Categories
Malaki

Malaki 1

Onyankopɔn dɔ Israel

1 AWURADE atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel nie.

2 Madɔ mo, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Wode deɛn na adɔ yɛn? Esau nyɛ Yakob nua? AWURADE asɛm nie; nanso medɔɔ Yakob,

3 na metanee Esau, na mayɛ ne mmepɔ no afo, ne n’agyapadeɛ nso ayɛ anwea pradada sɛ ɛserɛ so kraman adeɛ.

4 Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa.

5 Na mo ani bɛhunu, na mo deɛ, mobɛka sɛ: AWURADE kɛseyɛ tra Israel hyeɛ no so.

Asɔfoɔ no anibiannasoɔ

6 Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia?

7 Mode paanoo a ɛho akum brɛ me m’afɔrebukyia so. Na moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ mosusu sɛ: AWURADE pono no yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.

8 Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

9 Wiɛ, monkoto nsrɛ Nyankopɔn, na ɔmmɛdom yɛn ɛ. Na sɛ mo nsam na ɛno firiiɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo AWURADE na ɔseɛ.

10 Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.

11 Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.

12 Nanso mogu ho fi, sɛ moka sɛ: AWURADE pono no, wɔakum ho, ne ɛso adeɛ, n’aduane no nso yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia.

13 Nso moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn nie! Na mopeepee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mode fomfa adeɛ ne aboa apakye ne ɔyarefoɔ ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛdeɛ; mɛgye no mo nsam ama no ayɛ me fɛ anaa? AWURADE na ɔseɛ.

14 Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.

Categories
Malaki

Malaki 2

Asɔfoɔ no asotwe

1 Na afei, deɛ wɔahyɛ yi, wɔne mo, asɔfoɔ.

2 Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.

3 Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;

4 na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.

5 M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoeɛ, na mede memaa no sɛ ɔnsuro. Na ɔsuroo me, na me din nti ne ho popoe.

6 Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu kɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho.

7 Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.

8 Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

9 Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.

Awaresɛeɛ

10 Ɛnyɛ agya korɔ na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn korɔ na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnam deɛn so nti na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde bɛgu yɛn agyanom apam ho fi yi?

11 Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.

12 AWURADE bɛtwa ɔbarima a ɔyɛ yei, sɛ ɔnim na ɔboapa yɛ no afiri Yakob ntomadan mu, na wapo n’ayɛyɛdeɛ a ɔde brɛ asafo AWURADE no.

13 Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.

14 Na mobisa sɛ: Ɛnam deɛn so? Ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ntam danseni, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yerɛ no.

15 Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.

16 Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo.

17 Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?

Categories
Malaki

Malaki 3

AWURADE bɔfoɔ no ba

1 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.

2 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no?

Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;

3 na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu;

4 ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.

5 Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

6 Na me, AWURADE, mensakyera; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.

Ntotosoɔ du du ho asɛm

7 Ɛfiri mo agyanom berɛ so na mosane firii m’ahyɛdeɛ ho na moanni soɔ. Monsane mmra me nkyɛn! na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛnsane?

8 Onipa bɛfom Onyankopɔn afa sɛdeɛ morefom me fa yi anaa? Nanso mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛfom wo fa? Ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mu.

9 Wɔde nnome adome mo, ɛfiri sɛ me na morefom me afa, ɔman mu no nyinaa.

10 Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa?

11 Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ.

12 Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Awerɛkyekyerɛ bɔhyɛ

13 Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ?

14 Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim?

15 Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.

16 Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.

17 Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ yei no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no ho.

18 Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.

Categories
Malaki

Malaki 4

AWURADE da kɛseɛ no

1 Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.

2 Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,

3 na mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.

5 Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

6 Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.