbɛba ne soɔ kyerɛɛ wɔn sɛ:

33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ,

34 na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.

Nyankopɔn ahennie mu dibea

35 Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ woɔ no, woyɛ ma yɛn.

36 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?

37 Na wɔsee no sɛ: Deɛ yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako ntena wo benkum, w’animuonyam mu.

38 Na Yesu see wɔn sɛ:Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaasɛ mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo anaa?

39 Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ:Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

40 na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛdeɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn.

41 Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

42 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔsee wɔn sɛ:Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔdi wiase amanaman soɔ no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.

43 Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,

44 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛdi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Onifirani Bartimeo adehunu

46 Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

47 Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ɔfitii aseɛ teaa mu sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!

48 Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔno deɛ, ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

49 Na Yesu gyina kaa sɛ:Momfrɛ no!Na wɔfrɛɛ onifirani no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!

50 Na ɔtoo ne ntoma gui sɔre baa Yesu nkyɛn.

51 Yesu bisaa no sɛ:Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ?Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!

52 Na Yesu see no sɛ:Kɔ, wo gyidie agye wo!Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi ɔkwan no so.