Categories
Luka

Luka 1

Nhyɛnmu

1 Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ,

2 sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti,

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

4 na woahunu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ woɔ no yɛ nokorɛ.

Yohane Osuboni awofoɔ

5 Yudahene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mmammaa no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.

6 Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,

7 nanso wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini pa ara!

Yohane Osuboni awoɔ ho nkɔmhyɛ

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

9 sɛdeɛ asɔfodwuma no teɛ no, ɛduruu ne so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhye ohwam.

10 Na ɔrehye ohwam no, na nnipakuo no nyinaa gyina adihɔ rebɔ mpaeɛ.

11 Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyii ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa.

12 Na Sakaria hunuu no no, n’akoma tui, na ehu kaa no.

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

14 Na ɛbɛyɛ wo anigyeɛ ne ahosan,

na n’awoɔ nti nnipa bebree ani bɛgye.

15 Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim,

na ɔrennom bobesa anaa nsa biara,

na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma

afiri ne na yam mpo.

16 Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

17 Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim

akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so

ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho,

na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.

18 Na Sakaria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na mede bɛhunu yei? Ɛfiri sɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

20 Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.

21 Na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛre asɔredan mu hɔ saa.

22 Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.

23 Na ɛbaa sɛ ne som nna wiee duro no, ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie.

24 Na nna yi akyiri no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee abosome nnum kaa sɛ:

25 Sɛdeɛ Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ ɔbɛyi m’ahohora afiri nnipa mu no mu ni.

Yesu awoɔ ho nkɔmhyɛ

26 Na bosome a ɛtɔ so nsia no mu no, Onyankopɔn somaa Ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,

27 ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Dawid abusua mu awadeɛ nkyɛn; na ababaa no din de Maria.

28 Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.

29 Na n’akoma tuu n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyea bɛn ni?

30 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.

31 Na hwɛ, wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.

32 Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba;

na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no.

33 Na ɔbɛdi Yakob fie so hene daapem, na n’ahennie no to rentwa da.

34 Na Maria see ɔbɔfoɔ no sɛ: Yei bɛyɛ dɛn na aba mu, ɛfiri sɛ mennim ɔbarima biara?

35 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ:

Honhom Kronkron no bɛba wo so,

na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so;

enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no

Nyankopɔn ba.

36 Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia;

37 ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.

38 Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛdeɛ w’asɛm seɛ. Na ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔe.

Maria kɔsra Elisabet

39 Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,

40 na ɔkɔɔ Sakaria fie kɔkyeaa Elisabet.

41 Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

42 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!

43 Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

44 Na hwɛ, wo nkyea twaa m’aso mu ara pɛ, akɔkoaa no de ahosan hurii me yam.

45 Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.

Ayeyie dwom

46 Na Maria kaa sɛ:

Me kra, kamfo Awurade,

47 na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;

48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena.

Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

49 ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me,

na ne din ne kronkron,

50 na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so,

awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ;

wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

52 Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so

na wapagya ahiafoɔ.

53 Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma,

na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.

54 Wasɔ n’akoa Israel mu,

sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborɔhunu,

55 sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no,

ama Abraham ne n’asefoɔ daa.

56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa; na ɔsane kɔɔ ne fie.

Osuboni Yohane awoɔ

57 Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima.

58 Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔne no ani gyee.

59 Na ɛbaa sɛ ne nnawɔtwe soɔ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria,

60 nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.

61 Na wɔsee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.

62 Na wɔde nsɛnkyerɛnneɛ bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.

63 Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

64 Na n’ano buee, na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ.

65 Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu.

66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so.

Nhyira dwom

67 Na n’agya Sakaria deɛ, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:

68 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn,

ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

69 na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn

n’akoa Dawid fie,

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

71 sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;

72 sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ,

na wakae n’apam kronkron no:

73 Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham

74 sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam,

na yɛasom no a ehu nni mu,

75 ahoteɛ ne tenenee mu

wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.

76 Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ;

ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,

77 na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man,

wɔ wɔn bɔne fakyɛ a

78 ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu.

Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,

79 sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ,

na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.

80 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Categories
Luka

Luka 2

Yesu awoɔ

1 Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din.

2 Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.

3 Na nnipa nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din.

4 Na Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea sii mu kɔɔ Yudea, Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem mu, ɛfiri sɛ na ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu,

5 kɔtwerɛɛ ɔno ne n’asiwa yere Maria a n’awoɔ abɛn no din.

6 Na wɔwɔ hɔ no, n’awoɔ duruu so,

7 na ɔwoo n’abakan barima, na ɔde ntoma kyekyeree no, na ɔde no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ wɔannya kwan ahɔhodan no mu.

Nnwanhwɛfoɔ ne abɔfoɔ no

8 Na nnwanhwɛfoɔ bi wɔ saa asase no so da wiram rewɛn wɔn nnwankuo anadwo.

9 Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn.

10 Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,

11 sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.

12 Na yei ne mo nsɛnkyerɛnneɛ: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.

13 Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ:

14 Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro,

na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.

15 Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

16 Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.

17 Na wɔhunuu no no, wɔkaa abɔfra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.

18 Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa.

19 Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu.

20 Na nnwanhwɛfoɔ no sane kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na wɔyii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔkɔhunuiɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.

Abɔfra no dintoɔ

21 Na ɔdii nnawɔtwe a wɔrebɛtwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.

Wɔde abɔfra no kɔ Yerusalem

22 Na wɔn ahodwira nna duruiɛ sɛdeɛ Mose mmara seɛ no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade

23 (sɛdeɛ wɔatwerɛ Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)

24 na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.

Simeon

25 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.

26 Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.

27 Na Honhom no maa no kɔɔ asɔrefie hɔ; na abɔfra Yesu awofoɔ no de no baa sɛ wɔrebɛyɛ sɛdeɛ mmara no teɛ ama no no,

28 ɔfaa no too n’abasa so, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkaa sɛ:

29 Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu

sɛdeɛ w’asɛm seɛ;

30 ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ

31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim,

32 kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ

na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.

33 Na deɛ wɔkaa no ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwanwa.

34 Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,

35 na wo nso, afena bɛhwire wo ara wo kra mu, na akoma bebree mu nsusuiɛ ada adi.

Hana

36 Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson.

37 Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Wɔsane kɔ Nasaret

39 Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.

40 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.

Yesu wɔ asɔrefie

41 Na n’awofoɔ kɔ Yerusalem daa afirinhyia Twam afahyɛ ase.

42 Na ɔdii mfirinhyia dummienu no, wɔkɔe sɛdeɛ afahyɛ no ho amanneɛ teɛ.

43 Na wɔdii nna no wieeɛ, na wɔresane aba no, abɔfra Yesu no kaa akyire wɔ Yerusalem, nanso na n’awofoɔ nnim.

44 Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.

45 Na wɔanhu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.

46 Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.

47 Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.

48 Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.

49 Na ɔsee wɔn sɛ:Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?

50 Na wɔn deɛ, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Yesu setie ne ne nyini

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

52 Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.

Categories
Luka

Luka 3

Osuboni Yohane asɛnka

1 Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,

2 na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn serɛ so.

3 Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu,

4 sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nsɛm nwoma mu sɛ:

Obi nne retea mu serɛ so sɛ:

Monsiesie Awurade kwan!

Momma n’atempɔn ntene!

5 Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma,

na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase;

na deɛ akyea no bɛtene,

na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

6 Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

8 Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

9 Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.

10 Na nkurɔfoɔ akuakuo no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn?

11 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi, na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara.

12 Na togyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na yɛnyɛ?

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnnye nnkyɛne deɛ wɔatwa ato hɔ no.

14 Na asraafoɔ nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso monntoto obi ano kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.

Kristo ba ne n’adwuma ho nkɔmhyɛ

15 Na ɛsiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susu wɔn akoma mu sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti,

16 Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu; na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.

17 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Yohane afiaseda

18 Na nnoɔma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.

19 Na ɔmansinihene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ na Yohane kaa n’anim nti,

20 ɔde yei kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.

Yesu asubɔ

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

22 na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so, na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.

Yesu abusuasanten

23 Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa, (na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,

24 Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba,

25 Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba,

26 Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,

27 Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba,

28 Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba,

29 Yosua ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba,

30 Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba,

31 Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba,

32 Yisai ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba,

33 Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba,

34 Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba,

35 Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sela ba,

36 Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,

37 Metusela ba, Henok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba,

38 Enos ba, Set ba, Adam ba, Nyankopɔn ba.

Categories
Luka

Luka 4

Yesu sɔhwɛ

1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so.

2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no.

3 Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, hyɛ ɔboɔ yi na ɛnnane paanoo.

4 Na Yesu buaa no sɛ:Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ.

5 Na ɔde no kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn, kɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa prɛko.

6 Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu animuonyam bɛma woɔ; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no;

7 enti sɛ wokoto sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

8 Na Yesu buaa no sɛ:Wɔatwerɛ sɛ:

Sɔre Awurade wo Nyankopɔn,

na ɔno nko na som no!

9 Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, to wo ho firi ha twene fam!

10 Na wɔatwerɛ sɛ:

Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ

sɛ wɔmmɛhwɛ wo,

11 na

wɔmmɛsoa wo wɔn nsam,

na woamfa wo nan ampem ɔboɔ.

12 Na Yesu bua see no sɛ:Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!

13 Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔe kakra.

Yesu asɛnka mfitiaseɛ

14 Na Yesu nam Honhom no ahoɔden mu sane baa Galilea, na ne ho asɛm trɛɛ asase a atwa ahyia no nyinaa so.

15 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no animuonyam.

Yesu Nasaret asɛnka

16 Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

17 Na wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛɛ nwoma no mu hunuu faako a wɔatwerɛ sɛ:

18 Awurade honhom wɔ me so,

na enti wasra me sɛ

memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ;

wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum

ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ,

na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,

19 na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurɔfoɔ so no adi.

20 Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

21 Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi aba mu mo aso mu.

22 Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!

24 Ɔkaa sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ, wɔmpɛ odiyifoɔ biara agye no n’agya kurom.

25 Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,

26 nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kuro Sarepta mu ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn.

27 Na Odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi gye Siriani Naaman.

Ne nkurɔfoɔ pɛ sɛ wɔkum no

28 Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuo hyɛɛ wɔn ma.

29 Na wɔsɔre sunsumm no firii kuro no mu hɔ, de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no da soɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ama ne nkɔnkɔ akɔwɔ hɔ.

30 Nanso ɔfaa wɔn mfimfini kɔe.

Yesu sa obi a ɔwɔ honhommɔne yadeɛ

31 Na ɔbaa Galilea kuro bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn.

32 Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi.

33 Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu

34 sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no.

35 Na Yesu teateaa no sɛ:Mua w’ano, na firi ne mu kɔ!Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

36 Na wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wɔfiri adi yi?

37 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ asase a atwa ahyia no nkuro nyinaa mu.

Petro n’ase baa ayaresa

38 Na ɔsɔre firii hyiadan mu hɔ baa Simon fie. Na Simon ase baa afoɛ kɛse, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.

39 Na ɔbɛgyinaa n’atifi teateaa ɔfoɛ no, na ɛgyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsomm wɔn.

Anwanwadeɛ ahodoɔ bebree

40 Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefoɔ a nyarewa ahodoɔ ha wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmaako mmaako saa wɔn yadeɛ.

41 Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.

Yesu Yudea asɛnka

42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ.

43 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.

44 Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.

Categories
Luka

Luka 5

Asuafoɔ no frɛ

1 Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho;

2 na ɔhunuu akodoɔ mmienu sɛ ɛsisi ɔtadeɛ no ho, na apofofoɔ no afiri mu rekɔhohoro wɔn asau.

3 Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfiri fam kakra. Na ɔtenaa aseɛ no, ɔfiri kodoɔ no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no.

4 Na ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ:Siane kɔ deɛ ɛdɔ, na monkɔgu mo asau nyi nam!

5 Na Simon buaa sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti mɛgu asau no.

6 Na wɔyɛɛ saa no, wɔbumaa mpataa pii; a na wɔn asau no retete.

7 Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem.

8 Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.

9 Na ɔne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, mpataa dodoɔ a wɔyiiɛ no nti, wɔn ho dwirii wɔn;

10 na sɛ nso ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma a wɔyɛ Simon mfɛfoɔ ara ne no. Na Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ:Nsuro! Ɛfiri nnɛ wobɛyi nnipa.

11 Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.

Ɔkwatani bi ayaresa

12 Na ɛbaa sɛ ɔwɔ nkuro no baako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne ho nyinaa baa hɔ. Na ɔhunuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

13 Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ:Mepɛ, wo ho mfi!Na ntɛm ara na kwata no firii ne ho kɔeɛ.

14 Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse:Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.

15 Nanso ne ho asɛm trɛɛ mmom, na nkurɔfoɔ akuakuo pii bɛhyiaa sɛ wɔbɛtie no, na wasa wɔn nyarewa.

16 Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.

Obubuani bi ayaresa

17 Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ.

18 Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a, ɔyare mmubuo bae, na wɔrehwehwɛ kwan de no abɛto n’anim.

19 Na nkurɔfokuo no nti wɔannya kwan a wɔde no bɛfa soɔ aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntaayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfimfini, Yesu anim.

20 Na ɔhunuu wɔn gyidie no, ɔsee no sɛ:Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

21 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?

22 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ:Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?

23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nante?

24 Na deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,ɔsee obubuani no sɛ:Mese wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie!

25 Na amonom hɔ ara ɔsɔree wɔn anim faa deɛ ɔdaa soɔ no firii hɔ kɔɔ ne fie hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.

Lewi frɛ

27 Na yei akyiri no, ɔfirii adi, na ɔkɔhunuu togyeni bi a ne din de Lewi sɛ ɔte atogyeeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Di m’akyi!

28 Na ɔgyaa biribiara hɔ sɔre bɛdii n’akyi.

29 Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

30 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi?

31 Na Yesu see wɔn sɛ:Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyareɛ no.

32 Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.

Mmuadadie ho asɛm

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom!

34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mobɛtumi ama ayeforɔ asefoɔ no adi mmuada, berɛ a ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi?

35 Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.

36 Na ɔbuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ:Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛtu, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa firii foforɔ no mu no ne dada no nsɛ.

37 Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.

38 Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.

39 Nso obi nnom nsa dada na ɔnhwehwɛ foforɔ, na mmom ɔka sɛ: Dada no na ɛyɛ.

Categories
Luka

Luka 6

Homeda sɛeɛ

1 Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.

2 Na Farisifoɔ mu binom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda?

3 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkenkanee deɛ ɛkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛeɛ no?

4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, kɔfaa kyerɛ paanoo no diiɛ, na ɔde bi maa wɔn nso a wɔka ne ho a obi nni ho kwan sɛ ɔdi bie, gye asɔfoɔ nko?

5 Na ɔsee wɔn sɛ:Onipa ba no yɛ homeda so wura.

Ɔbarima bi a ne nsa adwodwo no

6 Na ɛbaa sɛ homeda foforɔ bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo.

7 Nso na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no retɛ no sɛ ɔbɛsa yadeɛ homeda anaa, na wɔanya ho akɔtoto n’ano.

8 Nanso ɔhunuu wɔn adwene, enti ɔsee onipa a ne nsa awuo no sɛ:Sɔre gyina mfimfini!Na ɔsɔre gyinae.

9 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Merebisa mo: Ɛdeɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda, papa anaa bɔne, sɛ wɔbɛgye obi nkwa anaasɛ wɔbɛkum no?

10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae ka kyerɛɛ no sɛ:Tene wo nsa!Na ɔyɛɛ saa, na ne nsa no sane yɛɛ yie.

11 Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.

Asuafoɔ dummienu no yie

12 Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.

13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔyii wɔn mu dummienu a ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ;

14 Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,

15 Mateo ne Toma, Alfeo ba Yakobo ne Simon a wɔfrɛ no Selote,

16 Yakobo ba Yuda ne Yuda Iskariot a ɔdanee yii no maeɛ no.

17 Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,

18 ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn; na ɔsaa wɔn yadeɛ.

19 Na nkurɔfokuo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛka no, ɛfiri sɛ ahoɔden firi ne mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Ɛserɛ so asɛnka

20 Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ:

Nhyira ne mo ahiafoɔ,

na Nyankopɔn ahennie no yɛ mo dea.

21 Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi,

na wɔbɛma mo amee.

Nhyira ne mo a moresu yi,

na mobɛsere.

22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.

23 Momma mo ani nnye da no, na monni ahurisie! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.

24 Nanso mo a moyɛ adefoɔ deɛ, monnue!

Na moanya mo awerɛkyekyerɛ dada.

25 Mo a moameɛ, monnue!

na ɛkɔm bɛde mo.

Mo a mosere seesei, monnue!

na mo werɛ bɛho, na moasu.

26 Nnipa nyinaa ka mo ho asɛm pa a, monnue! Na saa ara nso na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ atorofoɔ no.

Monnɔ mo atamfoɔ!

27 Na mese mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfoɔ, monyɛ wɔn a wɔtane mo yie,

28 monhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo!

29 Deɛ ɔbɔ w’aso baako mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔfa w’atadeɛ nkatasoɔ no, mfa w’atadeɛ nhyɛaseɛ nso nkame no!

30 Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio!

31 Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara!

32 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.

33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yie no yie a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ saa ara.

34 Na sɛ mofɛm wɔn a mo ani da so sɛ mobɛgye wɔn hɔ bio a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso fɛm nnebɔneyɛfoɔ, sɛ wɔbɛgye saa ara bio.

35 Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.

36 Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.

Atɛnyie bɔne

37 Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.

38 Momma, na wɔama mo; susukoraa pa a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susuo no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo bio.

39 Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ:Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani kwan? Wɔn baanu nyinaa renhwe amena mu anaa?

40 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ; deɛ wasua biribi ahunu na ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ.

41 Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ deɛ, wonhunu?

42 Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma menyi duaa a ɛda w’ani soɔ no! Na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Nyaatwomni, yi mpuna no firi w’ani so kane, ansa na woahunu adeɛ yie de ayi wo nua ani so duaa.

43 Na dua pa biara nni hɔ a ɛso aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛso aba pa.

44 Na dua biara n’aba na wɔde hunu. Wɔntete borɔdɔma wɔ nkasɛɛ so, nanso wɔntete obobe aba wɔ nwerɛ so.

45 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adepa adie, na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adebɔne adie; na ɛfiri deɛ ayɛ akoma ma aboro soɔ no mu na ano ka.

Fapem ahodoɔ mmienu no

46 Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?

47 Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔtie me nsɛm, na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:

48 Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na ɔtutu maa no dɔeɛ, na ɔtoo fapem ɔbotan soɔ; na nsuo yiriiɛ no, ɛbɔ faa aban no ho, na antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔtoo no yie.

49 Na deɛ ɔteɛ, na ɔnyɛ no, te sɛ onipa a ɔtoo aban asase ani, na ɛnni fapem; ɛno na nsuo yiri faa ho, na ntɛm ara ɛhwee ase, na aban no sɛee koraa.

Categories
Luka

Luka 7

Akoa bi ayaresa

1 Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum.

2 Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

3 Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ.

4 Na wɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no denden sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama no;

5 ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn.

6 Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn efie no ho no, asraafoɔ ɔha so panin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Owura, nha wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ;

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

9 Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ:Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.

10 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.

Nain kunafoɔ no ba

11 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ ne nkurɔfoɔ pii ne no kɔe.

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

13 Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Nsu!

14 Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ:Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre!

15 Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na.

16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.

17 Na ne ho asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa ne asase a atwa ahyia nyinaa so.

Osuboni Yohane ahoyera

18 Na Yohane asuafoɔ kɔkaa yeinom nyinaa ho asɛm kyerɛɛ no.

19 Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?

20 Na nnipa no baa ne nkyɛn no, wɔkaa sɛ: Yohane suboni somaa yɛn wo nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?

21 Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yadeɛ ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afira, ɔmaa wɔn hunuu adeɛ.

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;

23 na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.

Yesu di Yohane ho adanseɛ

24 Na Yohane abɔfoɔ no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ:Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛserɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim?

25 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.

26 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, deɛ ɔsene odiyifoɔ mpo ni.

27 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ:

Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim

a ɔbɛsiesie wo kwan adi w’anim.

28 Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsene Yohane; nanso deɛ ɔyɛ akumaa Nyankopɔn ahennie mu no, yɛ kɛseɛ sene no.

29 (Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;

30 na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ no deɛ, wɔpoo Nyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)

31 Ɔse:Ɛhefoɔ ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Na wɔte sɛ ɛhefoɔ?

32 Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete dwa mu, refrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho sɛ:

Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo, na moansa;

yɛatwa agyaadwo, na moansu.

33 Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne.

34 Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.

35 Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.

Ɔbaa debɔneyɛni

36 Na Farisifoɔ no mu baako hyiaa no adidie; na ɔkɔɔ Farisini no fie kɔtenaa adidiiɛ.

37 Na hwɛ, ɔbaa debɔneyɛni bi a ɔwɔ kuro no mu tee sɛ ɔte adidiiɛ Farisini no fie no, ɔde ngo hwamhwam toa ma bae,

38 na ɔbɛgyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ɔfirii aseɛ de nisuo no fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ho, na ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no sraa ho.

39 Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.

40 Na Yesu bua see no sɛ:Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo.Na ɔse: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka!

41 Ɔse:Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum.

42 Na wɔnnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu deɛ ɔbɛdɔ no bebrebe.

43 Na Simon buaa se: Mesusu sɛ deɛ ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na ɔsee no sɛ:Woabua no yie.

44 Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ ɔbaa no see Simon sɛ:Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie, woamma me nsuo mangu me nan so, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tirinwi apepa ho.

45 Woamfe m’ano, na ɔbaa yi deɛ, ɛfiri sɛ mebaa ha yi, ɔnnyaee me nan ho feɛ.

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.

47 Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.

48 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Wɔde wo bɔne akyɛ wo.

49 Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no firii aseɛ kekaa no wɔn mu sɛ: Hwan ne oyi a ɔde bɔne nso kyɛ?

50 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ:Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!

Categories
Luka

Luka 8

Asɛnka

1 Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,

2 ne mmaa bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛ, wɔn ne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no

3 ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.

Ogufoɔ ho bɛ

4 Na nkurɔfokuo pii boaboaa wɔn ano ne wɔn a wɔfiri nkuro no nyinaa mu baa ne nkyɛn no, ɔbuu wɔn bɛ sɛ:

5 Ogufoɔ bi firii adi kɔguu n’aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛsosɔe.

6 Na ebi kɔguu ɔbotan so; na ɛfifiriiɛ no, ɛhyee, ɛfiri sɛ ɛnni fonwunu ntira.

7 Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no ne no fifirii, na ɛmiaa no.

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha.Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ:Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Ogufoɔ ho bɛ no asekyerɛ

9 Na n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛbɛ yi ase ne sɛn?

10 Na ɔse:Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu,

na wɔahunu, na wɔanhunu mu,

na wɔate, nanso wɔante aseɛ.

11 Na ɛbɛ no ni:Aba a wɔguo no ne Nyankopɔn asɛm.

12 Ɔkwankyɛn deɛ no ne wɔn a wɔteɛ; na ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

13 Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.

14 Na deɛ ɛguu nkasɛɛ mu no ne wɔn a wɔteɛ, na wɔnam asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonya ne anigyedeɛ mu na ɛmia wɔn, na wɔn aba no mmere nwie.

15 Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.

Kanea adwuma

16 Na obi nsɔ kanea mfa adeɛ nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahunu kanea no.

17 Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adie, na ahunta a wɔrenhunu, na ɛrenna adie.

18 Enti monhwɛ yie sɛdeɛ mote asɛm no fa. Na obiara a ɔwɔ no na wɔde bɛma no; na deɛ ɔnni bi deɛ, deɛ ɔsusu sɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye ne nsam.

Yesu abusuafoɔ

19 Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyeresoɔ no nti wɔantumi ammɛn no.

20 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.

21 Na ɔbua see wɔn sɛ:Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.

Ahum asebrɛ

22 Na ɛbaa sɛ da bi ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Momma yɛntwa nkɔ ɔtadeɛ no agya nohoa.Na wɔhare kɔe.

23 Na wɔrekorɔ no, ɔdae. Na mframa kɛseɛ bi bɔɔ huu baa ɔtadeɛ no so, na nsuo bu faa wɔn so, na wɔwɔ amanehunu mu.

24 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teateaa mframa ne nsuo no aworɔ no; na ɛgyae yɛɛ dinn.

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Mo gyidie wɔ he?Na wɔsuroe, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na ɔhyɛ mframa ne nsuo mpo na ɛtie no yi?

Ahonhommɔne tuo

26 Na wɔkɔduruu Gerasefoɔ asase a ɛwɔ Galilea ntentensoɔ so.

27 Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu dadaada, a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no, ɔnhyɛ atadeɛ, na ɔnte ɛdan biara mu, na mmom aboda mu na ɔte wɔ asieeɛ.

28 Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!

29 Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)

30 Na Yesu bisaa no sɛ:Wo din de sɛn?Na ɔse: Ɛdɔm, ɛfiri sɛ ahonhommɔne pii akɔ ne mu.

31 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.

32 Na mprakokuo kɛseɛ bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔ no soɔ; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.

33 Na ahonhommɔne no firii onipa no mu kɔɔ mprako no mu, na ekuo no bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu ɔtadeɛ no mu, na wɔmemee.

34 Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no hunuu deɛ asie no, wɔdwanee, na wɔkɔkaa no kuro no ne nkuraaseɛ mu.

35 Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe.

36 Na wɔn nso a wɔhunuiɛ no kaa sɛdeɛ ɛyɛeɛ na deɛ ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.

37 Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.

38 Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:

39 Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ!Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa.

Yairo babaa

40 Na Yesu sane baeɛ no, nkurɔfokuo no gyee no; ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa retwɛn no.

41 Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin bae, na ɔbɛhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie;

42 na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so.

Ɔbaa bi ayaresa

43 Na ɔbaa bi a wanya mogyaguo mfirinhyia dummienu, na obiara antumi ansa no yadeɛ

44 bɛfirii n’akyi bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo, na amonom hɔ ara ne mogyaguo no twae.

45 Na Yesu kaa sɛ:Hwan na ɔkaa me?Na wɔn nyinaa resan no, Petro kaa sɛ: Owura, nkurɔfoɔ akuakuo no akyere wo so, na wɔremia wo.

46 Na Yesu se:Obi aka me, na mahunu sɛ ahoɔden bi afiri me mu kɔ.

47 Na ɔbaa no hunuu sɛ ada adi no, ɔde ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa adekodeɛ a enti ɔkɔkaa no ne sɛdeɛ ne ho sanee no amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.

48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa, kɔ asomdwoeɛ mu!

Yairo babaa wunyane

49 Na ɔrekasa no, obi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu, nha kyerɛkyerɛfoɔ no!

50 Na Yesu teeɛ no, ɔbuaa no sɛ:Nsuro, gye di ara, na ɔbɛnya nkwa.

51 Na ɔbaa fie hɔ no, wamma obiara ankɔ mu, gye Petro, Yohane, Yakobo ne abɔfra no agya ne ne na.

52 Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ɔse:Monnsu! Na ɔnwui, na wada.

53 Na wɔseree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu.

54 Na ɔsɔɔ ne nsa frɛɛ no sɛ:Abɔfra, nyane!

55 Na ne honhom sane baa bio, na ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛɛ sɛ wɔmma no biribi nni.

56 Na ɛyɛɛ n’awofoɔ ahodwiri; na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie yi nnkyerɛ obiara.

Categories
Luka

Luka 9

Yesu soma asuafoɔ dummienu no

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ.

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu.

4 Na efie biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafiri hɔ akɔ.

5 Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.

6 Na wɔsii mu hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmaako mmaako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yadeɛ baabiara.

Herode pɛ sɛ ɔhunu Yesu

7 Na ɔmansinihene Herode tee deɛ ɔyɛeɛ nyinaa; na ne tiri mu yɛɛ no keserenee sɛ ebinom se: Wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,

8 na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu baako asɔre.

9 Na Herode kaa sɛ: Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan ne oyi a mete ne ho nsɛm a ɛte sɛɛ yi? Na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔhu no.

Nnipa mpemnum aduanema

10 Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho.

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi; na ɔgyee wɔn kaa wɔn Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ɛhia ayaresa no yadeɛ.

12 Na adeɛ reyɛ asa; na dummienu no ba bɛsee no sɛ: Gya nkurɔfokuo no kwan na wɔnkɔ nkuro ne nkuraase a atwa ahyia yi so nkɔtena hɔ, na wɔanya aduane; na baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Momma wɔn biribi nni!Na wɔse: Yɛnni biribiara sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu pɛ, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane ma nkurɔfoɔ yi nyinaa.

14 Na wɔbɛyɛ mmarima mpemnum. Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Momma wɔntenatena ase akuakuo bɛyɛ aduonum aduonum.

15 Na wɔyɛɛ saa, na wɔmaa wɔn nyinaa tenatenaa ase.

16 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na ɔbubu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuo no.

17 Na wɔdii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn dummienu.

Petro paemuka

18 Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ:Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?

19 Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ:Mo deɛ, mose mene hwan?Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no.

Yesu hyɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm

21 Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee, baraa wɔn sɛ wɔnnka yei nnkyerɛ obiara

22 sɛ:Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane.

Ahopakyire

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ:Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na ɔnni m’akyi.

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa.

25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔyera anaasɛ ɔhwere ne ho a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

26 Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no.

27 Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.

Yesu animuonyam hran

28 Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔ so mpaebɔ.

29 Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.

30 Na hwɛ, mmarima baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasae;

31 na wɔyii wɔn ho adi animuonyam mu, na wɔkaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem ho asɛm.

32 Na nna afa Petro ne wɔn a wɔka ne ho no; na wɔnyaneeɛ no, wɔhunuu n’animuonyam no ne mmarima baanu no sɛ wɔne no gyina hɔ.

33 Na ɛbaa sɛ wɔrefiri ne nkyɛn akorɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, ɛyɛ sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako; ɛfiri sɛ na ɔnnim deɛ ɔreka.

34 Na ɔreka saa no, mununkum ba bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ mununkum no mu no, wɔsuroe.

35 Na ɛnne bi firii mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, montie no!

36 Na ɛnne no twaa mu no, wɔhunuu Yesu nko ara. Na wɔmuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nnoɔma a wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.

Abɔfra twafoɔ bio ayaresa

37 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ a wɔfiri bepɔ no so sii fam no, nkurɔfokuo bebree bɛhyiaa no.

38 Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ.

39 Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.

40 Na mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu no, nanso wɔantumi.

41 Na Yesu buaa sɛ:O ɛnnɛ mma a wɔnni gyidie na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mento me bo ase mo ho nkɔduru da bɛn? Fa wo ba no bra ha!

42 Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.

Yesu hyɛ ne yima ne ne wuo ho nkɔm

43 Na Nyankopɔn ahoɔden kɛseɛ yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri. — Na nnoɔma a Yesu yɛeɛ no nyinaa yɛɛ wɔn nwanwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:

44 Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.

45 Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.

Ahobrɛaseɛ ne onuadɔ

46 Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ?

47 Na Yesu hunuu wɔn akoma mu nsusuiɛ no, ɔfaa abɔfra bi bɛgyinaa ne nkyɛn,

48 na ɔsee wɔn sɛ:Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.

49 Na Yohane buaa sɛ: Owura, yɛhunuu sɛ obi de wo din retu ahonhommɔne; na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam.

50 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Mommmara no! Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa.

Samariafoɔ atirimuɔdenfoɔ

51 Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.

52 Na ɔsomaa abɔfoɔ dii n’anim; na wɔkɔeɛ no, wɔkɔhyɛnee Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no.

53 Na wɔannye no, ɛfiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.

54 Na n’asuafoɔ Yakobo ne Yohane hunuiɛ no, wɔkaa sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya firi soro bɛhye wɔn?

55 Na ɔdanee ne ho kaa wɔn anim.

56 Na wɔkɔɔ akuraa foforɔ bi ase.

Wɔn a wɔpɛ biribi ayɛ ansa na wɔadi Kristo akyire

57 Na ɛbaa sɛ wɔnam kwan mu rekorɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi.

58 Na Yesu see no sɛ:Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo; na Onipa Ba no deɛ, ɔnni deɛ ɔde ne tiri toɔ.

59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ:Di m’akyi!Na ɔno deɛ ɔse: Ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa.

60 Na Yesu see no sɛ:Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!

61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ: Awurade, mɛdi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra wɔn a wɔwɔ me fie ansa.

62 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Obiara a ɔde ne nsa kɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ n’akyire no mfata Nyankopɔn ahennie no mu.

Categories
Luka

Luka 10

Asɛmpakafoɔ aduɔson no

1 Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔsonbio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.

3 Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwanten akɔ mpataku mu.

4 Mommfa sika kotokuo anaa akwantuo bɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obi ɔkwan mu!

5 Na efie biara a mobɛkɔ mu no, monse kane sɛ: Asomdwoeɛ mmra efie ha!

6 Na sɛ asomdwoeɛ ba wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsane aba mo so.

7 Na efie hɔ ara na montena, na monni na monnom deɛ ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfoɔ akatua sɛ no. Mommfiri efie mu nnkɔ efie mu!

8 Na kuro biara a mobɛkɔ mu no, wɔgye mo a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim!

9 Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

10 Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ:

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

12 Na mese mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanyinam Sodom asene kuro no.

Korasin, Betsaida ne Kapernaum

13 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.

14 Nso atemmuo mu no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

15 Na wo Kapernaum,

wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa?

Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando.

16 Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.

Aduɔson no saneba

17 Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.

18 Na ɔsee wɔn sɛ:Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.

19 Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.

20 Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro.

Yesu aseda mpaebɔ

21 Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ:Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.

22 M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

23 Na ɔdanee ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ:Nhyira ne ani a ɛhunu deɛ mohunu yi;

24 na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ anka wɔhunu nnoɔma a mohunu yi, na wɔanhunu, na wɔte nsɛm a moteɛ yi, na wɔante.

Daa nkwa nya

25 Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?

26 Na Yesu bisaa no sɛ:Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?

27 Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.

28 Na ɔsee no sɛ:Woabua no yie; yɛ yei, na wobɛnya nkwa.

29 Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?

Samariani yɔnkoɔ pa no

30 Na Yesu yii ano sɛ:Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma, bobɔɔ no afɛ, gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera.

31 Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛfaa kwan no so; na ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ.

32 Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ.

33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

34 Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuro no, de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.

35 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu.

36 Afei wɔn baasa yi mu hwan na wosusu sɛ wayɛ deɛ ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu yi yɔnko?

37 Na ɔse: Deɛ ɔhunuu no mmɔborɔ no a. Ɛnna Yesu see no sɛ:Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!

Marta ne Maria

38 Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fie.

39 Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.

40 Na Marta deɛ, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na ɔbɛgyinaa hɔ kaa sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agya me nko hɔ, na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ɔmmɛsɔ me mu abia.

41 Na Awurade bua see no sɛ:Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;

42 adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.