Categories
Luka

Luka 21

Ɔbaa kunafoɔ no akyɛdeɛ

1 Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.

2 Na ɔhunuu ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso a ɔde mpɛsewa mmienu bɛguu mu.

3 Na ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, okunafoɔ hiani yi de bebree abɛgu mu sene wɔn nyinaa.

4 Na yeinom nyinaa firi deɛ wɔwɔ na aboro wɔn soɔ no mu na wɔde bi abɛgu mu, nanso oyi deɛ, ɔfiri ne hia mu de n’asetenadeɛ a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu.

Asɔrefie sɛeɛ ho nkɔmhyɛ

5 Na ebinom reka asɔrefie no ho asɛm sɛdeɛ wɔde abo fɛfɛ ne akyɛdeɛ hodoɔ ahyehyɛ no no, ɔkaa sɛ:

6 Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.

Nsɛm a ɛdi ɔsɛeɛ yi anim

7 Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?

8 Na ɔse:Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!

9 Na sɛ mote ɔko ne basabasayɛ a, mommma no mmɔ mo hu; na ɛtwa sɛ yeinom ba kane; nanso awieeɛ no deɛ, na ɛnnurui.

Akodie ne asasewosoɔ

10 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so.

11 Na asasewosoɔ kɛseɛ bɛba mmeammea, na ɛkɔm ne yaredɔm bɛba; na ahudeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ bɛfiri soro aba.

Ɔtaa

12 Na deɛ ɛdi yeinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛsɔ mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim me din nti,

13 na mode adi me ho adanseɛ.

Ɔgyeɛ

14 Enti momfa nto mo tirim na moannwene deɛ mode bɛyi mo ho ano ansa.

15 Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.

16 Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

17 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo.

18 Na mo tirinwi mu biara mpo renyera.

19 Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.

Atamfoɔ bɛtwa Yerusalem ho ahyia

20 Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.

21 Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,

22 ɛfiri sɛ yei ne aweretɔ nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.

Kuro no sɛeɛ

23 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.

24 Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.

Onipa ba no ba

25 Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;

26 na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.

27 Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.

28 Na nnoɔma yi refiri aseɛ aba a, monhwɛ soro na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.

Borɔdɔma no ho adesua

29 Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ:Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa!

30 Sɛ ɛnya fefɛ na mohwɛ a, mo ankasa mohunu sɛ ahuhuro berɛ anya abɛn.

31 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom reba a, monhunu sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn.

32 Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.

33 Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

Kɔkɔbɔ

34 Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,

35 na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so.

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.

37 Nso da biara no, na ɔkyerɛkyerɛ asɔrefie hɔ awia, na anadwo na wafiri hɔ akɔtena bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ no so.

38 Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.

Categories
Luka

Luka 22

Wɔpam Yesu tiri so

1 Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.

2 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu; ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no.

Yuda gye pene sɛ ɔbɛyi Yesu ama

3 Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.

4 Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

5 Na ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔne no hyehyɛɛ sɛ wɔbɛma no sika bi.

6 Na ɔpenee; na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama wɔn wɔ nkurɔfokuo no akyi.

Twam no siesie

7 Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wɔkum Twam dwan no durui.

8 Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ:Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi.

9 Na wɔsee no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?

10 Na ɔsee wɔn sɛ:Hwɛ, moduru kuro no mu a, onipa bi a ɔso ahina a nsuo wɔ mu bɛhyia mo; monni n’akyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu.

11 Na monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se wo sɛ: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ?

12 Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu; ɛhɔ na monkɔsiesie!

13 Na wɔkɔ kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no.

Adidie a ɛdi akyire

14 Na dɔn no duruiɛ no, ɔbɛtenaa ase, na asomafoɔ no ka ne ho.

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Pɛ na mepɛɛ sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane.

16 Na mese mo sɛ, merenni bi bio, gye da a aba mu Nyankopɔn ahennie mu.

17 Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ:Monnye yei, na monkyɛ mu!

18 Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.

Adidi kronkron no asehyɛ

19 Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ:Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.

20 Saa ara nso na wɔwiee adidie no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ:Kuruwa yi ne apam foforɔ me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie aguo.

21 Nso hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no ne me te pono ho didi.

22 Na Onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ no deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi no ama no nnue!

23 Na wɔfirii aseɛ bisabisaa wɔ wɔn mu sɛ, hwan ara na ɔrebɛyɛ saa adeɛ yi.

Yesu kasa tia ahomasoɔ

24 Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na wɔbɛbu no kɛseɛ.

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfoɔ.

26 Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.

27 Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane pono ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane pono ho? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom.

28 Na mone wɔn a wɔda so ka me ho wɔ me sɔhwɛ mu.

29 Na me nso, sɛdeɛ m’agya ayi ahennie ama me no, saa ara na mayi mama mo,

30 na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.

Petro pa ho nkɔmhyɛ

31 Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo.

32 Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!

33 Na ɔsee no sɛ: Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu.

34 Na ɔse:Petro, meka mekyerɛ wo, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasane mprɛnsa sɛ wonnim me.

Kɔkɔbɔ bi

35 Na ɔsee wɔn sɛ:Mesomaa mo a na monkura sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?Na wɔse: Anhia yɛn hwee.

36 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ:Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ma no mfa, ne akwantuo bɔtɔ saa ara; na deɛ ɔnni bie no, ma no ntɔn ne ntoma mfa ntɔ nkrantɛ.

37 Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.

38 Na wɔse: Awurade, hwɛ, nkrantɛ mmienu ni. Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛdɔɔso.

Getsemane awerɛhoɔ

39 Na ɔfirii adi, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so; na asuafoɔ no nso dii n’akyi.

40 Na ɔduruu hɔ no, ɔsee wɔn sɛ:Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu!

41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ

42 sɛ:Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.

43 Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

44 Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.

45 Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu baa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ awerɛhoɔ nti wɔadeda,

46 na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn na moreda? Monsɔre mmɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.

Yesu kyerɛ

47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, nnipakuo bi bae a dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na ɔtwe bɛnee Yesu, bɛfee n’ano.

48 Na Yesu bisaa no sɛ:Yuda, wode mfeano na ɛreyi onipa ba no ama?

49 Na wɔn a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛba no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrantɛ anaa?

50 Na wɔn mu baako bɔɔ ɔsɔfo panin akoa, na ɔtwaa n’aso nifa.

51 Na Yesu buaa sɛ:Momma no nso ha ara!Na ɔsɔɔ n’aso no mu de famm hɔ.

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ:Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?

53 Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.

Petro pa ne wura

54 Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri.

55 Na wɔsɔɔ ogya adihɔ hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.

56 Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.

57 Na ɔsanee sɛ: Ɔbaa, menni no.

58 Na ankyɛ na ɔfoforɔ hunuu no, na ɔse: Wo nso wofiri wɔn mu. Na Petro se: Barima, memfiri wɔn mu.

59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔfoforɔ bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, ɛfiri sɛ ɔyɛ Galileani.

60 Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.

61 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ:Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

62 Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.

Yesu ho agorɔdie

63 Na mmarima a wɔkura Yesu no goroo ne ho hwee no.

64 Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wɔbisaa no sɛ: Hyɛ nkɔm! Hwan na ɔbɔɔ woɔ?

65 Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu ne soɔ.

Yesu gyina badwa mu

66 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no bɛhyiaeɛ, na wɔde no kɔɔ wɔn asɛnniiɛ

67 kaa sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Sɛ mese mo a, morennye nni;

68 na sɛ nso mebisa mo a, moremmua me.

69 Na ɛfiri nnɛ na Onipa Ba no bɛtena Nyankopɔn tumi nifa soɔ.

70 Na wɔn nyinaa kaa sɛ: Ɛnneɛ na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Moaka, na mene no.

71 Na wɔse: Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Na yɛn ara yɛate afiri n’anomu.

Categories
Luka

Luka 23

Yesu gyina Pilato anim

1 Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.

2 Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.

3 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na ɔbuaa no sɛ:Woaka.

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

5 Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.

6 Na Pilato tee Galilea din no, ɔbisaa sɛ onipa no yɛ Galileani anaa?

Wɔde Yesu kɔma Herode

7 Na ɔhunuu sɛ ɔfiri Herode asase soɔ no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ara nso wɔ Yerusalem.

8 Herode hunuu Yesu no, n’ani gyee sɛ; ɛfiri sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔhu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntira. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi na wahunu.

9 Na ɔbisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.

10 Nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no gyina hɔ, na wɔtotoo n’ano ara.

11 Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio.

12 Na da no ara na Herode ne Pilato faa adamfoɔ; akane no deɛ, na anka wɔyɛ aka.

Pilato di ma Yesu

13 Na Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne ɔman no boaa ano

14 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ ne mu mo anim, na manhunu nsɛm a mode totoo n’anomu afobusɛm biara onipa yi mu.

15 Herode nso anhunu; na ɔmaa wɔde no brɛɛ yɛn, na hwɛ, ɔnyɛɛ deɛ ɛfata sɛ wɔku no.

16 Enti mɛhwe no, na magyaa no.

17 [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako ma wɔn.]

18 Na wɔn nyinaa teaa mu prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyae Baraba ma yɛn!

19 (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛɛ no kuro mu hɔ ne awudie nti wɔde no akɔto afiase.)

Ɔbu no kumfɔ

20 Na Pilato pɛɛ sɛ ɔgyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio.

21 Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!

22 Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.

23 Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.

24 Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no.

25 Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.

Yerusalem mmaa

26 Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

27 Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi ne mmaa a wɔredi abooboo na wɔresu no.

28 Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ wɔn kaa sɛ:Yerusalem mmammaa, monnsu me, na monsu mo ho ne mo mma!

29 Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.

30 Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: Monhwe yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Monkata yɛn so!

31 Na sɛ wɔde yei reyɛ dua mono a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ dua wuiɛ?

32 Na wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu nso kaa ne ho kɔɔ sɛ wɔnkɔkum wɔn.

Golgota

33 Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛnee no ne nnebɔneyɛfoɔ no, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ benkum.

34 Na Yesu kaa sɛ:Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ!Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.

35 Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ!

Yesu ho agorɔdie

36 Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,

37 na wɔkaa sɛ: Sɛ woyɛ Yudafoɔ hene a, gye wo ho!

38 Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene.

Odwotwafoɔ a ɔsakyeraa n’adwene

39 Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛne wɔn no mu baako yaa no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!

40 Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi?

41 Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.

42 Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.

Yesu wuo

44 Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

45 Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ.

46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.

Ne wuo ka nkurɔfokuo no

47 Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.

48 Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ adeɛ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔbobɔɔ wɔn koko so, sane kɔe.

49 Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi.

Yesu sie

50 Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene

51 no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.

52 Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.

53 Na ɔkɔyii amu no kyekyeree no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔboɔ mu, a onipa bi nnaa mu da mu.

54 Na da no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.

55 Na mmaa no nso a wɔne no firi Galilea baeɛ no dii akyire kɔhwɛɛ ɛda no ne sɛdeɛ wɔde n’amu no too hɔ faeɛ.

56 Na wɔsane bɛsiesiee nnuro ne ngo hwamhwam.

Na homeda no, wɔyɛɛ komm homee sɛdeɛ mmara no teɛ no.

Categories
Luka

Luka 24

Yesu sɔre firi awufoɔ mu

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɛda no so, na wɔde nnuhwam a wɔasiesie no bae.

2 Na wɔhunuu ɔboɔ no sɛ apire afiri ɛda no ano,

3 na wɔhyɛnee mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no.

4 Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.

5 Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi?

6 Ɔnni ha, na wasɔre. Monkae sɛdeɛ ɔwɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ mo

7 sɛ:Ɛtwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.

8 Na wɔkaee ne nsɛm no;

9 na wɔsane firii ɛda no so bɛkaa nnoɔma yi nyinaa kyerɛɛ dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.

10 Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo ne na Maria ne mmaa a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ no.

11 Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni.

12 Na Petro deɛ, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu fa, na ɔfirii hɔ kɔɔ fie, na deɛ asie no yɛɛ no nwanwa.

Emaus korɔ

13 Na hwɛ, da no ara wɔn mu baanu sii mu kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ nkwansimma aduosia ase.

14 Na wɔredi nsɛm a asie yi nyinaa ho nkɔmmɔ.

15 Na ɛbaa sɛ wɔredi nkɔmmɔ na wɔrebisabisaa wɔn ho no, Yesu ankasa twe bɛnee ne wɔn bɔɔ anan kɔe.

16 Nanso wɔasosɔ wɔn aniwa mu, na wanhu no.

17 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Nkɔmmɔ bɛn na monam redie a mo werɛ ahoɔ yi?

18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: Wo nko ne hɔhoɔ wɔ Yerusalem a wonnim nsɛm a asi hɔ nnansa yi anaa?

19 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Nsɛm bɛn?Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,

20 sɛdeɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne yɛn mpanimfoɔ de no kɔmaa sɛ wɔmmu no fɔ nkum no, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.

21 Na yɛn deɛ, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebɛgye Israel. Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ.

22 Na mmaa bi a wɔfiri yɛn mu abɛma yɛn ho adwiri yɛn. Wɔtuaa nhema kɔɔ ɛda no so,

23 na wɔanhunu n’amu no, na wɔba bɛkaa sɛ wɔahunu abɔfoɔ bi wɔn ani so nso a wɔkaa sɛ ɔte ase.

24 Na wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no mu binom kɔɔ ɛda no so, na wɔkɔhunuu sɛdeɛ mmaa no nso kaeɛ no ara; na ɔno ara deɛ, wɔanhu no.

25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie!

26 Ɛnsɛ sɛ Kristo no bɛhunu saa amaneɛ no ansa na wakɔ n’animuonyam mu anaa?

27 Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.

28 Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ aseɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔrekɔ n’anim.

29 Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ.

30 Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.

31 Na wɔn ani buee, na wɔhunuu no; na ɔno deɛ, ɔtu yeraa wɔ wɔn anim.

32 Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔne yɛn rekasa kwan mu na ɔbuee atwerɛ nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma mu anyɛ yɛn dɛdɛɛdɛ anaa?

Asuafoɔ baanu no sane kɔ Yerusalem

33 Na wɔsɔree dɔn no ara mu sane baa Yerusalem; na wɔbɛhunuu sɛ dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho aboaboa wɔn ano

34 reka sɛ: Awurade anyane ampa, na wayi ne ho akyerɛ Simon.

35 Na baanu no nso kaa deɛ ɛsii kwan mu ne sɛdeɛ wɔhunuu no paanoobubuo mu no kyerɛɛ wɔn.

Yesu yi ne ho kyerɛ asuafoɔ no

36 Na wɔrekasa saa no, ɔno ara ankasa bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ:Asomdwoeɛ nka mo!

37 Na wɔbobɔɔ binim, na wɔsuro susuu sɛ wɔahunu ɔsaman.

38 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Adɛn na mo akoma tutuo, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo akoma mu?

39 Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.

40 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.

Ɔdidi wɔ wɔn anim

41 Na anigyeɛ nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwanwa no, ɔbisaa wɔn sɛ:Mowɔ aduane bi wɔ ha anaa?

42 Na wɔmaa no apataa a wɔatoto sini bi.

43 Na ɔgye dii wɔ wɔn anim.

Ɔkyerɛ anyamesɛm ase

44 Na ɔsee wɔn sɛ:Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.

45 Ɛno na ɔbuee wɔn adwene mu maa wɔtee atwerɛ nsɛm no aseɛ.

46 Na ɔsee wɔn sɛ:Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu,

47 na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.

48 Na mone yeinom ho adansefoɔ.

49 Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no aba mo so; enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afiri soro.

Ɔsorokorɔ

50 Na ɔde wɔn firii adi kɔduruu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.

51 Na ɛbaa sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.

52 Na wɔkoto sɔree no, na wɔde anigyeɛ kɛseɛ sane baa Yerusalem.

53 Na wɔwɔ asɔrefie hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.